Tumi A Wɔde Di Dwuma Wɔ Ɔkwammɔne So—So Ɛbɛba Awiei Da Bi??
AKWAN horow a nnipa a wɔnyɛ pɛ ma wohu sɛnea wɔyɛ pɛsɛmenkominya no mu biako ne pere a wɔpere hwehwɛ tumi no. Engiresini ɔkyerɛwfo Malcolm Muggeridge a wagye din no daa no adi sɛ nnipa pɛ tumi “efisɛ wonhui sɛ nea onipa asetra gyina so ne ɔdɔ . . . Nanso tumi ho akɔnnɔ yɛ nea asiane wom kɛse. Ɛno ne ade biako a Yesu Kristo powee.”
Esiane tumi ho anibere yi a abu so ne sɛnea etumi sɛe ade no nti na Agyanom a wɔde United States sii hɔ no yɛɛ mmara a ɛmaa wɔkyekyɛɛ aban tumi no mu yɛɛ no afã horow abiɛsa no: ahene, mmarahyɛfo, ne atemmufo. Ná afã horow yi bɛhwɛ asiw tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so no ano.
Wɔ Agyanom yi adwempa yi nyinaa akyi no, ɛyɛ nea tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so abu so wɔ saa asase no so. Nanso ebia sɛnea w’ankasa woahu na woate no, wɔde tumi adi dwuma wɔ ɔkwammɔne so wɔ wiase nyinaa. Nnipa a wɔde tumi dii dwuma wɔ ɔkwammɔne so de nyaa nea wɔpɛ ma epiraa wɔn mfɛfo nnipa ho kyerɛwtohɔ ayɛ abakɔsɛm mu ma. Sɛ́ nhwɛso no, susuw Aleksanda ɔkɛseɛ No, Charlemagne, Napoleon, ne Hitler ho.
Bere Bɛn Na Efii Ase?
Ntease wom sɛ wubebisa sɛ, bere bɛn na tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so yi nyinaa fii ase? Ɛho mmuae a edi mu wɔ onipa ho abakɔsɛm a edi kan ho nhoma a ɛne Bible no mu. Emu na wubetumi akenkan nsɛm a esii wɔ Eden turo no mu no ho asɛm. Satan Ɔbonsam a Bible no kyerɛ sɛ ɔyɛ abɔde ankasa no kɔn bɛdɔɔ tumi. Ɔsɔɔ adesamma abusua no hwɛe ma wofii ase wɔ bɔne kwan so. Ɔkwan koro a bɔne nam so da adi ne onipa kɔn a ɛdɔ tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so a abu so no. (Genesis 3:1-19; Romafo 5:12) Bere tenten bi a atwam mu no, Satan nyaa amanaman no ma wɔbɛhyɛɛ n’ase, ma enti otumi kae sɛ ɔde wɔn so di bɛma Yesu Kristo. (Mateo 4:10) Ɛkame ayɛ sɛ Ɔbonsam adaadaa nnipa nyinaa ama enti wobetumi aka sɛ “wiase nyinaa da ɔbɔne no. [tumi] mu.”—1 Yohane 5:19; Adiyisɛm 12:9.
Asɛm bi a ebia ɛbɛma wo ho adwiriw wo ni: Wɔn a wodi kan wɔ wɔn a wodi Ɔbonsam atirimpɔw ho dwuma no mu ne nyamesom asɔfo pii. Ɔkwan bɛn so? Wɔde tumi a wɔwɔ no adi dwuma wɔ ɔkwammɔne so de akyerɛkyerɛ atoro nkyerɛkyerɛ na ama wɔde nkurɔfo ayɛ nkoa. Atoro som asɔfo de tumi a wɔwɔ no adi dwuma wɔ ɔkwammɔne so nso denam Onyankopɔn nokware asomfo a wɔtaa wɔn no so. Stefano a ɔyɛ Kristoni mogyadansefo a odi kan no daa Israel asɔfo ho kyerɛwtohɔ a ɛyɛ awerɛhow no adi, sɛ: “Mo kɔn asen na moyɛ koma ne aso mu momonoto . . . adiyifo no mu hena na mo agyanom antaa no? Na wokum wɔn a wɔkaa ɔtreneeni no ba no ho asɛm kan no; ɔno na afei moayi no ama akum no.”—Asomafo no Nnwuma 7:51, 52.
Stefano yɛ Kristofo anokwafo pii a wodi kan a wɔtaa wɔn no mu biako. Ɔsomafo Paulo asɛm no ayɛ nokware ampa: “Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesompa tra ase Kristo Yesu mu nyinaa, wɔbɛtaa wɔn.” (2 Timoteo 3:12) Yehowa Adansefo ho kyerɛwtohɔ wɔ nnɛ bere yi mu di eyi ho adanse. Na wɔ nsase bɛyɛ 40 so mprempren no, Kristofo yi te tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so yi nka, efisɛ atumfoɔ no siw wɔn som adwuma no kwan.
Na hwɛ akwan afoforo pii a wɔfa so de tumi di dwuma wɔ ɔkwammɔne so! Baabiara a yɛbɛhwɛ no, yehu nnipa a esiane ɛno nti wosi apini. Adwumawuranom tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so ma adwumayɛfo akuw no ani bere. Nanso ɛyɛ nea ada adi nnɛ sɛ adwumayɛfo akuw no mpanyimfo nso di tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so ho fɔ. Mmusuakuw a wɔnnɔɔso hu amane wɔ wɔn a wɔdɔɔso nsam. Ɔkwan foforo a wɔfa so de tumi di dwuma wɔ ɔkwammɔne so ne mmarima a wokura dibea akɛse wɔ adwuma mu a wɔde saa hokwan no haw mmea a ebia wobesuro sɛ, sɛ wɔannyaa wɔn ho mu amma wɔn a, wɔn adwuma befi wɔn nsa no. Sɛ nhwɛso no, adwuma bi mu panyin ka kyerɛ ɔbea bi sɛ, sɛ ɔne no da a, ɔbɛma no adwuma titiriw bi.
Yiw, nnipa a wɔmmfa tumi nni dwuma wɔ ɔkwan a ɛteɛ so ayɛ wiase no ma. Wɔn a wofi pɛsɛmenkominya mu yɛ saa nyinaa da no adi sɛ wonnsuro Onyankopɔn. Dɛn nti na eyi te saa? Efisɛ Onyankopɔn Asɛm no se, “[Yehowa] suro ne bɔne tan.” (Mmebusɛm 8:13; Dwom 97:10) Sɛ́ wɔde tumi bedi dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so no nye ampa, nanso eyi renkɔ so daa.