ƆFÃ A ƐTO SO NNUM
“Mɛtena Wɔn Mu”—Nokware Som—Yehowa Ama So Bio
NEA ƐWOM: Nneɛma bi a ɛwɔ asɔrefi ho anisoadehu no mu ne nea ɛma yehu fa nokware som ho
Yehowa maa odiyifo Hesekiel nyaa anisoadehu bi, ɛnna ɔmaa ɔsomafo Yohane nso nyaa anisoadehu bi. Anisoadehu mmienu no di nsɛ paa. Nneɛma a ɛwɔ anisoadehu mmienu no nyinaa mu no ma yenya asuade ahorow bi a ɛboa ma yɛn som sɔ Yehowa ani, na ɛma yehu nneɛma bi a ɛbɛkɔ so wɔ Paradise wɔ Onyankopɔn Ahenni mu.