“Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam Horow
“AHENNI BIAKOYƐ.” Asɛmti a eye na ɛfata ma yɛn 1983 ɔmantam nhyiam horow no bɛn ni! Mpaapaemu a aba wiase nnɛ no yɛ nea ebi mmae da. Nyamesom ahyehyɛde ahorow, Katolek ne Protestant de nyinaa, yɛ nea mpaapaemu ne akameakame ahyɛ no ma. Amanyɛ akuw ne wɔn ho wɔn ho redi ako. Basabasayɛ mmae wɔ nnwuma ne aguadi nhyehyɛe horow mu te sɛ nnɛ da. Abusua nhyehyɛe no nyɛɛ nea mpaapaemu asɛe no te sɛ nnɛ, bere a okunu ne ɔyere ko, wɔtetew mu na wogu aware no. Na bere bɛn na mpanyimfo ne mmofra ntam atetew te sɛ nnɛ, bere a awofo ne mma ntumi nni nkitaho no?
Nea ɛbɔ eyinom abira kɛse ne Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no, Yehowa Adansefo Kristofo asafo no. Biakoyɛ wɔ wɔn ntam, nnipa a wɔn dodow du 2,400,000, ɛwom sɛ wɔabɔ apete wɔ nsase ne nsupɔw bɛyɛ 205 so de. Eyi yɛ biakoyɛ a ɛtra mmusua horow, kasa horow ne honam ani hwɛbea, amanne ne sikasɛm nhyehyɛe mu anohyeto ahorow so. Dɛn na aka wɔn abom? Yehowa Nyankopɔn som kronn no.—Sefania 3:9.
Saa na ɛsɛ sɛ ɛyɛ wɔ Kristo nokware akyidifo mu, efisɛ dɛn na ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Korintofo no wɔ 1 Korintofo 1:10? Sɛ “mo nyinaa nyɛ nokoro, na mpaapaemu amma mo mu, na mmom moabom awie pɛyɛ adwenkoro ne nsusuwii koro mu.” Saa nso na otu fo wɔ Filipifo 3:15, 16 sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔanyinyin no nya adwene koro. Na so ɛnsɛ sɛ biakoyɛ hyɛ Kristo nokware akyidifo agyirae esiane asɛm a ɔkae sɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn ho wɔn ho bɛma ne nokware akyidifo nyinaa ada nsow no nti? Ampa, ɔdɔ de biakoyɛ ba.—Yohane 13:34, 35.
Nokwarem no wɔkaa saa biakoyɛ yi ho asɛm siei wɔ Yesaia 52:8, sɛ: “Tie! W’awɛmfo bom ma wɔn nne so to dwom; efisɛ wɔn ani tua [Yehowa] sɛ ɔresan aba Sion.” Nokwasɛm ahorow a aniwa hu da adi sɛ Sion a wɔsan boaboa ano no fii ase 1919 mu.
Ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebekura saa biakoyɛ yi mu. Nea enti a ɛte saa ne Satan abufuw kɛse no, efisɛ onim sɛ ne bere a aka yɛ tiaa, ne esiane sɛe a nyamesom ne nnipa suban nyinaa resɛe wɔ yɛn bere so nti. (Adiyisɛm 12:9, 12) Honhom mu aduan a wɔde bɛma wɔ afe yi nhyiam horow no ase no bɛhyɛ Yehowa nkoa den wɔ mmɔden a wɔrebɔ sɛ wɔbɛbrɛ ɔdesani mmerɛwyɛ ahorow ne sintɔ ahorow ase esiane Yehowa Nyankopɔn din ne n’adwuma nti no. Wɔbɛyɛ nhyiam fɛfɛ yi wɔ Accra, Kumasi ne Sekondi, December 15 kosi 18. Ebefi ase Yawda awiabere na aba awiei Kwasida awiabere. Ɛbɛyɛ nea aba ne bere mu na ɛhyɛ nkuran kɛse, na akyinnye biara nni ho sɛ obiara befi nhyiam yi ase a na wɔasiesie no yiye sɛ ɔne ne nuanom bɛsom Yehowa Nyankopɔn wɔ biakoyɛ mu na wɔabɔ ne tirim denneennen sɛ ɔbɛyɛ saa.