Ayeforohyia No Akyi Nsɛm Ho A Wubesusuw
1, 2. Nsonsonoe bɛn na ɛda Japan ayeforohyia ahorow ntam?
TIME nsɛmma nhoma (December 6, 1982) no kae sɛ wɔ Japan no, ayeforohyia ahorow yɛ ‘$17,000,000,000 adwuma,’ a ɛyɛ nea “awarefo biara tua sika a ɛdɔɔso kɛse a ɛyɛ $22,000.” Nanso, “nnipa dodow a wogyae aware wɔ Japan no akɔ soro sen bere biara; aware ahorow du biara mu abiɛsa gu.”
2 Nea ɛne eyi bɔ abira no, atesɛm krataa a wɔfrɛ no Hokuu Shimbun kaa Yehowa Adansefo baanu ayeforohyia wɔ Noshiro ho asɛm sɛ: “Wɔn baanu nyinaa yɛ Kristofo a wɔyɛ nnam, na wogyinaa saa nkyerɛkyerɛ no so susuw ho sɛ, ‘Ayeforohyia no betumi ayɛ adeyɛ tiaa na bere koro no ara mu no ayɛ nea obiara nhyira wɔ so.’” Sɛ wode toto ayeforo ahorow akɛse a wɔtaa hyia a wɔsɛe sika pii wɔ ho no ho a, nneɛma a wɔyɛɛ no tiawa wɔ ayeforohyia yi mu no ma ɛfatae sɛ wɔka ho asɛm wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu. Atesɛm krataa no daa no adi sɛ, “ɛno mu mpo no, nkyia a ɛne sɛ ebesi awarefo no yiye daakye ho anigye hyɛɛ ayeforohyia no ase ma.”
3. Ɔkwan bɛn so na mo ayeforohyia da no betumi aka anigye a mubenya?
3 Awarefo su ne nneɛma ahorow a wɔhwehwɛ wɔ ayeforohyia ho no betumi aka wɔn daakye anigye tẽe. Dɛn ntia? Sɛnea adwene ho ɔbenfo Sally Witte kyerɛ no, “nhwehwɛmu ahorow da no adi sɛ ɛnyɛ nneɛma bɔne a ɛba obi so nko na ɛma ɔyɛ basaa na mmom nneɛma pa nso.” Adwene ho abenfo kyerɛ sɛ, sɛ́ worebɛware no ma woyɛ basaa kɛse sen sɛ w’adwuma afi wo nsa. Ɛda adi sɛ, sɛ ayeforohyia no nyɛ ketewa na mmom nea ɛso a, wobɛyɛ basaa kɛse.
4. Dɛn na mpɛn pii ɛtaa ba wɔ ayeforohyia akɛse akyi?
4 Bio nso, wɔn a wɔware nnansa yi no mu pii de wɔn adwene si ayeforohyia no ne akwanhwɛ ahorow a ɛrentumi mma mu so kɛse araa ma wɔn aba mu bu akyiri yi kɛse. Ɔyere foforo bi kae sɛ: “Wɔ asram pii mu no na ɛte sɛ nea obiara a minim no ani agye na ɛnyɛ me. Nanso afei ayeforohyia no baa awiei wɔ bɛyɛ anibu biako mu, na bere a yefii apontow no ase duu fie no, awerɛhow hyɛɛ me so.” Aberante bi a wɔfaa n’asɛm kae wɔ nhoma a wɔfrɛ no Getting Married mu kae sɛ:
‘Bere a moyɛɛ nhyehyɛe sɛ mobɛware no yɛ nea ɛyɛ anigye kɛse. Afei wususuw ho sɛ wubehyia ayeforo kɛse. Ɛno nso yɛ anigye. Afei mokɔ baabi kogye mo ani, na ɛno yɛ anigye mmoroso. Worehwɛ kwan sɛ biribi besi wɔ anwonwa kwan so bere a moaware no ara pɛ. Afei biribiara yɛ dinn mpofirim ara. Mpofirim ara ɛka wo nkutoo ne ɔbea yi, na ɛka ɔne wo nkutoo.’
5. Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo nya wɔ wɔn ayeforohyia ho?
5 Yɛn nyinaa begye atom sɛ ɛsɛ sɛ awarefo hwɛ wɔn ayeforohyia no kwan sɛ anigye bere titiriw kɛse, efisɛ wɔretu anammɔn kɛse wɔ wɔn asetra mu. Nanso ebetumi ama wɔanya anigye, sɛ wokwati si a wobesi ayeforohyia no so dua araa ma wɔn werɛ afi nea ɛho hia ankasa a ɛne wɔn asetra wɔ ɛno akyi sɛ Kristofo awarefo no a.
Ho A Wosiesie Ma Aware A Ɛyɛ Anigye
6. Ansa na ayeforohyia da no bedu no, dɛn na eye sɛ wɔbɛyɛ?
6 Yesu kaa asɛm bi a ɛyɛ nokware pefee a nnipa a wɔnwaree betumi de adi dwuma: “Mo mu hena na ɔpɛ sɛ ɔto abantenten, na ɔrentra ase mmu ho akontaa ansa sɛ ɔwɔ nea ɔde betumi awie?” (Luka 14:28) Yiw, nyansa wom sɛ wubesusuw adwuma bi ho ansa na woafi ase. Ɛno yɛ nokware wɔ aware ho nso. Aware mu afotufo pii tu nnipa a wɔba wɔn nkyɛn no fo sɛ ɛsɛ sɛ nnipa a wɔrebɛware foforo yɛ adesua ahorow anaa wɔkɔ mmeae a wɔde afotu ma a ɛfa sɛnea wɔyɛ nsakrae ma aware ne ɔhaw ahorow a ebetumi aba a wogyina ano ho. Ɔfotufo biako kae sɛ: “Sɛ mmofra a wowie ntoaso sukuu no nim aware mu nsɛm ahorow no nkyem ɔha mu biako te sɛ nea wonim wɔ computer ahorow ho no a, anka aware betumi ayɛ anigye kɛse.”
7. Ɛhe na wubetumi anya nsɛm a eye a ɛfa aware ho?
7 Yehowa Adansefo de akwankyerɛ a emu da hɔ ama wɔ eyi mu, akwankyerɛ a ɛnyɛ nea egyina onipa adwen horow a ɛfa nea ɛma aware yɛ yiye ho so, na mmom nea egyina aware Hyehyɛfo no afotu a ɛyɛ pɛ no so. (Dwom 119:98-105) Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no da nsɛm ahorow pii adi a ɛfa aware ho. Wubetumi ahu nsɛm ahorow yi pii denam nsɛmti nketewa ne nsɛm pii a ɛwɔ asɛmti a ɛne “Aware” ase wɔ Ɔwɛn Aban Asafo nhoma no index ahorow te sɛ 1976-1980 index no mu a wobɛhwɛ no so. Wosua nsɛm ahorow pii a ɛfa aware ho wɔ asafo no mu na ɛma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔware no nya kwan tie nsɛm a eye fi Kristofo mmarima ne mmea a wɔwɔ osuahu ankasa na wɔyɛ Onyankopɔn Asɛm no ho asuafo a wɔbɔ mmɔden nkyɛn.
8. Sɛ moresiesie mo ho aware a, ade a mfaso wɔ so bɛn na mubetumi ayɛ?
8 Sɛ woreyɛ nhyehyɛe aware a, ɛsɛ sɛ wususuw nsɛm afoforo a ɛfa ho a wɔatintim wɔ Bible adesua mmoa nhoma afoforo mu no nso ho. Sɛ nhwɛso no, Happiness—How to Find Ita wɔ atiri ahorow a ɛka sikasɛm mu ɔhaw, ɔbarima ne ɔbea nna ne abusua asetra a ɛyɛ anigye a wobenya ho asɛm. Wo Abusua Asetra A Wobɛma Ayɛ Anigyeb kura afotu afoforo a eye a efi Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ pɛ no mu. Atiri ahorow no bi ne “Nhyɛase Pa a Wobɛto ama Wo Aware,” “Ayeforohyia Da no Akyi,” “Okunu a Onya Obu Kɛse,” “Ɔyere a Wɔdɔ No Yiye” ne “Ɔdɔ, ‘Biakoyɛ Hama a Ɛyɛ Pɛ.’” Yɛ nhyehyɛe na wo ne nea ɔbɛyɛ wo hokafo daakye no nsusuw saa nsɛm no ho ansa na moahyia ayeforo. Hwɛ mfaso kɛse ara a ɛbɛyɛ nso sɛ mo ne Kristoni ɔbarima a ne ho akokwaw a mubu no a obetumi de nyansahyɛ ahorow a eye ama bɛbom asusuw saa asɛm no ho. (Mmebusɛm 4:1-9) Eyi bɛboa mo baanu nyinaa ma moasusuw mo ayeforohyia nhyehyɛe no ho yiye a ɛfa nea ɛho hia titiriw a ɛne tra a mobɛtra ase sɛ awarefo no ho.
Siesie Wo Ho Sɛ Wobɛyɛ Adwuma
9, 10. (a) Dɛn nti na aware ho adwene a ɛteɛ ho hia? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔboa Kristofo ma wonya eyi?
9 Yɛahu sɛ nnipa pii susuw ayeforohyia da no ho a wɔhwɛ kwan sɛ “biribi besi anwonwa kwan so bere a woaware no ara pɛ.” Nnipa a wokura adwene a ɛmfata yi yɛ wɔn a wɔbɛyɛ basaa, wɔbɛte huammɔdi nka na wɔrennya anigye. Nokwasɛm no ne sɛ aware a anigye wom gye adwumayɛ, adwuma a ɛsen nea wɔyɛe wɔ ayeforohyia mu no nyinaa, ɛmfa ho sɛ na ne kɛse te dɛn. Wɔ aware mu afotu ho nhyehyɛe bi a Ɔbenfo E. M. Pattison yɛe ase no, ababaa bi a wɔfrɛ no Betty kae sɛ: “Ná mewɔ anigye a ɛba anwonwa kwan so a tra a motra ase bom ara kwa ma emu yɛ den ho adwene wɔ aware ho. Nanso na anwonwa kwan so ade biara nni aware mu—ɛyɛ adwumaden a wobɛyɛ ara kwa.”
10 Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm no sua siesie Kristofo ma aware mu nokwasɛm ahorow no. Dɛn ntia? Nea edi kan no, efisɛ yenim sɛ nnipa nyinaa anya sintɔ afi Adam hɔ. Romafo 3:23 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn.” Sɛnea wɔaka ho asɛm no, onipa a ɔnyɛ pɛ a ɔrebɛyɛ wo hokafo no bɛtɔ sin wɔ nneɛma ahorow a wohwɛ kwan no bi mu. Bere a da biara da asetra mu nneɛma ho dwumadi fi ase no, ebia wo kunu no bɛyɛ obi a onnya nneɛma ho koma, ne bo taa fuw kakra, ɛte sɛ nea ɔyɛ onihafo anaa obu n’ani gu ne Kyerɛwsɛm mu asɛyɛde ahorow sɛ mo abusua no ti no so. Anaasɛ, bere a wo ne wo yere no te hɔ no, ebia bɛn a aware ama moabɛn ho no bɛma woahu sɛ ɛte sɛ nea ɔmfra, ɔyɛ katee, ɛtɔ bere bi a ɔsɔre tia nneɛma ahorow anaasɛ nea ɛyɛ nwonwa no, n’ani gye ahode ho.
11, 12. Ɔkwan bɛn so na yɛ a woyɛ Kristoni no bɛboa wɔ wo aware no a wobɛma anya nkɔso mu?
11 Yɛ a mo baanu nyinaa yɛ Kristofo a mugye di sɛ Onyankopɔn afotu yɛ pɛ no yɛ nea wogyina so hu sɛ nneɛma betumi ayɛ yiye. Mubetumi asusuw nneɛma ahorow a mo mu biara behu sɛ ɛne Onyankopɔn afotu hyia kɛse no ho wɔ anifere kwan so ne wɔ nokwaredi mu. Momfa nyansa ne nhumu nni dwuma wɔ bere a mopaw de susuw nsɛm a ɛte sɛɛ ho no mu, na monnyɛ saa bere a ɛda adi sɛ ɔhokafo biako bo afuw anaa wahaw no. Nneɛma pa befi mu aba, sɛ wobɔ mmɔden kɛse sɛ woremmɔ wo hokafo no asɛm ngu bere a morebɔ nkɔmmɔ a ɛte sɛɛ no a. Mmom no, tie nea wo hokafo no reka anaasɛ ɔrebisa no ankasa na kyerɛ sɛ woate.—Mmebusɛm 15:28; 18:13.
12 Ɛtɔ bere bi a nsɛm a ɛte sɛɛ ankasa sɔre bere a okunu ne ɔyere reyɛ wɔn abusua adesua wɔ Kyerɛwnsɛm mu no. Saa tebea no ankasa betumi ayɛ nea ɛboa, efisɛ ɛkyerɛ sɛ nnipa baanu no nyinaa wɔ ɔpɛ ankasa sɛ wobegye Onyankopɔn afotu atom na wɔwɔ ɔpɛ nso sɛ wɔbɛsɔ wɔn ho wɔn ho ani. Kyerɛwsɛm mu a wofi nya anigye sɛ wɔbɛsɔ ɔhokafo ani yi ne nea ɔsomafo Paulo kyerɛwee no hyia: “Mo [okununom] mmiako mmiako nso, momma obiara nnɔ n’ankasa ne yere saa ara sɛ ne ho; na ɔyere de, ɔmfɛre ne kunu.”—Efesofo 5:33; fa toto 1 Korintofo 13:4-7 ho.
Munnya Ahotoso Wɔ Mo Aware Mu
13. Tebea no te dɛn wɔ ahotoso a wobenya wɔ aware mu ahokafo ntam mu?
13 Mubenya mmoa kɛse a mode bedi aware mu nsɛnnennen anaa akasakasa ho dwuma, sɛ mo baanu nyinaa nya su a enni wiasefo pii aware mu no a—ahotoso. Tebea a enye a abu so wɔ saa aware ahorow no mu no te sɛ nea na bere bi ɛwɔ Israel no: “Munnnye adamfo nnni, mommfa mo ho nnto ɔyɔnko so; ɔbea a ɔda wo koko mu no, ne ho na wɛn w’ano.” (Mika 7:5; Yeremia 9:4, 5) Ná ahotoso biara nni okunu ne ɔyere ntam, obiara suro sɛ kokoam nsɛm mpo yɛ nea wɔbɛka akyerɛ afoforo anaa wɔde bedi nseku. Sɛ ahotoso nni hɔ sɛɛ a, anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ awarefo bɛbom adi wɔn nsɛnnennen ho dwuma na wɔama aware mu nkitahodi no akɔ so bere a wɔn ayeforohyia da no atwam no?
14. Dɛn nti na ahotoso ho hia kɛse wɔ aware mu, na ɔkwan bɛn so na yebetumi ahu eyi wɔ Kyerɛwnsɛm no mu?
14 Ɛdefa hia a ahotoso ho hia ho no, Ɔbenfo Ned L. Gaylinc kyerɛwee sɛ: “Su titiriw abien na ɛwɔ hɔ ma aware a ɛyɛ yiye, nea akomatɔyam wom na etumi kyɛ: ɔdɔ ne ahotoso. . . . Ahotoso nni hɔ a, aware nhyehyɛe ba bɛyɛ nea ɛyɛ mmerɛw a ɛyɛ den sɛ ebetumi agyina.” Hyɛ sɛnea Mmebusɛm 31:11 ka ɔyere pa ho asɛm no nsow: “Ne kunu koma da no so, na siade ade nhia no.” Ɛwom, ebia ne kunu a na ɔyɛ ɔpanyin wɔ kurow no mu no adi asafo no nsɛm bi ho dwuma a sɛnea ɛsɛ no, wanka ho asɛm ankyerɛ ne yere. Ná eyi yɛ ayamye efisɛ wamma nsɛm a ɛnsɛ sɛ ne yere te no anyɛ adesoa wɔ ne yere so. (Mmebusɛm 31:23; 20:19) Wɔ ɛno akyi no, ebia na abusuabɔ a ahotoso wom wɔ hɔ. Ná obiara wɔ ne yɔnko dɔ mu ahotoso na obiara nyaa ahotoso sɛ obetumi ada ne nkate horow a emu dɔ adi akyerɛ ɔfoforo no a ommu no animtiaa anaa ɔmma wɔnte kokoam nsɛm a ɛte sɛɛ wɔ baguam.
15. Dɛn na yebetumi asua wɔ aware mu ahotoso ho afi sɛnea Yesu ne n’akyidifo dii no mu?
15 Ahotoso da adi nso wɔ Yesu ne ne sɛnkyerɛnne kwan so ayeforo a wɔyɛ Kristofo a wɔasra wɔn no ntam. (Efesofo 5:22-32; 2 Korintofo 11:2) Nneɛma kakraa bi na wanka ankyerɛ asomafo no a na ɛyɛ nea wɔrentumi nsoa. Na saa ara na Yesu ankyerɛ da ne dɔn ko a Onyankopɔn da kɛse no bɛba; ampa, na Yehowa nkaa ɛno nkyerɛɛ Ɔba no. (Yohane 16:12; Mateo 24:36) Nanso wɔ saa nsɛm kakraa bi no akyi no, Yesu kaa biribiara kyerɛɛ wɔn. Ná ɔnyɛ obi a ɔde nsɛm sie anaasɛ ɔyɛ ade wɔ sum ase a onni ahotoso wɔ wɔn a wɔbɛba abɛyɛ ne honhom mu ayeforo no mu. Ɔkaa nsɛm pii kyerɛɛ wɔn a nsɛm a akyiri yi na wɔbɛte ase mpo ka ho.—Yohane 13:7; Marko 8:17.
16. Ɔkwan bɛn so na ahotoso betumi aboa ma aware ayɛ yiye?
16 Sɛ wo ne wo hokafo no nya ahotoso a emu yɛ den a, ɛbɛma mo aware mu abusuabɔ no mu ayɛ den. Wubenya ahotoso sɛ wubetumi ada wo nkate ankasa adi. Na bere a ebia ɛsɛ sɛ woka biribi a mo adwene nhyia wom anaa ebia ɛsɛ sɛ mo mu biako nya nkɔso wom ho asɛm no, ɛrenyɛ nea ɔbɛpow anaa obeyi ne ho ano wɔ yawdi mu. Mmom no, wubetumi afi ahotoso mu agye adi sɛ wo hokafo no dɔ wo na ɔreda adwene anaa nyansahyɛ a ɛsɛ sɛ wususuw ho adi wɔ nokware mu.—Mmebusɛm 27:6.
17. Dɛn na wɔhwehwɛ wɔ yɛn ayeforohyia ho, sɛ́ ɛyɛ nea yɛayɛ dedaw anaa ɛwɔ yɛn anim?
17 Ahotoso yi betumi ayɛ kɛse nso denam ɔdɔ nkate kɛse a na mowɔ ma mo ho wɔ mo nantew a edi aware anim ne ayeforohyia da no mu no ho a mubesusuw no so. Nkate a emu yɛ den a ɛte sɛɛ a mobɛkaakae no bɛboa ma moadi adwene a enye anaa abufuw biara so. Enti sɛ afei na wo ne obi ayɛ aware nhyehyɛe anaa moresusuw mo ayeforohyia ho a monyɛ eyi wɔ ɔkwan a ɛbɛma moakae wɔ anigye, asomdwoe ne adwempa mu so a ɛbɛma moanya nkate a emu yɛ den ama mo ho wɔ mo ayeforohyia da no akyi bere tenten.—Nnwom mu Dwom 3:11.
[Ase hɔ nsɛm]
a Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo a ɛwɔ New York no na etintimii.
b Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo a ɛwɔ New York no na etintimii.
c Aware ne Abusua Nsɛm ho Ntetee Kwankyerɛfo wɔ Maryland Sukuupɔn mu.
Dɛn na Woasua?
□ Nneɛma a eye bɛn a mobɛyɛ na ebetumi aboa ama ayeforohyia apontow akɔ so yiye?
□ Dɛn na ɛba wɔ ayeforohyia akɛse pii akyi?
□ Ɔkwan bɛn so na eyi betumi akã aware a ɛyɛ anigye a worehwɛ kwan no?
□ Ɔkwan bɛn so no yɛ a woyɛ Kristoni betumi aboa wo wɔ aware mu anigye ho?
□ Dɛn nti na ahotoso wɔ awarefo ntam ho hia kɛse?