Nokware Ahoɔfɛ—Wubetumi Anya
BIBLE no wɔ afotu ma mmarima ne mmea nyinaa wɔ ahoɔfɛ ho. Wɔ mmarima fam no, ɛka sɛ: “Mmerante ahoɔfɛ ne wɔn tumi.” (Mmebusɛm 20:29, NW) Yiw, mmerante ahoɔden betumi akanyan anigye kɛse. Nanso sɛ saa mmerante ahoɔden no so huan a, dɛn na ɛba? Bible mu bɛ bi ka sɛ: “Abotiri a ɛyɛ fɛ ne dwen, wohu no trenee kwan so.” (Mmebusɛm 16:31) Trenee yɛ komam ahoɔfɛ no fã bi. Sɛ aberante bi sua trenee a, ɛbɛkɔ so atra hɔ bere a ne mmerante bere mu ahoɔden a ɛyɛ fɛ no sa no.
Bible no ka mmea ho asɛm sɛ: “Osoowayɛ yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ yɛ ahuhuhude; ɔbea a osuro [Yehowa] na wobeyi no ayɛ.” (Mmebusɛm 31:30) Ababaa osoowa ne ɔhoɔfɛfo no yɛ ɔhokafo a ne ho yɛ anigye. Nanso sɛ nyaatwomyɛ ne pɛsɛmenkominya a ɛda ahomaso adi hyɛ nipadua mu ahoɔfɛ no akyi nso ɛ? Ɛnde na ahoɔfɛ no yɛ honam ani de ara kwa na ɛkata omumɔ a ɔyɛ wɔ komam no so. Sɛ ahoɔfɛ no sa a, dɛn na ɛbɛka? Hwɛ ye a eye sɛ anka ɔde komam ahoɔfɛ a ɛnsa a egyina ‘Yehowa suro’ so bɛbata nipadua mu ahoɔfɛ no ho!
Nipasu a Wɔsakra No
So ebetumi aba sɛ obi betumi anya komam ahoɔfɛ yi? Yiw. nokwarem no, ɛsɛ sɛ Kristofo nya bi. Onyankopɔn bu nokware ahoɔfɛ sɛ ɛsom bo. “Wayɛ ade nyinaa fɛfɛ ne bere mu.” (Ɔsɛnkafo 3:11) Ɔrennye wɔn a wɔn abrabɔ da komam su horow a ɔdɔ nnim adi no som ntom.
Ɔsomafo Paulo nsɛm a ɔkyerɛw kɔmaa Kolosefo no kyerɛ sɛnea ɛho hia sɛ obi nya komam ahoɔfɛ. Nea edi kan no, otu fo sɛ: “Munyi abufuw, bobɔne, bɔnepɛ, abususɛm ne aniwusɛm nyinaa mfi mo anom ngu. Munnnnidi atoro nnkyerɛkyerɛ mo ho. Munyi onipa dedaw no ne ne nneyɛe ngu.” Yiw, Onyankopɔn—ne nnipa a wɔwɔ adwempa—kyi obiara a ɔyɛ atantanne a ɛte saa. Afei, Paulo toa so sɛ: “Monhyɛ onipa foforo a wɔyɛ no foforo kɔ nimdeɛ mu nea ɔbɔɔ no no suban so no.” (Kolosefo 3:8-10) Ɛsɛ sɛ ‘yɛhyɛ’ nsusuwii ne nkate a ɛne Onyankopɔn apɛde hyia. Dɛn na ɛhyɛ “nipasu” foforo yi nsow titiriw?
Kristofo Su Horow
Bible no bobɔ su horow a ɛyɛ fɛ pii a ɛka bom yɛ eyi no din. Nanso wɔka nea komam ahoɔfɛ yi gyina so no ho asɛm wɔ Yesu nsɛm a ɔkae yi mu sɛ: “Dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu! Eyi ne mmara no mu kɛse ne nea edi kan. Na nea etia abien te sɛ ɛno: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!” (Mateo 22:37-39) Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no ma yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ nnipa a wɔsɔ n’ani. Ɔdɔ a ɛte saa no kanyan yɛn ma yɛka ne ho asɛm kyerɛ afoforo na yɛboa wɔn ma wohu wɔn Bɔfo no.—Yesaia 52:7.
Ɔsomafo Paulo ka su afoforo bi a ɛka bom yɛ nipasu foforo no ho asɛm: “Ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ. Mmara bi ngu eyinom.”—Galatifo 5:22, 23.
Afei nso, Bible no hyɛ da ka kyerɛ okununom sɛ: “Okunu yɛ ɔyere ti, sɛ Kristo nso yɛ asafo no ti no . . . Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛnea Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho mae maa no.” (Efesofo 5:23, 25) Na ɔyerenom de, Bible no ka kyerɛ wɔn sɛ: “Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, sɛ moyɛ ma Awurade . . . Ɔyere de, ɔmfɛre ne kunu.” (Efesofo 5:22, 33) Hwɛ sɛnea abusua asetra yɛ fɛ bere a okunu di n’asɛyɛde ahorow ho dwuma wɔ ɔdɔ, ɔkwan a pɛsɛmenkominya nnim so ne boasetɔ mu no! Na hwɛ sɛnea ɛyɛ mmerɛw ma ɔbarima no sɛ ɔbɛyɛ ne fam de a ɛfata bere a ɔyere no nam ɔdɔ mu a ofi boa no na ɔne no nsi akane anaa ɔnkasa ntia no dodo so da komam ahoɔfɛ adi no! Abusua asetra a ɛwɔ tebea a ɛte saa mu no betumi ayɛ anigye ampa.
Nhwɛso ahorow a yɛbobɔɔ din wɔ asɛm a edi kan no mu no daa saa su horow no bi a wɔde dii dwuma no adi kyerɛe. Sulamit abeawaa no kɔɔ so dii nokware maa n’aberante guanhwɛfo no na ɔdaa ɔdɔ a emu yɛ den adi kyerɛɛ no bere a wampene sɛ obegyae no akɔhwehwɛ Salomo ahemfi anuonyam no. Yosef daa papayɛ a na ɛyɛ ne su fi awo mu no adi bere a ɔpowee sɛ ɔbɛyɛ bɔne atia ne wura Potifar no. Ɔdaa ahosodi adi nso bere a oguanee sen sɛ anka ɔbɛma Potifar yere adaadaa no ma ɔne no ada no. Ɔyɛɛ odwo, asomdwoe, ne abodwokyɛre ho nhwɛso bere a wamma nsɛm a enye a esisii wɔ n’asetra mu no anhyɛ no abufuw no.
Ahoɔfɛ wɔ Wiase a Ɛyɛ Tan Mu
So mfaso wɔ su a ɛyɛ fɛ a ɛte saa no so nnɛ? Nnipa pii susuw sɛ ɛnte saa. Mmom no, wɔnam atirimɔdenfo a wɔyɛ no so yɛ ade de tia pɛsɛmenkominya ne adifudepɛ wiase no. Wɔte nka sɛ, sɛ wobetumi atra nkwa mu a, ɛsɛ sɛ wɔyɛ atirimɔdenfo, anuonyampɛ, wodi kan wɔ biribiara mu na wɔfa biribiara a wɔn nsa betumi aka no.
Nea ɛne eyi bɔ abira no, Bible no hyɛ nkuran sɛ: ‘Munnnwen biribi atutupɛ anaa anuonyamhunupɛ so, na mmom momfa ahobrɛase adwene mmu mo yɔnkonom nkyɛn mo ankasa mo ho na mommma obiara nnhwɛ ne nko ade, na mmom ɔnhwɛ ne mfɛfo de bi.’ (Filipifo 2:3, 4) Ɛyɛ afotu pa yi a wontie no nti na adesamma abusua no resɛe saa no.
Bio nso, wɔde sika ne dibea na ehu yiye a obi di wɔ mprempren wiase yi mu. Wobu ɔdefo sɛ obi a odi yiye. Nanso, wɔ gyinapɛn ankasa ho de, sɛ ebia obi yɛ ɔdefo anaa ohiani no ho nhia koraa. Nokwarem no, asiane ahorow wɔ ahonyade mu. Bible no bɔ kɔkɔ sɛ: “Wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a enye mma nnipa na ɛtwe wɔn kogu ɔsɛe ne ɔyera mu mu.” Ɛde ka ho sɛ: “Sika ho dɔ ne nneɛma horow a edi dɛm no nyinaa ntini.”—1 Timoteo 6:9, 10, NW.
Ɛwom, nnipa a wɔyɛ pɛsɛmenkominya, adifudepɛfo, honam fam adedodowpɛfo ne atirimɔdenfo taa dii “yiye” bere tiaa bi nnɛ. Nanso ɛno nyɛ yiyedi ankasa, efisɛ nea asetra a ɛyɛ tan a ɛte saa de ba—obi din a ɛsɛe, aware ahorow a ɛsɛe, ɔyare ne abasamtu—no dɔɔso yiye. Wɔbɔɔ onipa wɔ Onyankopɔn suban so, nanso sɛ ɔtew atua denneennen tia Onyankopɔn su horow a ɔde duaa no mu mfiase no a, n’ankasa rentumi nnya anigye da.—Genesis 1:27.
Komam Ahoɔfɛ a Yebenya
Ɛnde ɔkwan bɛn so na yebetumi ako atia wiase yi nkɛntɛnso bɔne no na yɛanya su horow a ɛyɛ papa? Bere a Paulo bobɔɔ su horow a ɛne ‘ɔdɔ, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ne anidahɔ’ din no, ɔfrɛɛ no sɛ “honhom aba.” (Galatifo 5:22, 23) Enti sɛ yebenya saa komam su horow a ɛyɛ fɛ yi a, Onyankopɔn honhom no ho hia.
Ɔkwan bɛn so? Wiɛ, Bible no a wɔnam Onyankopɔn honhom so ma wɔkyerɛwee a yebesua no bɛboa yɛn ma yɛahu su horow yi na ahyɛ ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebenya no mu den. (2 Timoteo 3:16) Ɛyɛ Yehowa Adansefo anigye bere nyinaa sɛ wɔbɛboa wɔ adwuma a ɛte saa mu efisɛ wobu no sɛ wɔn som adwuma a wɔde boa nnipa ma wosua Bible no fã. Nokwaredi a yɛde bɛhwehwɛ yɛn ankasa ho mu no bɛma yɛahu faako a yɛtɔ sin na yebetumi abɔ mpae ahwehwɛ Onyankopɔn honhom no hɔ mmoa wɔ eyi mu. Yɛn mfɛfo a wɔsom Onyankopɔn a yɛne wɔn bɛbɔ fekuw no bɛma yɛanya mmoa a efi yɛn yɔnkonom hɔ a yehia no, na Onyankopɔn honhom no boa wɔ ha nso efisɛ Yesu kae sɛ, “nea baanu anaa baasa ahyiam me din mu no, ɛhɔ na mewɔ wɔn mfinimfini.”—Mateo 18:20.
Wiase bi a Ɛyɛ Fɛ Da Yɛn Anim
Ɛwom, yɛn mu biara rentumi nni ne sintɔ ahorow so koraa, nanso sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya komam ahoɔfɛ yi a, Onyankopɔn behyira yɛn mmɔdenbɔ no so. Na obetua yɛn ka wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so. Bible no akyerɛw Onyankopɔn atirimpɔw a ɛrenkyɛ ɛde nneɛma nhyehyɛe foforo a ɛbɛyɛ soronko koraa wɔ mprempren de no ho bɛba no ho asɛm ato hɔ ama yɛn. Wɔakyerɛw wom sɛ “treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” (Dwom 37:29) Yesu ankasa kae sɛ: “Nhyira ne wɔn a wodwo, na wɔn na wobenya asase no adi.”—Mateo 5:5.
Saa bere no wɔde asomdwoe ne anigye a ɛyɛ fɛ besi saa nneɛma nhyehyɛe yi mu akansi ne pɛsɛmenkominya a ɛyɛ tan no ananmu. “Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, na [Yehowa] hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.” (Yesaia 11:9) Nokwarem no, Onyankopɔn ‘bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.’—Adiyisɛm 21:4.
So tebea horow a ɛte saa no kanyan anigye? Ebetumi aba saa efisɛ asase no sotefo benya komam ahoɔfɛ a egyina ɔdɔ ma Onyankopɔn ne wɔn yɔnko so saa bere no. Na Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ wɔn a wɔsom no mprempren, a wɔhyɛ “nipasu foforo” no na wɔbɔ mmɔden denneennen sɛ wobedi ne gyinapɛn ahorow so no behu saa bɔhyɛ no mmamu. Nipadua mu ahoɔfɛ rentumi mfa saa nhyira horow no mma. Ɛnde esiane ntease pa nti, ɛsɛ sɛ yenya saa komam ahoɔfɛ a eye na ɛtra hɔ kyɛ na nnipa a wɔwɔ adwempa ne Onyankopɔn ankasa ani gye ho kɛse no!
[Mfonini wɔ kratafa 6]
Ɛsɛ sɛ nnipa ahoɔfɛfo kwati yɛ a wɔbɛyɛ pɛsɛmenkominya ne nnaadaafo no. Mmom no, ɛsɛ sɛ wonya komam ahoɔfɛ a Onyankopɔn ani gye ho no