Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g87 7/8 kr. 29-31
  • Ntrɛwmu Foforo Wɔ Watchtower Farms

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ntrɛwmu Foforo Wɔ Watchtower Farms
  • Nyan!—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔyɛ Pii Sen Nnuan a Wodua
  • Da a Wohyiraa So No
  • Yehowa Ahyehyɛde No Kɔ Anim​—So Wo Ne No Rekɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • So Wubegye Adwuma Mu Akwamma?
    Nyan!—1986
  • Afghan Nyisaa A Wɔpɛe Sɛ Wɔkɔsra Afuw Bi Mu
    Nyan!—1991
  • Ɔdɔ, Gyidi, ne Osetie Ho Adanse
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Nyan!—1987
g87 7/8 kr. 29-31

Ntrɛwmu Foforo Wɔ Watchtower Farms

YEHOWA ADANSEFO asɛnka adwuma a wɔyɛ wɔ wiase nyinaa no mu retrɛw kɛse. Wɔ 1986 mu no, na saa Ahenni adawurubɔfo yi dodow yɛ 3,229,022, bɛyɛ wɔn dodow wɔ mfe 20 a atwam ni no mu mmɔho abiɛsa! Na wɔ March 24, 1986 mu no, Adansefo no ne wɔn nnamfo bɛboro 8,100,000 kɔɔ Kristo wu Nkaedi no ase!

Sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi adi nkɔso a ɛte sɛɛ yi ho dwuma no, ɛho hia sɛ wɔtrɛw nneɛma a ɛwɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa dwumadibea ti wɔ Brooklyn ne Wallkill wɔ New York no mu bere nyinaa. October 18, 1986 na wo hyiraa ɔdan kɛse bi a adan a wɔbɛda mu 176 wom a wosii nnansa yi de kaa Watchtower Farms ho a wuhu ne mfonini wɔ ase ha no so. Dwumadibea ti hɔ adwumayɛfo a wɔboro 900 no mu 346 na wɔbɛtra mu.

Awia no dwumadi a wɔde buee ɔdan no ano no kaa Watchtower Farm a fi Yehowa Adansefo nhoma tintimbea a ɛwɔ Brooklyn wɔ New York kɔ hɔ yɛ akwansin 95 wɔ kusuu fɛm atɔe no ho asɛm.

Wɔtɔɔ afuw a edi kan a ɛbɛn Wallkill no wɔ January 1963 mu, na wɔtɔɔ nea ɛto so abien a baabi a ɛwɔ no tenten yɛ akwansin anan no wɔ 1967 mu. Nanso wɔ saa mfuw abien a ɛbɛyɛ nhama 3,000 (a asase a wɔakogye ka ho) yi akyi no, wɔwɔ afuw a ɛyɛ nhama 550 a ɛbɛn South Lansing wɔ New York, foforo a ɛyɛ nhama 150 a ɛbɛn Port Murray wɔ New York ne foforo nso a ɛyɛ nhama 670 wɔ Petterson wɔ New York.

Ebia wubebisa sɛ: ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ asafo a etintim nhoma nya mfuw?’ Wɔyɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya aduan pa a ne bo ba fam ama dwumadibea ti no adwumayɛfo 3,500 a wɔn mu bɛyɛ 2,500 didi wɔ adididan du a wɔnam television so ka wɔn bom wɔ Brooklyn no. Wobetumi de aduan a wɔma dwumadibea ti no adwumayɛfo atoto aduan a wɔma kurow ketewaa bi mufo no ho! Sɛ nhwɛso no, wɔnom nufusu galɔn 275, wodi nnuadewa susukora 400 ne ntɔmmɔ mmɔtɔ nketewa 20 na wɔwe nantwi nam a wɔatoto nkaribo 1,100 wɔ adidi bere biako mu!

Ɛno nti na wɔyɛ ntrɛwmu pii wɔ Watchtower Farms no. Wodua nnuaba ne nnuadewa ahorow bɛboro 40 wɔ hɔ na wɔde pii gu nkankyee mu wɔ afum hɔ ara. Sɛ wɔkyekyem a, mmoa a wɔyɛn wɔn no ma wonya nufusu galɔn 775 da biara; nkokɔ no tow nkesua 4,500 da biara; na afe biara wonya nam bɛyɛ nkaribo 535,000 fi anantwi 500, bɛboro mprako 1,300 ne nkokɔ bɛyɛ 25,000 a wokum wɔn no mu.

Wɔyɛ Pii Sen Nnuan a Wodua

Bere a wosii adan a wɔbɛtra mu bɛyɛ 40 a edi kan no wɔ 1968 mu no, na wɔpɛ sɛ afuw nkutoo na wɔyɛ wɔ Watchtower Farms hɔ. Nanso Brooklyn tintimbea no bɛyɛɛ nea esua ma enti wɔ 1970 mu no, wofii ase sii tintimbea a ne trɛw yɛ anammɔn 200 a ne tenten yɛ anammɔn 300 ne adan afoforo a nnipa bɛyɛ 60 bɛtra mu nso wɔ Watchtower Farms.

Nanso ansa na wɔresi adan yi awie wɔ March 1971 mu mpo no, na wɔafi ase resi abansoro a ɛtoa so abiɛsa a ne trɛw yɛ anammɔn 350 a ne tenten nso yɛ anammɔn 350 de aka factory no ho ne abansoro a ɛtoa so asia a nnipa bɛyɛ 450 bɛtra mu. Wɔ April 3, 1973 mu no, wohyiraa ɔdan foforo a wɔawie no so.

Wɔde March 1, 1973 The Watchtower no na wɔde fii nhoma tintim no ase wɔ Watchtower Farms. Ebedu 1980 mu no, na wɔde tintim mfiri akɛse 15 a emu duru fi bɛyɛ tɔn 40 kosi 50 a etintim nsɛmma nhoma bɛboro ɔpepem 17 ɔsram biara na na ɛyɛ adwuma. Ebeduu saa bere yi mu no, na wɔahyehyɛ nhoma tintim mfiri a ɛyɛ adwuma ɔhare so wɔ Brooklyn nhoma tintimbea hɔ enti wofii ase de eyi bi sii tintim mfiri dedaw a ɛwɔ Watchtower Farms no ananmu.

Tintim mfiri afoforo abiɛsa a mprempren wɔde yɛ adwuma wɔ factory a ɛwɔ afuw no mu no mu biara tenten yɛ anammɔn 101, ne trɛw yɛanammɔn 25, ne sorokɔ yɛ anammɔn 15 na emu duru yɛ tɔn 197! Emu biara betumi atintim nsɛmma nhoma 60,000 wɔ dɔnhwerew biako mu anaa sɛ wɔka nea etintim no bom a, ɛboro nsɛmma nhoma ɔpepem biako da biara!

Sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya baabi a wɔde mfiri akɛse yi besisi no, wɔyɛɛ ntrɛwmu wɔ tintimbea bɔ nsɛmso no mu ma ɛsan kɔɔ soro anammɔn 27 a ne tenten yɛ anammɔn 350 na ne trɛw nso yɛ anammɔn 125. Eyi maa factory no tenten ne ne trɛw nyinaa bɛyɛɛ anammɔn 812,625 a ɛkame ayɛ sɛ ebedu nhama 19 anaasɛ United States agodibea 14 a ne tenten yɛ anammɔn 360 na ne trɛw yɛ anammɔn 160!

Na wɔadi kan atrɛw Ahenni Asa no mu ma wɔatumi de nkongua 916 asisi mu bere nyinaa. Na wɔ 1986 mu no wɔtrɛw adididan no mu sɛnea ɛbɛyɛ a mprempren nnipa bɛboro 1,200 betumi atra mu.

Wɔ 1979 mu no, Yehowa Adansefo kuw bi a wɔwɔ Watchtower Farms fii ase yɛɛ computer bi a wɔfrɛ no MEPS a wɔde betintim nhoma wɔ kasa horow pii mu. Bere a wowiei wɔ May 1986 mu no, na wɔayɛ MEPS no 79, nea wɔfrɛ no borɔfo mu sɛ MEPS typesetter 45, ne MEPS terminals 181 awie ma wɔde amana baa dwumadibea ahorow 27. Wɔ mfe kakraa bi a atwam no mu no, wɔatete Yehowa Adansefo 131 a wofi aman ahorow so wɔ sɛnea wɔde MEPS no di dwuma na wosiesie no wɔ Watchtower Farms.

Da a Wohyiraa So No

Watchtower Farms abusua no ani gyei sɛ ahɔho 800 a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn no ne wɔn nyaa ɔdan no so a wohyirae dwumadi no mu kyɛfa. Ná eyinom mu pii fi Brooklyn dwumadibea nanso na afoforo nso fi Canada, England, Ireland, Taiwan​—sɛ wɔka ne nyinaa bom a, wofi aman ahorow 15 mu na wɔbae! Ebinom bae bere a na anim ntewtew sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya anɔpa ɔsom nhyehyɛe no mu kyɛfa. Bere a wofii ase anɔpa 7:00 a.m. no, na nnipa bɛboro apem ahyiam wɔ adididan kɛse no mu a wɔrebetie Karl F. Klein a ɔyɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni nsɛm a ɔbɛka no.

Ahɔho ɔhaha pii kɔɔ so bae na anɔpa no wɔde wɔn kyinkyin afuw no ne factory a wɔatrɛw mu no mu. Woyii sini a wɔato din “Watchtower Farms​—Ɛde Anigye Renya Otwa Adwuma no Mu Kyɛfa” a ne yi gye simma 45 no anɔpa no nyinaa wɔ bere ne bere mu sɛnea ɛbɛyɛ a nsrahwɛfo no de begye wɔn ahome. Dwumadi no kaa ntrɛwmu a wɔayɛ wɔ Watchtower Farms wɔ bɛboro mfe 23 a atwam no mu no ho abakɔsɛm.

Wodidi wiei awia no, nnipa 958 hyɛɛ Ahenni Asa no so ma sɛ wɔrebetie ɔdan no so hyira dwumadi a efii ase 2:00 p.m. no. Ná nnipa 758 foforo nso a wɔakyere so wɔ factory hɔ a wɔrehwɛ dwumadi no wɔ television akɛse abien so. Nnipa afoforo 217 nso tiee dwumadi no wɔ

Brooklyn denam telefon nhyehyɛe a Ɔwɛn Aban Asafo no yɛe so, a sɛ wɔka bom a, nnipa a wɔbae no nyinaa dodow yɛ 1,933.

Dwumadi no fã abien a edi kan no tii Farms no ho abakɔsɛm a ɛyɛ nwonwa, titiriw nea ɛfa adansi no ho no mu. Ɔkasa ntiantia a Sodikuw no mufo baanum mae no dii hɔ, na afei Milton Henschel a ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani abadiakyiri mu biako no maa ahosohyira ɔkasa a emu yɛ hyew no.

Anigye bɛn ara na ɛyɛ sɛɛ yi sɛ yehu sɛ wɔyɛ ntrɛwmu wɔ Watchtower Farms, esiane sɛ ɛyɛ adanse foforo ara a ɛkyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn rehyira wiase nyinaa Ahenni asɛnka adwuma no so nti!

[Kratafa 29 mfoni]

[Kratafa 30 mfoni]

Rotary tintim afiri a ɔdan a wɔkyerɛ ne dwumadi kwan wom na ɛwɔ atifi hɔ no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena