Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lmd adesua 11
  • Mma Wo Nkyerɛkyerɛ Nnyɛ Hwanyann

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mma Wo Nkyerɛkyerɛ Nnyɛ Hwanyann
  • Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Yesu Yɛe
  • Dɛn Na Yesua Fi Yesu Hɔ?
  • Suasua Yesu
  • Boa Wo Bible Asuafo Ma Wɔmmɔ Asu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Sɛnea Yɛde “Wubetumi Anya Anigye Daa!” Nhoma No Bɛyɛ Bible Adesua
    Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
  • Ma Wo ‘Nkyerɛkyerɛ Ntu Mpɔn’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Du Wo Bible Suani Koma Mu
    Yɛn Ahenni Som—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
lmd adesua 11

YƐ ASUAFO

Nnipakuw bi ne Yesu te nsu bi ho, ɛnna Yesu rekyerɛkyerɛ wɔn. Nnomaa atu nam wim, ɛnna afifide bi nso apae nhwiren wɔ nkyɛn hɔ baabi.

Mat. 6:25-27

ADESUA 11

Mma Wo Nkyerɛkyerɛ Nnyɛ Hwanyann

Nnyinasosɛm: ‘Ka asɛm a ntease wom.’—1 Kor. 14:9.

Nea Yesu Yɛe

Nnipakuw bi ne Yesu te nsu bi ho, ɛnna Yesu rekyerɛkyerɛ wɔn. Nnomaa atu nam wim, ɛnna afifide bi nso apae nhwiren wɔ nkyɛn hɔ baabi.

VIDEO: Yesu Mfatoho a Ɛma Yehu Sɛ Yɛn Agya Dwen Yɛn Ho

1. Hwɛ VIDEO yi, anaa kenkan Mateo 6:​25-27. Wuwie a susuw nsɛmmisa yi ho:

  1. Mfatoho bɛn na Yesu mae a ɛma yehu sɛ Yehowa dwen yɛn ho?

  2. Ɛwom sɛ na Yesu nim nnomaa ho nsɛm pii, nanso wɔn ho nsɛm bɛn na ɔde n’adwene sii so a amma ne nkyerɛkyerɛ anyɛ hwanyann? Nea ɔyɛe no, adɛn nti ɛyɛ ɔkwampa a yɛfa so kyerɛkyerɛ?

Dɛn Na Yesua Fi Yesu Hɔ?

2. Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ na yɛamma yɛn nsɛm anyɛ hwanyann a, nkurɔfo bɛkae, na ɛbɛka wɔn koma.

Suasua Yesu

3. Nkasa bebree. Nea wunim fa asɛm bi ho no, nhwie ne nyinaa ngu osuani no so. Mmom, nsɛm a ɛwɔ nhoma a moresua no mu no, ɛno na ɛsɛ sɛ wode w’adwene si so. Wubisa wo suani no asɛm a, to wo bo ase twɛn ma onyi ano. Sɛ wantumi anyi ano anaa ɔma mmuae no tĩ a, bisa no nsɛm foforo a ɛbɛma wadwen asɛm no ho yiye. Sɛ osuani no nya te asɛm no ase a, montoa so.

4. Boa wo suani no ma ɔmfa nneɛma foforo a ɔresua no ntoto nea onim dedaw no ho na ɛmmoa no ma ɔnte ase. Yɛmfa no sɛ morebesua owusɔre ho ade. Nea moasua afa tebea a awufo wom ho no, mubetumi de bere kakra abobɔ so.

5. Wopɛ sɛ woma mfatoho bi a, dwen ho kɔ akyiri. Worebɛma mfatoho bi a, bisa wo ho sɛ:

  1. a. ‘Mfatoho no mu da hɔ, anaa ɛyɛ den sɛ osuani no bɛte ase?’

  2. b. ‘Osuani no bɛte ase ntɛm?’

  3. d. ‘Mfatoho no nko ara na ɔbɛkae, anaa ɛbɛma no akae asuade a ɛwɔ adesua no mu?’

HWƐ NEA EDIDI SO YI NSO

Mat. 11:25; Yoh. 16:12; 1 Kor. 2:1

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena