Nea Enti A Tumi A Wɔde Di Dwuma Wɔ Ɔkwammɔne So Bɛba Awiei
ƆHENE Salomo a ɔtraa ase tete no kaa tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so no ho asɛm sɛ: “Na mesan mehwɛɛ nhyɛso [tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so] a ɛwɔ owia ase no nyinaa, na hwɛ, wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nusu, na wonni ɔwerɛkyekyefo bi, na nhyɛsofo nsam den no mu no, wonni ɔwerɛkyekyefo bi.”—Ɔsɛnkafo 4:1.
Ebia wubebisa sɛ, ‘Esiane sɛ tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so akɔ so bere tenten nti, so ɛbɛyɛ nea ɛbɛtra hɔ daa?’ Dabi, ɛrentra hɔ daa. Efisɛ sɛnea Salomo ankasa kyerɛwee bere a honhom kaa no no, Obi wɔ hɔ a ohu ne nyinaa: “Sɛ wuhu ɔbrɛfo so hyɛ ne atemmu ne trenee anidan asase bi so a, mma wo ho nwiriw wo saa asɛm no ho, na nea ɔso no, nea ɔso sen no hwɛ no, na nea ɔso koraa no wɔ wɔn so.”—Ɔsɛnkafo 5:8.
Onyankopɔn Asɛm, Kyerɛw Kronkron Bible no, kyerɛ sɛ Yehowa, ɔsorosoroni no, tumi ne nyansa nni ano, na n’atemmu teɛ na ɔyɛ ɔdɔ. Esiane sɛ ɔyɛ Onyankopɔn a ɔte sɛɛ nti, ɔrenkɔ so nnya tebea a enye yi ho koma daa. Odwontofo Dawid kyerɛwee sɛ: “Nhoran wo bo, na ebewie bɔne nko: na wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ, na wɔn a wɔtwɛn [Yehowa] no, wɔn na wobenya asase no adi.”—Dwom 37:8, 9.
Yenya awerɛhyem foforo wɔ asɛm a odiyifo Yesaia kae no mu, sɛ: “Mɛba mabɛtwe . . . abɔnefo aso, wɔn amumɔyɛ ho, na mama ahantanfo ahomaso no to atwa, na ahopoofo ahokyerɛ [tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so] abrɛ ase.”—Yesaia 13:11.
Nanso mfehaha pii ni a wɔkyerɛw saa nsɛm yi, enti dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ Yehowa Nyankopɔn bedi ne bɔhyɛ yi ho dwuma de ama tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so nyinaa aba awiei? Efisɛ wayɛ eyi a ɔbɛyɛ no ho nhwɛso wɔ mmere a atwam no mu. Ansa na Noa bere so Nsuyiri no reba no, na tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so kɛse wɔ hɔ. Yɛkenkan sɛ: “Na anuɔden ahyɛ asase so ma.” (Genesis 6:5, 11) Na so anuɔden nyɛ tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so? Saa ara na na ɛte wɔ Sodom ne Gomora nkurow abien a na wɔn bra asɛe wɔ Lot bere so no ho. (Genesis 18:20, 21; 19:4-29) Wɔ ne nyinaa mu no, Yehowa maa tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so no baa awiei. Enti yehu sɛ Yehowa Nyankopɔn nyɛ obi a ɔbɛma tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so no akɔ so daa.
Ade foforo a yebetumi agyina so agye adi sɛ Yehowa bɛyɛ ho biribi ne ninkunu a ɔtwe wɔ ne din ho no, na tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so nyinaa kã ne kɛseyɛ no. Hwɛ sɛnea ɔka ɛno ho asɛm wɔ ha: “Nea ɔhyɛ ɔbrɛfo so no bɔ ne yɛfo ahohora.” “Nea oyi ohiani ahi bɔ ne yɛfo ahohora.”—Mmebusɛm 14:31; 17:5.
Ɛnde yebetumi anya ahotoso sɛ ɔsorosoroni no remma kwan mma wɔmmɔ no ahohora bere nyinaa. Ɛno ma ɛka asemmisa biako pɛ: Bere bɛn na tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so no bɛba awiei?
Bere Bɛn Na Ɛbɛba Awiei?
Onyankopɔn Asɛm no se “ade biara wɔ ne bere a wɔahyɛ . . . ɔsoro ase.” (Ɔsɛnkafo 3:1) Ebia ebinom ho bɛpere wɔn wɔ Onyankopɔn bere a wahyɛ no ho, nanso wɔka kyerɛ yɛn sɛ: “[Yehowa] nkyɛ ne bɔhyɛ ho, . . . na mmom ɔma ne bo dwo kyɛ ma mo, ɔmpɛ sɛ nnipa bi bɛyera.”—2 Petro 3:9.
Bible nkɔmhyɛ mmamu kyerɛ sɛ yɛte wiase anaasɛ nneɛma nhyehyɛe bɔne yi nna a edi akyiri mu. Awo ntoatoaso a ɛwɔ hɔ yi ahu Yesu nkɔmhyɛ kɛse a ɛfa ne ba ne nneɛma nhyehyɛe yi awiei ho no mmamu: akodi, asasewosow, aduankɔm, ɔyaredɔm, amumɔyɛ a ɛdɔɔso, ne Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa a wɔka. (Mateo 24:1-35; Luka 21:10, 11) Ɛno da no adi sɛ yɛn bere yi ne wiase bɔne yi nna a edi akyiri no.
Esiane sɛ eyi ne nna a edi akyiri no nti, yebetumi ahwɛ kwan sɛ ɛrenkyɛ yebehu nkɔmhyɛ a ɛwɔ Sefania 3:8 no mmamu: “Monhwɛ me kwan, [Yehowa] asɛm ni, nkosi da a mɛsɔre mabegye asade. Na ɛyɛ m’atemmude sɛ meboa amanaman ano na mihyia ahenni aman, na mahwie m’abuhuruw, m’abufuhyew nyinaa, agu wɔn so; na me ninkuntwe gya no mu, asase no nyinaa bɛhyew.”
Ampa, asɛm yi ma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa Nyankopɔn bɛma tumi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so no aba awiei.