N’ani Gyee Yehowa Adansefo Mudi Mu Kura No Ho
WƆ 1978 mu no Christine E. King kɔɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ London, England hɔ. Esiane nsɛm bi a na ɔresiesie ama ne sukuupɔn mu abodin sɔhwɛ nti, na ɔrehwehwɛ nsɛm a ɛfa Adansefo no osuahu ahorow ho wɔ Germany wɔ wiase ko a etia abien bere mu no. Bere a ɔreboaboa ne nsɛm no ano no, n’ani begyee gyina a Yehowa Adansefo gyinaa pintinn wɔ Nazi Germany no ho araa ma ɔkae sɛ obesiesie n’asɛm no ama adɔɔso sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi atintim ayɛ no nhoma. Bere a ogyee n’abodin no akyi no ɔkyerɛw krataa kɔmaa baa dwumadibea no sɛ: “Mahu sɛ me nhwehwɛmu adwuma a ɛfa Yehowa Adansefo ho no nyɛ nea ɛda fam koraa nanso mabenya anisɔ kakra ama Germany Adansefo no wɔ sɛnea wɔyɛɛ wɔn ade wɔ Nazi ho no mu; mewɔ anidaso sɛ me nhoma no bɛda eyi adi.” Ɔbenfo King nhoma no din ne The Nazi State and the New Religions: Five Case Studies in Non-Conformity.
Nea ɛda nsow kɛse wɔ Ɔbenfo King nhwehwɛmu no mu ne Yehowa Adansefo dodow a wowuwui ne wɔn a wɔde wɔn guu afiase no. Eyi kyerɛ sɛ dodow a Adansefo no dii kan tintimii no ba fam koraa. Faako a Ɔbenfo King nyaa n’akontaabu no fi ne nhoma poa bi a Michael Kater tintimii wɔ Munich, Germany, mu. “Asennii no ho asɛm a m’ankasa akenkan no yiye ne Gestapo kyerɛwtohɔ ahorow di akontaabu a ɛkɔ soro yi ho adanse.”
Akontaabu ahorow yi ne nea ɛwɔ he? “Wɔde bɛyɛ 10,000 guu afiase, na sɛ wɔka mfe a wɔde bɛda afiase no bom a ɛyɛ 20,000. Wɔde Germany Adansefo baanu biara mu biako too afiase, baanan biara mu biako hweree ne nkwa.”
Ɔtoaa so sɛ: “Wɔ nneɛma bɔne nyinaa mu no, Adansefo a wɔwɔ nnadeban no mu boom hyiae na wɔbɔɔ mpae, wɔde nhoma ahorow memae na wɔsakraa nkurɔfo. Esiane sɛ wɔn fekubɔ no hyɛɛ wɔn den, a ɛnte saa wɔ nneduafo afoforo ho, na wonim nea enti a mmeae a ɛte saa wɔ hɔ ne nea enti a ɛsɛ sɛ wohu amane saa nti, Adansefo no daa wɔn ho adi sɛ nneduafo a wɔnɔɔso nanso wɔkae wɔn a wɔde ahinasa agyiraehyɛde bi ahyɛ wɔn nsow a wonim wɔn wɔ wɔn akokoduru ne wɔn gyidi ahorow ho.”
Ɔbenfo King kɔɔ so kaa eyi: ‘“Wokuraa nyamesom mu nnyinasosɛm ahorow mu; ná Adansefo no ‘nni afã biara,’ wodi nokware na wotumi de ho to wɔn so koraa ma enti, nea ɛyɛ nwonwa no, mpɛn pii wɔn a wɔhwɛ nnadeban no so de wɔn yɛ wɔn asomfo. Wɔn mu biako kae sɛ Yehowa Adansefo nkutoo na ɔwɔ wɔn mu ahotoso a ɔbɛma wɔde oyiwan ayi ne wura a wɔnyɛ no bɔne.”
Bere a waka sɛ Nazi nniso no hunahunaa akuw afoforo ma wogyaee nsɛm mu no, Ɔbenfo King kae sɛ: “Adansefo no nkutoo na aban no antumi anni wɔn so nkonim, efisɛ ɛwom sɛ wokunkum mpempem pii de, nanso adwuma [a ɛne Yehowa Ahenni ho asɛnka.] no kɔɔ so na wɔ May 1945 mu no na Yehowa Adansefo kuw no da so ara wɔ hɔ bere a na National Socialism nni hɔ. Adansefo no dodow akɔ anim a wɔda so kura wɔn mudi mu ara. Kuw no anya mogyadansefo na adi nkonim biako bio wɔ Yehowa Nyankopɔn ko no mu.”
[Ase hɔ asɛm]
a “Die Ernsten Bibelforscher Im Dritten Reich” wɔ Vierteljahrs Hefte Fur Zeitgeschichte, Po. 17, Munich, 1969.