Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w84 7/1 kr. 25-28
  • Deuteronomium Hyɛ Yɛn ‘Nkuran Sɛ Yɛmfa Anigye Nsom Yehowa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Deuteronomium Hyɛ Yɛn ‘Nkuran Sɛ Yɛmfa Anigye Nsom Yehowa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mose Kasa a Edi Kan
  • Mose Kasa a Ɛto So Abien
  • Kasa Horow A Etwa To, Dwom Ne Nhyira
  • Ɛyɛ Mmoa A Ɛwɔ Hɔ Daa Ma Asomfo Anokwafo
  • Deuteronomium Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Yehowa Akwan A Yebesua Ahu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nhyira ne Nnome—Obi Tumi Paw Nea Ɔpɛ!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
w84 7/1 kr. 25-28

Deuteronomium Hyɛ Yɛn ‘Nkuran Sɛ Yɛmfa Anigye Nsom Yehowa

ƐSƐ sɛ Yehowa asomfo de nokwaredi ne anigye som no. Eyi ne nea Deuteronomium nhoma a ɛwɔ Bible mu no da no adi. (Deuteronomium 28:45-47) Na nokwaredi ne anigye mu a wofi som ho afotu a ɛde ma yi ho wɔ mfaso kɛse ma afeha a ɛto so 20 yi mu Yehowa Adansefo wɔ asetra mu.

Hebrini diyifo Mose na ɔkyerɛw Deuteronomium nhoma no wɔ Moab sare so, wɔ afe 1473 A.Y.B. mu, na ɛka bɛyɛ asram abien mu nsɛm. Ɛda adi sɛ Yosua anaasɛ Ɔsɔfo Panyin Eleasar na ɔde ti a etwa to no kaa ho. Ɔkasa ahorow anan, ne dwom biako ne afei hyira a Mose hyiraa Israel bere a aka kakraa na wɔahyɛn Bɔhyɛ Asase no so no na ɛwɔ Deuteronomium nhoma no mu. (Deuteronomium 1:3; Yosua 1:11; 4:19) Deuteronomium nhoma no mu no, Mose de Mmara no mu nsɛm ahorow bi ho nkyerɛkyerɛmu pii mae. Nea ɛka nneɛma afoforo ho no, nhoma no da no adi sɛ Yehowa hwehwɛ ahofama a edi mu. Ɛde atoro som ho kɔkɔbɔ nso ma, na ɛhyɛ Yehowa nkurɔfo nkuran sɛ wonni nokware wɔ ne som kronn mu.

Nanso, akwan horow bɛn so pɔtee na nsɛm a ɛwɔ Deuteronomium nhoma no mu boaa Israelfo no? Ɔkwan bɛn so na saa nhoma yi ho betumi aba Yehowa Adansefo mfaso nnɛ?

Na Israelfo adi mfe bɛyɛ 40 wɔ sare no so bere a afei Mose kasa kyerɛ wɔn no. Ne fã bi no, ɔka atemmufo a wɔapaw wɔn ma wɔaboa no no ho asɛm. Ɔka akwansrafo du no amanneɛbɔ bɔne a ɛde atuatew bae na ɛma wokyinkyinii sare no so no ho asɛm. Nea ɔkaa ho asɛm nso ne nkonim ahorow a Onyankopɔn ma wodii no. Mose bɔ ahoniyɛ ho kɔkɔ, na osi so dua denam eyi a ɔka so: “Yehowa wo Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyew, Onyankopɔn a ɔhwehwɛ ahofama a edi mu.” (New World Translation) Na ɔde osetie a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ma Yehowa ho afotu di akyi.​—Deuteronomium 1:1-4:49.

Wɔ ɔkasa a ɛto so abien mu no, Mose di kan ti Mmara Nsɛm Du no mu na ɔka ɔkwan a wɔnam so de Mmara no mae ho asɛm. Osi koma nyinaa, ɔkra nyinaa ne ahoɔden nyinaa a wɔde bɛdɔ Yehowa so dua. Ɔka mmofra a ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn ho asɛm. Ɔhyɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔsɛe Kanaanfo aman ason no ne wɔn atoro som ho nneɛma nyinaa. Ɔka kyerɛ Israelfo no sɛ ɛnyɛ wɔn trenee nti na wɔpaw wɔn na mmom esiane Yehowa nokwaredi sɛ apam sodifo nti. Bere a wɔadu Bɔhyɛ Asase no so no, na ɛsɛ sɛ wɔkɔ so yɛ osetie, a wɔn werɛ mfi Onyankopɔn. Ɔsan ti asoɔden a wɔayɛ atwam no mu kyerɛ wɔn, na ɔma ɛda adi sɛ ɔdɔ a efi koma nyinaa mu, ne Onyankopɔn suro ho hia. Wɔde nhyira ne nnome ahorow si Israelfo no anim, na wɔhyɛ osetie ma Onyankopɔn ho nkuran.​—Deuteronomium 5:1-11:32.

Nea edi hɔ a ɔkaa ho asɛm ne mmara horow a ɛfa Bɔhyɛ Asase no so asetra ho. Nea ɛka eyinom ne ahyɛde horow a wɔde mae wɔ atoro som ho nneɛma nyinaa a ɛsɛ sɛ wɔsɛe no no ho ne, nnam a wobetumi awe ne sɛnea ɛsɛ sɛ wodi mogya ho dwuma, nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ atoro adiyifo ne nokware som ho a wɔwae fi ho, aduan a ɛho tew ne nea ɛho ntew ne ntotoso dudu ho. Wɔde ka a wɔde kyɛ, nkoayɛ ne mmoa mmakan ho nsɛm foforo ma. Wosusuw afe afe afahyɛ horow abiɛsa no ho, ne ahwehwɛde ne mmara horow ma ahene ne Lewifo nso ho. Bere a wɔabɔ ahonhonsɛmdi ho kɔkɔ akyi no, wɔhyɛ odiyifo a ɔte sɛ Mose ho nkɔm.​—Deuteronomium 12:1-18:22.

Ahyɛde afoforo a wɔkaa ho asɛm ne nea ɛfa guankɔbea nkurow, wɔn a ɛsɛ sɛ woyi wɔn fi sraadi mu, mogya ho asodi ho ahodwira, mmea a wɔafa wɔn nnomum a wɔware wɔn, abakan hokwan ahorow, mma atuatewfo, obu ma afoforo nneɛma ne wɔn nkwa, mmarima ne mmea nna ho nsɛm ahorow ne wɔn a wɔmfata sɛ wɔyɛ asafo no mufo ho. Mmara afoforo nso a ɛka ho ne nea ɛfa nkoa, mfɛntom ne bɔhyɛ ahorow ho. Ahyɛde horow a ɛfa nneɛma te sɛ awaregu, boseabɔ, ayamye a woyi adi kyerɛ nyisaa ne akunafo, okunu nua aware, nsenia a ɛkari pɛ, nnuaba a edi kan a wɔde bɔ afɔre ne ntotoso dudu ho de saa ɔkasa yi ba awiei.​—Deuteronomium 19:1-26:19.

Mose kasa a ɛto so abiɛsa no de Mmara no a ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw gu abo akɛse so ho nsɛm ahorow na efi ase. Na ɛsɛ sɛ wofi Bepɔw Gerisim so ka nhyira horow, na wofi Bepɔw Ebal so da nnome ahorow adi. Afei wɔde nhyira horow a Onyankopɔn ahyɛde ho osetieyɛ de ba no toto nnome a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan wɔ asoɔdenyɛ ho no ho.​—Deuteronomium 27:1-28:68.

Wɔ Mose ɔkasa a ɛto so anan no mu no, wɔsan ti Yehowa ne Israelfo ntam apam no mu. Mose ka sɛnea Onyankopɔn ahwɛ wɔn so wɔ sare no so no ho asɛm. Wɔde asoɔdenyɛ ho kɔkɔbɔ ma, na osi Yehowa mmɔborohunu so dua. Awiei koraa no, ɔde nkwa anaasɛ owu a wɔbɛpaw no si wɔn anim. Na Israelfo no betumi ‘akɔ so atra ase denam Yehowa a wobɛdɔ no, atie ne nne na wɔabata ne ho no so.’​—Deuteronomium 29:1-30:20.

Mose hyɛ Israelfo no nkuran sɛ wonnya akokoduru bere a wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so no, efisɛ Yehowa ka wɔn ho. Bere a wɔpaw Yosua sɛ ɔkannifo akyi no, wɔde Israel asoɔdenyɛ ho nkɔmhyɛ bi ma. Afei, wɔ dwom mu no, Mose kamfo Yehowa, ka nokware a Israel anni no ho amanehunu ho asɛm, na afei ɔde aweredi a efi soro ba ɔkwan biara so ho nsɛm wie, na ɔka sɛ: “Amanaman mo ne ne man ani nnye.” Mose de nhyira a etwa to ma, na ɛno akyi no odiyifo a na wadi mfe 120 no hwɛ Bɔhyɛ Asase no, owu na Yehowa sie no wɔ ɔdamoa a obiara nnim mu.​—Deuteronomium 31:1-34:12

Ebia nsɛm a wɔatwa no tiaa yi akanyan wo honhom mu akɔnnɔ. Nanso bere a wokenkan Deuteronomium no, nsemmisa bi a ɛho hia betumi asɔre. Enti momma yɛnhwehwɛ eyinom bi na yɛmma ho mmuae.

Mose Kasa a Edi Kan

• 4:15-24​—So saa nsɛm a etia ahoniyɛ yi kyerɛ sɛ ɛyɛ mfomso sɛ obi de nnipa ahorow mfonini besisi hɔ anaa?

Saa nkyekyem ahorow yi bara ahoni a wɔbɛyɛ ama atoro som. Nanso wɔammara Israelfo no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ ahoni de di dwuma afoforo. Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn ankasa maa kwan ma wɔyɛɛ kerubim mfonini ahorow guu ntama a wɔde yɛɛ ntamadan no mu, na wɔyɛɛ bi de sisii adaka kronkron no so. Ɛrenyɛ nea ɛfata sɛ yɛde mfonini ahorow a wotwitwa de bobɔ dan mu no bɛtoto ahonisom ho, gye sɛ wɔhyɛ da de di dwuma wɔ atoro som mu. Ne nyinaa mu no, Kyerɛwnsɛm no nkasa ntia mfonini ahorow a wotwitwa anaasɛ wɔyɛ, anaasɛ nneɛma ahorow a wosinsen de siesie dan mu ara kwa, anaasɛ ɛyɛ nnipa anaasɛ nneɛma ahorow ho mfonini no.

Mose Kasa a Ɛto So Abien

• 6:6-9​—So ɛsɛ sɛ yɛte ahyɛde a wɔde mae sɛ ‘wɔmfa Onyankopɔn mmara nkyekyere wɔn nsa’ no ase sɛ ɛsɛ sɛ wɔde kyekyere nsa paara?

Saa nkyekyem ahorow yi nyɛ nea ɛhyɛ Bible mu nsɛm ankasa a wɔkyerɛw de kyekyere nsa ho nkuran. Mmom no sɛnea wɔakyerɛw asɛm no ma ɛda adi sɛ ɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so de. (Fa toto Exodus 13:9; Mmebusɛm 7:2, 3 ho.) Wɔnkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw ahyɛde no gu biribi so na obi ahyɛ anaa wɔde fam apongua anaa apon kɛse ho. Ná ɛsɛ sɛ Israelfo no susuw Onyankopɔn ahyɛde ho bere nyinaa, sɛ wɔwɔ fie, wɔnam kwan so anaasɛ wɔbɛn kurow no apon kɛse no, faako a mpanyimfo no dii nsɛm ahorow no. Na ɛsɛ sɛ wɔma Onyankopɔn asɛm tra wɔn komam, de kyerɛkyerɛ wɔn mma na wɔnam nneyɛe so (nneɛma a wɔde wɔn nsa yɛ so) kyerɛ sɛ wodi so. Na ɛsɛ sɛ nkurɔfo no da wɔn ho adi wɔ baguam sɛ wɔyɛ Yehowa mmara akyigyinafo, te sɛ nea wɔakyerɛw wɔ wɔn momaso a obiara hu. Saa nso na Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ bɔ mmɔden sɛ wɔbɛda wɔn ho adi sɛ Onyankopɔn nkoa a wɔyɛ osetie. Wɔn koma aka wɔn ma wodi n’Asɛm so, na wɔde nneɛma a ɛyɛ nokware, anim yɛ duru, eteɛ, ɛwɔ ɔdɔ, ɛwɔ din pa na ɛfata ayeyi hyɛ wɔn adwenem. Da biara da no wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ sɛ Yehowa mmara ahorow wɔ wɔn anim bere nyinaa.​—Filipifo 4:8; Kolosefo 3:23.

• 8:3, 4​—So nea eyi kyerɛ ara ne sɛ wɔmaa wɔn ntade foforo anaa?

Mana a wɔde maa wɔn no yɛɛ anwonwade a ɛbae bere nyinaa. Saa ara na nokwasɛm a ɛkyerɛ sɛ wɔn ntade antetew wɔ wɔn ho na wɔn anan anhonhon wɔ mfirihyia 40 a wodii wɔ sare so no mu no nso yɛe. Sɛ wɔmaa wɔn ntade afoforo ara kwa sɛnea wɔyɛ daa no a, anka ɛno renyɛ anwonwade. Na ɛrenyɛ den sɛ wɔde ntade a wɔwɔ no bedi dwuma wɔ saa mfe yi ‘nyinaa mu, efisɛ na wobetumi de mmofra ntade ama mmofra afoforo na wɔn a wonyinyin no anya ntade afoforo bere a mpanyimfo wuwu no. Esiane sɛ na Israelfo dodow a na wɔwɔ hɔ wɔ sare so nantew no awiei no te sɛ dodow a wɔde fii ase no nti, na ntade a wɔwɔ fi mfiase no yɛ nea ɛdɔɔso wɔ mfirihyia 40 no nyinaa mu.​—Numeri 2:32; 26:51.

• 14:21​—Esiane sɛ na Israelfo no ntumi ‘nni aboa funu’ nti, dɛn nti na wotumi de ma ɔhɔho anaasɛ wɔtɔn ma ɔnanani?

Sɛ Mmaramafo Kɛse no, Yehowa wɔ hokwan sɛ ɔde mmara horow bi ma Israelfo no nkutoo. Na wɔyɛ “ɔman kronkron” ma no. Na aman afoforo no nni mmara a ɛfa aboa a ɔno ankasa awu a ɛnsɛ sɛ wɔwe no so. Na mfomso biara nni aboa a wɔanhwie ne mogya angu nam a wɔde bɛma ahɔho anaasɛ wɔbɛtɔn ama ɔnanani ho, efisɛ Israelfo no anni atoro, na nea ogye anaasɛ nea ɔtɔ no fi ne pɛ mu na ɔyɛ saa. Yebetumi de aka ho sɛ Deuteronomium 14:21 ne Leviticus 17:10 hyia, na ɛbara sɛ ɛnsɛ sɛ ɔhɔho a wabɛsoɛ wɔn no di mogya no. Na ɛnsɛ sɛ ɔhɔho a wabɛyɛ ne ho Israelni di mogya, nanso na saa mmara no mfa ɔhɔho a ɔmmɛyɛɛ Israelni no ho. Ebia obi a ɔte saa no ani begye aboa funu a wɔanhwie ne mogya angu a Israelni anaa obi a wabɛdan Israelni a ɔyɛ ɔnokwafo buu sɛ ɛho ntew no ho.

• 17:5-7​—Dɛn nti na wɔhwehwɛɛ sɛ adansefo nsa na ɛsɛ sɛ ɛkɔ obi a wobu no kumfɔ no so kan?

Ɛsɛ sɛ obiara a ɔwɔ Israel ma n’ani kũ nokware som ho na ɔhwɛ sɛ ahyehyɛde no ho kɔ so tew bere nyinaa, ne sɛ ahohorabɔ biara remma Yehowa din so. Na ɛsɛ sɛ adansefo no da mmɔdenbɔ a ɛte saa adi denam atemmu no ho dwumadi a wodi mu kan no so. (Fa toto Numeri 25:6-9; Deuteronomium 13:6-11 ho.) Nanso, na ɛsono adanse a wobedi atia obi ne kum a wobekum onii no. Na eyi bɛma ɔdansefo no asusuw adanse a odi no ho yiye, na ɔbɔnefo nkutoo na obedi adansekrum a onim sɛ ɔno na obedi kan wɔ kum a wobekum onii no mu. Yehowa Adansefo betumi de nnyinasosɛm ahorow yi adi dwuma nam mmɔden a wɔbɛbɔ wɔ asafo no ahotew ho na wɔahwɛ yiye nso sɛ wobedi adanse a ɛyɛ nokware no so. Efisɛ, yɛn mu biara beyi ne ho ano akyerɛ Yehowa, Ɔtemmufo Kɛse no.​—Mateo 12:36, 37.

• 22:5​—Esiane saa ahyɛde yi nti, so ɛyɛ papa sɛ ɔbea bɛhyɛ trɔsa?

Ɛda adi sɛ saa mmara yi atirimpɔw ne sɛ ɛbɛma mmarima ne mmea ada nsow. Wɔ ahosiesie mu no, ɔbarima pɛ sɛ ɔda ne ho adi sɛ ɔbarima na ɔbea nso pɛ sɛ ɔda ne ho adi sɛ ɔbea. Sɛ Israelni bɛyɛ biribi a ɛbɔ eyi abira no bɛyɛ nea ɛmfata na ebetumi akowie mmarima a wɔne mmarima da anaasɛ mmea a wɔne mmea da mu. Ɛwom mpo sɛ na mmarima ne mmea nyinaa hyɛ ntade yuu de, nanso na ɛsono mmarima ntade ne mmea ntade. Saa ara nso na wɔ asase yi so mmeae horow bi nnɛ no, mmarima ne mmea nyinaa hyɛ trɔsa, ɛwom sɛ ɛsono sɛnea emu biara te de. Nnyinasosɛm a ɛwɔ saa asɛm yi mu no renkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ Kristoni bea hyɛ trɔsa bere a ɔreyɛ adwuma wɔ fie anaasɛ bere a ɔreyɛ adwuma wɔ afum no. Na sɛnea amanne ne tebea horow te no, ebia trɔsa bɛyɛ atade a ɛho wɔ mfaso kɛse wɔ mmeae a awɔw kɛse wɔ hɔ no. Bible no tu mmea fo sɛ wɔnhyɛ “ntade a ɛsɛ, mfa ani a ewu ade ne adwenemtew nkeka wɔn ho.”​—1 Timoteo 2:9, 10.

• 24:6​—Ɔkwan bɛn so na obi owiyammo anaa ne ba a wobegye no awowa no te sɛ wɔregye onii kra?

Na wɔtaa tõ abodoo da biara da na na ɛsɛ sɛ wɔyam awi no. Enti na abusua no da biara da aduan gyina awiyammo no so. Enti mmɔborohunu mu no, Onyankopɔn baraa obi awiyammo anaasɛ ne ba a wobegye no awowa. Eyi mu biara a wɔbɛfa no kyerɛ sɛ worekyen abusua no kɔm na ɛbɛyɛ te sɛnea wɔregye obi “kra” anaasɛ “nea ɛma otumi kɔ so tra ase.”

Kasa Horow A Etwa To, Dwom Ne Nhyira

• 32:39​—Dɛn nti na anyame bi ntumi nka Yehowa ho, bere a Yohane 1:1 se ‘na Asɛm no ne Nyankopɔn na ɛwɔ hɔ, na Asɛm no yɛ onyame’?

Kyerɛwnsɛm no mu biara ka biribi soronko koraa ho asɛm. Asɛm a wɔka wɔ Deuteronomium 32:39 no ne sɛ atoro anyame ne Yehowa, nokware Nyankopɔn no nni kyɛfa biara wɔ ne ogye dwumadi ahorow no mu. Wontumi nnye wɔn asomfo mfi asiane mu, na na anyame a wɔte sɛɛ nka Yehowa ho wɔ biribiara a ɔyɛe mu. Ɛwom sɛ na “Asɛm” no yɛ onyame anaasɛ otumfo de, nanso wansɔre antia Yehowa anaasɛ ɔne no anni asi sɛnea na ɛte wɔ atoro anyame no fam no.​—Deuteronomium 32:12, 37, 38.

• 33:1-29​—Dɛn nti na wɔmmɔ Simeon din wɔ saa nhyira yi mu?

Simeon ne Lewi abom adi atirimɔdensɛm bi, na ɛwom sɛ wɔmaa wɔn afã wɔ Israel de, nanso na eyinom nte sɛ mmusuakuw a aka no. Wɔmaa Lewifo nkurow 48 wɔ asase no nyinaa so, na wɔde Simeon agyapade no kaa Yuda asasesin no ho. (Genesis 34:13-31; 49:5-7; Yosua 19:9; 21:41, 42) Enti bere a Mose dan n’adwene kɔɔ Yuda so no, na onim sɛ Simeon kyɛfa no ka ho. Afei nso, Simeon abusua no nyaa nhyira a wɔde maa ɔman mu no nyinaa no bi: “Nhyira ne wo, Israel, hena na ɔte sɛ wo, ɔman a wanya [Yehowa] mu nkwagye!”​—Deuteronomium 33:29.

Ɛyɛ Mmoa A Ɛwɔ Hɔ Daa Ma Asomfo Anokwafo

Deuteronomium yɛ mmoa a ɛwɔ hɔ daa ma Yehowa nkoa, na yebetumi anya nkyerɛkyerɛ a ɛsom bo afi mu. Sɛ nhwɛso no, bere a wɔrekɔ Kanaan asase no so no, Yosua dii afotu a mprempren wɔakyerɛw wɔ saa nhoma yi mu no akyi pɛɛ. Saa ara nso na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ntɛm gye ɔsoro akwankyerɛ tom. (Deuteronomium 20:15-18; 21:23; Yosua 8:24-29) Yesu Kristo faa Deuteronomium nhoma no mu nsɛm dii dwuma bere a ɔne Satan dii asi wɔ nkonimdi mu no. Te sɛ Yesu no, yetumi hu sɛ ɛsɛ sɛ onipa de Yehowa asɛm tra ase, sɛ ɛnsɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn hwɛ, ne sɛ ɔno nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛde ɔsom kronn ma.​—Mateo 4:1-11; Deuteronomium 5:9; 6:13, 16; 8:3.

Saa nhoma yi da Yehowa adi sɛ Onyankopɔn a ɔhwehwɛ ahofama a edi mu. (Deuteronomium 4:24; 6:15) Ɛka nso sɛ: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn.” (Deuteronomium 6:5) Ɛnde, ne nyinaa mu no, Deuteronomium hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnsom Yehowa nokwaredi mu. Enti, momma yɛnkɔ so mfa ɔsom kronn mma no wɔ anigye mu.

[Kratafa 28 adaka]

“Ɔbea nnhyɛ ɔbarima ade, na ɔbarima nso mmfura ɔbea ntama, efisɛ wɔn a wɔyɛ eyi nyinaa yɛ [Yehowa] wo Nyankopɔn akyide.”​—Deuteronomium 22:5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena