Asomdwoe Ne Ahotɔ—Anidaso No
“Amanaman Nkabom no Bagua Kɛse no paee mu kae sɛ 1986 yɛ Amanaman Ntam Asomdwoe Afe. Wɔhyɛɛ da sii eyi so dua 24 October 1985, a na ɛyɛ Amanaman Nkabom no mfirihyia aduanan afahyɛ no.”
WUSUSUW asɛm a Amanaman Nkabom ahyehyɛde no kae yi ho dɛn? So ɛma wunya daakye mu ahotoso kɛse? Nnipa pii bɛka sɛ biribiara a ɛwɔ akyirikyiri mpo a ebetumi ama asomdwoe aba no yɛ nea ɛfata sɛ wɔsɔ hwɛ. Enti dɛn nti na ɛnsɛ sɛ wɔsɔ “Amanaman Ntam Asomdwoe Afe” hwɛ?
“Asomdwoe Afe” a ɛte sɛɛ yɛ nea ɛne wɔn a wɔde Amanaman Nkabom ahyehyɛde no sii hɔ no botae ahorow no behyia. Wɔ 1944 mu no, nea na ɔyɛ United States ɔmanpanyin no kae sɛ: “Yɛasi yɛn bo . . . sɛ yɛbɛboaboa aman a wɔdɔ asomdwoe no ano na wɔnam biakoyɛ wɔ nea wɔn kɔn dɔ, biakoyɛ wɔ nea wɔpɛ, ne biakoyɛ wɔ ahoɔden mu so atumi asi so dua sɛ wɔremma obi a ɔbɛpɛ sɛ ɔyɛ ntuafo anaa nkonimdifo no kwan mma omfi ase mpo. Ɛno nti na efi ɔko no mfiase pɛɛ ne nea ɛne yɛn sraadi ho nhyehyɛe ahorow hyia no, yɛafi ase sɛ yɛbɛto nhyɛase ama ahyehyɛde kɛse a ebekura asomdwoe ne ahotɔ mu no.”
Nnipa pii gyee saa adwene no toom. “Sɛ wobetumi de Amanaman Nkabom no asi hɔ a, na ɛyɛ nea ɛho hia sɛ nnipakuw kɛse bi gye papa a onipa betumi de aba no di, na wɔte nka sɛ wɔn anidaso no betumi ayɛ nea ɛteɛ,” saa na Defeat of an Ideal a Shirley Hazzard a ɔde mfe du yɛɛ adwuma wɔ Amanaman Nkabom ahyehyɛde no ti kyerɛwee no ka.
Ahyehyɛde a na wɔawo no foforo yi mmara daa wɔn a wɔde sii hɔ no anidaso ahorow adi: “Amanaman Nkabom atirimpɔw ahorow ne: 1. Sɛ ebekura amanaman ntam asomdwoe ne ahotɔ mu . . . 2. Sɛ ɛbɛma abusuabɔ pa ada aman ahorow no ntam a egyina obu a wɔwɔ ma hokwan ahorow a obiara wɔ ne nea nkurɔfo ankasa abɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ ho nnyinasosɛm so . . . 3. Sɛ ɛbɛma amanaman ntam biakoyɛ aba wɔ amanaman ntam ɔhaw ahorow ho dwumadi mu.” So botae horow bi a ɛte sɛɛ yɛ nea mfomso bi wɔ ho?
Nokwarem no, Amanaman Nkabom no fii ase wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye so. Esusuw wiase nsɛm a emu yɛ duru ho. Wɔ 1948 mu no, wogyee Amansan Nyinaa Mpaemuka a ɛfa Hokwan Ahorow a Nnipa Wɔ ho bi toom. Wofii nnwuma pa ahorow a ɛsom bo a na wɔde rebɛbrɛ ohia, aduankɔm, ɔyare, ne aguanfo haw no ase. Wɔde amanaman ntam gyinapɛn ahorow sisii hɔ, te sɛ nea ɛfa po so ahyɛn ne wimhyɛn ho ahobammɔ ho gyinapɛn, akwahosan ho adansedi krataa ma akwantufo a wɔkɔ mmeae ahorow bi, amanade bo a ɛyɛ biako, ne radio dwumadibea ahorow ho nhyehyɛe ho no.
Amanaman Nkabom no de ne ho hyɛɛ mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛma asomdwoe aba wɔ India ne Pakistan ntawntawdi wɔ 1947-49 mu no mu kɛse. Ɛkyerɛɛ tumi a ɛwɔ wɔ sraadi ho nsɛm mu bere a asraafo a wɔyɛɛ adwuma wɔ ne din mu kɔɔ Korea wɔ 1950 mu ne Congo (mprempren wɔfrɛ no Zaire) nso wɔ 1960 mu no. Amanaman Nkabom asraafo a wɔrehwɛ ma asomdwoe aba da so ara wɔ Cyprus ne Mfinimfini Apuei. Yiw, wɔ mfirihyia 40 a atwam no mu no, Amanaman Nkabom no abɔ mmɔden ara yiye. Aman a wɔboro 150 akyerɛ sɛ wogye eyi tom denam ananmusifo a wɔma wɔkɔ ahyehyɛde no ti wɔ New York kurom wɔ East Asubɔnten no kɔn so no so. Nanso Amanaman Nkabom no atumi adi ne botae titiriw a ɛne sɛ “ebekura amanaman ntam asomdwoe ne ahotɔ mu” no ho dwuma akodu he? Na tumi bɛn na “Amanaman Ntam Asomdwoe Afe” a wɔapae mu aka no benya?