Yehowa Nsɛm No Mmamu A Yɛde Bɛhyɛ Yɛn Ho Den
“Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi [Yehowa] anom so.”—MATEO 4:4
1. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne Aduan Mafo Kɛse no, nanso asɛm bɛn na Yesu kae wɔ onipa ahiade ho?
YEHOWA ne Aduan Mafo Kɛse no. Ɔdaa ne ho adi sɛ ɔte saa kyerɛɛ onipa wɔ ti a edi kan pɛɛ wɔ Bible mu no mu. (Genesis 1:29, 30) Akyiri yi, odwontofo Dawid de aseda ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Aniwa nyinaa hwɛ wo kwan, na woma wɔn wɔn aduan, ne bere mu. Wubue wo nsam, na woma ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ di mee.” (Dwom 145:15, 16) Yiw, Yehowa ama onipa ne aboa aduan a ɛdɔɔso pii. Ɛwom sɛ ɛyɛ nea nsonsonoe wom de. Bere a honam fam aduan nkutoo na mmoa hia no, Yesu kyerɛe sɛ nnipa hia nea ɛsen honam fam abodoo, anaa aduan. ‘Ɛsɛ sɛ ɔtra ase nso denam asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so.’—Mateo 4:4.
2. Dɛn na ɛsɛ sɛ yehu wɔ nea Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 4:4 no kyerɛ ho?
2 Yesu kaa saa asɛm yi bere a ɔrema Satan a ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ No ahwɛ na wama abo adan abodoo wɔ anwonwa kwan so no mmuae no. Ɔbonsam antɔ ankɔ saa asɛm no so kɛse na mmom ɔkɔɔ sɔhwɛ foforo so ntɛm ara. Sɛ yegyina ɔkwan a enye a afei ɔfaa so de Dwom 91:11, 12 dii dwuma no so a, ebetumi aba sɛ Satan ante nea na Yesu kyerɛ wɔ ne sɔhwɛ a edi kan ho mmuaema mu no ase. (Mateo 4:3-7) Nanso yɛn Yehowa asomfo de, yɛn ani gye nea Yesu kae no ho kɛse. Yɛn a yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛpɛɛpɛɛ Bible no mu akɔ akyiri sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya honhom mu mfaso kɛse no betumi abisa sɛ: So na Yesu kyerɛ sɛ sɛnea ɛbɛyɛ a asetra bedi mũ no, ɛsɛ sɛ onipa sua “asɛm biara a efi Onyankopɔn anom” na ebia ɔkyere gu ne tirim anaa? Anaasɛ dɛn na na Yesu kyerɛ?
Yehowa Nsɛm
3, 4. Ntease ahorow abien bɛn na Hela ne Hebri nsɛmfua ma “asɛm” no wɔ? Yɛ ho nhwɛso.
3 Yesu repow Satan asɛm no, ɔfaa asɛm a ɛwɔ Deuteronomium 8:3 no kae sɛnea Hela Septuagint nkyerɛase no da Hebri kyerɛwsɛm yi adi no. Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “asɛm” (rhe’ma) no wɔ ntease ahorow abien. Ɛtɔ bere bi a wɔkyerɛ ase “asɛmfua,” “asɛntiaa,” anaasɛ “asɛm.” Nanso te sɛ nea ɛne no hyia wɔ Hebri kasa mu (da.var’) no,ebetumi akyerɛ “ade” nso.
4 Yɛkenkan wɔ Luka 1:37 sɛ: “Onyankopɔn fam de, [biribiara] [rhe’ma] nni hɔ a ɛrentumi nyɛ.” Luka 2:15 kenkan sɛ: “Nguanhwɛfo no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Momma yɛnkɔ Betlehem, na yɛnkɔhwɛ asɛm [anaa ade], [rhe’ma] a aba a [Yehowa] ayi akyerɛ yɛn yi.” Enti sɛnea wɔde di dwuma wɔ Yehowa ho titiriw no, Hela asɛmfua yi betumi akyerɛ “asɛmfua,” “biribiara,” anaa Onyankopɔn “asɛm.” Anaasɛ ebetumi akyerɛ “ade,” sɛ́ ɛno yɛ nea ɛfa “asɛm” bi a aba, anaa “adeyɛ” a woaka ho asɛm ho, nea efi nea wɔaka no mu ba, asɛm no a ɛba mu.
5. Dɛn na asɛm a ɛwɔ Luka 1:37 no kyerɛ?
5 Enti sɛnea yɛate ase no, Luka 1:37 nkyerɛ sɛ Onyankopɔn betumi aka biribiara kɛkɛ. Ɛno betumi ayɛ nokware wɔ onipa fam, sɛ ɛyɛ nea ɛyɛ den sɛ nea ɔkae no bɛbam anaasɛ nea ntease nni mu mpo a. Nanso ɛdefa asɛm a Yehowa ka ho no, ntease a ɛwɔ Luka 1:37 mu ne sɛ asɛm anaa biribiara a Yehowa ka nni hɔ a ɛrennya mmamu. Enti na ɛyɛ nea asɛm a ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Maria no bɛbam wɔ ɔkwan biara so. Adwene a ɛwɔ Hebri ne Hela asɛmfua a wɔde di dwuma ma Yehowa “asɛmfua” “asɛm,” “asɛntiaa,” anaa “biribiara” no yɛ nea wɔada no adi fɛfɛɛfɛ wɔ Yesaia nhoma no mu. Yehowa ka sɛ: “Na sɛnea osu ne sukyerɛma fi soro gu fam na ɛnsan nkɔ hɔ bio, gye sɛ ɛfɔw asase ansa na ɛba aduan na ɛsow aba, na ɛde aba ma ogufo ne aduan ma odifo no, saa ara na m’asɛm [Hebri, da.var’; Hela, rhe’ma] a efi m’anom bɛyɛ.’ Ɛrensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no.”—Yesaia 55:10, 11.
“Ɛnyɛ Abodoo Nko So”
6, 7. Dɛn ne asɛm a ɛwɔ Deuteronomium 8:2, 3 no ho abakɔsɛm, na beae bɛn na esii?
6 Afei sɛ yɛsan ba asɛm no so a, dɛn na na Yesu kyerɛ bere a ɔrefa asɛm a ɛwɔ Deuteronomium 8:3 no aka no ɔkae sɛ “ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase na asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so” no? (Mateo 4:4) So na ɔreka sɛ nnipa a wosuro Onyankopɔn no nya ahoɔden denam nsɛm, nsɛmfua, anaa biribi a wɔka so? So nsɛm a wɔaka a efi soro yi ho tirim nimdeɛ nkutoo bɛyɛ nea ɛdɔɔso? Momma yɛnhwehwɛ abakɔsɛm mu asɛm a ɛfa asɛm a Yesu fa kae wɔ Deuteronomium ho no mu.
7 Bible sua mmoa a ɛne “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial” no bɔ yɛn amanneɛ wɔ kratafa 36 sɛ: “Deuteronomium nhoma no kura nkrasɛm a ano yɛ den ma Yehowa nkurɔfo. Bere a wɔanantew sare so mfirihyia aduanan no, afei de na Israel mma reyɛ ahyɛn Bɔhyɛ Asase no so.” Na afe no yɛ 1473 A.Y.B. Na ɛyɛ beae bɛn? Moab tataw so. Wɔ ne kasa a ɛto so abien ma Israelfo a wɔahyiam no mu no Mose kae sɛ: “Kae ɔkwan a [Yehowa] wo Nyankopɔn ma wo nantew so mfirihyia aduanan yi sare so no nyinaa, sɛ ɔrebrɛ wo ase asɔ wo ahwɛ, na wahu nea ɛwɔ wo koma mu, sɛ wubedi ne mmara nsɛm so anaasɛ worenni. Na ɔbrɛɛ wo ase maa ɔkɔm dee wo, na ɔde mana a wunnim na w’agyanom nso nnim yɛn wo, na wama woahu sɛ, ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na ade biara a efi [Yehowa] anom so na onipa nam tra ase.”—Deuteronomium 8:2, 3.
8. Tebea bɛn na Israelfo no kɔɔ mu, na dɛn nti na Yehowa maa eyi ho kwan?
8 Yɛ ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ! Israelfo ɔpepem pii—mpanyin ne mmofra, mmea ne mmarima—a wɔanantew mfirihyia 40 wɔ “sare kɛse a ɛso yɛ hu a awɔ a wɔhyehye, ne nkekantwɛre wɔ so so, ne nkyerekyerewa a nsu nni hɔ so.” (Deuteronomium 8:15) Nsu a wɔbɛnom ne aduan a wobedi ho hiaa wɔn. Na ɛtɔ bere bi a Yehowa ma kwan ma nsukɔm ne ɔkɔm de wɔn. Dɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛka wɔn adwene mu sɛ “ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na ade biara a efi [Yehowa] anom so.”
9. Ɔkwan bɛn so na wodii Israelfo no ahiade ho dwuma denam Yehowa asɛm so.
9 Na abusuabɔ bɛn na ɛda Israelfo ahiade ahorow ne ade biara, anaa asɛm a efi Onyankopɔn anom no ntam? Wiɛ, nneɛma atitiriw bɛn na ɛbaa mu wɔ Israelfo no mu esiane Yehowa asɛm nti? Mose kyerɛwee sɛ: “Wo ntama ansuw wo ho, na wo nan anhonhon mfirihyia aduanan yi mu. [Yehowa] yii nsu fii ɔbo hemaa botan mu maa wo; ɔde mana . . . ma wudii sare so.” (Deuteronomium 8:4, 15, 16) Abusuabɔ a na ɛwom ne eyi: Sɛ Yehowa anhyɛ sɛ ɛmmra a, anka Israelfo no nsa renka eyinom mu biara. Enti, na Israelfo no tra ase ‘denam ade biara [anaa ahyɛde] a efi [Yehowa] anom so’ ankasa.
Yehowa Asɛm Wowaw Wɔn
10, 11. Akwan afoforo bɛn so na wotumi wowaw Israelfo no denam Yehowa asɛm so?
10 Wɔ wɔn ho a wɔde too Yehowa so ma wonyaa honam fam mfaso ahorow te sɛ aduan, nsu ne ntama akyi no, ɔkwan bɛn so bio na Yehowa asɛm tumi wowaw Israelfo no? Na honhom mu mfaso ahorow nso wɔ hɔ. Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ Yehowa ma wɔfaa tebea horow yi mu wɔ sare no so ‘sɛ ɔbɛbrɛ wɔn ase asɔ wɔn ahwɛ, na wahu nea ɛwɔ wɔn koma mu, sɛ wobedi ne mmara nsɛm so anaasɛ wɔrenni so.’ Ɔde kaa ho sɛ: “Hu wo koma mu sɛ, sɛnea onipa teɛ ne ba so no. saa ara na na [Yehowa] wo Nyankopɔn teɛ wo so . . . na awiei no, wayɛ wo yiye.”—Deuteronomium 8:2, 5, 16.
11 Yiw, sɛ Israelfo no de osuahu ahorow a wonyae wɔ sare no so dii dwuma kɛse a, anka wobesua sɛ ‘wɔnam ade biara a efi [Yehowa] anom so’ bɛtra ase, a ɛnyɛ sɛ ɛnam sua a wobesua sɛ wobedi ne mmara nsɛm a wɔakyerɛw no so nko, na mmom denam nea ebefi Yehowa asɛm mu aba wɔn asetra mu sɛ ɔman ne wɔ ankorankoro asetra mu a wobehu ankasa no so. Na wɔama wɔn hokwan pii sɛ ‘wɔnka nhwɛ na wonhu sɛ [Yehowa] ye.’ (Dwom 34:8) Osuahu ahorow a ɛyɛ anigye a ɛfa Yehowa asɛm ho yi—nea wɔkae ne nea anya mmamu—yɛ nea anka ɛsɛ sɛ ɛhyɛ wɔn den wɔ honhom mu.
12, 13. Ɔkwan bɛn so na Yosua fa huu Yehowa asɛm no, na dɛn na odii ho adanse?
12 Yosua a odii Mose ade sɛ Israel kannifo no tiee Yehowa asɛm denam hyɛ a ɔde hyɛɛ n’adwenem no so. Ne gyidi yɛɛ den denam hu a ohuu ne mmamu no so. Mose wu akyi no, Yehowa kaa asɛm yi kyerɛɛ Yosua: “Mma mmara nhoma yi mfi w’anom, na dwen ho awia ne anadwo, na woahwɛ ayɛ sɛnea wɔakyerɛw wɔ mu nyinaa te no. Na ɛno na wo kwan bɛyɛ dwoodwoo na ɛno na ebesi wo yiye.”—Yosua 1:8.
13 Ɛde rekɔ ne nkwa awiei, bere a wadi Yehowa asɛm so nokwaredi mu na wahu ne mmamu wɔ Yehowa nkurɔfo so akyi no, Yosua tumi dii adanse sɛ: “Na [Yehowa] de asase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn agyanom no nyinaa maa Israel, na wodii so traa so. Na [Yehowa] maa wɔn asomdwoe hyiae, sɛnea ɔkaa wɔn agyanom ntam no ara, na wɔn atamfo nyinaa mu biara annyina wɔn anim; [Yehowa] de wɔn atamfo no nyinaa hyɛɛ wɔn nsa. Asɛmpa a [Yehowa] kaa Israel fi no nyinaa mu asɛm [Hebri, da.var’; Hela, rhe’ma] biara antɔ fam, ne nyinaa baa mu.” (Yosua 21:43-45) Ampa Yosua traa ase a ɛnyɛ abodoo ankasa nko na ɛwowaw no, “na [mmom] asɛm biara a efi Onyankopɔn anom.”—Mateo 4:4.
Yehowa Asɛm So A Yɛnam Bɛtra Ase Nnɛ
14. (a) Ɛdenam asɛm a ɛwɔ Mateo 4:4 no mu a yɛbɛpɛɛpɛɛ akɔ akyiri so no, ɔkwan bɛn so na yebetumi ate nea na Yesu kyerɛ no ase yiye? (b) Dɛn na ɛhyɛɛ Israelfo a na wɔwɔ anisɔ no den?
14 Bere a yɛapɛɛpɛɛ nsɛm a ɛwɔ atifi hɔ a Yesu fa kae de buaa ɔbonsam wɔ ne sɔhwɛ no mu no mu akɔ akyiri kakraa no, afei de yebetumi ate nea na Yesu kyerɛ no ase. Mose kyerɛwtohɔ a Yesu fa kae no ho abakɔsɛm ne faako a esii kyerɛ sɛ Yehowa asɛm a ɛsɛ sɛ nnipa a wosuro Onyankopɔn, mmarima ne mmea, de tra ase no nyɛ nsɛm a wosua gu tirim ara kwa. Wɔ saa Israelfo no fam no, na “ade biara a efi [Yehowa] anom” no fa mana, nsu, ne wɔn ntama a ansuw no ho. Yiw, na nea ɛka asɛm no ho ne ne mmamu, nneɛma a ɛyɛ nwonwa a Yehowa yɛ maa ne nkurɔfo no. Ɛyɛ eyinom a wohui a ɛmaa Yehowa asɛm baa mu no na ɛhyɛɛ Israelfo a wɔwɔ anisɔ no den no.
15. Ɔkwan bɛn so na Yehowa asɛm betumi awowaw yɛn?
15 Saa ara na nnɛ, ɛnyɛ nea ɛwowaw Yehowa nkurɔfo ne Yehowa asɛm a wɔbɛkenkan na wɔasua ara kwa, ɛwom sɛ eyi ho hia de. Ɛyɛ hu a wobehu ɔkwan a ɛyɛ nwonwa a Yehowa fa so ne yɛn di ne sɛnea ɔyɛ ade ma yɛn sɛ kuw ne ankorankoro no. Dodow a yɛn adwene wɔ sɛnea Yehowa ne yɛn di so no, dodow no ara na nsɛm a ɛte sɛɛ a anya mmamu no bɛwowaw yɛn, ɛbɛhyɛ yɛn gyidi den ama yɛn honhom mu yiyedi anya nkɔso.
16. (a) Dɛn na na odwontofo no dwen ho? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa ara, na ɔkwan bɛn so na eyi bɛboa yɛn?
16 Odwontofo bi kyerɛwee sɛ: “Mɛkae Yah nneyɛe maka, yiw, mɛkae wo tete anwonwade, na masusuw w’adwuma nyinaa ho, na madwen wo nneyɛe ho.” (Dwom 77:11, 12) Sɛ yɛma Yehowa nneyɛe, n’anwonwade, ne n’adwuma a ɔyɛ wɔ ne nkurɔfo ho no ho hia yɛn, na yehu sɛ ɛyɛ n’asɛm titiriw a waka a, saa nsɛm a efi soro yi bɛyɛ te sɛ honhom mu abodoo ama yɛn. Ɛbɛtwe yɛn abɛn Yehowa na ama yɛne no anya abusuabɔ a emu yɛ den. Yɛbɛyɛ te sɛ Yesu. Ɔpowee sɛ ɔbɛma abo adan abodoo sea nea ɔbonsam kae no. Saa ara na yɛbɛhwɛ yiye sɛ yɛremma honam fam nneɛma anaa honam fam ahiade ho dadwen a ɛmfata mma yɛntɔ ɔbonsam afiri mu na yennyae Yehowa som.
17. Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ nhwɛso a ɛyɛ nwonwa?
17 Yesu kae sɛ: “M’aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie n’adwuma.” (Yohane 4:34) Ɔyɛɛ nhwɛso a ɛyɛ nwonwa, na ɔkyerɛɛ wɔ ɔkwan a etumi yɛ yiye so sɛ “ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam tra ase, na asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so.”—Mateo 4:4.
Akwankyerɛ Afoforo A Yɛretwɛn
18. Asɛm a efi soro bɛn na ɛrenya mmamu mprempren?
18 Yehowa nam ne Ba no so aka sɛ “wɔbɛka Ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa” ansa na awiei no aba. (Mateo 24:14) Saa asɛm a efi soro no renya mmamu esiane Yehowa Adansefo wiase nyinaa asɛnka adwuma no nti. So wonam saa asɛm a efi Yehowa anom no so ‘retra ase’ denam asɛnka adwuma no mu kyɛfa kɛse a wubenya na wonam saa yɛ so anya honhom mu denhyɛ esiane sɛ woreyɛ n’apɛde nti no so?
19, 20. Nsɛm a efi soro foforo bɛn na ɛrenkyɛ ɛbɛma nsɛm a ɛyɛ nwonwa asisi?
19 Yehowa nsɛm afoforo rebɛma nsɛm a ɛyɛ nwonwa asisi nnansa yi ara. “Mmɛn du” no ne “aboa no” bɛdan aba “aguamman no,” Babilon kɛse no so. Yiw, saa wiase atorɔ som ahemman no a wɔn a wɔwɔ Amanaman Nkabom no mu a wɔmpɛ nyamesom sɛe no no bɛyɛ adeyɛ a ɛda nsow a efi Yehowa nsɛm no mu no biako a wodi ho dwuma mu ba.—Adiyisɛm 17:16, 11.
20 Asɛm a efi soro foforo a ɛyɛ nwonwa bɛbam bere a wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no Yehowa de “akɔtɔkoro” wurawura Gog, anaa Satan afono mu, na otwa ɔne ‘n’asraafo dom’ no mpoa sɛ wɔnsɔre nhyɛ Ne nkurɔfo a wɔwo asase so no. (Hesekiel 38:2-4, 8-12) Asɛm a efi soro foforo de Gog dɔm no sɛe bɛba. (Hesekiel 39:1-6)a Eyi bɛkyerɛ “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no” wɔ Harmagedon. (Adiyisɛm 16:14, 16; 19:11-21) Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ ama Yehowa nkurɔfo anokwafo sɛ wobehu asɛm a efi soro yi mmamu, na wɔ sɛnkyerɛnne kwan so wɔ ɔko no mu no, wɔbɛte asɛm foforo yi: “Gyina nko ara na munkogyina, na monhwɛ [Yehowa] a ɔka mo ho no nkwagye.”—2 Beresosɛm 20:17.
21. Yehowa nsɛm a wobedi ho dwuma bɛma nneɛma bɛn akɔ so?
21 Afei bere a ɔredi asɛm foforo a efi soro ho dwuma no, Kristo bɛkyekyere Satan ne n’adaemone no na watow wɔn agu bun no mu “mfirihyia apem.” (Adiyisɛm 20:1-3) Saa mfirihyia apem no bɛma Yehowa nsɛm afoforo anya mmamu a awufo a wobenyan wɔn ne ‘amanaman,’ adesamma asoɔmmerɛwfo a ‘wɔbɛsa wɔn yare’ no ka ho. (Adiyisɛm 20:11-15; 22:1, 2) Wɔ mfirihyia apem atemmu bere yi mu no, ɛda adi sɛ Yehowa de akwankyerɛ foforo a yennim mprempren bɛma, bere a wobue “nhoma” foforo mu no. (Adiyisɛm 20:12) Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ ama wɔn a wobetwa “ahohiahia kɛse” no ne awufo a wobenyan wɔn no sɛ wobenya afotu ne akwankyerɛ afi akwankyerɛ ahorow foforo no mu sɛnea wɔbɛda no adi wɔ Yehowa “nhoma” a wobebue mu no mu na woadi so wɔ anigye mu no!
22. Dɛn na wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ mprempren?
22 Bere a nhyira a ɛyɛ anigye yi da yɛn anim no, momma yɛmfa hokwan a yɛwɔ mprempren nni dwuma kɛse mfa nhu Yehowa asɛm no mu na yɛnyɛ kokoam adesua a emu dɔ wɔ n’Asɛm no mu na yɛmfa yɛn ho nhyɛ asɛnka adwuma no mu a nim a yenim sɛ Yehowa bɛyɛ ade ama yɛn no mu kɔ so yɛ den bere nyinaa no.
[Footnotes]
a Hwɛ “The Nations Shall Know That I Am Jehovah.”—How? a Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo a ɛwɔ New York tintimii no atiri 19 ne 20.
Wubetumi Akae?
◻ Ɔkwan bɛn so na Israelfo no suae sɛ ‘wɔnam ade biara a efi [Yehowa] anom so bɛtra ase’?
◻ Ɔkwan bɛn so na wɔ honhom mu no na Israelfo no betumi de Onyankopɔn asɛm ayɛ aduan adi?
◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi atra ase nnɛ denam Yehowa asɛm so?
◻ Yehowa asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ enya mmamu?
[Kratafa 25 mfoni]
Dɛn na mmuae a Yesu de maa Satan wɔ ne sɔhwɛ no mu no kyerɛ ma wo?
[Kratafa 28 mfoni]
“Ade biara a efi [Yehowa] anom” a Israelfo de traa ase no ma wonyaa honam fam mfaso ankasa
[Kratafa 29 adaka]
“Na mihuu awufo, nketewa ne akɛse, sɛ wogyinagyina ahengua no anim; na wobuebuee nhoma mu; na wobuee nhoma foforo bi a ɛyɛ nkwa nhoma no mu; na wɔnam nsɛm a wɔakyerɛw nhoma no mu no so bubuu awufo atɛn sɛnea wɔn nnwuma te. Na ɛpo yii n’awufo a ɛwɔ mu no mae, na owu ne asaman yii awufo a ɛwɔ mu no nso mae, na wobuu wɔn mu biara atɛn sɛnea wɔn nnwuma te. Na wɔtow owu ne asaman kyenee ogya tare no mu; eyi ne owuprenu no. Na obiara a wɔanhu no sɛ wɔde no ahyɛ nkwa nhama no mu na, wɔtow no kyenee ogya tare no mu.”—Adiyisɛm 20:12-15.