Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 9/15 kr. 4-6
  • Henanom Mpaebɔ Na Wobua?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Henanom Mpaebɔ Na Wobua?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adanse a Ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Bua Mpaebɔ
  • Nea Enti a Ommua Mpaebɔ Ahorow Bi
  • “Wotiee” Yesu
  • Sɛnea Yehowa Bua Mpaebɔ Nnɛ
  • Wɔabua Wɔn Mpaebɔ
  • Bɛn Onyankopɔn Wɔ Mpaebɔ Mu
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • Sɛnea Yehowa Bua Yɛn Mpaebɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Nnianim Nsɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
  • Wo Mpaebɔ Di Mũ Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 9/15 kr. 4-6

Henanom Mpaebɔ Na Wobua?

YEHOWA ne Onyankopɔn a obua mpaebɔ. Nokwarem no, n’Asɛm a ɛne Bible no frɛ no “mpaebɔ Tiefo.” (Dwom 65:2) Ɔwɔ ɔpɛ sɛ obebua mpaebɔ ahorow. Nanso henanom mpaebɔ na obua ankasa?

Onyankopɔn bua wɔn a wɔsɔ n’ani no mpaebɔ. Wɔwɔ obu kɛse a odwontofo no wɔ no bi, nea ɔkae sɛ: “Sɛ ɔforote pere hwehwɛ nsuwa no, sɛ me kra pere hwehwɛ wo, Nyankopɔn, ne no. Onyankopɔn, nkwa Nyankopɔn ho kɔm de me kra.” (Dwom 42:1, 2) Nanso, adanse bɛn na yɛwɔ a yɛde bɛkyerɛ sɛ Yehowa bua ne nokware asomfo mpaebɔ?

Adanse a Ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Bua Mpaebɔ

Bible no kura kyerɛwtohɔ pii a ɛkyerɛ sɛ Yehowa bua ne nkoa anokwafo mpaebɔ. Sɛ nhwɛso no, bere a Yuda Hene Yehosafat bɔɔ mpae sɛ Onyankopɔn nnye no no, obuaa ne mpaebɔ no na ɔnam n’atamfo a ɔma wokunkum wɔn ho wɔn ho no so ma odii nkonim. (2 Beresosɛm 20:1-26) Bere a Ɔhene Hesekia hyiaa asraafo dɔm bi a wɔyɛ den no, ɔde ahobrɛase bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmmoa no. Hesekia huu Yehowa nkwagye bere a ɔbɔfo biako kunkum Asiriafo 185,000 da koro anadwo no.​—Yesaia 37:14-20, 36-38.

Dɛn nti na Yehowa buaa saa mpaebɔ no? Wɔ nsɛm abien no nyinaa mu no, ahene no kae sɛ nkogu a wobedi wɔ ɔko no mu no bɛma wɔaka Yehowa din ho asɛmmɔne (2 Beresosɛm 20:6-9; Yesaia 37:17-20) Na wodwen ne din ho. The International Standard Bible Encyclopedia no se: “Mpaebɔ atirimpɔw titiriw nyɛ adepa a ɔdesrɛfo no benya kɛkɛ, na mmom Onyankopɔn din a wɔbɛhyɛ no anuonyam.” Enti, Yehowa nkoa anokwafo betumi anya awerɛhyem sɛ “ne din nti” ɔbɛboa wɔn. Kyerɛwtohɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔabua mpaebɔ a ɛte sɛɛ no ma Onyankopɔn nkurɔfo nya ahotoso sɛ otie wɔn mpaebɔ.​—Dwom 91:14, 15; 106:8; Mmebusɛm 18:10.

Nanso, sɛ tebea bi fa Yehowa din ho mpo a, Onyankopɔn na osi gyinae sɛ ebia ɛsɛ sɛ obua mpaebɔ ahorow bi anaa ɛnsɛ sɛ obua. Ebia na ɔwɔ nnyinaso bi a ɛteɛ a enti ɛnsɛ sɛ obua mpaebɔ ahorow bi no. Sɛ yɛte nka sɛ ontie yɛn mpaebɔ a, ɛyɛ papa sɛ yebesusuw nea enti a ebia ɛte saa no ho.

Nea Enti a Ommua Mpaebɔ Ahorow Bi

Bere bi Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Moma mpaebɔ dɔɔso a, me de, merentie.” Ɔrekyerɛ nea enti a ɔka saa no, ɔtoaa so sɛ: “Mogya ayɛ mo nsa mama.” (Yesaia 1:15) Ɔkwan bɛn so na obi betumi abu n’ani agu Yehowa mmara so na ɔne no atumi akasa ma ayɛ yiye? Bible abebusɛm bi de mmuae a emu da hɔ pefee ma, bere a ɛka eyi no: “Nea oyi n’asõ fi mmara tie ho no, ne mpaebɔ mpo yɛ akyide.”​—Mmebusɛm 28:9.

Bible no kyerɛ biribi foforo nti a ontie mpaebɔ ahorow bi no, bere a ɛka eyi no: “Mubisa na munnya, efisɛ mubisa no bɔne, sɛ mobɛhwere no mo anigyede mu.” (Yakobo 4:3) Dabi, Yehowa remmua mpaebɔ a wɔde di akɔnnɔ bɔne ho dwuma. Ɛsɛ sɛ yɛkae nso sɛ Onyankopɔn nnye ahyɛde mfi nnipa hɔ, sɛ yɛbɛka no saa a. Ɔno na Osi sɛnea obebua yɛn mpaebɔ ho gyinae.

Mpae a akyinnye biara nni ho sɛ obebua no ne nea wɔde koma a emu tew ne adwempa bɔ na wɔde fa ne kwan a wakyerɛ so​—denam Yesu Kristo so. (Yohane 14:6, 14) Nanso ɛtɔ mmere bi a, wɔn a wodu saa ahwehwɛde no ho mpo te nka sɛ ontie wɔn. Dɛn nti na Onyankopɔn mmua ne nkoa mpaebɔ ahorow bi ntɛm ara?

Yehowa nim bere a eye sen biara a ɛsɛ sɛ obua mpaebɔ. Ɛwom sɛ ebia abarimaa bi bɛka sɛ n’agya ntɔ baesekre mma no de, nanso ebia ɔrentɔ bi mma no kosi sɛ abofra no benyin adu baabi a ɔtra so a ɔrempira. Ebia saa ara na Onyankopɔn bɛyɛ wɔ wɔn a wɔdɔ no no mpaebɔ ahorow bi ho. Esiane sɛ onim nea eye sen biara ma wɔn nti, ɔde nea wohia ma wɔn wɔ bere a eye sen biara mu.

Nanso, Yehowa nkoa nsa renka biribiara a ebia wɔbɔ mpae bisa no. Esiane sɛ wɔnyɛ pɛ nti, ebia wɔn kɔn bɛdɔ biribi a ebepira wɔn. Wɔn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no remfa biribiara a ebedi wɔn awu mma wɔn, efisɛ ɔne “akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa” Mafo. (Yakobo 1:17) Saa ara nso na ebia Onyankopɔn remfa biribi a ohu sɛ ɛho nhia mma. (Fa toto 2 Korintofo 12:7-10 ho.) Obua mpaebɔ a ɛne n’apɛde ne n’atirimpɔw ma ne nkurɔfo hyia.​—1 Yohane 5:14, 15.

“Wotiee” Yesu

Na Yesu Kristo yɛ obi a ɔpɛ mpaebɔ. (Mateo 6:9-13; Yohane 17:1-26) Na ɔwɔ ahotoso a edi mũ sɛ ne soro Agya no betie ne mpaebɔ. Yesu kaa bere bi sɛ: “Agya, . . . minim sɛ wutie me daa.” (Yohane 11:41, 42) Na so Yesu aba mu ammu wɔ n’asase so adwuma no awiei pɛɛ? So wanteɛm sɛ: “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, dɛn nti na woagyaw me?”​—Mateo 27:46.

Bere a Yesu kaa saa asɛm no, na ɛda adi sɛ ɔrema ne wu ho nkɔmhyɛ bi abam. (Dwom 22:1) Sɛ yɛbɛka no tiawa a, ebetumi aba sɛ na Yesu kyerɛ sɛ Yehowa ayi n’ahobammɔ, na wama ne Ba no awu animguase wu yayaw ma wɔde asɔ ne mudi mu kura ahwɛ akodu ase. Nsɛm a esisii wɔ saa Yesu asase so asetra da a etwa to no mu nhwehwɛmu no kyerɛ sɛ Onyankopɔn tiee ne mpaebɔ no.

Anadwo a wɔkyeree Yesu no, ɔbɔɔ mpae wɔ Getsemane turo no mu. Ɔsrɛe mprensa sɛ: “M’agya, sɛ ebetumi a, ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ!” (Mateo 26:39, 42, 44) Na ɛnyɛ sɛ Yesu mpɛ sɛ ɔde ne nkwa bɛma sɛ agyede ama adesamma mu gyidifo. Dabi, mmom no na ɛda adi sɛ odwen sɛnea ne wu wɔ asɛnnua so sɛ obususɛnkafo a wɔadome no no betumi agu n’Agya a ɔdɔ no yiye ho fi no ho. So Yehowa tiee Yesu mpaebɔ no?

Mfe pii akyi no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɔno na ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotɔsrɛ brɛɛ nea obetumi agye no afi owu mu wɔ nteɛm a emu yɛ den ne nusu mu, na ɔfɛre nti wotiee no.” (Hebrifo 5:7; Luka 22:42, 44) Yiw, “wotiee” Yesu anadwo a ade bɛkye ma wawu a ohuu amane wom no. Nanso ɔkwan bɛn so?

Yehowa somaa ɔbɔfo ma ‘obeyii ne ho kyerɛɛ Yesu hyɛɛ no den.’ (Luka 22:43) Esiane sɛ wɔhyɛɛ Yesu den nti, otumi gyinaa owu ano wɔ asɛndua so. Ebia, Yehowa maa no awerɛhyem saa bere no sɛ ne wu wɔ asɛnnua so no remfa ahohorabɔ mma din kronkron no so, na mmom awiei koraa no, ɛno na ɛbɛyɛ ade a wɔde bɛtew ho. Nokwarem no, Yesu wu wɔ asɛnnua no so no buee kwan ma wogyee Yudafo a na wɔadome wɔn wɔ Mmara no ase no fii owu afobu ase.​—Galatifo 3:11-13.

Ne nnansa so no, Yehowa nyan Yesu fii owu mu na obuu no bem wɔ abususɛm sobo biara a wɔbɔɔ no ho denam ma a ɔmaa no ɔsoro dibea a ɛkorɔn no so. (Filipifo 2:7-11) Anwonwa kwan a ɔnam so buaa mpae a Yesu bɔe wɔ “kuruwa yi” ho bɛn ara ni! Yehowa buaa saa mpaebɔ no wɔ ɔkwan a ɔpɛ so. Na Yesu nyaa nhyira horow a ɛyɛ nwonwa efisɛ ɔka kyerɛɛ ne soro Agya no sɛ: “Ɛnyɛ nea mepɛ, na nea wopɛ nyɛ.”​—Luka 22:42.

Sɛnea Yehowa Bua Mpaebɔ Nnɛ

Te sɛ Yesu no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Yehowa ani nnɛ no bisa bere nyinaa sɛ Onyankopɔn pɛ nyɛ hɔ. Ɛsɛ sɛ wonya gyidi sɛ Yehowa bebua wɔn mpaebɔ wɔ ɔkwan a wobenya mu mfaso kɛse so. Nokwarem no, ‘ɔbɛyɛ nea ɛboro so kyɛn nea wɔsrɛ anaasɛ wosusuw.’​—Efesofo 3:20.

Kristoni ababaa bi a ɔne n’awofo a wɔnyɛ gyidifo trae huu nokware a saa kyerɛwsɛm no yɛ. Wɔka kyerɛɛ no wɔ krataa bi a Ɔwɛn Aban Asafo no kyerɛw kɔmaa no no mu sɛ ɔmfa mpaebɔ nsusuw gye a obetumi agye asɛmpatrɛw adwuma titiriw bi atom no ho. Ɛwom sɛ na nea ne koma pɛ ne sɛ ɔbɛtra fie aboa n’awofo ma wɔabɛyɛ Kristofo de, nanso obisaa Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Dɛn ne w’apɛde? So ɛne sɛ mɛpene nsato yi so wɔ m’awofo ɔsɔretiaa nyinaa akyi, anaasɛ ɛne sɛ memmoa m’awofo denam wɔn nkyɛn a mɛkɔ so atra no so?” Bere biara a ɔbɔ mpae no, n’ahonim ka kyerɛ no sɛ ɔmpene nsato no so. Osii gyinae sɛ eyi ne mmuae a Yehowa de ma no.

Onyankopɔn hyɛɛ ɔbea yi den ma okuraa ne gyinaesi no mu. Bere a wɔka kyerɛɛ no sɛ ontu nkɔtra Awaji Island, Japan, so no, ɛhaw n’awofo na womiaa wɔn ɔsɔretia no mu. Nanso, esiane sɛ wɔantumi amma wansakra n’adwene nti, ne maame sii gyinae sɛ obesua Bible no na ama wahu nea enti a ne babea no asi gyinae a ɛte sɛɛ no kɛkɛ. Asram abiɛsa akyi no, n’awofo kɔsraa no. Bere a wohui sɛnea Yehowa Adansefo afoforo rehwɛ no yiye no, ne papa ani gyei yiye, na osui bere a ɛkaa ne nkutoo no. Ankyɛ ɔno nso fii ase suaa Bible no. Awiei koraa no, wɔbɔɔ ababaa yi awofo baanu nyinaa asu na wofii ase de nokwaredi som Yehowa. So Yehowa anhyira Kristoni ɔbea yi ma ammoro so ankyɛn so?

Wɔabua Wɔn Mpaebɔ

So wokae nsɛm a ɔbea a yɛaka ne ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mfiase no kae no? Na ɔntee nka da sɛ wɔabua ne mpaebɔ. Nanso, akyiri yi ohui sɛ Onyankopɔn bua ne mpaebɔ. Na ɔbea no ayɛ ne mpaebɔ mu abisade atitiriw ho kyerɛwtohɔ. Da koro ɔhwɛɛ nhoma no mu na ohui sɛ Yehowa atie ne mpaebɔ no mu pii, na nea n’ankasa werɛ afi no mpo ka ho! Enti ohui sɛ Onyankopɔn hwɛ no na ɔde ɔdɔ bua ne mpaebɔ wɔ ɔkwan a ɛma onya mu mfaso kɛse so.

Sɛ wote nka sɛ wommua wo mpaebɔ a, bisa wo ho sɛ: ‘So me ne Yehowa, “mpaebɔ Tiefo” no wɔ abusuabɔ? Sɛ ɛnte saa a, so mereyɛ nhyehyɛe asua ne ho ade na mabɛyɛ ne nkoa a wɔahyira wɔn ho so no mu biako?’ Obua wɔn a wɔdɔ no na wɔyɛ n’apɛde no mpaebɔ. ‘Wokura mpaebɔ mu ara’ na otie wɔn, te sɛ nea otiee Yesu no. (Romafo 12:12) Enti, ‘yi wo yam kyerɛ’ Yehowa, na yɛ n’apɛde. (Dwom 62:8) Afei obetie wo mpaebɔ.

Ɛnnɛ, nnipa ɔpepem pii rebɔ biribi titiriw ho mpae. Yiw, na otie wɔn mpaebɔ. Ma yɛnhwɛ nea enti a yebetumi agye adi sɛ obebua mpaebɔ a ɛte sɛɛ no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena