Yɛn Ahiade Ahorow—So Nniso Horow Betumi Ama Yɛn Nsa Aka?
ADUAN a ɛdɔɔso a yebedi, nsu pa a yɛbɛnom, ntade pa a yebenya ahyɛ ne adan a yɛbɛtra mu—eyinom yɛ asetra mu nneɛma a ɛho hia. Wiase nyinaa no, wɔ sikasɛm nhyehyɛe biara ase no, nkurɔfo pere hwehwɛ nneɛma atitiriw yi.
So wode adekyee mu nnɔnhwerew a wowɔ no fã kɛse no ara bɔ mmɔden sɛ wubenya eyinom? So aban a edi ɔman a wowɔ mu no so no yɛ nhyehyɛe ma nsa ka saa nneɛma yi anaa? Wiase nyinaa no nniso horow no kyerɛwtohɔ te dɛn wɔ eyi fam?
Aduan a Yebedi
“Anyɛ yiye koraa no nnipa bɛyɛ ɔpepem 450—ebia bɛyɛ ɔpepepem biako—nni aduan a ɛho hia ma da biara da asetra.”—Scientific American.
“Nsakrae horow a aba Amerikafo aduan mu wɔ afeha yi mu no mma wonnya nnuan mu ahoɔden a ɛfata . . . a ebetumi ahaw akwahosan denam nyarewa te sɛ komayare ne ade a ɛde ba so.”—Nnuruyɛfo, nnuan so ahwɛfo ne nyansahufo adanse ma Amerika Mmarahyɛ Bagua Boayifo.
Nsu a Yɛbɛnom
“Nea ɛboro nnipa a wɔwɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso no mu no fã nni nsu pa a wɔnom.”—Earthscan, sɛnea wɔfaa mu asɛm kae wɔ World Press Review mu.
“Asubɔnten [Rhine a emu nsu na Europafo ɔpepem 18 nom] no mu na nnipa ɔpepem 60 tow wɔn wura gu . . . 1973 mu no, nsu fĩ a wɔtow guu mu no ɔha biara mu 55 yɛ nea wɔanyɛ no hwee anaasɛ wɔsɔn so kakraa bu pɛ ansa na wɔrehwie agu asubɔnten no mu.”—World Health (Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no nsɛmma nhoma) .
“Nsu a efi fam wɔ [Amerika no] fã kɛse no ara yɛ nea nsu fĩ a efi nnwuma ahorow mu resɛe no.”—The New York Times.
Ntade ne Dabere
Wiase nyinaa no “nnipa ɔpepem 800 nni adan a wɔte mu.”—El Tiempo, Colombia.
Wɔ Keseefam Amerika man bi a ɛte sɛ nea asomdwoe wom kakraa mu no, ɔman no mufo “bɛboro fã . . . nni ntade pa a wɔhyɛ, wɔtete afie a ɛyɛ awerɛhow mu na wonni nsu pa a wɔnom.”—El Espectador, Colombia.
Dɛn Nti Na Nneɛma A Wonnya Yi Da So Wo Hɔ?
Nniso horow de nea enti a wonnya saa nneɛma yi ho nkyerɛkyerɛmu pii ma. Susuw ho hwɛ sɛ ebia saa na ɛte anaa.
1. Wɔde ahoɔden a ɛfata a nkurɔfo nnya mfi nnuan a wodi mu ho asodi to nimdeɛ a wonni so. Nkurɔfo nnim nnuan pa a ɛsɛ sɛ wodi.
2. Ebinom ka sɛ nnuan pii wɔ wiase, na mmom, sɛnea atesɛm nkrataa mu amanneɛbɔ kyerɛ no, “mfiri a enni hɔ ne nneɛma atitiriw a enti ɔkɔm ne aduan pa a wonnya wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso mu no mu biako, na ɛnyɛ aduan a enni hɔ.”
3. Wiase Nyinaa Aduan ne Kuayɛ Ahyehyɛde no kyerɛ sɛ nhyehyɛe a ɛnkɔ so ntɛmntɛm ne ahobammɔ nhyehyɛe horow siw hokwan a aman a afei na wɔrenya nkɔso no wɔ sɛ wɔbɛkɔ akodi gua wɔ aman a wɔanya nkɔso dedaw no mu no ano.
4. Aman pii hu sɛ ɛho hia sɛ wɔpaw akode pii a wɔbɛtɔ ne aduan a ɛho hia a wɔbɛtɔ ama ahiafo no mu biako. Sika a wɔsɛe no afe biara wɔ wiase akodeyɛ ho no “yɛ nea wobetumi de adi nneɛma a ɛho hia wɔ wiase no fã a afei na ɛrenya nkɔso no mu no ho dwuma kosi afe 2000 . . . Sika a wɔsɛe no wɔ ahobammɔ ho no fã ketewaa bi yɛ nea wobetumi de aboa ma nnipa ɔpepem 1,200 anya nsu pa a wɔbɛnom—ade a ɛho hia kɛse ma nkwa. Sika a wɔde hyehyɛ ɛpo ase akohyɛn ahorow na wɔde di ho dwuma no, wobetumi de asisi adan fɛfɛ 450,000.”—El Tiempo.
Nea Enti Titiriw
Ebia wubegye atom sɛ nsɛm a emu yɛ den a ɛwɔ atifi ha no ka ho na ɛma ɛyɛ den sɛ wɔbɛma adesamma anya nneɛma a ɛho hia no. Nanso biribi a ɛho hia kɛse hyɛ akyi: Nneɛma nhyehyɛe yi hyɛ obiara nkuran sɛ onsusuw ne nkutoo ho. Nkurɔfo di kan hwehwɛ nea eye ma wɔn nkutoo ho. Nnwuma ahorow a wɔyɛ sɛe mframa no wɔ mfaso a wɔhwehwɛ mu. Akuw ahorow bi bɔ wɔn hokwan ahorow ho ban denneennen, na wɔmpene so koraa sɛ wɔde biribi bɛbɔ afɔre de aboa wɔn a wonni bi. Aman horow bɔ wɔn aman ho ban na wɔhwehwɛ wɔn ankasa yiyedi, a ɛmfa ho sɛ henanom na wohu amane.
Ɛda adi pefee sɛ nkitahodi a emu yɛ den ho hia, sɛ adesamma nyinaa benya nneɛma atitiriw a ɛho hia no a. Wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe yi mu no, obiara nsusuw sɛ nkitahodi a ɛte saa bɛba da bi. So wususuw saa, nokware mu?
So Ano Aduru Bi Wɔ Hɔ?
Yiw, ebi wɔ hɔ. Nanso efi baabi a nnipa pii nnye ntom. Ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa mpo.