Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
So mogya a Bible bara no betumi ayɛ nea ɛfa mogya a efi onipa anaa aboa a onipa akum no mu nkutoo ho, a ɛnyɛ nea ɛfa aboa a n’ankasa wui a wɔanhwie ne mogya angu anaa mogya a efi aboa anaa onipa a ɔte ase mu ho?
Saa na nnipa binom susuw, na wɔtwe adwene si Bible kyerɛw nsɛm kakraa bi a ɛte sɛnea ɛboa so. Enti wɔkyerɛ sɛ ɛnyɛ mfomso sɛ wobegye mogya a efi obi a ɔte ase a ɔde rema hɔ. Ebia nsusuwii a ɛte sɛɛ bɛyɛ te sɛ nea edi mu, nanso nkyekyem ahorow a wɔde adi dwuma ne afoforo a ɛfa ho mu yiye a wobɛhwɛ no kyerɛ sɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ ne nkurɔfo twe wɔn ho fi mogya a wodi ne mogya a wogye sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkɔ so atra ase ho, sɛ́ efi abɔde a ɔte ase anaa wawu mu.
Wɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Munnni aboa funu; fa ma ɔhɔho anaasɛ tɔn ma ɔnanani, efisɛ woyɛ ɔman kronkron ma [Yehowa] wo Nyankopɔn.” (Deuteronomium 14:21) Ɛwom sɛ wɔanhwie ne mogya angu de, nanso na wobetumi atɔn aboa a wawu no ama ɔhɔho a ɔte wɔn mu. Wɔ nea ɛte sɛnea ɛbɔ ne ho abira mu no, Leviticus 17:10 se: “Na obiara a ofi Israel fi anaa ahɔho a wɔabɛsoɛ wɔn mu no mu a odi mogya biara no, mɛma m’ani asa saa ɔkra a odi mogya no, na matwa no afi ne man mu akyene.” Dɛn nti na nsonsonoe da kyerɛw nsɛm yi mu?
Wɔrekyerɛ wɔn adwene no, ebinom ka sɛ Deuteronomium 14:21 maa ahɔho kwan sɛ wonni aboa a wɔanhwie ne mogya angu nam, sɛ ɛyɛ nea ɛnyɛ onipa na okum no a, efisɛ na ɛno de ɛnsɛ sɛ onipa de ne mogya (a egyina hɔ ma nkwa) no san ma Onyankopɔn. Ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea Leviticus 17:15 boa saa adwene yi; ɛka sɛ okuroni anaa ɔhɔho a odi “nea wawu anaasɛ nea [aboa] atetew no” no, “nguare, na ne ho ntew kosi anwummere.” Enti ebetumi ayɛ te sɛ nea bɔne kɛse biara mfi mogya a wobedi mu mma, sɛ ɛnyɛ onipa na okum no a. Enti ebinom kyerɛ sɛ ɛnyɛ mfomso sɛ wɔbɛtwe mogya afi abɔde a ɔte ase mu na wɔde ayɛ aduan anaa wɔde ama obi.
Nanso, so nsonsonoe titiriw a ɛda Deuteronomium 14:21 ne Leviticus 17:10, 15 ntam no yɛ nea ɛfa sɛnea aboa no wui ho? Ɛsɛ sɛ mmuae a efi Kyerɛwnsɛm mu no yɛ, Dabi.
Ná Israelfo no nim sɛ wɔrentumi nni aboa a wɔanhwie ne mogya angu a ɔno ankasa wui anaa aboa bi kum no nam. Bere a wɔda so wɔ Bepɔw Sinai ho no na wɔaka akyerɛ wɔn sɛ wɔntow mmoa funu yi nkyene. (Exodus 22:31) Deuteronomium 14:21 ne no hyia, na na ɛrekyerɛ Israelfo a wɔwɔ Bɔhyɛ Asase no so no sɛ wonyi wɔn ho mfi mmoa a wɔanhwie wɔn mogya angu a wɔte sɛɛ no ho, nanso ɛmaa wɔn kwan sɛ wɔntɔn eyi mma ahɔho.
Afei momma yɛnhwehwɛ Leviticus 17:10 mu yiye. Ɛka sɛ ɛnsɛ sɛ “obiara a ofi Israel fi anaa ahɔho” di mogya. So ɛno te saa esiane sɛ onipa na akum aboa no ma enti ɛsɛ sɛ wɔsan de mogya no ma Onyankopɔn nti anaa? Sɛ́ wobɛka sɛ saa na ɛte no kyerɛ sɛ wode nsɛm no bi reka nea nkyekyem no ka no ho. Bio nso, sɛ obi di fɔ bere a mogya no fi aboa a onipa na akum no mu nkutoo a, ɛnde anka Deuteronomium 14:21 ne Exodus 22:31 remmara Israelfo sɛ wonni mmoa a ɛnyɛ nnipa na ekum wɔn nam. Nanso na Israelfo nim pefee sɛ ɛnsɛ sɛ wodi saa nam no. Hesekiel kae sɛ: “Me kra ho nkumii ɛ, na ade a atɔ anaasɛ wɔatetew mu nso, minnii bi da, fi me mmofraase bedu sesɛɛ.”—Hesekiel 4:14; fa toto 44:31 ho.
Ɛnde, dɛn nti na Deuteronomium 14:21 ka sɛ wobetumi atɔn abɔfõ no ama “ahɔho” nanso Leviticus bara “ahɔho” sɛ wonni mogya? Onyankopɔn nkurɔfo ne Bible mu nsɛm ho asekyerɛfo nyinaa ahu sɛ ebia nsonsonoe a ɛwom no yɛ nyamesom gyinabea a ɛfa ɔhɔho ko a wɔreka ne ho asɛm no ho. Aid to Bible Understanding (kratafa 51) da no adi sɛ ɛtɔ bere bi a na asɛm “ɔhɔho” no kyerɛ obi a ɔwɔ Israelfo no mu a ɔnyɛɛ ne ho Israelni koraa. Ɛte sɛnea onipa a ɔte sɛɛ na na wɔreka ne ho asɛm wɔ Deuteronomium 14:21 no, onipa a ɔmmɔ mmɔden sɛ obedi Onyankopɔn mmara no nyinaa so a ebia ɔwɔ nea ɔde abɔfõ a Israelfo ne wɔn a wɔadan Israelfo buu no sɛ ɛho ntew no yɛ. Yudafo nhomanimfo nso de nkyerɛkyerɛmu yi ama.a
Enti, na Onyankopɔn somfo biara nni hɔ a, obetumi adi mogya, sɛ́ efi aboa a n’ankasa awu anaa nea onipa na akum no mu (anaasɛ ɛwɔ ne nam no mu) . Ɛnde dɛn nti na Leviticus 17:15 ka sɛ aboa a ɔte sɛɛ a n’ankasa awu anaa aboa bi na akum no nam a wobedi no ma onipa no ho kɛkɛ na ɛntew?
Yebetumi anya eyi ho nnyinasode wɔ Leviticus 5:2, a ese: “Sɛ obi ka afide biara, sɛ aboa bi a ne ho ntew funu, . . . na onnim mpo a, ne ho agu fĩ, na odi sõ.” Yiw, na Onyankopɔn nim sɛ Israelni betumi ayɛ bɔne a onnim. Enti, yebetumi ate Leviticus 17:15 ase sɛ ɛyɛ nea ɛwɔ hɔ ma mfomso a ɛte saa. Sɛ nhwɛso no, sɛ Israelni we nam a wɔde ama no na afei ohu sɛ na ɛyɛ aboa a wɔanhwie ne mogya angu a, odi bɔne ho fɔ. Nanso esiane sɛ na onnim nti obetumi ayɛ biribi na ama ne ho atew. Nanso eyi yɛ nea ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow: Sɛ ɔrenyɛ ade a ɛte saa a, “ɛnde ɔnsoa ne mmusu.”—Leviticus 17:16.b
Enti ná aboa a wɔanhwie ne mogya angu nam a wobedi nyɛ asɛm ketewa; ebetumi akowie owu mu mpo. Ná nokware somfo biara nni hɔ (Israelni anaa ɔhɔho a wadan Israelni koraa) a bere a onim no, ɔbɛhyɛ da adi aboa a wɔanhwie ne mogya angu nam, ɛmfa ho sɛ ɛyɛ aboa a n’ankasa wui, nea aboa foforo na ekum no anaa nea onipa na okum no nam. (Numeri 15:30) Asomafo bagua no sii eyi so dua. Wɔrekyerɛw akɔma Kristofo a wɔbom yɛ honhom mu “Nyankopɔn Israel” no, wɔbaraa di a wobedi aboa a wɔanhwie ne mogya angu, sɛ́ ɛyɛ aboa a biribi na ɛma owui anaa onipa na okum no a wanhwie ne mogya angu.—Galatifo 6:16; Asomafo no Nnwuma 21:25.
Saa bagua no kyerɛɛ Onyankopɔn asomfo sɛ ‘wɔntwe wɔn ho mfi mogya ho’ nso. Sɛ na saa Kristofo a wɔasra wɔn no rentumi nni mogya wɔ nam a efi aboa a wɔanhwie ne mogya angu mu a, ɛda adi sɛ na wɔrentumi nni mogya a efi abɔde a ɔte ase mu nso. Ɛnyɛ den sɛ wubehu sɛ tete Israelfo anaa Kristofo a na wɔyɛ osetie no mu biara nni hɔ a obesuasua Abibifo binom a wɔtow agyan hyɛ nantwi a ɔte ase ntini kɛse no mu ma wonya mogya a wɔde fra nufusu nom no. Saa ara na Onyankopɔn asomfo rentumi nnye aduyɛ a wɔtwe nnipa mogya dodow bi na wɔde ma sɛ nea ɛbɛma wɔanya nkwa no. Nneyɛe a ɛte sɛɛ bu kasa a Onyankopɔn kasa tia obiara a “odi mogya biara” ne ahyɛde sɛ Kristofo ‘ntwe wɔn ho mfi mogya ho’ no so.—Asomafo no Nnwuma 15:28, 29; Leviticus 17:10.
Wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛma Onyankopɔn ahiade horow no mu ayɛ mmerɛw nyinaa akyi no, nokware Kristofo de wonim sɛ nkwa yɛ akyɛde a efi Yehowa Nyankopɔn hɔ na ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma sɛnea ɔno kyerɛ. Sɛ ɛte sɛnea eye mprempren anaasɛ dabi mpo a, wotie Onyankopɔn. Sɛ nhwɛso no, Asomafo no Nnwuma 15:28, 29 hyɛ Kristofo sɛ wɔntwe wɔn ho mfi abosonsom ho. Enti sɛ nokware somfo pow sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ abosonsom mu na wɔde owu hunahuna no a, ɔrenka sɛ esiane sɛ “ɔbosom nyɛ hwee” nti, ɛnsɛ sɛ ɔhwere ne mprempren nkwa wɔ ade a ɛyɛ sɛnkyerɛnnede ho. (1 Korintofo 8:4) Hebrifo anokwafo baasa no yɛɛ osetie ho nhwɛso pa, na tete Kristofo a wɔpɛe sɛ wobewu wɔ agumadibea sen sɛ wɔde aduhuam besi afɔremuka so no nso saa ara.—Daniel 3:1-18.
Saa ara na sɛ asɛm bi a ɛfa mogya ho sɔre, sɛ ebia bere a akwanhyia anaa operehyɛn ama obi mogya so atew kɛse a, Kristoni ntumi nnyae ne mudi mu. Ɔde awerɛhyem kɛse tie ne Nkwa-Mafo no sɛ, wɔ aduru foforo a eye a wɔde bɛma akyi no, ɛsɛ sɛ ɔhwere ne mprempren nkwa a, daa nkwa a obenya nyɛ nea ɛho wɔ asɛm. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Munnnsuro wɔn a wokum ɔhonam na wontumi nkum ɔkra, na mmom munsuro nea obetumi asɛe ɔkra ne ɔhonam amanehunu kurom.”—Mateo 10:28.
Ɛwom, nnansa yi nnuruyɛ ho adanse kyerɛ sɛ mogya a wɔde ma ntaa nyɛ nea ɛho hia titiriw na wɔde agye obi nkwa, efisɛ nnuruyɛfo a wɔn ho akokwaw di adanse sɛ mpɛn pii nnuru afoforo a wɔde si ananmu betumi aboa saa ara. Ebia yebetumi aka mpo sɛ wɔn a mogya a wogye ama wɔawuwu dɔɔso sen wɔn a ama wɔatumi anya nkwa. Sɛnea asɛm no te biara no, Kristofo asi wɔn bo sɛ wobetie Onyankopɔn na wɔakyerɛ obu ama n’adwene wɔ mogya ho no.
Enti, nokware asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ renni nam a mogya wom, sɛ́ ɛyɛ aboa a onipa bi na akum no de anaa aboa bi a owui wɔ ɔkwan foforo bi so de. Na saa ara na wɔrenkora wɔn nkwa so denam mogya a efi abɔde a wɔte ase, aboa anaa onipa, mu a wobegye so. Wogye Yehowa tom sɛ wɔn Nkwa-Mafo na wɔasi wɔn bo sɛ wobetie no wɔ nneɛma nyinaa mu.
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛ́ nhwɛso biako no, The Pentateuch and Haftorahs a Ɔbenfo J. Hertz hwɛ teɛteɛɛ emu nsɛm so no kyerɛ sɛ: “Sɛnea Lev. 17:15 kyerɛ no, ka a Israelni anaa ɔhɔho de ne nsa bɛka nevelah anaasɛ obedi no ma ne ho gu fĩ. Wɔ Lev[iticus], no, ‘ɔhɔho’ no kyerɛ obi a ɔnyɛ Israelni a wabɛdan Israelni koraa, nea wɔfrɛ no ger tzedek. Ɛha [wɔ Deuteronomium 14:21] no ‘ɔhɔho a ɔwɔ wo kurow apon mu’ no kyerɛ bere a Israelfo bedu wɔn Asase no so a ɛnyɛ nnipa a wɔabɛdan Israelfo nko na wɔne wɔn bɛtra na mmom nnipa a bere a wɔagyae abosonsom no wɔremfa Israelfo asetra ne nyamesom kwan so no. Rabifo no frɛɛ saa ahɔho kuw yi ger toshavs na [Deuteronomium 14:21] fa saa kuw a wɔnyɛ Israelfo fi awo mu anaa wɔn a wɔadan abɛyɛ bi anaa nea ɛte saa no ho.” Ɔkwan foforo so no, nhoma yi kyerɛkyerɛ mu sɛ ‘ɔhɔho’ a wɔka ne ho asɛm wɔ Leviticus 17:15 no yɛ “obi a wabɛdan Israelni koraa, . . . ɛnte saa a anka wɔremmara no sɛ onnni.”
b Yehu afotu a ɛne no hyia wɔ Mmara no fã foforo a ɛfa mogya ho mu: Ɔbarima a onnim na ɔne ne yere a n’asabu afi ase da no ho ntew. Nanso na obetumi ayɛ biribi ma wɔde afiri no. Nanso, wotwa Israelni a ɔboapa bu n’ani gu ne yere asabu mogya so no twene.—Lev. 15:19-24; 20:18.
December Da Biara Da Asɛm
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)