Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w87 1/1 kr. 30-31
  • Nea Yesua Fi Sɔhwɛ Ahorow A Ɛbaa Yesu So No Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Yesua Fi Sɔhwɛ Ahorow A Ɛbaa Yesu So No Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔmaa Yesaia Nkɔmhyɛ Baa Mu
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Wubedum Ntamaa Wusiwusi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • “Nea Mapaw No a Me Kra Ani Sɔ No”
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
  • Yehowa—Nea Ɔdɔ Trenee ne Atɛntrenee
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
w87 1/1 kr. 30-31

Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma

Nea Yesua Fi Sɔhwɛ Ahorow A Ɛbaa Yesu So No Mu

BERE a wɔbɔɔ Yesu asu wiei no, Onyankopɔn honhom de no kɔɔ Yudea sare so ntɛm ara. Ná nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ Yesu susuw ho, efisɛ bere a wɔbɔɔ no asu no, ‘ɔsoro buei’ sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ahu nneɛma a ɛwɔ soro. Enti afei Yesu kae n asetra sɛ Onyankopɔn ba a ɔyɛ honhom ne nneɛma a Onyankopɔn aka ho asɛm akyerɛ no no nyinaa. Ampa, nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ osusuw ho!

Yesu di nnafua 40, awia ne anadwo, wɔ sare no so na wanni aduan biara wɔ bere yi mu. Afei bere a ɔkɔm de no kɛse no, Ɔbonsam ba ne nkyɛn bɛsɔ no hwɛ, na ɔka sɛɛ “Sɛ wone Onyankopɔn ba no a, kasa na abo yi nnan abodoo.” Nanso Yesu nim sɛ ɛnteɛ sɛ ɔde anwonwade tumi a ɔwɔ no bedi dwuma de anya nneɛma a n’ankasa pɛ. Enti wampene so.

Nanso Ɔbonsam ampa abaw. Ɔfa ɔkwan foforo so. Ɔka kyerɛ Yesu sɛ onhuruw mfi asɔrefi no atifi sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn abɔfo bɛba abegye no. Nanso Yesu ampene sɛ ɔbɛyɛ anwonwade a ɛte sɛɛ. Bere a wafa Kyerɛwnsɛm no mu asɛm aka no, ɔkyerɛe sɛ enye sɛ wɔbɛsɔ Onyankopɔn ahwɛ wɔ ɔkwan a ɛte sɛɛ so.

Wɔ sɔhwɛ a ɛto so abiɛsa no mu no, Ɔbonsam nam anwonwa kwan bi so kyerɛ Yesu wiase ahenni nyinaa na ose: “Sɛ wobɛkotow asɔre me a, anka mede eyinom nyinaa mɛma wo.” Na bio nso, Yesu ampene sɛ ɔbɛyɛ nea ɛnteɛ na ɔpaw sɛ ɔbɛkɔ so adi nokware ama Onyankopɔn.

Yebetumi asua biribi afi sɔhwɛ ahorow a ɛbaa Yesu so yi mu. Sɛ nhwɛso no, ɛkyerɛ sɛ Ɔbonsam nyɛ bɔne su bi kɛkɛ sɛnea nkurɔfo binom ka no, na mmom ɔyɛ onipa ankasa a aniwa ntumi nhu no. Sɔhwɛ a ɛbaa Yesu so no nso kyerɛ sɛ wiase ahenni nyinaa yɛ Ɔbonsam dea. Ɔkwan bɛn so na kyerɛ a Ɔbonsam de kyerɛɛ Yesu no betumi ayɛ sɔhwɛ ankasa, sɛ ɛnyɛ ne de ankasa a?

Susuw eyi ho: Ɔbonsam kae sɛ ɛyɛ nea ɔpene so sɛ, sɛ Yesu bɛkotow asɔre no pɛnkoro pɛ mpo a, obetua no so ka, ɔde wiase ahenni nyinaa bɛma no. Ebia Ɔbonsam bɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ yɛn ahwɛ wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so, . ebia ɔde hokwan ahorow a ɛbɛma yɛanya wiase no mu ahonyade, tumi, anaasɛ dibea besi yɛn anim. Nanso hwɛ anyansafo ara a yɛbɛyɛ sɛ yebedi Yesu nhwɛso no akyi denam nokware a yɛbɛkɔ so adi ama Onyankopɔn so a sɔhwɛ biara a ɛbɛba yɛn so no mfa ho! Mateo 3:16; 4:1-11; Marko 1:12, 13; Luka 4:1-3.

◆ Dɛn na ɔsoro a ebue maa Yesu no kyerɛ

◆ Ɔkwan bɛn so ne Ɔbonsam bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ Yesu ahwɛ?

◆ Dɛn na yebetumi asua afi ahorow ɛbaa Yesu so no mua?

[Kratafa a ne nyinaa yɛ mfonini wɔ kratafa 31]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena