Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w83 4/1 kr. 19-22
  • Fa Wo Dadwen Ne Haw To Yehowa So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Wo Dadwen Ne Haw To Yehowa So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔkwan A Wɔfa So Srɛ Yehowa Mmoa
  • Ɔkwan Bɛn So Na Yehowa Boa?
  • Fa wo Dadwen Nyinaa To Yehowa So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Mma Dadwen Nnhyɛ Wo So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Montow Mo Dadwen Nyinaa Ngu Yehowa So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Dadwen
    Nyan!—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
w83 4/1 kr. 19-22

Fa Wo Dadwen Ne Haw To Yehowa So

SO ƆBARIMA a wasɛe aware na wadi awu behyia dadwen ne haw? Yiw, sɛ ɔwɔ ahonim a. Ná Ɔhene Dawid wɔ ahonim. Nanso, wɔ akɔnnɔ a emu yɛ den mu no, tete Hebri hene yi ne ɔbea bi a wɔfrɛ no Betseba sɛee aware. Tebea no bɛyɛɛ nea ɛhaw adwene bere a onyinsɛnee, na awiei no ɔtee nka sɛ ɛho hia sɛ ɔyɛ nhyehyɛe ma wokum ɔbea no kunu na ɔno ankasa ware no no.

Bere a n’ani so tetee no no, so wubetumi asusuw sɛnea n’ahonim haw no no ho? Wiɛ, ɛho nhia mpo sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebesusuw ho, efisɛ Dawid ankasa ka ho asɛm kyerɛ yɛn. Ɛyɛ saa nsɛm a ɛyɛ awerɛhow a esisii yi na ɛma ɔkyerɛw Dwom a ɛto so aduonum biako no.

Dawid dii saa ahohiahia yi nyinaa ho dwuma dɛn? Dwom no ka kyerɛ yɛn sɛ ɔpaee mu kaa nea wayɛ no kyerɛɛ Yehowa, ne Nyankopɔn, na ɔdaa ahonu kɛse adi. Afei ɔsrɛe sɛ Onyankopɔn mmoa no mma onnya honhom foforo. Ɔkae sɛ: “Onyankopɔn, bɔ koma a emu tew ma me, na yɛ honhom foforo a ase tim wɔ me mu.” (Dwom 51:10) Saa kwan yi so no, ‘ɔdan ne dadwen ne haw nyinaa too Yehowa so.’​—1 Petro 5:7.

So Onyankopɔn bɛboa obi a wayɛ bɔne a ɛte saa? Ná Dawid wɔ ahotoso sɛ ɔbɛyɛ saa. Ɔkae sɛ: “Onyankopɔn afɔre ne honhom a abubu; Onyankopɔn, koma a abubu na apɛtɛw na worempo.” (Dwom 51:17) Abakɔsɛm kyerɛ sɛ ne nkwa nna a aka nyinaa mu no Dawid huu nea efi n’adeyɛ no mu bae no ho amane. Nanso esiane nokware ahonu a onyae no nti, Yehowa ampow no. Ɔboaa no ma otumi hyiaa ne dadwen ne haw no.

Ebia na yennii awu. Nanso yɛn mu biara nni hɔ a onni dadwen ne haw bi. Yɛn nyinaa yɛ bɔne, na ahonim bɔne yɛ adesoa a emu yɛ duru. Afei nso, ɛkame ayɛ sɛ obiara wɔ nyarewa, nneɛma bo a ɛkɔ so yɛ den, ebia abayɛn, adwuma, yɛne afoforo asetra mu nsɛm a emu yɛ den, nsɛmmɔnedi, ɛka, ne nneɛma a ɛtete saa ho dadwen. So wobɔ mmɔden sɛ wo ankasa wobɛsoa ɔhaw ahorow no nyinaa? Nokwarem no, ɛho nhia sɛ woyɛ saa. Sɛ wudi Kyerɛwsɛm mu afotu yi akyi a, wubenya anigye: “Dan w’adesoa to [Yehowa] so, na obesó wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.”​—Dwom 55:22.

Ɔkwan A Wɔfa So Srɛ Yehowa Mmoa

Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so adan yɛn adesoa ato Yehowa so? Ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae na yɛka yɛn dadwen ne haw kyerɛ no. Mmebusɛm nhoma ma yɛn eyi ho afotu pa. Ɛka kyerɛ yɛn sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu.” (Mmebusɛm 3:5) Enti, sɛ yɛhwehwɛ Yehowa mmoa a, ɛho hia sɛ yɛde yɛn ho to ne nyansa so, ɛnyɛ yɛn ankasa de so. Ɛtɔ da bi a ɛho hia sɛ yehu eyi.

Sɛ nhwɛso no, wɔ ɔman biako mu no, Kristofo hyiaa ɔtaa a emu yɛ den. Sɛnea amanneɛbɔ kyerɛ no, mfiase no wɔbɔɔ mpae srɛɛ Onyankopɔn mmoa, nanso na wɔnte ase. Ná wɔnte nea enti a ɛsɛ sɛ wohyia tebea a ɛte saa, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛka nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ma wɔn no kyerɛ Yehowa.

Nanso, wonyaa ahoɔden na wohui sɛ ɛsɛ sɛ wobu no sɛ hokwan a wɔde behu trenee ho amane. Enti, wɔbɛyɛɛ te sɛ tete asomafo no, a bere a Yudafo mpanyimfo no hwee wɔn akyi no, “wɔde anigye fii baguafo no anim hɔ kɔe sɛ wɔabu wɔn sɛ wɔsɛ sɛ ne din nti wɔbɔ wɔn ahohora” no. (Asomafo no Nnwuma 5:41) Afei nnɛyi Kristofo yi de boasetɔ hwɛ Onyankopɔn mmoa kwan wɔ ɔtaa biara a Satan de bɛba wɔn so mu. Wɔde wɔn ho to Yehowa so ma wadi nneɛma ho dwuma wɔ ne kwan so, na wɔde boasetɔ twɛn sɛ obegye wɔn wɔ ne bere a ɛsɛ mu. Wofi ahotoso mu de wɔn dadwen ne haw to no so.​—Mmebusɛm 14:26.

Bio nso, yɛn dadwen ne haw a yɛde bɛto Yehowa so no hwehwɛ sɛ yegye di sɛ Yehowa betumi aboa yɛn na ɔbɛboa yɛn. Ɔbea bi huu eyi yiye. Ohuu dadwen ne haw mu amane efisɛ, ɛwom sɛ na ɔpɛ sɛ ɔsom Yehowa, nanso na ontumi nnyae tawanom. Ɔbɔɔ mpae srɛɛ mmoa, nanso ɔkɔɔ so nomee. Bere bi akyi no otumi de anigye bɔɔ amanneɛ sɛ: “Afei matumi agyae tawanom!” Dɛn nti na bere a atwam no na ontumi nnyae? Ogye toom sɛ: “Mebɔɔ Onyankopɔn mpae srɛɛ mmoa, nanso na minnye nni ankasa sɛ obetumi aboa me.” Bere a ɔsrɛe wɔ gyidi mu no nkutoo na onyaa mmoa a ohia no.​—Hebrifo 11:6.

Ɛnde, sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa boa yɛn ma yetumi gyina yɛn dadwen ne haw ano a, nneɛma bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Yesu kyerɛ eyi, sɛ: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra.”​—Mateo 11:28, 29.

Wɔtaa ka sɛ, ‘Onyankopɔn boa wɔn a wɔboa wɔn ho.’ Yesu asɛm a ɛwɔ atifi ha no da no adi sɛ, nokwarem no, ‘Onyankopɔn boa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔboa afoforo.’ Yesu maa wɔn a na ɛyɛ wɔn pɛ sɛ ‘wɔbɛfa ne kɔndua,’ kyerɛ sɛ, wobedi Kristo akwankyerɛ akyi na wɔasom Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa, sɛnea Yesu yɛe no, homee​—ɔma wonyaa ahotɔ wɔ dadwen ne haw ho.​—Mateo 9:35-38; Yakobo 1:27; 1 Yohane 3:17.

Ɔkwan Bɛn So Na Yehowa Boa?

Enti, ɛnde, sɛ yɛrehyia dadwen ne haw a emu yɛ den ankasa na yɛbɔ Onyankopɔn mpae wɔ gyidi a edi mu mu, na yɛda no adi sɛ saa gyidi no yɛ nokware gyidi denam mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛyɛ n’apɛde, asom no na yɛaboa yɛn yɔnko nnipa so a, mmoa bɛn na yebetumi ahwɛ kwan?

Ebia Onyankopɔn beyi asɛm a emu yɛ den a ɛde dadwen ne haw aba yɛn so no afi hɔ koraa. Eyi aba saa wɔ bere ne bere mu. Anaasɛ ebia ɔbɛma yɛn nyansa a ɛho hia ma yɛn ankasa adi nsɛm a emu yɛ den no ho dwuma anaa yɛahu ɔkwan pa a yɛbɛfa so adi ho dwuma. Ɛno na yebehu nokware a Bible mu bɛ no yɛ: “Nea ne ho da ne koma so no yɛ ɔkwasea, na nea ɔnam nyansa mu no benya aguanye.”​—Mmebusɛm 28:26.

Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so anya ɔsoro nyansa a ɛte saa? Yehowa nkurɔfo nhyiam horow a yɛbɛkɔ ne Bible no ne Bible ho nhoma horow a yɛbɛkenkan yɛ akwan a ɛba adwene mu. Te sɛ nea ɛnã Kristoni bi a ohyiaa dadwen ne haw pii esiane sɛ na ne kunu yɛ ɔsadweam nti no kae no, “Ɔwɛn-Aban no a mekenkanee na misuae na afei mede dii dwuma no aboa me sen biara.”​—Hebrifo 10:24, 25; Dwom 119:97-104.

Anaasɛ, Yehowa betumi afa yɛn nuanom Kristofo so aboa yɛn. Ɔpanyin bi nsa kaa krataa bi a emu yɛ anigye fii nnipa baanu a na wɔwɔ n’asafo mu nkyɛn, na ne fã bi kenkanee sɛ: “Yɛda wo ase wɔ mmere pii a wutiee yɛn na woboaa yɛn wɔ yɛn nsɛm a emu yɛ den ho, hyɛɛ yɛn nkuran bere a yɛahaw, sraa yɛn bere a na yɛnte apɔw, bae bere biara a yɛtoo nsa frɛɛ wo na wotraa ase anadwo mũ nyinaa wɔ ayaresabea bere a na yɛn mmusua hia wo no ho. Yɛda Yehowa ase sɛ yɛwɔ onua a odwen yɛn ho kɛse sɛnea woyɛ no.”

Enti, sɛ nneɛma haw mo adwene a, dɛn nti na mo ne wɔn a wɔn ho akokwaw wɔ mo asafo no mu no mmɔ ho nkɔmmɔ? Ebia Yehowa nam wɔn so bɛboa mo, na mubehu nokware a tete bɛ no yɛ: “Nokware adamfo dɔ bere nyinaa, na ɔyɛ onua a wɔwo no ma ohiada.”​—Mmebusɛm 17:17, New World Translation.

Ampa, Yehowa renyi nsɛm a emu yɛ den a ɛde dadwen ne haw ba yɛn so no mfi hɔ bere nyinaa. Nanso ɛdenam den a ɔhyɛ yɛn denam Bible no, honhom kronkron no anaa yɛn nuanom Kristofo so no so no, ɔboa yɛn ma yesusuw asɛm no ho ɔkwan pa so na yedi ho dwuma nyansa mu. Saa kwan yi so no, yetumi hu nea ɔsomafo Paulo kae no: “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.” (Filipifo 4:13) Enti, ɛwom mpo sɛ nsɛm a emu yɛ den no da so wɔ hɔ de, nanso Yehowa Nyankopɔn di ne bɔhyɛ so, sɛ: “Merennyaw wo, nanso merempa wo da.”​—Hebrifo 13:5.

Alma hui sɛ eyi yɛ nokware. Ɔyɛ ɔbea Kristoni a mfe bi a atwam no ohyiaa lɔre mu asiane bi a ɛmaa efi n’asen kosi fam nyinaa dwoe. Ɔte yaw pii, nanso nimdeɛ a ɔwɔ sɛ ɛrenkyɛ na Onyankopɔn ayi ɔyare ne amanehunu afi hɔ no yɛ awerɛkyekye ne mmoa ma no. Enti, ose: “Mebɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me mma minnya boasetɔ dakoro biara. Na, sɛ saa da no twam a, na mabɛn dakoro!”

Alma mma Kristofo asafo no nhyiam koro po ntwa ne ti so, na ɔde hokwan biara a obenya ka daakye anidaso a ɔwɔ no kyerɛ afoforo. Saa kwan yi so no ɔte Yehowa mmoa nka bere a ɔde n’adesoa to no so no.

Mmoa biara a Yehowa de ma no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɛno ne nea ɛho hia, na ɛfata. Ɔsomafo Paulo kaa no ahotoso mu sɛ: “Yenim sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no, [Onyankopɔn ma] ade nyinaa di boa wɔn ma awie wɔn yiye.” (Romafo 8:28) Wɔ amanehunu kɛse mu mpo no, yebetumi anya Yehowa Nyankopɔn mmoa. Paulo ka kyerɛɛ yɛn sɛ: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ ne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.”​—Filipifo 4:6, 7.

Enti, sɛnea yɛn dadwen ne haw anaasɛ yɛn adesoa te biara no, momma yenni ɔsomafo Paulo afotu no akyi ahotoso mu: “Mommrɛ mo ho ase Onyankopɔn tumi nsa no ase, na wama mo so, bere a ɛsɛ mu. Momfa mo dadwen ne haw nyinaa nto no so, efisɛ odwen mo ho.”​—1 Petro 5:6, 7.

[Kratafa 24 adaka]

Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛboa yɛn ma yɛasoa yɛn nnesoa. So wowɔ nsɛm a emu yɛ den a edidi so yi bi anaa:

Ɔyare?

Adwenemhaw?

Ahonim bɔne?

Nka a obi te sɛ ne ho nni mfaso?

Ahosodi a wonni?

Ɔtaa anaa nhyɛso?

Abusua, asetra mu dibea anaa bɔbea ho adwene a ɛmfata?

Da biara da asetra mu nsɛm a ɛhyɛ obi so?

Daakye ho dadwen?

Nnipa a wɔn ho yɛ ahometew ho dwumadi?

Sɛ saa a, dɛn nti na wobɔ mmɔden sɛ wo nkutoo bedi ho dwuma? Sɛ yegye Yehowa mmoa tom a, saa nsɛm a ɛhaw adwene yi ho dwumadi yɛ mmerɛw.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena