Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w83 7/1 kr. 8-9
  • Dɛn Na Yesu Wu no kyerɛ Ma Yɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Yesu Wu no kyerɛ Ma Yɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Akyɛde a Ɛso Paa ne Agyede No
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Agyede No—Onyankopɔn Akyɛde a Ɛsen Biara
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Kristo Agyede—Onyankopɔn Nkwagye Kwan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Yesu Kristo​—Onyankopɔn Na Ɛsomaa No Anaa?
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
w83 7/1 kr. 8-9

Onyankopɔn Asɛm Wɔ Nkwa

Dɛn Na Yesu Wu no kyerɛ Ma Yɛn?

BERE a Yesu wui akyi no, akwantufo Kleopa ne ne yɔnko gyinaa kwan no so komm a na “wɔn werɛ ahow.” (Luka 24:17) Owu yɛ ɔtamfo, na enti nea ɛde ba ara ne awerɛhow. Nanso na saa mmarima yi ani betumi agye sɛ Yesu awu, na saa ara na yɛn nso yebetumi ayɛ. Wunim nea enti?

Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Yɛn bɔne nti Kristo wui.” “Ɔno na owu kyɛɛ yɛn sɛ . . . yɛne no ntra nkwa mu.” (1 Korintofo 15:3; 1 Tesalonikafo 5:10) Yiw, wɔsomaa Yesu baa asase so sɛ ommegye yɛn nkwa. Ɔno ankasa kae sɛ: “Onipa ba no [bae] . . . na ɔde ne kra [anaasɛ, ne nkwa] ayɛ agyede ama nnipa pii.” Mateo 20:28) Nanso sɛ́ Yesu de ne nkwa mae sɛ “agyede” no kyerɛ dɛn? Dɛn ne agyede?

Wɔtaa de asɛmfua “agyede” no di dwuma bere a wɔakyere obi de no asie. Bere a obi akyere onipa foforo bi de no asie no, ebia ɔbɛka sɛ sɛ wotua sika dodow bi a na obegyaa onii no. Enti agyede yɛ biribi a wɔde gye obi a wɔafa no dommum. Ɛyɛ biribi a wotua sɛnea ɛbɛyɛ a onii no renhwere ne nkwa. Wɔde Yesu desani nkwa a ɛyɛ pɛ no mae de gyee adesamma fii bɔne ne owu nnommumfa mu. (1 Petro 1:18, 19; Efesofo 1:7) Na dɛn nti na ogye a ɛte saa ho hia?

Ná ɛho hia efisɛ yɛn nena Adam tew atua tiaa Onyankopɔn. (Genesis 2:17; 3:11, 12) Ne mmarato no ma ɔbɛyɛɛ ɔbɔnefo, efisɛ Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ “bɔne ne mmarato.” (1 Yohane 3:4; 5:17) Ne saa nti, na ɔmfata sɛ obenya Onyankopɔn akyɛde a ɛne daa nkwa no. (Romafo 6:23) Enti Adam maa ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ wɔ paradise asase so bɔɔ no. Na ɔmaa hokwan kɛse yi bɔɔ mma a ɔbɛwo wɔn nyinaa nso. ‘Nanso,’ ebia wubebisa sɛ, ‘dɛn nti na na ɛsɛ sɛ ne mma nyinaa wu, bere a Adam na ɔyɛɛ bɔne no?’

Nea enti a ɛte saa ne sɛ, bere a Adam bɛyɛɛ ɔbɔnefo no, ɔde bɔne ne owu baa ne mma so, a adesamma a wɔte ase nnɛ nyinaa ka ho. (Hiob 14:4; Romafo 5:12) Enti adesamma wu esiane bɔne a wonya fii Adam mu nti. Ɛnde ɔkwan bɛn so na na Yesu wu no betumi agye nnipa ‘nyinaa afi bɔne ne owu nkoayɛ mu?

Nnyinasosɛm bi a ɛwɔ mmara a Onyankopɔn de maa Israel man no mu no ho asɛm wom. Ɛka sɛ ‘ɛsɛ sɛ wɔde nkwa si nkwa ananmu.’ (Exodus 21:23) Ɛdenam asoɔden a ɔyɛe so no, ɔdesani Adam a na anka ɔyɛ pɛ no maa nkwa a ɛyɛ pɛ a obenya wɔ paradise asase so no bɔɔ ɔno ankasa ne ne mma nyinaa. Yesu Kristo de ɔno ankasa ne nkwa a ɛyɛ pɛ mae na ɔde agye nea Adam yeraa no no. Sɛnea Bible kyerɛkyerɛ mu no, Yesu “de ne ho mae sɛ nnwensa maa nnipa nyinaa.”​—1 Tim. 2:5, 6.

Wo de susuw nea eyi kyerɛ ma yɛn no ho hwɛ! Ɛkyerɛ sɛ Yesu hwiee ne nkwa mogya gui wɔ owu mu na yɛanya hokwan atra ase daa wɔ Onyankopɔn ahenni no nniso ase. So wobɛkyerɛ anisɔ denam wo nkwa a wode bɛsom Onyankopɔn ne ne Ba a ɔwɔ soro, Yesu Kristo, no so anaa?​—2 Korintofo 5:14, 15.

[Kratafa 8 mfoni]

Ɔkwan bɛn so na ‘sika a wɔde gye obi’ betumi aboa yɛn ma yɛate Yesu agyede no ase

[Kratafa 9 mfoni]

Dɛn na Adam asoɔdenyɛ no de baa ɔno ankasa ne adesamma abusua no nyinaa so?

Esiane sɛ na Yesu ne ɔbarima Adam a odi mu no yɛ pɛ nti, dɛn na ɛno kyerɛ ma yɛn?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena