Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 2/1 kr. 3-4
  • Ahoɔfɛ Betumi Ayɛ Honam Ani De Ara Kwa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahoɔfɛ Betumi Ayɛ Honam Ani De Ara Kwa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Biribi a Ɛsen Ahoɔfɛ
  • Mfiri a Nipadua Mu Ahoɔfɛ Sum
  • Mmarima Ahoɔfɛ
  • Nokware Ahoɔfɛ​—Wubetumi Anya
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Ahoɔfɛ
    Nyan!—2016
  • Akoa Bi a Ɔyɛɛ Nea Onyankopɔn Pɛ
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • “Ɛbɛyɛ Dɛn na Matumi Adi Amumɔyɛsɛm a Ɛte Sɛɛ?”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 2/1 kr. 3-4

Ahoɔfɛ Betumi Ayɛ Honam Ani De Ara Kwa

NÁ ƐDA adi yiye sɛ Hawa, ɔbea a odi kan a ɔno nkutoo ne ɔbea a Onyankopɔn bɔɔ no no ne ɔbea hoɔfɛfo a ɔsen biara a watra ase pɛn. Nanso ɔne ne kunu Adam tew atua tiaa Yehowa. Enti Hawa hweree ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ a na emu yɛ den no na onyaa amanehunu kɛse a wɔde baa adesamma abusua no so no mu kyɛfa. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔ eyi akyi no, na ne ho da so ara yɛ fɛ, nanso na n’ahoɔfɛ no yɛ honam ani de ara kwa.

Ahoɔfɛ titiriw yɛ akyɛde a Onyankopɔn de ma, na ebinom wɔ bi fi awo mu sen afoforo. Ebinom pɛ sɛ anka wɔn ho yɛ fɛ yiye​—sen sɛnea wɔte no, na nnipa pii sɛe bere ne sika de di ahoɔfɛ biara a wɔwɔ no ho dwuma na ama akɔ anim. Nanso sɛnea Hawa osuahu no da no adi no, awiei koraa no ahoɔfɛ nkutoo yɛ ade a mfaso nni so gye sɛ su horow afoforo ka ho. Su horow afoforo bɛn? Asɛm bi a esii wɔ Ɔhene Salomo bere so no boa yɛn ma yebua saa asɛm no.

Biribi a Ɛsen Ahoɔfɛ

Bible nhoma a ɛne Nnwom mu Dwom no ka akuraase ababaa hoɔfɛfo bi, Sulamitni bi a na ɔdɔ oguanhwɛfo abarimaa bi a na ɔte faako a ɔwɔ no ho asɛm. N’ahoɔfɛ no maa ɔhene no ani gyee ne ho, na ɔmaa wɔde no baa Yerusalem a na ɔwɔ anidaso sɛ ɔbɛma wayɛ ne yere. Hwɛ hokwan ara a ababaa anya! Na obetumi de n’ahoɔfɛ no adi dwuma wɔ hɔ ma wanya ahonyade, tumi, ne nkɛntɛnso wɔ ahenni no mu. Nanso ababaa no pow adɔkɔdɔkɔsɛm a ɔhene no ka kyerɛɛ no no pintinn. Ɔpow Yerusalem anuonyam ne n’ahonyade na ɔkɔɔ so dii nokware maa n’aberante a ɔyɛ oguanhwɛfo no. Wɔ ne fam no, na ahoɔfɛ yɛ ade a ɛnyɛ honam ani de ara kwa. Na ɔnyɛ obi a n’adwenem mu nnɔ anaa odifudepɛfo. Mmom no, na ɔwɔ komam ahoɔfɛ a na ne nenabea Hawa nni.​—Nnwom mu Dwom 1:15; 4:1; 8:4, 6, 10.

Mfiri a Nipadua Mu Ahoɔfɛ Sum

Bere a nipadua mu ahoɔfɛ ye no, ebetumi de ɔhaw ahorow a komam ahoɔfɛ remma ɛmma da no aba. Sɛ nhwɛso no, bɛyɛ mfe 4,000 a atwam ni no, na tete agya Yakob wɔ babea bi a ne din de Dina a na akyinnye biara nni ho sɛ ne ho yɛ fɛ yiye. Bere a ɔsɛee bere ne “asase no so mmea” bɔe wɔ ɔkwan a nyansa nnim so no, aberante bi a ne din de Sekem nyaa ne ho anigye araa ma ɔfaa no ne no dae.​—Genesis 34:1, 2.

Bio nso, sɛ obi amfa komam ahoɔfɛ ammata nipadua mu ahoɔfɛ ho a, ɛbɛma wahoman. Na Ɔhene Dawid wɔ babarima bi a ne din de Absalom a yɛkenkan ne ho asɛm sɛ: “Nso Israel nyinaa mu biara ho nyɛ fɛ sɛ Absalom, na ɛma wɔkamfo no sɛ.” (2 Samuel 14:25) Nanso na Absalom nipadua mu ahoɔfɛ no kata omumo a na ɔyɛ wɔ komam no so. Na ɔyɛ ahomaso, anuonyampɛ ne otirimɔdenfo. Aberantewaa no de n’ahoɔfɛ dii dwuma wɔ anifere kwan so de nyaa akyidifo wɔ Israel na afei ɔpam n’agya a na odi hene no ti so. Awiei koraa no, wokum no nanso ɔbarima hoɔfɛfo yi maa ahemman no mufo twaa wɔn ho koe ansa na wɔrekum no.

Mmarima Ahoɔfɛ

Sɛnea Absalom asɛm no da no adi no, Bible ka mmarima ne mmea nso ho asɛm sɛ wɔn ho yɛ fɛ. Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosef a na ɔyɛ Dina agya ba kumaa a wamma ne mmarima ahoɔfɛ ansum no afiri no yɛ nhwɛso biako. (Genesis 30:20-24) Bere a na Yosef yɛ aberantewaa no, ne nuabarimanom no tɔn no sɛ akoa ma wɔde no kɔɔ Misraim esiane ne ho ninkunu a wɔtwee nti. Ɔsraafo panyin bi a ne din de Potifar tɔɔ no wɔ hɔ, na esiane sɛ na ɔyɛ ɔnokwafo ne nsi nti, ɔyɛɛ Potifar fie sohwɛfo. Saa bere no na ‘Yosef ho ne n’anim yɛ fɛ.’​—Genesis 39:6.

Potifar yere nyaa Yosef ho akɔnnɔ bɔne na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa no ma ɔne no ada a wamfɛre. Nanso aberantewaa no kyerɛe sɛ na ɔwɔ komam ahoɔfɛ ne nipadua mu de nso. Wampene sɛ ɔbɛyɛ bɔne atia ne wura Potifar, na oguan gyaw ɔbea no hɔ. Esiane eyi nti, wɔde no kɔtoo afiase. Dɛn ntia? Potifar yere a ne nsa anka nea ɔhwehwɛ no twaa atoro too no so sɛ ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔne no bɛda! Nanso saa osuahu a ɛyɛ yaw yi mpo ansɛe Yosef adwene na ne nhwɛso pa wɔ ɔhaw a na emu yɛ den mu no ahyɛ nnipa komapafo nkuran fi saa bere no.

Sɛnea nhwɛso ahorow yi da no adi no, komam ahoɔfɛ​—titiriw nipasu a ɛyɛ fɛ bere a egyina Onyankopɔn mu gyidi so titiriw no​—ho hia kɛse sen nipadua mu ahoɔfɛ. Ɛho hia sɛ mmerante ne mmabaa a woresusuw aware ho no hu eyi. Ɛsɛ sɛ adwumawuranom a wɔhwehwɛ adwumayɛfo kae eyi. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ma ɛtra yɛn adwenem sɛ, sɛ ebia yɛn ho yɛ fɛ anaasɛ dabi no, yebetumi anya saa komam ahoɔfɛ a ɛho hia kɛse yi. Nanso dɛn na ɛka bom yɛ komam ahoɔfɛ yi? Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya? Yɛbɛka eyi ho asɛm wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena