Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 2/15 kr. 13-18
  • Kristo Agyede—Onyankopɔn Nkwagye Kwan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kristo Agyede—Onyankopɔn Nkwagye Kwan
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bɔne ne Owu a Wobeyi Afi Hɔ
  • Bɔne Ho Ka a Wotua
  • ‘Agyede a Ɛfata’
  • Bo a Onipa Nkwa a Ɛyɛ Pɛ Som
  • Kristo Agyede no Mu Mfaso a Yenya
  • Agyede No—Ɔdɔ a Wɔda no Adi
  • Onyankopɔn Akyɛde a Ɛso Paa ne Agyede No
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Agyede No—Onyankopɔn Akyɛde a Ɛsen Biara
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Yehowa Ama Yɛn “Agyede De Agye Nnipa Bebree”
    Bɛn Yehowa
  • Agyede A Ɛfata Ma Yɛn Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 2/15 kr. 13-18

Kristo Agyede—Onyankopɔn Nkwagye Kwan

“Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.”—YOHANE 3:16.

1, 2. Ka ɔhaw a asɔre fa adesamma abusua ho no ho asɛm.

FA NO sɛ wowɔ yare bi a akyinnye biara nni ho sɛ ebeku wo gye sɛ woyɛ oprehyɛn ansa. Wobɛte nka dɛn bere a oprehyɛn no ho ka boro nea wubetumi atua koraa no? Na sɛ w’abusuafo ne nnamfo de wɔn sika bom mpo na sɛ entumi ntua ka no nso ɛ? Tebea a ɛde nkwa to asiane mu saa a wobɛbam no betumi ahaw adwene yiye!

2 Eyi kyerɛkyerɛ tebea a asɔre fa adesamma abusua ho no mu. Wɔbɔɔ yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa, a na wɔyɛ pɛ. (Deuteronomium 32:4) Ná wɔwɔ anidaso a ɛne sɛ wɔbɛtra ase daa, na wɔadi Onyankopɔn atirimpɔw a edi so yi ho dwuma: “Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so.” (Genesis 1:28) Nanso, Adam ne Hawa tew wɔn Bɔfo no so atua. (Genesis 3:1-6) Adam ne Hawa atuatew no amfa bɔne ammrɛ wɔn nko, na mmom wɔn asefo a na wɔnwoo wɔn nso. Ɔnokwafo Hiob kae akyiri yi sɛ: “Hena na obenya ɔhotefo, wɔn a wɔn ho akum no mu? Obiara nni hɔ.”—Hiob 14:4.

3. Ɔkwan bɛn so na owu atrɛw aka nnipa nyinaa?

3 Enti bɔne te sɛ yare a aka yɛn mu biara, efisɛ Bible ka sɛ “wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” Saa tebea yi de yɛn nkwa ato asiane mu. Nokwarem no, “bɔne so akatua ne owu.” (Romafo 3:23; 6:23) Yɛn mu biara ntumi nkwati. Nnipa nyinaa yɛ bɔne, enti nnipa nyinaa wu. Sɛ́ Adam asefo no, wɔwoo yɛn guu ɔhaw tebea yi mu. (Dwom 51:5) Paulo kyerɛwee sɛ: ‘Onipa biako so na bɔne nam baa wiase, na owu nam bɔne so bae, na ɛnam saayɛ so na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.’ (Romafo 5:12) Nanso eyi nkyerɛ sɛ yenni nkwagye ho anidaso biara.

Bɔne ne Owu a Wobeyi Afi Hɔ

4. Dɛn nti na adesamma ankasa ntumi nyi yare ne owu mfi hɔ?

4 Dɛn na ebegye ansa na wɔayi bɔne ne nea ɛde aba, owu, afi hɔ? Ɛda adi pefee sɛ, ɛyɛ biribi a onipa biara ntumi mfa mma. Odwontofo no dii abooboo sɛ: “Onipa nkwa bo gye yɛ den dodo. Nea obetumi atua no nnɔɔso sɛ ebegye no afi ɔdamoa mu, na ama watra ase daa.” (Dwom 49:8, 9, Today’s English Version) Nokwarem no, yɛnam nnuan pa a yebedi ne ayaresa pa a yebenya so betumi de mfe kakraa bi aka yɛn nkwa nna ho, nanso yɛn mu biara ntumi nyi bɔne tebea a yenya fii awo mu no mfi hɔ. Yɛn mu biara ntumi nyi ɔhaw a mpanyinyɛ de ba no mfi hɔ nsan mma yɛn nipadua nyɛ pɛ sɛnea Onyankopɔn bɔɔ no mfiase no. Akyinnye biara nni ho sɛ, na Paulo renka nsɛm ngugu mu bere a ɔkyerɛwee sɛ esiane Adam bɔne nti, “wɔde” abɔde “ahyɛ ade hunu ase”—anaa sɛnea The Jerusalem Bible kaa no no, “wɔamma antumi annu n’atirimpɔw ho”—no. (Romafo 8:20) Nanso, anigyesɛm ne sɛ, yɛn Bɔfo no nnyaw yɛn ɛ. Wayɛ nsiesiei a ɔde beyi bɔne ne owu afi hɔ koraa. Ɔkwan bɛn so?

5. Ɔkwan bɛn so na Mmara a wɔde maa Israelfo no ma wɔkyerɛɛ obu a emu dɔ maa atɛntrenee?

5 Yehowa yɛ ‘trenee ne atɛntrenee dɔfo.’ (Dwom 33:5) Mmara apam a ɔde maa Israelfo no hwehwɛe sɛ wɔbɛkari pɛ na wɔabu atɛntrenee. Sɛ nhwɛso no, wɔ mmara yi mu no, yɛkenkan sɛ ‘nkwa nsi nkwa ananmu.’ Ɔkwan foforo so no, sɛ Israelni bi kum obi a, na ɛsɛ sɛ wokum no bi tua ka. (Exodus 21:23; Numeri 35:21) Ná Onyankopɔn atɛntrenee nsenia no nam saayɛ so bɛkari pɛ.—Fa toto Exodus 21:30 ho.

6. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi afrɛ Adam owudifo? (b) Nkwa bɛn na Adam hweree, na afɔrebɔ bɛn na na ebehia ma atɛntrenee nsenia no akari pɛ?

6 Bere a Adam yɛɛ bɔne no, ɔbɛyɛɛ wudifo. Ɔkwan bɛn so? Ɛne sɛ na ɔde ne bɔne tebea—ne owu—no bɛsan n’asefo nyinaa. Ɛyɛ Adam asoɔden nti na saa bere yi, yɛn nipadua resɛe, na ɛde nkakrankakra rekɔ owu mu no. (Dwom 90:10) Adam bɔne no de ɔhaw a emu yɛ den sen saa mpo bae. Kae sɛ, ɛnyɛ onipa nkwa a ɛbɛyɛ mfe 70 anaa 80 kwa no na Adam ne n’asefo hweree. Ɔhweree nkwa a ɛyɛ pɛ—nokwarem no, daa nkwa. Enti sɛ ‘ɛsɛ sɛ nkwa si nkwa ananmu’ a, ɛnde nkwa bɛn na ɛsɛ sɛ wɔde ma na ɛne atɛntrenee ahyia wɔ saa asɛm yi mu? Ntease mu no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ onipa nkwa a ɛyɛ pɛ—nkwa a ɛte sɛ Adam de no a na ebetumi awo mma a wɔyɛ pɛ. Sɛ na wɔde onipa nkwa a ɛyɛ pɛ ma de bɔ afɔre a, na ɛremma atɛntrenee nsenia no nkari pɛ nko, na mmom na ɛbɛma wɔatumi ayi bɔne ne nea ɛde aba, owu, nso afi hɔ koraa.

Bɔne Ho Ka a Wotua

7. Kyerɛkyerɛ nea asɛmfua “agyede” kyerɛ no mu.

7 Wɔka bo a na ehia ma wɔde agye yɛn afi bɔne mu no ho asɛm wɔ Bible mu sɛ “agyede” (Dwom 49:7, NW) Wɔ Engiresi mu no, saa asɛm no betumi agyina hɔ ama sika a obi a wakyere obi asie gye na ɔde nea wakyere no no ama. Nokwarem no, agyede a Yehowa de ama no mfa obi a wɔkyere no sie ho. Adwene koro no ara na ɛwɔ bo bi a wotua no akyi. Nokwarem no, nea Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “agyede” no adeyɛ asɛm kyerɛ ankasa ne sɛ “wɔkata so.” Sɛ wobetua bɔne ho ka a, ɛsɛ sɛ agyede no ne dekode a wɔkyerɛ sɛ wɔde rekata so no yɛ pɛ—Adam desani nkwa a na ɛyɛ pɛ no.

8. (a) Kyerɛkyerɛ ogye nnyinasosɛm no mu. (b) Ɔkwan bɛn so na ogye nnyinasosɛm no fa yɛn ho sɛ abɔnefo?

8 Eyi ne Mose Mmara no mu nnyinasosɛm bi hyia—ogye ho nnyinasosɛm no. Sɛ na Israelni bi di hia na ɔtɔn ne ho ma obi a ɔnyɛ Israelni ma ɔde no yɛ akoa a, na obusuani bi betumi akogye no denam bo a wosusuw sɛ ɛne akoa no bo yɛ pɛ a obetua no so. (Leviticus 25:47-49) Bible ka sɛ sɛ́ nnipa a yɛnyɛ pɛ no yɛyɛ ‘bɔne nkoa.’ (Romafo 6:6; 7:14, 25) Dɛn na ebehia ansa na wɔagye yɛn? Sɛnea yɛahu no, onipa nkwa a ɛyɛ pɛ a wɔhwere no bɛhwehwɛ sɛ wɔde onipa nkwa a ɛyɛ pɛ tua ka—ɛnyɛ biribi a ɛkyɛn saa, anaa nea ennu saa.

9. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ayɛ nsiesiei a ɔde betua bɔne ho ka?

9 Nokwarem no, wɔanwo yɛn nnipa wɔ pɛyɛ mu. Yɛn mu biara nni hɔ a ɔne Adam yɛ pɛ; yɛn mu biara nni hɔ a obetumi atua agyede bo a atɛntrenee hwehwɛ no. Sɛnea yɛkae mfiase no, ɛte sɛ nea yɛwɔ yare bi a ɛde nkwa to asiane mu a yentumi ntua oprehyɛn a ebetumi asa ho ka no. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, so yɛn ani rennye sɛ obi bedi ama yɛn na watua ka no? Eyi pɛpɛɛpɛ na Yehowa ayɛ! Wayɛ nsiesiei a ɔde begye yɛn afi bɔne mu daa. Yiw, ɔpɛ sɛ ɔde biribi a yɛn ankasa ntumi nyɛ ho hwee no ma yɛn. Ɔkwan bɛn so? Paulo kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn dom akyɛde ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.” (Romafo 6:23) Yohane kaa Yesu ho asɛm sɛ “Onyankopɔn guammaa a oyi wiase bɔne kɔ.” (Yohane 1:29) Momma yɛnhwɛ sɛnea Yehowa de ne Ba a ɔdɔ no no tuaa agyede bo no.

‘Agyede a Ɛfata’

10. Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa “aseni” ho no twee adwene sii Yosef ne Maria so?

10 Wɔ Eden atuatew no akyi pɛɛ no, Yehowa kaa n’atirimpɔw a ɛne sɛ ɔde “aseni” bi bɛma a obegye adesamma afi bɔne mu ho asɛm. (Genesis 3:15) Ɛdenam ɔsoro adiyi ahorow so no, Yehowa daa abusua a ɛbɛwo saa aseni yi adi. Bere bi akyi no, saa adiyi ahorow yi twee adwene sii Yosef ne Maria a na wɔte Palestina a na wɔrebɛware no so. Wɔ dae mu no, wɔka kyerɛɛ Yosef sɛ Maria yem denam honhom kronkron so. Ɔbɔfo no kae sɛ: “Ɔbɛwo babanin, na wɔato ne din Yesu, efisɛ ɔno na obegye ne man afi wɔn bɔne mu.”—Mateo 1:20, 21.

11. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa yɛɛ nhyehyɛe ma wɔwoo ne Ba no sɛ onipa a ɔyɛ pɛ? (b) Dɛn nti na Yesu tumi de ‘agyede a ɛfata’ no mae?

11 Ná eyi nyɛ nyinsɛn bi ara kɛkɛ, efisɛ na Yesu atra soro ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani. (Mmebusɛm 8:22-31; Kolosefo 1:15) Wɔnam Yehowa anwonwade tumi so yii ne nkwa kɔhyɛɛ Maria awotwaa mu, ma ɛyɛɛ yiye sɛ wɔbɛwo Onyankopɔn Ba a ɔdɔ no yi sɛ onipa. (Yohane 1:1-3, 14; Filipifo 2:6, 7) Yehowa dii nsɛm ho dwuma na amma Adam bɔne angu Yesu ho fĩ. Nea ɛne no bɔ abira no, wɔwoo Yesu a na ɔyɛ pɛ. Enti, na ɔwɔ nea Adam hweree no—onipa nkwa a ɛyɛ pɛ. Awiei koraa no, wonyaa onipa a na obetumi atua bɔne ho ka no! Na saa pɛpɛɛpɛ na Yesu yɛe wɔ Nisan 14, 33 Y.B. mu. Saa da titiriw yi, Yesu maa kwan ma n’asɔretiafo kum no, na ɔnam so de ‘agyede a ɛfata’ no mae.—1 Timoteo 2:6.

Bo a Onipa Nkwa a Ɛyɛ Pɛ Som

12. (a) Ka nsonsonoe kɛse a ɛwɔ Yesu wu ne Adam de no mu ho asɛm. (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu abɛyɛ “Daa-agya” ama adesamma asoɔmmerɛfo?

12 Nsonsonoe da Yesu wu ne Adam de no ntam—nsonsonoe a esi bo a agyede no som so dua. Ná Adam wu no fata, efisɛ ɔboapa na ɔyɛɛ ne Bɔfo no so asoɔden. (Genesis 2:16, 17) Nea ɛne no bɔ abira no, na Yesu wu no mfata koraa, efisɛ “wanyɛ bɔne.” (1 Petro 2:22) Enti bere a Yesu wui no, na ɔwɔ biribi a ɛsom bo kɛse a ɔbɔnefo Adam nni bi bere a owui no—onipa nkwa a ɛyɛ pɛ hokwan. Enti, na Yesu wu no som bo wɔ afɔrebɔ mu. Bere a ɔkɔɔ soro sɛ honhom mu nipa no, ɔde n’afɔrebɔ no bo a ɛsom kɔmaa Yehowa. (Hebrifo 9:24) Ɛdenam saayɛ so no, Yesu tɔɔ adesamma abɔnefo, na ɔbɛyɛɛ wɔn Agya foforo, de sii Adam ananmu. (1 Korintofo 15:45) Wɔ ntease pa mu no, wɔfrɛ Yesu “Daa-agya.” (Yesaia 9:6) Susuw nea eyi kyerɛ no ho hwɛ! Adam, agya debɔneyɛfo no de owu maa n’asefo nyinaa. Yesu, Agya a ɔyɛ pɛ, no de n’afɔrebɔ no bo a ɛsom no maa adesamma asoɔmmerɛfo nyaa daa nkwa.

13. (a) Kyerɛkyerɛ sɛnea Yesu twaa ka a Adam bɔe no mu. (b) Dɛn nti na Yesu afɔrebɔ no ntua yɛn awofo a wodi kan no bɔne ho ka?

13 Nanso, ɔkwan bɛn so na na onipa biako pɛ wu betumi atua nnipa pii bɔne ho ka? (Mateo 20:28) Wɔ asɛm bi a ɛbae mfe bi a atwam mu no, yɛkyerɛkyerɛɛ agyede no mu wɔ saa kwan yi so sɛ: “Susuw adwinnan kɛse bi a adwumayɛfo ɔhaha pii wom ho. Adwinnan no so panyin bi a onni nokware ma adwuma no bɔ ka; adwinnan no gu. Adwumayɛfo ɔhaha pii nyɛ adwuma seesei, na wontumi ntua wɔn ho aka. Wɔn aware mu ahokafo, wɔn mma, ne, yiw, wɔn a adwumakuw no de wɔn ka nyinaa hu amane esiane saa onipa biako no amumɔyɛ nti! Afei ɔdefo yamyefo bi betua ka a adwumakuw no de no, na obue adwinnan no. Saa ka biako no a wotwam no nso de ahotɔ kɛse brɛ adwumayɛfo pii, wɔn mmusua, ne wɔn a adwumakuw no de wɔn ka no. Nanso so adwumawura dedaw no nya nkɔso a aba no mu mfaso? Dabi, ɔda afiase ma enti n’adwuma bɔ no koraa! Saa ara na Adam bɔne biako a wotwam no de mfaso pii brɛ n’asefo—na mmom ɛnyɛ Adam.”

14, 15. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Adam ne Hawa boapa na wɔyɛɛ bɔne, na ɔkwan bɛn so na yɛn tebea no yɛ soronko wɔ wɔn de ho?

14 Eyi fata. Kae sɛ, Adam ne Hawa boapa na wɔyɛɛ bɔne. Wɔhyɛɛ da yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden. Nea ɛne no bɔ abira, wɔwoo yɛn bɔne mu. Yentumi nyɛ ho hwee. Ɛmfa ho mmɔden biara a yɛbɔ no, yɛrentumi nkwati bɔne koraa. (1 Yohane 1:8) Ɛtɔ mmere bi a yebetumi ate nka te sɛ Paulo a ɔkyerɛw eyi no: “Me a mepɛ sɛ meyɛ nea eye no, bɔne wɔ me hɔ. Na me mu-nipa fam de, m’ani gye Onyankopɔn mmara ho; nanso mihu mmara foforo bi wɔ me honam akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara a ɛwɔ me honam akwaa mu no. Me manehunufo!”—Romafo 7:21-24.

15 Nanso, esiane agyede no nti, yɛwɔ anidaso! Yesu ne aseni a ne mu na, sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ bɔ no, “wobehyira asase so aman nyinaa.” (Genesis 22:18; Romafo 8:20) Yesu afɔrebɔ no ma wɔn a wonya ne mu gyidi no nya hokwan ahorow a ɛyɛ anigye. Ma yensusuw eyinom bi ho.

Kristo Agyede no Mu Mfaso a Yenya

16. Ɛmfa ho yɛn bɔne no, mfaso ahorow bɛn na esiane Yesu agyede no nti, yebetumi anya?

16 Bible kyerɛwfo Yakobo ka sɛ “yɛn nyinaa fom nneɛma pii mu.” (Yakobo 3:2) Nanso, esiane Kristo agyede no nti, wobetumi de yɛn mfomso afiri yɛn. Yohane kyerɛw sɛ: “Sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ okyigyinafo bi, agya no nkyɛn, ɔne ɔtreneeni Yesu Kristo. Na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata.” (1 Yohane 2:1, 2) Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ yebu bɔne adewa. (Yuda 4; fa toto 1 Korintofo 9:27 ho.) Nanso, sɛ yɛfom a, yebetumi aka yɛn komam asɛm akyerɛ Yehowa, a yɛwɔ ahotoso sɛ ‘ɔde befiri’ yɛn. (Dwom 86:5; 130:3, 4; Yesaia 1:18; 55:7; Asomafo no Nnwuma 3:19) Enti agyede no ma yefi ahonim pa mu som Onyankopɔn, na ɛma yetumi kɔ ne nkyɛn wɔ mpaebɔ mu wɔ Yesu Kristo din mu.—Yohane 14:13, 14; Hebrifo 9:14.

17. Esiane agyede no nti, nhyira ahorow bɛn na yebetumi anya daakye?

17 Kristo agyede no bue kwan ma Onyankopɔn atirimpɔw nya mmamu—sɛ́ adesamma asoɔmmerɛfo bɛtra ase daa wɔ Paradise wɔ asase so. (Dwom 37:29) Paulo kyerɛwee sɛ: “Onyankopɔn bɔ dodow a ɔhyɛe no, ɔno [Yesu] mu na yiw no wɔ.” (2 Korintofo 1:20) Ampa, owu “dii hene.” (Romafo 5:17) Agyede no ma Onyankopɔn nya nea obegyina so ayi “ɔtamfo a odi akyiri” yi afi hɔ. (1 Korintofo 15:26; Adiyisɛm 21:4) Yesu agyede no betumi aba wɔn a wɔawuwu no mpo so mfaso. Yesu kae sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi.”—Yohane 5:28, 29; 1 Korintofo 15:20-22.

18. Awerɛhosɛm bɛn na bɔne de aba nnipa so, na ɔkwan bɛn so na wobesiesie eyi wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu?

18 Susuw sɛnea ɛbɛyɛ anigye sɛ yebenya nkwa sɛnea wɔpɛe sɛ ɛyɛ no ho—nea dadwen a ɛhyɛ yɛn so nnɛ nnim! Ɛnyɛ Onyankopɔn nko na bɔne ama yɛne ne ntam atetew, na mmom yɛn ankasa adwene, koma, ne nipadua nso. Nanso, Bible hyɛ bɔ sɛ wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no, “ɔmanfo no mu bi renka sɛ: [Meyare, NW]!” Yiw, honam ne nkate fam nyarewa renhaw adesamma bio. Dɛn ntia? Yesaia bua sɛ: “Ɔman a wɔte mu no, wɔde wɔn amumɔyɛ befiri wɔn.”—Yesaia 33:24.

Agyede No—Ɔdɔ a Wɔda no Adi

19. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛyɛ Kristo agyede no ho ade sɛ ankorankoro?

19 Ɔdɔ na ɛkaa Yehowa ma ɔsomaa ne Ba a ɔdɔ no no. (Romafo 5:8; 1 Yohane 4:9) Ɔdɔ na ɛkaa Yesu nso ma ‘ɔkaa owu hwɛe maa nnipa nyinaa.’ (Hebrifo 2:9; Yohane 15:13) Wɔ ntease pa mu no, Paulo kyerɛwee sɛ: “Kristo dɔ no hyɛ yɛn . . . owu maa wɔn nyinaa na wɔn a wɔte ase no antra ase amma wɔn ho bio, na mmom wɔatra ase ama nea owui na ɔsɔre maa wɔn no.” (2 Korintofo 5:14, 15) Sɛ yɛn ani sɔ nea Yesu yɛ maa yɛn no a, yɛbɛyɛ ho biribi. Anyɛ yiye koraa no, agyede no ma ɛyɛ yiye sɛ wobegye yɛn afi owu mu! Nokwarem no, yɛrempɛ sɛ yɛde yɛn nneyɛe bɛkyerɛ sɛ yebu Yesu afɔrebɔ no sɛ nea ɛnsom bo ahe biara.—Hebrifo 10:29.

20. Akwan a yɛfa so di Yesu “asɛm” so no bi ne dɛn?

20 Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ komam anisɔ ama agyede no? Bere tiaa bi ansa na wɔrekyere Yesu no, ɔkae sɛ: “Sɛ obi dɔ me a, obedi m’asɛm so.” (Yohane 14:23) Nea ɛka Yesu “asɛm” no ho ne n’ahyɛde a ɛne sɛ yɛmfa nsi nnya adwuma a edi so yi yɛ mu kyɛfa no: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu.” (Mateo 28:19) Osetie a yɛbɛyɛ ama Yesu no nso hwehwɛ sɛ yebeyi ɔdɔ akyerɛ yɛn honhom fam anuanom.—Yohane 13:34, 35.

21. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ Nkaedi afahyɛ no bi wɔ April 1?

21 Akwan a ɛsen biara a yebetumi afa so akyerɛ agyede no ho anisɔ no mu biako ne sɛ yɛbɛkɔ Kristo wu Nkaedi a afe yi, wobedi no April 1 no ase bi.a Eyi nso yɛ Yesu “asɛm” no fã, efisɛ bere a Yesu de afahyɛ no resi hɔ no, ɔhyɛɛ n’akyidifo sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.” (Luka 22:19) Yɛnam adeyɛ a ɛho hia sen biara yi a yɛbɛkɔ bi, ne nea Kristo hyɛe nyinaa a yebetie no yiye so bɛda no adi sɛ yɛwɔ gyidi a emu yɛ den sɛ Yesu ne Onyankopɔn nkwagye kwan. Nokwarem no, ‘nkwagye nni obi foforo biara mu.’—Asomafo no Nnwuma 4:12.

[Ase hɔ asɛm]

a Saa afe yi, Nisan 14, 33 Y.B., ɛda a Yesu wui no, si April 1. Bisa wo hɔnom Yehowa Adansefo ma wɔnkyerɛ wo bere ne baabi a wobedi Nkaedi afahyɛ no.

So Wubetumi Akae?

◻ Dɛn nti na nnipa ntumi mpata wɔn bɔne?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛ ‘agyede a ɛfata’?

◻ Ɔkwan bɛn so na Yesu de ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ no yɛɛ ade ma ɛso baa yɛn mfaso?

◻ Nhyira ahorow bɛn na esiane Kristo agyede no nti adesamma nya?

[Kratafa 15 mfonini]

Onipa a ɔyɛ pɛ—ɔne Adam yɛ pɛ—nkutoo na obetumi ama atɛntrenee nsenia no akari pɛ

[Kratafa 16 mfonini]

Esiane sɛ na Yesu wɔ nkwa a ɛyɛ pɛ nti, na n’afɔrebɔ wu no som bo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena