Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 2/1 kr. 4-7
  • Asomdwoe Ne Ahotɔ​—Ɛhe na Ebefi Aba?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asomdwoe Ne Ahotɔ​—Ɛhe na Ebefi Aba?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛfa Ho Dɛn?
  • Ɔhaw Ahorow A Emu Yɛ Den
  • Asomdwoe Ne Ahotɔ Nso Ɛ?
  • Nnipa Kwan Anaasɛ Onyankopɔn Kwan?
  • Asomdwoe Ne Ahotɔ​—Anidaso No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Asomdwoe a Efi Nyankopɔn Hɔ​—Bere Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nokware Asomdwoe—Efi He?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Amanaman Nkabom No—Ɔkwan A Eye Kyɛn So?
    Nyan!—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 2/1 kr. 4-7

Asomdwoe Ne Ahotɔ​—Ɛhe na Ebefi Aba?

BERE a Amanaman Nkabom no ayɛ nnwuma a ɛsom bo wɔ nneɛma ahorow bi mu no, obiara a ɔtaa tie nsɛm ho amanneɛbɔ begye atom sɛ adi nkogu wɔ asomdwoe ne ahotɔ ho asɛm no mu. Eyi yɛ nea ahyehyɛde no akyigyinafo a wɔyɛ den kɛse no gye tom pefee. Enti, wɔ 1953 mu, bere a wɔde sii hɔ akyi mfirihyia awotwe pɛ no, Dag Hammarskjold a na ɔyɛ ɔkyerɛwfo panyin saa bere no paee mu kae sɛ: “Nea wɔn a wodii yɛn anim no soo ɔsoro foforo ho dae wɔ ho no, yɛn anidaso kɛse a ɛwɔ ho ne sɛ wɔbɛma yɛn kwan ma yɛagye wiase dedaw no nkwa.” Mfirihyia aduonu akyi no, eyi hyɛɛ C. William Maynes a na ɔyɛ United States ɔman kyerɛwfo abadiakyiri no ma ogye toom sɛ: “Na ahyehyɛde no Bagua Kɛse no atirimpɔw titiriw ne sɛ ɛbɛma amanaman ntam asomdwoe ne ahotɔ akɔ so. . . . Wɔwɔ adanse a ɛkyerɛ sɛ ahyehyɛde no adi nkogu wɔ n’atirimpɔw titiriw no mu.”

Ɛfa Ho Dɛn?

Nokwasɛm no ne sɛ, gyinae atitiriw a ɛfa asomdwoe ne ahotɔ ho wɔ mfirihyia 40 a atwam no mu no dodow ara yɛ nea wɔafi Amanaman Nkabom no akyi na asisi. Wɔ 1982 mu no, ɔkyerɛwfo Panyin Javier Pérez de Cuéllar dii nokwasɛm a eyi yɛ no ho awerɛhow sɛ “afe yi, wɔ mmere ahorow pii mu no, yɛahu sɛ wɔapia ahyehyɛde no ato nkyɛn anaasɛ wɔabu ani agu so esiane nneɛma ahorow nti, ne wɔ tebea horow a anka ɛsɛ sɛ etumi di dwuma a ɛho hia na mfaso wɔ so no mu.” Dɛn nti na eyi te saa?

Ebinom kyerɛ sɛ ahyehyɛde no mufo a wɔadɔɔso kɛse no ka ho na aba saa. Aman ahorow 51 a wɔde wɔn fii ase no dodow akɔ soro aboro 150 a emu biara wɔ abatow tumi koro no ara wɔ Bagua Kɛse no mu. Nanso aman ahorow yi binom yɛ nketewa koraa. Enti, Saint Christopher ne Nevis, aman a ɛwɔ supɔw so a ɛno ne ɔman a ɛto so 158 a abɛka ahyehyɛde no ho no mu nnipa nnu 50,000 nanso ɛne China a emufo reyɛ adu ɔpepepem biako no wɔ abatow tumi koro. Ampa, nhyehyɛe yi ma aman nketewa no nya hokwan kasa; nanso ɛnyɛ nea ɛhyɛ tumi akɛse no nkuran sɛ wɔbɛfa ahyehyɛde no gyinaesi ahorow aniberesɛm.

Ɔhaw a ɛto so abien ne nea Shirley Hazzard ka ho asɛm no: “Wɔamfa ɔhyɛ tumi anhyɛ Amanaman Nkabom no mu, gye sɛ nea ebia ɛwɔ emufo a ɛbɛyɛ nea ɛho hia wɔn kɛse no mu no.” Nea ɛkyerɛ ne sɛ, ahyehyɛde no tumi si gyinae ahorow, na emu pii yɛ nea wontumi nhwɛ mma ɛnyɛ adwuma. Wɔtaa susuw wiase ɔhaw akɛse no ho kɔ akyiri. Wɔyɛ tirimbɔ ahorow​—na afei wɔn werɛ fi. Eyi kaa Amanaman Nkabom no ɔkyerɛwfo panyin no wɔ 1982 mu ma ɔkasa tiaa “obu a wɔn a ne gyinaesi ahorow fa wɔn ho nni mma no no.”

Eyinom ne ahyehyɛde no ɔhaw ahorow​—na nhwehwɛmufo ka afoforo a ɛwɔ hɔ nso ho asɛm. Nanso nneɛma afoforo a emu dɔ a anibere wom kɛse a ɛno na ama Amanaman Nkabom no adi nkogu wɔ hɔ.

Ɔhaw Ahorow A Emu Yɛ Den

“Na ɛte sɛ nea ebetumi ayɛ yiye saa bere no sɛ, nea edi kan koraa no, wɔde nhyehyɛe a ɛbɛma amanaman ntam asomdwoe ne ahotɔ atra hɔ wɔ ne mmara no ase besi hɔ,” saa na Javier Pérez de Cuéllar kae bere a na ɔrekaakae adwene a na wɔn a wɔde ahyehyɛde no sii hɔ wɔ no. “Dɛn na aba nsusuwii kɛse a ɛte sɛɛ so? Tumi akɛse no adwene a enhyia no maa eyi so katae ntɛm ara. Bio nso, wiase no ba bɛyɛɛ hwanyann, nea wontumi nni so sen sɛnea na wɔn ani da so no.”

Nokwarem no, biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Amanaman Nkabom no de asomdwoe ne ahotɔ bɛba. Adwuma no yɛ den ma no dodo. Ɔkyerɛwfo Panyin no asɛm no kae yɛn odiyifo Yeremia asɛm no: “Enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Ɛnyɛ nea nnipa a wɔn nyansa ne tumi nnu akyiri no betumi adi asomdwoe ne ahotɔ ma nnipa nyinaa a ɛbɛba ho ɔhaw no ho dwuma.

Ɔkyerɛwfo Panyin no kae sɛ wɔn a wɔde Amanaman Nkabom no sii hɔ hui sɛ wiase no ayɛ ‘hwanyann kɛse’ sen sɛnea wɔhwɛɛ kwan no. Biribi titiriw bi wɔ hɔ a enti na eyi aba saa, na ɛda adi sɛ na ɛnyɛ nea wonim. Nanso ɔsomafo Yohane kyerɛkyerɛ mu sɛɛ se: “Wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ ɛnnɛ, “ɔbɔne no,” Satan, rema ‘asase ahu amane’ na “wafa abufuw kɛse.” (Adiyisɛm 12:12) Nokwasɛm a ɛyɛ hu a ɛfa Satan ne ne nkɛntɛnso ho no kyekyeree Amanaman Nkabom no mmɔden a ɛbɛbɔ sɛ ɛde asomdwoe bɛba no ansa na ahyehyɛde no refi ase mpo.

Kae nso sɛ Amanaman Nkabom ahyehyɛde no yɛ wiase yi ba na enti anya ne su ahorow no bi. Mmerɛwyɛ ahorow, bɔne ahorow ne ɔporɔw a aka aman nkorɛnkorɛ no yɛ nea akyinnye biara nni ho sɛ ɛwɔ Amanaman Nkabom no mu nso. Wɔkyerɛ sɛ Alexander Solzhenitsyn kae wɔ 1972 mu sɛ: “Mfirihyia aduonu anum ni a wɔwoo Amanaman Nkabom ahyehyɛde no a na adesamma nyinaa wɔ anidaso kɛse. Nanso, ao, wɔ wiase a ne bra asɛe mu no, ɛno nso nyin bɛyɛɛ nea ne bra asɛe.” Bible no bɔ kɔkɔ sɛ: “Asomdwoe nni hɔ mma abɔnefo, [Yehowa] na ose.” (Yesaia 48:22) Ahyehyɛde a ne bra asɛe rentumi mfa asomdwoe ne ahotɔ mma.

Asomdwoe Ne Ahotɔ Nso Ɛ?

So ka a wɔaka sɛ 1986 yɛ “Amanaman Ntam Asomdwoe Afe” no bɛma nneɛma asakra? Ɛnyɛ nea ebetumi ayɛ yiye, efisɛ ɔhaw ahorow a yɛadi kan aka ho asɛm no yɛ nea nnipa rentumi nni ho dwuma koraa. “Asomdwoe Afe” no nyɛ nea ebetumi de adesamma abɛn asomdwoe ne ahotɔ ho te sɛnea 1979 “Mmofra Afe” no antumi amma mmofra yiyedi annya nkɔso ne sɛnea 1975 “Amanaman Ntam Mmea Afe” no amma wiase no anyɛ beae a eye kyɛn so amma mmea no.

Nanso, sɛ adesamma bɛkɔ so atra ase a, ɛyɛ nea ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ obi yɛ biribi wɔ asomdwoe ne ahotɔ ho. Ɛnnɛ, aman a wɔwɔ nuklea akode no betumi asɛe nkwa a ɛwɔ asase so fã kɛse no ara. Akode ahorow a ano yɛ den ma nnipa pii hwere wɔn nkwa afe biara. Asomdwoe ankasa ayɛ nea ɛwɔ akyirikyiri sen bere biara! Sɛ Amanaman Nkabom no antumi anni ɔhaw ahorow yi ho dwuma a, hena na obetumi?

Abakɔsɛm mu a wɔhwehwɛ de mmuae a anidaso wom bi ma. Bɛyɛ mfirihyia 3,000 a atwam ni no, Ɔhene Dawid a na ɔyɛ ɔhene kofoni wɔ Mfinimfini Apuei no kyerɛw faa daakye sodifo a obetumi de amanaman ntam asomdwoe aba ho. Dawid rebɔ mpae ama sodifo yi no, ɔkae sɛ: “Bepɔw bɛsow asomdwoe ama ɔman, na nkoko nso de trenee aba. Ɔtreneeni besi frɔmm, ne bere so, na asomdwoe pii bɛba akodu sɛ ɔsram nni hɔ bio.”​—Dwom 72:3, 7.

Sodifo bɛn na obetumi de asomdwoe a ɛte sɛɛ aba? Na ɛnyɛ nea Dawid retwe adwene asi ɔdesani ahyehyɛde bi so, mmom no na ɔretwe adwene asi ne Nyankopɔn, Yehowa, so sɛ obi a eyi nam ne tumi so bɛba. So na eyi yɛ biribi a ne yam a anka aba ara kwa? Dabi. Dawid ba Salomo de ne ho too Onyankopɔn koro no ara so, na wɔ n’ahenni bere so no, Yehowa kyerɛɛ ne tumi ma wohui ankasa denam asomdwoe a ɔma ɛbaa Salomo ahenni a na ɛwɔ baabi a ɔko rekɔ so kɛse sen biara wɔ asase so no mu no so. Na Salomo nyɛ ɔhene kofoni, nanso wɔ n’ahenni bere so no, “Yuda ne Israel traa ase dwoodwoo wɔn bobe ne wɔn borɔdoma ase mmiako mmiako, efi Dan [wɔ kusuu fam] kosi Beer-Seba [wɔ kesee fam], Salomo nna nyinaa.”​—1 Ahene 4:25.

Ɛwom, saa asomdwoe no anyɛ nea ɛkyɛe. Israelfo no faa wiase a asɛe no kwan so na dwoodwoo asetra a Onyankopɔn de maa wɔn no bɔɔ wɔn. Nanso wɔ nea ɛboro mfeha abien, bere a Asiriafo atirimɔdenfo no de wɔn ho ahyɛ asomdwoe denam basabasayɛ so ho ɔsatu bi mu no, odiyifo Yesaia kaa Ɔhene a na Salomo yɛ ne ho mfonini a ɔrebɛba no ho asɛm too hɔ. Ɔkyerɛwee sɛ: “Na wɔafrɛ ne din sɛ Nwonwa, Ɔfotufo, . . . Asomdwoe-hene; na n’ahenni mu bɛtrɛw na asomdwoe a enni awiei aba.”​—Yesaia 9:6, 7.

Hena ne saa “Asomdwoe-hene” no? Wɔ Yesaia akyi bɛboro mfirihyia 700, bere a na Roma wiase nyinaa tumi no rebɔ mmɔden sɛ ɛbɛhyɛ n’amanaman ntam asomdwoe no mu den no, saa Ɔhene no puei wɔ Dawid kurom, Yudea a na ɔno ne Yesu Kristo. Ɔkaa Onyankopɔn Ahenni a na ɔno na ɔbɛyɛ ne Hene no ho asɛm kyerɛɛ ne manfo. Na Ahenni yi bɛyɛ ɔsoro de, na ɛno ama wɔatumi adi ɔhaw ahorow a Satan nkɛntɛnso de aba ne di a onipa ntumi nni ne ho so no ho dwuma. Na ɛyɛ nea ɛda adi sɛ Yesu manfo no pɛ Roma nniso no na wɔma wodii Yesu asɛm kum no. Nanso, sɛnea abakɔsɛm di ho adanse pefee no, wonyan no fii awufo mu na ɔforo kɔɔ soro a na ɔretwɛn Onyankopɔn bere a ɛsɛ na wafi ase adi tumi sɛ Onyankopɔn Ahenni no Hene.

Nokwarem no, nkɔmhyɛ mmamu hyɛ yɛn nnɛ bere yi agyirae sɛ bere a saa asɛm kɛse no sii. Ɛyɛ Onyankopɔn Ahenni a wɔde sii hɔ wɔ soro a nea edii akyi bae ne Satan a wɔtow no kyenee asase so a ɛmaa Satan ‘bo fuwii kɛse’ na enti wama ‘asase ahu amane’ no. (Adiyisɛm 12:7-12) Dɛn na afi mu aba? Akokoakoko ne adesamma haw afoforo a Yesu ankasa hyɛɛ ho nkɔm no. Asase no ayɛ nea ‘amanaman ahoyeraw a wonhu nea wɔbɛfa’ ahyɛ so ma.​—Luka 21:25, 26, NW; Mateo 24:3-13.

Nnipa Kwan Anaasɛ Onyankopɔn Kwan?

Nkɔmhyɛ ahorow a bɛyɛ mfirihyia 2,000 a atwam ni a yɛn nsa aka no akyerɛkyerɛ wiase tebea ahorow no mu pefee wɔ nokwaredi mu sen nsɛm ahorow a wɔkekae bere a wɔde Amanaman Nkabom no sii hɔ mfirihyia 40 a atwam ni no. Hu a saa ahyehyɛde no ‘nhu nea ɛbɛfa’ no si nokware a Bible nkɔmhyɛ ahorow yɛ no so dua. Ampa, sɛnea Yesaia kae no, ‘asomdwoe abɔfo resu osu yawyaw’ wɔ wɔn nkogudi no ho.​—Yesaia 33:7.

Eyi na esi ade a etwa to nti a Amanaman Nkabom no rentumi mfa asomdwoe mma asase so no so dua. Ɔkwan a ɛne Onyankopɔn de nhyia koraa so na ɔnam reyɛ saa. Dag Hammarskjold kae sɛ ɔreyɛ adwuma de “agye asase dedaw no nkwa.” Sɛ saa a ɔkae no kyerɛ mprempren wiase nhyehyɛe a amammui aman ahorow a wɔde wɔn ho na wɔwom no a, ɛnde na n’anidaso ahorow no yɛ nea ɛda adi sɛ ebedi nkogu mfiase no ara. Nokwasɛm no ne sɛ ɛsɛ sɛ “asase dedaw” no ma nhyehyɛe foforo kwan. ‘Wiase retwam.’ (1 Yohane 2:17) Biribiara nni hɔ a ebetumi agye no nkwa, Amanaman Nkabom ahyehyɛde no mpo rentumi.

Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebetumi de asomdwoe a onipa ahwɛ kwan fi bere a wɔpam no fii Eden turo mu no aba. Ahotɔ a ebefi Ahenni no dwumadi mu aba no ho asɛm biako ni: “ [Onyankopɔn] bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”​—Adiyisɛm 21:4.

So ɛte sɛ nea saa bɔhyɛ no rentumi nyɛ yiye? Nokwarem no, ɛne anidaso koro pɛ a yɛwɔ, na Ɔwɛn-Aban a ɛbɛba akyiri yi bɛka nea enti a eyi te saa no ho asɛm pii. Ansa na ɛno bɛba no yɛbɛpɛ sɛ yɛtwe w’adwene si nokwasɛm titiriw bi so: Amanaman Nkabom no ho abakɔsɛm nnya mmaa awiei ɛ. Saa ahyehyɛde no wɔ dwuma titiriw bi a ɛsɛ sɛ edi wɔ daakye nsɛm a ebesisi mu. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ kenkan nsɛm abien a edi hɔ a ɛka Amanaman Nkabom no daakye ho asɛm wɔ Bible nkɔmhyɛ mu no.

[Kratafa 5 mfoni]

Asomdwoe a ɛbɛba no yɛ adwuma a ɛyɛ den dodo ma Amanaman Nkabom no

[Asɛm Fibea]

U.S. Army photo

[Kratafa 6 mfoni]

‘Wiase no nyinaa da ɔbɔne no tumi mu.’ Amanaman Nkabom no nso ka ho

[Kratafa 7 mfoni]

Amanaman Nkabom no rentumi nyɛ nea ne bra ye nsen aman mmiako mmiako a ɛka bom yɛ no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena