Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 10/1 kr. 30-31
  • Yerusalem Akwantu Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yerusalem Akwantu Ahorow
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yesu ne N’abusuafo Tuu Kwan Kɔɔ Yerusalem
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Abofra Yesu
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Abofra Yesu wɔ Asɔrefi Hɔ
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Yesu Yɛɛ Osetie Bere Nyinaa
    Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 10/1 kr. 30-31

Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma

Yerusalem Akwantu Ahorow

FEFƐW bere adu. Na bere adu sɛ Yosef ne n’abusua a nnamfo ne abusuafo afoforo ka ho tu wɔn afe afe kwan no kɔ Yerusalem kodi Twam afahyɛ no. Na sɛ wofi wɔn akwansin bɛyɛ 65 akwantu no ase a, anigye taa ba. Afei de Yesu adi mfirihyia 12, na ɔde anigye kɛse hwɛ afahyɛ no kwan.

Wɔ Yesu ne n’abusua fam no, Twam no nyɛ da koro asɛm ara kwa. Wɔtra hɔ twɛn nnanson Apiti Afahyɛ a edi hɔ a wobu no sɛ ɛyɛ Twam bere no fã no. Enti kwan a wofu fi wɔn kurom Nasaret a Yerusalem tra no ka ho no nyinaa gye wɔn bɛyɛ adapɛn abien. Nanso afe yi de esiane biribi a ɛfa Yesu ho nti, ɛkyɛe kakra.

Asɛm no daa adi bere a wɔresan afi Yerusalem no. Yosef ne Maria susuw sɛ Yesu ne abusuafo anaa nnamfo no abom kɔ. Nanso bere a wogyina anadwo no, wonhu no, na wɔkɔhwehwɛ no wɔ wɔn mfɛfo a wɔne wɔn retu kwan no mu. Wonhu no. Enti Yosef ne Maria san wɔn akyi kɔ Yerusalem kɔhwehwɛ no.

Wɔhwehwɛ no da mũ nyinaa nanso wonhu no. Wonhu no nna a etia abien no nso. Afei ɛda a ɛto so abiɛsa no, wɔkɔ asɔrefi hɔ. Ɛhɔ na wohu Yesu wɔ asa ahorow no biako so a ɔte Yudafo akyerɛkyerɛfo no mfinimfini retie wɔn na ɔrebisabisa wɔn nsɛm.

Maria bisa sɛ, ‘Ɔba, adɛn na woayɛ yɛn sɛɛ yi? Hwɛ, me ne w’agya de ahoyeraw ahwehwɛ wo!’

Ɛyɛ Yesu nwonwa sɛ wonnim faako a wobehu no. Obisa sɛ, ‘Adɛn nti na mohwehwɛ me? Munnim sɛ ɛsɛ me sɛ metra m’agya fi?’

Yesu nte nea enti a n’awofo nnim eyi no ase. Ɛno nti Yesu ne n’awofo san kɔ wɔn kurom na ɔkɔ so brɛ ne ho ase ma wɔn. Yesu nyin nyansa ne kɛseyɛ ne Nyankopɔn ne nnipa nkyɛn dom mu. Yiw, efi Yesu mmofraase no, ɛnyɛ honhom mu nneɛma a wɔhwehwɛ mu nko na ɔyɛɛ nhwɛso fɛfɛ na mmom wɔ obu a oyii adi kyerɛɛ n’awofo no mu nso. Luka 2:40-52; 22:7.

◆ Fefɛw bere mu kwan bɛn na na Yesu ne n’abusua taa tu, na na egye bere tenten ahe?

◆ Asɛm bɛn na esii wɔ akwantu no mu bere a Yesu dii mfirihyia 12 no?

◆ Nhwɛso bɛn na Yesu yɛ maa mmofra a wɔwɔ hɔ nnɛ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena