Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
Adiyisɛm 20:5 se “awufo nkae no de, wɔannya nkwa bio kosi sɛ mfirihyia apem no bewie du.” So eyi bɛba ansa na sɔhwɛ a etwa to no aba anaasɛ ɛno akyi?
Ɛda adi sɛ saa asɛm yi fa bere a adesamma du pɛyɛ ho wɔ Mfirihyia Apem no awiei no ho, nanso ɛba ansa na wɔayi Satan afi bun no mu na wɔde sɔhwɛ a etwa to koraa no aba adesamma so.
Asɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 20:5 no fa Kristofo a wɔasra wɔn a Onyankopɔn nyan wɔn ma wɔne Kristo akodi hene no ho. (Romafo 8:17) Eyinom ‘bɛba nkwa mu na wɔne Kristo adi hene mfirihyia apem.’ (Adiyisɛm 20:4) Bere a ɛdaa eyi adi no akyi, ne ansa na ɛretoa so aka sodifo yi ho asɛm bio no, Adiyisɛm 20:5 de wɔn a wɔbɛtra asase so no ho asɛm bi twam, sɛ: “Awufo nkae no de, wɔannya nkwa bio kosi sɛ mfirihyia apem no bewie du.”
Wɔn a wɔawu ɔhonam fam ankasa a wobenyan wɔn aba asase so wɔ Mfirihyia Apem no mu no bɛkɔ so ara ayɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ. Na, wɔn a wobetwa Onyankopɔn ko no nso, wɔremmɛyɛ pɛ a bɔne biara nni wɔn ho amonom hɔ ara. Bere a wɔkɔ so di Onyankopɔn nokware wɔ Mfirihyia Apem no mu no, ɛda adi sɛ wɔn a wɔanya nkwa wɔ asase so no benya nkɔso nkakrankakra akɔ pɛyɛ ho. Enti, dodow a nnipa a wɔwɔ akuw abien no mu no nnee wɔn ho mfii bɔne a wonya fii awo mu no ho no, ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔda so yɛ “awufo” (a wonni nkwa mu ankasa) wɔ Onyankopɔn ani so.—Luka 9:60; Efesofo 2:1.
Sɛ nnipa yɛ wɔn a wɔanyan wɔn oo, sɛ wotwaa “ahohiahia kɛse” no anaa wɔwoo wɔn wɔ Mfirihyia Apem no mu oo, wɔn daakye betumi ayɛ nea anidaso wom. (Adiyisɛm 7:14) Sɛ wodi Onyankopɔn nokware na wogye Kristo ogye afɔre ho mfaso horow no tom a, ebedu mfirihyia apem no awiei no wɔrenhu bɔne ne sintɔ ho amane bio; ‘owu a wonya fii awo mu renni wɔn so hene bio.’ (Romafo 5:14) Mmom no, na wɔadu ɔdesani pɛyɛ mu, adu tebea a na Adam ne Hawa wom ansa na wɔyɛɛ bɔne no mu.
Enti, ebedu Mfirihyia Apem no awiei no na nnipa a wɔresom Onyankopɔn wɔ asase so, “awufo nkae no,” aba ‘ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ mu.’ Afei Yesu betumi adan adesamma abusua a ɛyɛ pɛ ama n’Agya. (1 Korintofo 15:28; Adiyisɛm 20:14) Sɛnea Adiyisɛm 20:7-10 kɔ so kyerɛ no, afei wobegyaa Ɔbonsam de sɔhwɛ a etwa to koraa aba adesamma so. Wɔn a wobedi Yehowa nokware wɔ saa sɔhwɛ no mu no bɛfata ama ɔdesani daa nkwa wɔ Paradise.
August Da Biara Da Asɛm
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)