Wo Mpaebɔ Di Mũ Dɛn?
“Mede me koma nyinaa misu mefrɛɛ: Gye me so, O [Yehowa].”—DWOM 119:145, NEW WORLD TRANSLATION.
1, 2. (a) Bɛ a Yesu bui bɛn na na ɛfa mpaebɔ ho? (b) Asɛm bɛn na Yesu kae wɔ mpaebɔ abien no ho, na ɛsɛ sɛ eyi kyerɛ yɛn dɛn?
MPAEBƆ ahorow bɛn na Ɔbɔadeɛ, Yehowa Nyankopɔn, no tie. Bɛ bi a Yesu bui kyerɛ nneɛma atitiriw a ɛbɛma Onyankopɔn ama mpaebɔ ahorow ho mmuae no mu biako. Yesu kae sɛ na nnipa baanu rebɔ mpae wɔ asɔrefi wɔ Yerusalem. Na wɔn mu biako yɛ Farisini a wobu no kɛse na na ɔfoforo no nso yɛ towgyeni a wobu no animtiaa. Farisini no bɔɔ mpae sɛ: “Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka no te . . . anaa mpo ɔtowgyeni yi. Midi mmuada dapɛn mu mpɛn abien, mede nea minya nyinaa so ntotoso du du mema.” Nanso ɔtowgyeni a ɔba fam no ‘bɔɔ ne koko kae sɛ: Onyankopɔn hu me debɔneyɛfo mmɔbɔ!’—Luka 18:9-13.
2 Bere a Yesu reka mpaebɔ abien yi ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Mise mo sɛ: Oyi [towgyeni no] de bem kɔɔ ne fi mmom sen obiako [Farisini] no; na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.” (Luka 18:14) Ɛda adi pefee sɛ Yesu kyerɛe sɛ mpae a yɛbɛbɔ yɛn soro Agya no ara kwa nyɛ nea ɛdɔɔso. Sɛnea yɛbɔ mpae no—yɛn adwene nso ho hia.
3. (a) Bobɔ mpaebɔ a edi mũ ho mmara atitiriw no bi din. (b) Dɛn ne mpaebɔ ahorow binom?
3 Nokwarem no, mpaebɔ yɛ hokwan a ɛsom bo a emu yɛ duru a anibere nso wom na Kristofo a wɔwɔ nimdeɛ pii no nyinaa nim mmara atitiriw a ɛfa ho no. Nokware Nyankopɔn koro a ɔne Yehowa no na ɛsɛ sɛ wɔbɔ no mpae. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae no wɔ ne Ba, Yesu Kristo din mu. Sɛ obetie a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae no wɔ gyidi mu. Yiw, “ɛsɛ nea ɔba Onyankopɔn nkyɛn no sɛ ogye di sɛ ɔwɔ hɔ.” Bio nso, ɛsɛ sɛ obi mpaebɔ ne Onyankopɔn apɛde hyia. (Hebrifo 11:6; Dwom 65:2; Mateo 17:20; Yohane 14:6, 14; 1 Yohane 5:14) Na yehu wɔ Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso ahorow mu sɛ mpaebɔ betumi ayɛ ayeyi, aseda, adesrɛ, ne nkotɔsrɛ.—Luka 10:21; Efesofo 5:20; Filipifo 4:6; Hebrifo 5:7.
Mpaebɔ A Edi Mũ Ho Nhwɛso Ahorow
4. (a) Mpaebɔ a edi mũ ho nhwɛso bɛn na Mose ne Yosua de mae? (b) Nhwɛso ahorow bɛn na Dawid ne Ɔhene Hesekia de mae? (d) Ade biako bɛn na ɛda adi wɔ mpaebɔ ahorow yi pii mu?
4 Bere a ɛsɛ sɛ yedi ɔhaw ahorow a emu yɛ duru ho dwuma, bere a ɛho hia sɛ yesi gyinae ahorow a anibere wom, bere a yɛadi mfomso a anibere wom anaasɛ yɛn nkwa da asiane mu no, yɛn mpaebɔ ba bɛyɛ nea anibere wom na edi mu titiriw. Esiane sɛ Israelfo tew atua wɔ bere a wotiee akwansrafo du a wɔanni nokware no amanneɛbɔ a enye no akyi nti, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɛfata sɛ wɔtɔre nnipa no ase. Ɛdenam mpaebɔ a anibere wom na edi mu so no, Mose srɛɛ Yehowa sɛ mma ɔnnyɛ saa efisɛ Ne din ho asɛm wom. (Numeri 14:11-19) Bere a Israel dii nkogu wɔ Ai esiane Akan adifudepɛ nti, Yosua de awerɛhow kɛse srɛɛ Yehowa esiane ne din nti. (Yosua 7:6-9) Dawid nnwom no mu pii te sɛ mpaebɔ a anibere wom a ɛho nhwɛso titiriw ne Dwom 51. Ɔhene Hesekia mpae a ɔbɔe bere a ɔhene Sanaherib bɛtow hyɛɛ Yuda so no nso yɛ mpaebɔ a edi mũ ho nhwɛso foforo na na Yehowa din ho asɛm wom bio.—Yesaia 37:14-20.
5. Mpaebɔ a edi mũ a Onyankopɔn nkoa binom bɔe ho nhwɛso afoforo bɛn na yɛwɔ?
5 Yebetumi aka Kwadwom nhoma no ho asɛm sɛ mpae tenten a Yeremia bɔ maa ne nkurɔfo, efisɛ ɔbɔɔ Yehowa din wom mpɛn pii. (Kwadwom 1:20; 2:20; 3:40-45, 55-66; 5:1-22) Esra ne Daniel nso bɔɔ mpae a edi mu a anibere wom maa wɔn nkurɔfo na wɔkaa wɔn man mfomso ahorow kyerɛe na wɔsrɛɛ bɔne fafiri (Esra 9:5-15; Daniel 9:4-19) Na yebetumi agye adi sɛ mpae a Yona bɔe bere a na ɔwɔ apataa kɛse no yam no yɛ nea anibere wom na edi mu.—Yona 2:1-9.
6. (a) Mpaebɔ a edi mũ ho nhwɛso bɛn na Yesu yɛ maa yɛn? (b) Ade titiriw bɛn na ɛho hia na ama yɛn mpaebɔ ayɛ nea edi mũ?
6 Ansa na Yesu repaw asomafo 12 no, ɔde anadwo mũ no nyinaa bɔɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a n’Agya apɛde bɛyɛ hɔ wɔ paw a ɔbɛpaw wɔn no mu. (Luka 6:12-16) Mpae a edi mũ a Yesu bɔe anadwo ansa na wɔreyi no ama a wɔakyerɛw wɔ Yohane ti 17 no nso wɔ hɔ. Mpaebɔ ahorow yi nyinaa de adanse a emu yɛ den ma wɔ abusuabɔ pa a na Yehowa Nyankopɔn ne wɔn a wɔbɔe no wɔ no ho. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yɛma eyi yɛ ade titiriw wɔ yɛn mpae a yɛbɔ no mu sɛ ɛbɛyɛ nea edi mu a. Na ɛho hia sɛ ɛyɛ nea anibere wom na edi mũ sɛ ɛbɛyɛ nea ‘emu yɛ den’ wɔ Yehowa anim a.—Yakobo 5:16.
Sintɔ Ahorow Esiane Pɛ A Nnipa Nyɛ Nti
7. Nsɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho wɔ yɛn mpaebɔ ho?
7 Sɛnea yɛaka no, ɛda adi sɛ yɛn mpaebɔ bɛyɛ nea anibere wom na edi mũ bere a yɛwɔ tebea a ɔhaw wom mu no. Na mpae a yɛbɔ da biara no nso ɛ? So edi abusuabɔ a emu yɛ den a yɛte nka sɛ yɛne yɛn soro Agya no wɔ no ho adanse? Wɔaka no yiye sɛ: “Ɛsɛ sɛ mpaebɔ kyerɛ biribi ma yɛn sɛ ɛbɛkyerɛ biribi ama Onyankopɔn a.” So yesusuw yɛn mpaebɔ ho sɛnea ɛfata na yɛhwɛ hu sɛ efi yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma no mu ankasa?
8. Mmerɛwyɛ ahorow bɛn na ebetumi ada adi wɔ yɛn mpaebɔ mu esiane sɛ yɛyɛ nnipa a yɛnyɛ pɛ nti?
8 Ɛnyɛ den sɛ yɛbɛma yɛn mpaebɔ asɛe wɔ akwan horow yi so. Esiane yɛn awosu a ɛnyɛ pɛ nti, ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛn koma bɛdaadaa yɛn na ɛremma yɛn mpaebɔ ahorow nnya su a ɛsɛ sɛ enya no. (Yeremia 17:9) Wɔ nsɛm tebea horow pii mu no, sɛ yɛannyina ansusuw nsɛm ho ansa na yɛbɔ mpae a, yɛn mpaebɔ betumi adan ayɛ biribi a yɛasua agu yɛn tirim a yɛka bere nyinaa. Anaa, ebetumi adan ayɛ nea yetĩ mu nsɛm mu ka bere nyinaa a ɛno nso yɛ nea ɛma yɛkae asɛm a Yesu kae wɔ ɔkwan a ɛmfata a ‘abosonsomfo fa so bɔ mpae’ ho no. (Mateo 6:7, 8) Anaasɛ yɛn mpaebɔ betumi ayɛ nea ɛmfa biribi anaa obi pɔtee ho.
9. Mmerɛwyɛ afoforo bɛn na ebetumi ada adi wɔ yɛn mpaebɔ mu, na ade biako bɛn na akyinnye biara nni ho sɛ ɛde mmerɛwyɛ ahorow yi ba?
9 Ɛtɔ bere bi a, ebia yɛbɛpɛ sɛ yɛka nsɛm no ntɛmntɛm wɔ yɛn mpaebɔ mu. Nanso nea ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow ni: “Sɛ wunni adagyew a wode bɛbɔ mpae a, na wunni adagyew.” Ɛnsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yebesua nsɛm bi agu yɛn tirim na yɛatĩ mu aka bere biara a yɛrebɔ mpae no; saa ara nso na ɛho nhia sɛ Yehowa ɔdansefo bi bɛkenkan ne mpaebɔ wɔ baguam nhyiam ase. Akyinnye biara nni ho sɛ anyɛ yiye koraa no, mmerɛwyɛ yi nyinaa fã bi fi nokwasɛm a ɛyɛ sɛ yentumi mfa yɛn aniwa nhu Yehowa Nyankopɔn, onii a yɛbɔ no mpae no. Nanso yɛrentumi nhwɛ kwan sɛ n’ani begye mpaebɔ a ɛte sɛɛ no ho, saa ara nso na yɛrennya mfaso bi mfi bɔ a yɛbɛbɔ no mu.
Mmerɛwyɛ Ahorow No A Yebedi So
10. (a) Su bɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ yenhu hia a mpaebɔ ho hia no? (b) Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso ahorow bɛn na wɔde ama?
10 Yebetumi ahwɛ yɛn ho yiye wɔ mmerɛwyɛ ahorow a yɛadi kan aka ho asɛm no ho akodu baabi a yebehu hia a mpae a yɛbɔ da biara no ho hia na ama yɛne yɛn soro Agya no anya abusuabɔ pa. Ade biako ne sɛ hu a yebehu eyi no bɛboa yɛn ma yɛahwɛ yɛn ho yiye wɔ mpae a yɛbɛbɔ no ntɛmntɛm te sɛ nea yɛpɛ sɛ yɛkɔyɛ nneɛma a ɛho hia kɛse no ho. Biribiara nni hɔ a ebetumi ayɛ nea ɛho hia kɛse sen kasa a yɛne Amansan no Nyinaa Sodifo a ɔne Yehowa Nyankopɔn no bɛkasa no. Ampa, ebia ɛtɔ bere bi a, na bere a yɛwɔ no sua. Sɛ nhwɛso no, ɔhene Artasasta bisaa ne nsahyɛfo Nehemia sɛ, “Efi dɛn so na w’anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ no?” Nehemia ‘bɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae.’ (Nehemia 2:4) Esiane sɛ na ɔne ɔhene no rehwɛ mmuae kwan ntɛm ara nti, Nehemia antumi ammɔ saa mpae no ankyɛ. Nanso yebetumi agye adi sɛ na edi mũ na na efi komam efisɛ Yehowa maa ho mmuae ntɛm ara. (Nehemia 2:5, 6) Nanso, ɛsɛ sɛ yɛtɔ yɛn bo ase bɔ mpae na yegyae nneɛma afoforo yɛ, gye sɛ wɔ mmere a ɛte saa a ɛntaa mma no mu. Sɛ yɛtaa bɔ yɛn mpae ntɛmntɛm a, ɛnde na yenhu hia a mpaebɔ ho hia kɛse no.
11. Mmerɛwyɛ foforo bɛn na ɛho hia sɛ yɛhwɛ yiye wɔ ho, na nhwɛso pa bɛn na Yesu yɛe wɔ eyi mu?
11 Mmerɛwyɛ a ebia ɛho behia sɛ yɛkwati ne nsɛm ahorow a ɛmfa biribi pɔtee ho a yebetĩ mu aka no. Mpaebɔ a ɛte sɛɛ nso ntumi mma wunhu hokwan a ɛsom bo a mpaebɔ yɛ no. Wɔ Yesu mpaebɔ nhwɛso no mu no, ɔyɛɛ nhwɛso maa yɛn wɔ eyi mu. Ɔbɔɔ nkotɔsrɛ ason a ɛsono emu biara din; abiɛsa fa nkonim a ɛsɛ sɛ trenee di ho, biako fa yɛn da biara honam fam ahiade ahorow ho na abiɛsa fa yɛn honhom mu yiyedi ho.—Mateo 6:9-13.
12. Nhwɛso ahorow a eye bɛn na Paulo de ma yɛn wɔ ka a yɛbɛka nneɛma pɔtee bi ho asɛm wɔ yɛn mpaebɔ mu no ho?
12 Ɔsomafo Paulo nso yɛ nhwɛso pa wɔ eyi mu ma yɛn. Ɔkae sɛ afoforo mmɔ mpae mma no ‘sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde nnamyɛ bɛka asɛmpa no.’ (Efesofo 6:18-20) Ɔbobɔɔ nneɛma pɔtee bi din wɔ ne mpae a ɔbɔ maa afoforo no mu. Paulo kae sɛ: “Na mebɔ eyi ho mpae sɛ mo dɔ nkɔ so mmoro so ara nimdeɛ ne ntease nyinaa mu, na moasɔ nneɛma a eye koraa no ahwɛ na moabu, na moayɛ kurennyen ne nnipa a hintiduato nni wɔn mu akosi Kristo da no, na trenee aba a ɛnam Yesu Kristo so ba no ayɛ mo ma ama Onyankopɔn anuonyam ne ayeyi.”—Filipifo 1:9-11.
13. Ɔkwan bɛn so na yebetumi abɔ mpae a edi mũ wɔ yɛn som adwuma ahorow a yɛyɛ ma Yehowa no ho?
13 Yiw, ɛsɛ sɛ yɛn mpaebɔ yɛ nea ɛfa nneɛma pɔtee bi ho na eyi hwehwɛ sɛ yesusuw yɛn mpaebɔ ho. (Fa toto Mmebusɛm 15:28 ho.) Bere a yɛwɔ asɛnka mu no, yebetumi abisa Onyankopɔn ma wama yɛn nimdeɛ, yɛayɛ anifere, ayi ayamye adi akyerɛ na yɛde nnam akasa anaasɛ waboa yɛn ma yɛadi sintɔ biara a yɛwɔ a ebetumi asiw yɛn nnamyɛ wɔ asɛnka adwuma no mu kwan ho dwuma na ɛnyɛ hyira a obehyira yɛn mmɔdenbɔ so no nkutoo. Bio nso, so yɛrentumi nsrɛ Onyankopɔn mma ɔnkyerɛ yɛn kwan nkɔ wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn no nkyɛn? Ansa na yɛbɛma baguam ɔkasa bi, anaa sɛ yɛwɔ dwumadi bi wɔ Ɔsom Nhyiam anaa Teokrase Sukuu no mu a, yebetumi asrɛ Yehowa ma wama ne honhom kronkron no aba yɛn so kɛse. Dɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi anya ahotoso ne akokoduru na yɛatumi de nnamyɛ ne gyidi akasa na ama yɛahyɛ Onyankopɔn anuonyam na yɛahyɛ yɛn nuanom den. Mpaebɔ ahorow a ɛte saa nyinaa no nso ne nya a yebenya adwene a ɛteɛ bere a yɛrekasa no hyia.
14. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn su wɔ honam mu mmerɛwyɛ ahorow a ɛyɛ den sɛ yebedi so no ho?
14 So yɛwɔ honam mu sintɔ a ɛko tia yɛn honhom mu yiyedi a ɛte sɛ nea ɛyɛ den sɛ yebedi so? Ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛka ho asɛm pɔtee wɔ yɛn mpaebɔ mu. Sɛ́ anka yɛn aba mu bebu mmom no, ɛnsɛ sɛ yɛbrɛ wɔ ahobrɛase ne nnamyɛ a yɛde bebisa Onyankopɔn ma waboa yɛn na ɔde afiri yɛn no ho. Yiw, wɔ tebea horow a ɛte sɛɛ mu no, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛkɔ Yehowa nkyɛn te sɛ nea abofra bi kɔ n’agya nkyɛn bere a ohyia ɔhaw no, ɛmfa ho sɛ mpɛn ahe na yɛbɔ Onyankopɔn mpae wɔ mmerɛwyɛ koro no ara ho. Sɛ nea yɛka no fi komam ampa a, Yehowa bɛboa yɛn na yebehu sɛ ɔde afiri yɛn. Wɔ tebea horow a ɛte saa mu no, yebetumi anya awerɛkyekye afi ka a ɔsomafo Paulo kae sɛ na ɔwɔ ɔhaw bi no mu.—Romafo 7:21-25.
Mmoa A Ɛbɛma Yɛabɔ Mpae A Edi Mu
15. Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde kɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu?
15 Sɛ yɛn mpaebɔ bɛyɛ nea edi mũ ampa a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebeyi nneɛma afoforo nyinaa a ɛmfa mpaebɔ no ho no afi yɛn adwenem na yɛde yɛn adwene asi nokwasɛm a ɛyɛ sɛ yɛrekɔ Onyankopɔn kɛse a ɔne Yehowa no anim no so. Ɛho hia sɛ yɛde obu kɛse kɔ n’anim na yehu ne kɛseyɛ. Sɛnea Yehowa ka kyerɛɛ Mose no, onipa biara rentumi nhu Onyankopɔn na watra ase. (Exodus 33:20) Enti ɛho hia sɛ yɛde ahobrɛase ne odwo a ɛfata kɔ Yehowa anim, ade a Yesu sii so dua wɔ n’abebu a ɛfa Farisini no ne towgyeni no ho no mu, (Mika 6:8; Luka 18:9-14) Ɛsɛ sɛ yebu Yehowa sɛ onipa ankasa. Ɛsɛ sɛ yenya adwene a na Mose kura no ara bi. “Omiaa n’ani traa mu sɛnea ohu nea wonhu no no.” (Hebrifo 11:27) Su a ɛte saa no di adanse sɛ yɛne yɛn soro Agya no wɔ abusuabɔ pa.
16. Dwuma bɛn na yɛn koma di wɔ mpae a edi mũ a yɛbɛbɔ no mu?
16 Yɛn mpaebɔ bɛyɛ nea edi mũ nso sɛ yɛde koma a ɔdɔ a ayɛ no ma kɔ Yehowa anim a. Sɛ nhwɛso no, hwɛ Yehowa Nyankopɔn ho anisɔ a na Dawid wɔ ne ɔdɔ a na ɔwɔ ma no ara a ɔdaa no adi wɔ Dwom 23 ne 103! Ná akyinnye biara nni ho sɛ na Dawid ne Oguanhwɛfo Kɛse a ɔne Yehowa Nyankopɔn no wɔ abusuabɔ pa. Wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu no, wotu yɛn fo sɛ yɛmfa ɔhyew ne nkate nkasa. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa titiriw bere a yɛrekenkan kyerɛw nsɛm ahorow na yɛyɛ saa kɛse mpo bere a yɛrebɔ yɛn soro Agya no mpae no. Yiw, yɛpɛ sɛ yɛte nka sɛ Dawid bere a ɔbɔɔ mpae yi no, sɛ: “[Yehowa], kyerɛ me w’akwan, na fa me fa w’atempɔn so. Ma mennantew wo nokware mu, na kyerɛkyerɛ me, na wone me nkwagye Nyankopɔn.” Afei nso, nea ɛkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛte nka no ne odwontofo foforo nsɛm yi: “Mede me koma nyinaa misu mefrɛ: Gye me so, O [Yehowa].”—Dwom 25:4, 5; 119:145, NW.
17. Ɔkwan bɛn so na yɛremma yɛn mpaebɔ nyɛ nea yetĩ mu nsɛm no mu ka mpɛn pii?
17 Sɛ yɛbɛma yɛn mpaebɔ akɔ so ayɛ nea edi mũ na yɛakwati tĩ a yebetĩ mu nsɛm no mu aka mpɛn pii a, eye sɛ yɛsakra adwene a ɛwom no mu. Da biara da asɛm a efi Bible no mu anaasɛ Kristofo nhoma bi a yɛkenkan betumi ama yɛanya adwene foforo bi. Yebetumi de Ɔwɛn-Aban adesua, baguam ɔkasa anaasɛ nhyiam akɛse a yɛrekɔ no asɛmti adi dwuma saa ara.
18. Sɛ yɛbɛma yɛn mpaebɔ ayɛ nea edi mũ a, dɛn na yebetumi ayɛ na ama nea yɛyɛ no ne Bible mu nsɛm ne nhwɛso ahorow ahyia?
18 Sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛboa yɛn ma yɛasiesie yɛn ho kɛse ama mpaebɔ na ama ayɛ nea edi mu kɛse no, eye sɛ yɛbɛsakra yɛn honam fam gyinabea. Ɛdefa baguam mpaebɔ ho no, yesi yɛn ti ase. Nanso ɛdefa mpae a yɛn ankasa bɔ ho no, ebinom ahu sɛ eye sɛ wɔbɛkotow wɔ Yehowa anim bere a wɔrebɔ mpae sɛ ankorankoro anaasɛ abusua no, efisɛ wohu sɛ saa gyinabea no ne ahobrɛase adwene a wobenya no hyia. Wɔhyɛ yɛn wɔ Dwom 95:6 sɛ: “Mommra mma yemmutuw nkotow nsɔre [Yehowa], yɛn yɛfo anim.” Salomo buu nkotodwe bere a na ɔrebɔ ne mpae bere a wɔrehyira Yehowa asɔrefi no so no, na Daniel de yɛɛ ne su sɛ obebu nkotodwe bere a ɔrebɔ mpae no.—2 Beresosɛm 6:13; Daniel 6:10.
19. Eye sɛ wɔn a ɛsɛ sɛ wɔbɛbɔ mpae wɔ baguam no ma nokwasɛm ahorow bɛn tra wɔn adwenem?
19 Esiane hia a mpaebɔ ho hia nti, ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔapaw wɔn no de atɛmpa di dwuma wɔ nea wɔbɛfrɛ no ma wabegyina asafo no ananmu abɔ mpae no mu. Ɛsɛ sɛ onipa a wɔabɔ no asu a ɔregyina asafo no ananmu no yɛ ɔsomfo a ne ho akokwaw. Ɛsɛ sɛ ne mpaebɔ da no adi sɛ ɔne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ pa. Na ɛsɛ sɛ wɔn a wonya hokwan bɔ mpae a ɛte saa no susuw te a wɔbɛte no ho, efisɛ ɛnyɛ sɛ wɔrebɔ mpae no ama wɔn ho nko na mmom wɔrebɔ ama asafo no nyinaa nso. Anyɛ saa a, ɛbɛyɛ dɛn na asafo no mufo a wɔaka no betumi ne no abom aka sɛ “Amen” bere a wabɔ mpae no awie no? (1 Korintofo 14:16) Nokwarem no, sɛ wɔn a aka no betumi aka “Amen” yiye a, ɛsɛ sɛ wotie mpaebɔ no yiye na ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn adwene kyinkyin na mmom ɛsɛ sɛ wɔma mpaebɔ no yɛ sɛ wɔn ankasa de. Kɔkɔbɔ foforo a yebetumi de aka ho nso ne sɛ esiane sɛ Yehowa na wɔbɔ no mpae a ɛte saa nti, ɛnsɛ sɛ wɔde kasa kyerɛ atiefo no anaasɛ wɔde da wɔn ankasa nsusuwii adi.
20. Esiane sɛ mpaebɔ a edi mũ a wɔbɔ no dennen ma atiefo nya nhyira nti, nyansahyɛ bɛn na wɔde ama?
20 Sɛ mpae a wɔbɔ no dennen yɛ nea edi mũ ampa, ɛma atiefo no nya nhyira. Esiane sɛ eyi te saa nti, eye sɛ anyɛ yiye koraa no, awarefo ne mmusua ahorow bom bɔ mpae biako da biara. Wɔ mpaebɔ no mu no, onipa biako te sɛ ebia abusua no ti no bɛkasa ama afoforo no anaasɛ wɔn a aka no.
21. Sɛ yɛn mpaebɔ bɛyɛ nea edi mũ a, asɛm foforo bɛn na ɛho hia sɛ yesusuw ho?
21 Sɛ yɛn mpaebɔ bɛyɛ nea edi mũ ampa a, asɛm foforo bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho. Eyi ne nokwasɛm a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ ade ma ɛne yɛn mpaebɔ hyia, na eyi kyerɛ dɛn? Ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛtra ase ma ɛne yɛn mpaebɔ hyia na yedi nea yɛrebɔ mpae ahwehwɛ no ho dwuma. Yebesusuw eyi ho wɔ asɛm a edi so no mu.
Wubebua Dɛn?
◻ Mpaebɔ a edi mũ a wɔakyerɛw wɔ Kyerɛwnsɛm mu no bi ne nea ɛwɔ he?
◻ Esiane sɛ yɛyɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ nti, ɔkwan bɛn so na mfomso betumi aba yɛn mpaebɔ mu?
◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi adi mmerɛwyɛ ahorow bi ho dwuma wɔ mpaebɔ mu?
◻ Nneɛma a ɛbɛboa yɛn ma yɛabɔ mpae a edi mu no bi ne nea ɛwɔ he?