Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 3/15 kr. 21-23
  • Mma Dadwen Nnhyɛ Wo So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mma Dadwen Nnhyɛ Wo So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nneɛma a Ɛsɛ sɛ Wudwen Ho
  • Mose Kɔ Farao Anim
  • Wo Nsusuwii so a Wubedi
  • Mmoa Wɔ Hɔ
  • “Twɛn Onyankopɔn”
  • Fa wo Dadwen Nyinaa To Yehowa So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Montow Mo Dadwen Nyinaa Ngu Yehowa So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Dadwen
    Nyan!—2016
  • Fa Wo Dadwen Ne Haw To Yehowa So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 3/15 kr. 21-23

Mma Dadwen Nnhyɛ Wo So

“MUNNNWINNWEN ɔkyena ho; na ɔkyena ankasa bedwinnwen ne ho. Da biara mu bɔne dɔɔso ma ɛda no.” (Mateo 6:34) Ɛda adi sɛ saa afotu yi a Yesu Kristo de mae no so wɔ mfaso ma yɛn a yɛte nnɛ wiase a nneɛma kɔ ntɛmntɛm, na adwennwen pii wom yi mu no.

Nanso, nokwarem no, so ebetumi aba sɛ yɛrennwennwen yɛn haw, yɛn gyinaesi, yɛn ahyɛde, ne yɛn asɛyɛde ahorow ho ankasa? Nnipa ɔpepem pii na wɔabotow, wɔrehu amane, na wɔwɔ nnesoa pii. Saa nti na nnuru a ɛma nkurɔfo da nnahɔɔ tɔn abɛyɛ adwuma a sika wom pii no.

Nneɛma a Ɛsɛ sɛ Wudwen Ho

Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhyehyɛe na yesiesie yɛn ho ma yɛn ahyɛde, yɛn dwumadi, yɛn gyinaesi, ne yɛn haw ahorow—sɛ́ egye ntɛmpɛ anaa ennye ntɛmpɛ no. Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛntra ase mmu akontaa’ ansa na yɛafi adwuma kɛse bi ase. (Luka 14:28-30) Nea ɛka eyi ho ne susuw a yebesusuw akwan horow a yebetumi afa so ho, ne hwehwɛ a yɛbɛhwehwɛ nea ebetumi afi mu aba, ɛbere, ahoɔden, ne sika a ebegye no mu.

Bere a ɛsɛ sɛ obi susuw biribi a ebetumi asi ho yiye no, ɛrentumi nyɛ yiye, na ɛrenyɛ nea mfaso wɔ so sɛ wubesusuw biribiara a ebetumi asi ho. Sɛ nhwɛso no, abusua no ahobammɔ nti, ebia wubesusuw nea sɛ ogya tɔ wo fie a wobɛyɛ ho. Wubetumi atɔ adwinnade a ɛte wusiw pampan na ɛbɔ kɔkɔ ne nnuru a wɔde dum gya abobɔ wo fie. Wubetumi ayɛ nhyehyɛe na moasua ofie hɔ akwan a mubetumi aguan afa so. Nanso ɛhe na nhyehyɛe a nyansa wom na mfaso wɔ so yi kosi, na dadwen ntraso a ɛho nhia fi ase? Dadwen a ɛte saa no fi ase wɔ bere a wufi ase de tebea ahorow a enni ano, na enni hɔ ankasa, a emu pii fi nsusuwii hunu mu haw wo ho no. Dadwen betumi abunkam wo so ama woasusuw sɛ ɛbɛyɛ sɛ wubuu w’ani guu biribi so, anaasɛ woammɔ mmɔden sɛnea ɛsɛ amfa ammɔ w’abusua ho ban. Ɛyawdi a w’ankasa de ba wo ho so yi betumi ahyɛ wo so araa ma woayare kɔdaanna.

Mose Kɔ Farao Anim

Yehowa Nyankopɔn maa ne diyifo Mose adwuma a ɛyɛ den. Nea edi kan no, na ɛsɛ sɛ Mose kɔda ne ho adi kyerɛ Israelfo no, na ɔma wogye no di sɛ Yehowa na apaw no sɛ onni wɔn anim mfa wɔn mfi Misraim. Nea edi hɔ no, na ɛsɛ sɛ Mose kɔ Farao anim kɔsrɛ no sɛ ɔmma Israelfo no nkɔ. Awiei koraa no, na ɛsɛ sɛ Mose di nnipadɔm a wɔn dodow yɛ ɔpepem pii no anim fa sare so kɔ asase a na atamfo te so no so. (Exodus 3:1-10) Na eyi nyinaa betumi ahunahuna Mose, nanso ɔmaa asɛyɛde yi yɛɛ ne so dadwen sɛnea ɛnsɛ?

Ɛda adi sɛ na Mose dwen nneɛma pii ho. Obisaa Yehowa sɛ: “Na sɛ midu Israelfo nkyɛn, na meka mekyerɛ wɔn sɛ: Mo agyanom Nyankopɔn na asoma me mo nkyɛn, na wɔka kyerɛ me sɛ: Ne din de dɛn a, dɛn na minse wɔn?” Yehowa maa no mmuae. (Exodus 3:13, 14) Na Mose dwen nea sɛ Farao annye no anni a ebetumi aba nso ho. Ɛno ho nso, Yehowa maa odiyifo no mmuae. Asɛnnennen a etwa to—Mose gye toom sɛ na ‘n’ano ntew.’ Na wɔbɛyɛ dɛn anya eyi ano aduru? Yehowa de Aaron maa Mose sɛ ne kasamafo.—Exodus 4:1-5, 10-16.

Bere a na Mose anya ne nsɛmmisa ho mmuae na ɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi no, ɔkɔyɛɛ nea na Yehowa aka no. Sɛ anka Mose de nsɛm a ɛyɛ hu a sɛ okohyia Farao a ebetumi asisi bɛhaw ne ho no, ‘ɔyɛɛ saa ara.’ (Exodus 7:6) Sɛ ɔmaa dadwen bunkam ne so a, anka ebetumi ama ne gyidi ne akokoduru a ɛsɛ sɛ ɔde di n’asɛyɛde ho dwuma no ayɛ mmerɛw.

Ɔkwan a ɛkari pɛ a Mose faa so dii n’asɛyɛde ho dwuma no yɛ nhwɛso a ɔsomafo Paulo frɛɛ no “adwenemtew.” (2 Timoteo 1:7; Tito 2:2-6) Sɛ Mose annya adwenemtew a, anka n’adwuma no kɛse bebunkam ne so ntɛm ara ma anka ebetumi aba sɛ ɔrennye ntom.

Wo Nsusuwii so a Wubedi

Sɛ wuhyia wo gyidi ho sɔhwɛ ahorow wɔ da biara da asetram a, woyɛ w’ade dɛn? So wo ho popo ma ɛyɛ a akwanside ne nsɛnnennen a ɛreba no nkutoo ho na wudwen? Anaasɛ wususuw ho wɔ ɔkwan a ɛkari pɛ so? Sɛnea ebinom bɛka no no, ‘Ɔko nnuu hɔ a, yɛmpam ho danta.’ Ebetumi aba sɛ ebia ɔko a wususuw sɛ ɛbɛba no remma koraa! Sɛ saa a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ woma wo ho yeraw wo wɔ biribi a ebia ɛremma da ho? Bible ka sɛ: “Onipa komam awerɛhow botow no.” (Mmebusɛm 12:25) Nea ɛtaa de ba ne sɛ ɛma obi twentwɛn ne nan ase wɔ gyinaesi ho, tutu hyɛ da ma ɛka akyi koraa.

Nea ɛyɛ aniberesɛm kɛse koraa ne honhom fam adesɛe a dadwen a ɛmfata tumi de ba no. Yesu Kristo kyerɛe sɛ ahonyade nnaadaa ne “wiase asetra yi mu dadwen” betumi amia “ahenni no ho asɛm” ho anisɔ a obi wɔ no koraa. (Mateo 13:19, 22) Sɛnea nsɔe tumi ma afifide tɔ ape na ɛnsow aba no, saa ara na dadwen a yenni so betumi asiw yɛn honhom fam nkɔso ne aba a yɛbɛsow ahyɛ Onyankopɔn anuonyam no kwan. Ɛyawdi a ɛsɛe ade a obi ankasa de ba ne ho so ama ebinom mpo ntumi nhyira wɔn ho so mma Yehowa. Wodwennwen ho sɛ, ‘Na sɛ mantumi ammɔ me bra sɛnea m’ahosohyira hwehwɛ ɛ?’

Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ yɛn sɛ, yɛrebɔ mmɔden afa “adwene nyinaa nnommum de ahyɛ Kristo asoɔmmerɛw ase” wɔ yɛn honhom fam akodi no mu. (2 Korintofo 10:5) Yɛn tamfo kɛse, Satan Bonsam, ani begye yiye sɛ ɔbɛfa yɛn haw so abu yɛn abam na wabrɛ yɛn ase honam, nkate, ne honhom fam. Waben sɛ ɔbɛfa adwenem naayɛ so asum wɔn a wɔn ani nna hɔ no afiri. Ɛno nti na Paulo nso bɔɔ Kristofo kɔkɔ sɛ ‘wɔmmma Ɔbonsam kwan’ no. (Efesofo 4:27) Sɛ́ “wi yi ase nyame” no, Satan atumi “afura wɔn a wonnye nni adwene ani.” (2 Korintofo 4:4) Ɛmmra sɛ yɛremma onni yɛn adwene so da!

Mmoa Wɔ Hɔ

Sɛ abofra rehyia ɔhaw ahorow a, obetumi akɔ n’agya a ɔwɔ dɔ nkyɛn akogye akwankyerɛ ne awerɛkyekye. Saa ara na yebetumi de yɛn haw ahorow akɔ yɛn soro Agya, Yehowa, nkyɛn. Nokwarem no, Yehowa to nsa frɛ yɛn sɛ yɛnnan yɛn nnesoa ne yɛn dadwen ngu ne so. (Dwom 55:22) Te sɛ abofra a sɛ n’agya hyɛ no bɔ a ɔnnwennwen ne haw ahorow ho bio no, saa ara na ɛnsɛ sɛ yɛdan yɛn nnesoa gu Yehowa so kɛkɛ na mmom ɛsɛ sɛ yegyaw ma no nso.—Yakobo 1:6.

Ɔkwan bɛn so na yɛfa dan yɛn dadwen gu Yehowa so? Filipifo 4:6, 7 ma mmuae sɛ: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.” Yiw, Yehowa betumi ama yɛn mpaebɔ ne yɛn adesrɛ a yɛkɔ so de to n’anim no ho mmuae denam abotɔyam a ɔbɛma yɛanya na abɔ yɛn adwene ho ban, na dadwen a ɛho nhia amma yɛn adwene antu amfra so.—Yeremia 17:7, 8; Mateo 6:25-34.

Nanso, sɛ yɛbɛyɛ yɛn ade ma ɛne yɛn mpaebɔ ahyia a, ɛnsɛ sɛ yɛtew yɛn ho fi afoforo ho wɔ nipadua anaa adwene mu. (Mmebusɛm 18:1) Mmom no, ɛbɛyɛ papa sɛ yesusuw Bible nnyinasosɛm ne akwankyerɛ ahorow a ɛfa yɛn haw ahorow ho, na amma yɛamfa yɛn ho anto yɛn ankasa ntease so. (Mmebusɛm 3:5, 6) Mmofra ne mpanyin nyinaa betumi akɔ Bible ne Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow mu akɔhwehwɛ nsɛm pii a wɔde besisi gyinae ne nea wɔde bedi wɔn haw ahorow ho dwuma. Afei nso, wɔ Kristofo asafo no mu no, yɛwɔ mpanyimfo a wonim nyansa na wɔwɔ osuahu ne Kristofo foforo a wɔn ho akokwaw a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔne yɛn bɛkasa bere nyinaa. (Mmebusɛm 11:14; 15:22) Wɔn a asɛm no mfa wɔn ho nanso wɔwɔ Onyankopɔn adwene wɔ ho no betumi aboa yɛn mpɛn pii ma yɛasusuw yɛn haw no ho wɔ ɔkwan foforo so. Na bere a wonsisi gyinae mma yɛn no, wobetumi ahyɛ yɛn nkuran aboa yɛn pii.

“Twɛn Onyankopɔn”

Obiara gye tom sɛ entumi mma sɛ yɛbɛdwennwen yɛn da biara da haw ahorow ho a yɛmfa dadwen hunu nka ho. Ɛnde, sɛ biribi a ebetumi asi ho dadwen ma yɛbɔ hu na yɛn ho yeraw yɛn a, momma yɛnkɔ Yehowa nkyɛn wɔ mpaebɔ ne ɔsrɛ mu. Hwehwɛ akwankyerɛ, nyansa, ne adwenemtew fi N’asɛm ne n’ahyehyɛde no hɔ. Yebehu sɛ tebea biara a ɛbɛsɔre no, mmoa wɔ hɔ a yɛde bedi ho dwuma.

Bere a na nneɛma ahyɛ odwontofo no so na wahaw no, ɔtoo dwom sɛ: “Me kra, adɛn na woabotow sɛɛ, na wusi me mu apini? Twɛn Onyankopɔn, na mɛda so mayi no ayɛ, sɛ me nkwagyefo kɛse ne me Nyankopɔn.” (Dwom 42:11, NW) Momma yennya nsusuwii a ɛte saa ara.

Yiw, yɛ nneɛma a wohwɛ kwan sɛ ebetumi asisi ankasa ho nhyehyɛe, na gyaw nea ɛba mpofirim no ma Yehowa. “Momfa mo dadwen ne haw nyinaa nto ne so, efisɛ odwen mo ho.”—1 Petro 5:7.

[Kratafa 23 mfonini]

Te sɛ Dawid no, so wodan wo nnesoa ne wo dadwen nyinaa gu Yehowa so?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena