Yesu Asetra Ne Ne Som Adwuma
Ɔbabarima A Ɔyerae No Ho Asɛm
NA FARISIFO no akasa atia Yesu wɔ wɔn a wonim wɔn sɛ wɔyɛ abɔnefo a ɔne wɔn bɔ no ho, na na Yesu buu oguan ne drakma a ɛyerae ho bɛ no de buae nkyɛe. Afei ɔde bɛ foforo toa so, na na eyi fa agya bi a ɔwɔ ɔdɔ ne sɛnea ɔne ne mmabarima baanu a wɔn mu biara wɔ mfomso a anibere wom di no ho.
Nea odi kan no ne ne babarima kumaa a ɔne bɛ no mu onipa titiriw no. Ogye n’agyapade na n’agya de ma no a wantwentwɛn ne nan ase. Afei ofi fie na okobu ahohwi bra. Nanso tie bere a Yesu ka asɛm no—na hwɛ sɛ ebia wubetumi ahu wɔn a ɔde nnipa a wɔwɔ bɛ no mu no yɛ wɔn ho mfonini no.
Yesu fi ase sɛ, “Onipa bi wɔ mmabarima baanu. Na wɔn mu akumaa no ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Agya, fa ahode a ɛbɛyɛ me dea no ma me! Na [agya no] kyɛɛ n’asetrade mu maa wɔn.” Dɛn na akumaa yi de nea onyae no yɛ?
Yesu kyerɛkyerɛ mu sɛ, “Na anni da bi na ɔba akumaa no boaboaa ne nyinaa ano, na otuu kwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so; ɛhɔ na ɔkɔbɔɔ ahohwi sɛee n’ahode nyinaa.” Nokwasɛm no ne sɛ odi ne sika no bere a ɔne aguamammɔfo tra no. Sɛnea Yesu kɔ so ka no, akyiri yi ne ho kyere no.
“Na owiee ne nyinaa hwere no, ɔkɔm kɛse bi baa asase no so, na efii ase hiaa no. Na ɔde ne ho kɔdan asase no so hɔni bi; na ɔmaa ɔkɔɔ ne mfuw mu kɔhwɛɛ mprako. Na ne kɔn dɔe sɛ ɔde asɛhono a mprako no di no bi hyɛ n’afuru ma; nanso obiara amma no.”
Hwɛ animguase ara a ɛyɛ sɛ biribi hyɛ no ma ɔhwɛ mprako, efisɛ sɛnea Mmara no kyerɛ no, eyinom yɛ mmoa a wɔn ho ntew! Nanso nea ɛyɛɛ ɔbabarima no yaw sen biara ne ɔkɔm a ɛkɔɔ so dee no a ɛma ne kɔn dɔɔ aduan a na wɔde ma mprako no. Yesu kae sɛ esiane amanehunu kɛse yi nti “n’ani baa ne ho so.”
Bere a Yesu retoa n’asɛm no so no, ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɔka [kyerɛɛ ne ho] sɛ: Apaafo ahe na m’agya nni a wonya aduan ma ɛboro so: na me de, ɔkɔm rekum me yi. Mɛsɔre makɔ m’agya nkyɛn, na mase no sɛ: Agya, mayɛ ɔsoro ne w’anim bɔne. Na mensɛ sɛ wɔfrɛ me wo ba bio, na yɛ me sɛ w’apaafo no mu biako! Na ɔsɔre baa n’agya nkyɛn.”
Biribi a ɛsɛ sɛ yesusuw ho ni: Sɛ anka n’agya dan n’ani kyerɛɛ ne babarima no na ɔde abufuw teɛteɛɛm guu ne so bere a ofii fie no a, anka ɛda adi sɛ ɔrennya adwene biara wɔ nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ho. Anka obesi gyinae sɛ ɔbɛsan aba na wabɔ mmɔden ahwehwɛ adwuma wɔ baabi foforo wɔ ne man mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenkɔ nkogyina n’agya anim bio. Nanso, nsusuwii a ɛte saa biara amma ne tirim. Na faako a na ɔpɛ sɛ ɔkɔ ne fie!
Ɛda adi pefee sɛ agya a ɔwɔ Yesu bɛ no mu no gyina hɔ ma yɛn soro Agya mmɔborohunufo a ɔne Yehowa Nyankopɔn no. Na ebia wuhu sɛ ɔbabarima a ɔyerae no anaa ɔba hohwini no gyina hɔ ma wɔn a wonim wɔn sɛ abɔnefo no. Na Farisifo a Yesu ne wɔn kasa no akasa atia Yesu dedaw wɔ saafo a ɔne wɔn didi no ho.
Nanso ɔbabarima panyin no gyina hɔ ma henanom? Na mmamu bɛn na Yesu bɛ no wɔ wɔ yɛn afeha 20 yi mu? Yɛn nsɛmma nhoma yi a ɛbɛba akyiri yi no bebua saa nsemmisa yi bere a esusuw Yesu asɛm a ɛfa ɔbabarima a ɔyerae a wohuu no no ho no. Luka 15:11-20, 30; Leviticus 11:7, 8.
◆ Yesu buu bɛ yi anaasɛ ɔkaa asɛm yi kyerɛɛ henanom na dɛn ntia?
◆ Hena ne onipa titiriw wɔ asɛm no mu, na dɛn na ɛtoo no?
◆ Agya no ne ɔbabarima kumaa no gyina hɔ ma henanom?
◆ Asɛm bɛn na yebetumi ahwɛ kwan wɔ nsɛmma nhoma yi a edi hɔ a ɛbɛba no mu?