Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w83 4/1 kr. 8
  • Mode Saa Adaka No Bi Dwuma?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mode Saa Adaka No Bi Dwuma?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kaakae Nsɛntitiriw No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Nsɛntitiriw a Wɔma Ɛda Adi
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Adesua So Wɔ Mfaso
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Siesie Wo Ho Ma Asafo Nhyiam Horow na Nya Mu Anigye
    Yɛn Ahenni Som—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
w83 4/1 kr. 8

Mode Saa Adaka No Bi Dwuma?

BERE a woakenkan Ɔwɛn-Aban no wɔ afe a etwaam no nyinaa mu no, so woahyɛ biribi foforo a epue wɔ nsɛm a wosiesie ma asafo adesua mu no nsow? Ɛyɛ adaka ketewaa bi, te sɛ nea wubehu wɔ nsɛmma nhoma yi mu wɔ nkratafa 12 ne 18 no. Saa adaka yi yɛ dɛn?

Yebetumi afrɛ ɔfã foforo yi ‘nkyerɛkyerɛ adaka,’ efisɛ ɛne dwuma a wɔpɛ sɛ yɛde di. Nnipa ɔpepem pii kɔ asafo Bible adesua a wɔde Ɔwɛn-Aban yɛ no ase. Nanso asomfo a wɔde dwumadi ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnkyerɛkyerɛ wɔ nhyiam horow yi ase no pii bɔ amanneɛ sɛ ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛkyere nsɛntitiriw a ɛwɔ adesua horow no bi mu no. Eyi nyɛ nwonwa, efisɛ ɔsomafo Petro gye toom sɛ Kristofo a wɔasra wɔn a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu no pii hui sɛ “nsɛm a ase yɛ ohuna” wɔ Paulo nkyerɛwee ahorow no mu. (2 Petro 3:16) Afei nso, Ɔwɛn-Aban akenkanfo bi aka sɛ wobetumi de pii asie wɔn tirim, sɛ wobetumi asan atĩ nsɛntitiriw no mu wɔ adesua no awiei a. Esiane eyi nti, wɔde afã horow yi bae.

Na, asram bi akyi no, so ani sɔ eyi, na so wɔde redi dwuma? Onuawa Kristoni bi a ɔwɔ Ohio kyerɛwee sɛ: “Yɛda mo ase pii wɔ ntĩmu nsɛntitiriw a epue wɔ adesua horow no awiei wɔ Ɔwɛn-Aban mu no ho. Ɛboa ma mete nsɛntitiriw a ɛsɛ sɛ yɛkae no ase.”

Ɛnã bi a ɔwɔ mmabarima baanu kae sɛ: “Mepɛ sɛ muhu sɛ yɛn ani sɔ nsemmisa ahorow ne nsɛm afoforo a ɛwɔ ntĩmu nnaka a mode ba adesua no biara awiei no mu no, na yɛn ani gye ho. Ɛho wɔ mfaso ankasa ma ntĩmu saa dapɛn no ara, na eye ma dapɛn a edi hɔ no nso bere a yebesua asɛm a edi so no.” Ɔreka akɔ akyiri kakra asen nea apue dedaw no ho no, Kristoni bi a ɔwɔ New York kae sɛ: “Mewɔ anidaso sɛ ɛyɛ Yehowa pɛ sɛ saa nsemmisa no bepue wɔ daakye de a ɛbɛba no nyinaa mu. Ɛboa wo ma wuhu nea adesua horow no fa ho ankasa.”

Asɛm a edi so a obi a ɔkenkan Ɔwɛn-Aban no daa wɔ Engiresi Aburokyiri kae no betumi aboa wo ma woahu akwan horow a wubetumi afa so de ntĩmu nnaka ahorow yi adi dwuma no: “Mihu sɛ nnansa yi Ɔwɛn-Aban adesua horow a nnaka a nsemmisa ahorow wɔ mu wɔ adesua no awiei no boa me ma minya adesua horow no ho mfaso kɛse. Dodow a etumi ka obi tirim no yɛ nwonwa. Sɛ midi kan kenkan asɛm bi wie a, mintumi mmua nsemmisa ahorow a na misusuw sɛ metumi abua no bere nyinaa. Enti mesan kenkan no mprenu anaasɛ mprɛnsa mpo kosi sɛ metumi abua asemmisa biara. Na mihu sɛ aboa me ma mitumi kae pii.”

Bere a wo ankasa woayɛ adesua bi awie no, dɛn nti na wonhwɛ nsɛm a ɛwɔ nkyerɛkyerɛ adaka no mu no mmiako mmiako. Sɛ, bere a wonsan nhwɛ adesua no mu no wutumi bua asemmisa biara anaasɛ wokae asentitiriw biara a, eye paa. Nanso sɛ wuntumi nhu mmuae bi yiye anaasɛ wuhu sɛ woantumi ankyere asɛm no yiye a wubetumi akyerɛkyerɛ mu akyerɛ afoforo a, ɛnde na dan kɔ nhoma no fã a ɛfata no so. Emu a wobɛsan atĩ amonom hɔ ara no bɛma wo ntease akɔ anim na ɛbɛma nsɛntitiriw no aka w’adwene mu yiye. Ɛrennye bere pii, nanso ɛho bɛba mfaso kɛse.

Sɛ wo na wohwɛ asafo Ɔwɛn-Aban adesua no so a, ɛnde na wowɔ ade foforo nti a ɛsɛ sɛ wode ntimu nnaka ahorow no di dwuma. Hyehyɛ adesua no sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi anya bere ama ntĩmu wɔ adesua no awiei, na afei dan adwene kɔ adaka no so. Sɛ́ anka wobɛkenkan nsɛntitiriw no ara kwa, anaasɛ wobɛhyɛ nyansa ara kwa sɛ atiefo nyɛ saa wɔ fie no, bɔ mmɔden sɛ wubedi nsentitiriw no mu biara ho dwuma. Sɛ ɛyɛ asemmisa a, ebia wobɛpɛ sɛ wubisa atiefo te sɛ ‘ntĩmu a wɔnhwɛ nhoma mu.’ Saa kwan yi so no wɔn a wɔwɔ atiefo mu nyinaa behu nea ɛyɛ nsentitiriw wɔ adesua no mu. Wo ne wɔn bɛkae nsɛntitiriw no yiye nso!

Yɛwɔ anidaso sɛ saa ɔfã yi bɛkɔ so aboa mo bere a mobɔ mmɔden sɛ mubehu nokware a ebetumi ama nnipa ade wɔn ho na ɛde wɔn akɔ daa nkwa mu no.​—Yohane 8:32; 17:3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena