Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 4/1 kr. 26-29
  • Adwuma A Ɛyɛ Nwonwa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adwuma A Ɛyɛ Nwonwa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enyaa Yɛn Asetra So Tumi
  • Baesekre a Yɛde Yɛɛ Akwampae Adwuma wɔ France
  • Adwumaden wɔ Spain
  • Wɔtotoo Yɛn Ano sɛ Yɛyɛ Fasistfo
  • Wɔfrɛɛ Yɛn Komunistfo wɔ Ireland
  • Wiase Ko II ne Gilead a Yɛkɔe
  • Asɛmpatrɛw Adwuma wɔ Afrika
  • Nsakrae Abien a M’ankasa Meyɛe
  • Ɔsom Adwuma wɔ South Africa
  • Asɛmpatrɛw Adwuma mu Nhyira Horow
  • ‘Anigye Ne Wɔn A Wɔhwɛ Yehowa Kwan Nyinaa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Yɛsesaa Yɛn Dwumadi Bere A Midii Mfe 80 No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nea Ɛho Hia Sen Biara a Mede me Nkwa Yɛe
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • “Esiane sɛ Yɛwɔ Ɔsom Adwuma Yi Nti . . . , Yɛmpa Abaw”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 4/1 kr. 26-29

Adwuma A Ɛyɛ Nwonwa

Mfe 57 A Mede Ayɛ Asɛmpatrɛw Adwuma

Sɛnea Eric Cooke ka kyerɛe

WƆ AHEMADAKYE hann kusukusu no mu no, metwerii ahyɛmma a na ɛnam nsuka no mu no na mehwɛɛ wusiw a etu kɔ wim no haa. Ná me ne me nua afi Southampton, England, anwummere a etwaam no na na yɛrekɔ Saint-Malo, France. So na yɛyɛ nsrahwɛfo a wɔrekɔhwɛ mmeae ahorow? Dabi, na yɛabɔ yɛn tirim so sɛ yɛde Onyankopɔn Ahenni ho asɛm no rekɔ France. Bere a yeduu Saint-Malo no, yɛfaa yɛn baesekre na yɛtraa so kɔɔ kesee fam.

Saa kwan yi so na me ne me nua kumaa John siim sɛ yɛkɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma bɛboro mfe 57 ni no. Dɛn na ɛma yɛde yɛn ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu? Dɛn na ɛkaa yɛn ma yegyaw asetra a akokwaw yɛn wɔ Engiresifo fie a ahotɔ wom no mu?

Nea Enyaa Yɛn Asetra So Tumi

Me maame kotiee baguam ɔkasa a ɛne “Ɛhe na Awufo Wɔ?” wɔ 1922 mu. Ɛmaa n’ani gyei na ankyɛ biara ɔbɛyɛɛ Yehowa somfo a wahyira ne ho so. Nanso yɛn Papa ani annye. Ná ɔyɛ Anglikan Asɔre no muni, na ɔde yɛn kɔɔ asɔre Kwasida mfe pii bere a yɛn Maame nso de Bible kyerɛkyerɛ yɛn awia.

John nyaa mfe 14 wɔ 1927 mu na ofii ase ne yɛn Maame kɔɔ nhyiam na na ɔde ne ho hyɛ afie afie adansedi mu. Nanso na mete nka sɛ minhia hwee efisɛ na adwuma a meyɛ wɔ Barclays Bank no akatua ye. Nanso esiane obu a na mewɔ ma yɛn Maame nti, awiei koraa no mifii ase de Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow suaa Bible no. Ɛno akyi no, minyaa honhom mu nkɔso ntɛmntɛm na wɔbɔɔ me asu wɔ 1930 mu.

Bere a John wiee sukuu wɔ 1931 mu no, ofii bere nyinaa som adwuma no ase sɛ ɔkwampaefo. Bere a ɔkae sɛ me ne no nyɛ akwampae adwuma no, migyaee sikakorabea adwuma no na mekɔkaa ne ho. Edin foforo a na wɔde maa yɛn nkyɛe biara a ɛne Yehowa Adansefo no hyɛɛ yɛn bo a na yɛasi no mu den. Faako a yedii kan kɔyɛɛ adwuma ne La Rochelle kurow ne nsasesin a atwa ho ahyia a ɛwɔ France atɔe fam mpoano no.

Baesekre a Yɛde Yɛɛ Akwampae Adwuma wɔ France

Bere a na yɛde baesekre fi Saint-Malo rekɔ kesee fam no, yɛn ani gyee Normandy aduantunkum mfuw a yehui no ne nea abere no hua a efi faako a wokyi mu nsu no ho. Yɛantumi anhu sɛ mfe dumiɛnsa akyi no, ɔko ahorow a nnipa wuwuu wom sen biara wɔ abakɔsɛm mu no mu biako bɛsɛe Normandy mpoano a ɛbɛn no wɔ Wiase Ko II mu; saa ara nso na yɛanhu sɛ yɛn bere nyinaa som adwuma no bɛkyɛ saa. Mekae wɔ fɛwdi kwan so kyerɛɛ John sɛ: “Misusuw sɛ yebetumi ayɛ akwampaefo mfe anum. Harmagedon nni akyiri koraa!”

Bere a yɛde baesekre atwa kwan nnansa no, yeduu La Rochelle. Na yɛn baanu nyinaa te Franse kasa kakra, enti yɛammrɛ na yenyaa ɔdan kyɛkyɛwa bi a wɔasiesie mu. Yɛde yɛn baesekre no kɔɔ nkuraa a fi kurow no mu kɔ hɔ bɛyɛ akwansin 12 kɔkyekyɛɛ nhoma. Afei yetu kɔɔ kurow foforo bi mu na yɛkɔyɛɛ ade koro no ara wɔ hɔ. Na Adansefo afoforo biara nni saa beae yi hɔ wɔ France.

Wɔ 1932 mu no, Asafo ti no de John a na wasua Spania kasa wɔ sukuu no kɔɔ Spain sɛ ɔnkɔsom wɔ hɔ. Metoaa so yɛɛ adwuma no wɔ France kesee fam na bɛyɛ mfe abien no na minya aboafo fi England. Esiane sɛ Adansefo afoforo biara nni hɔ a yɛne wɔn bɛbɔ fekuw nti, na daa mpaebɔ ne Bible adesua daa ho hia na yɛakɔ so anya honhom mu ahoɔden. Na yɛkɔ nhyiam wɔ England pɛnkoro afe biara nso.

Wɔ 1934 mu no, wɔpam yɛn fii France. Roman Katolek Asɔre a na saa bere no ɛwɔ nkɛntɛnso a emu yɛ den no na ɛma wɔpam yɛn. Sɛ anka mɛsan akɔ England no, mekɔkaa Engiresifo akwampaefo afoforo baanu bi ho na yɛde yɛn ani kyerɛɛ Spain​—yɛtete yɛn baesekre so sɛnea na yɛtaa yɛ no. Da koro anadwo yɛdaa nwura mu, bere foforo nso yɛdaa sare a wɔaboaboa ano agu hɔ so na bere foforo nso yɛdaa mpoano. Awiei koraa no, yekoduu Barcelona wɔ Spain kusuu fam apuei na yɛkɔkaa John a obehyiaa yɛn kwan no ho.

Adwumaden wɔ Spain

Saa bere no na Yehowa Adansefo asafo biara nni Spain. Bere a yɛde asram kakra ayɛ adwuma wɔ Barcelona no, yɔkɔɔ Tarragona. Ɛhɔ na yedii kan fii ase de gramafon apaawa so Bible mu kasa ntiantia a ɛwɔ Spain kasa mu dii dwuma. Na etu mpɔn yiye, ne titiriw no wɔ adidibea ne ahɔhodan a nnipa ayɛ hɔ ma mu.

Wɔ kusuu fam apuei wɔ Lerida no, Ɔdansefo bi a ne nkutoo atew ne ho a ne din de Salvador Sirera bɛkaa yɛn ho. Esiane sɛ mpɔtam hɔ a yɛkɔtrae no hyɛɛ no nkuran nti, ɔde bere bi somee sɛ ɔkwampaefo. Wɔ Huesca no, Nemesio Orus de anigye gyee yɛn kɔɔ ne fie ketewaa a ɛwɔ beae a osiesie watch no atifi. Ɔno na yɛne no dii kan yɛɛ ofie Bible adesua, na yɛde Asafo ti no nhomawa ahorow a edi kan no mu biako na edii dwuma. Yɛde nnɔnhwerew dodow bi suae da biara na ankyɛ biara ɔbɛkaa yɛn ho sɛ ɔkwampaefo.

Wɔ kurow a edi hɔ a yɛyɛɛ adwuma wom a ɛne Zaragoza mu no, yɛn ani gyei sɛ yɛboaa Antonio Gargallo ne Jose Romanos a na wɔyɛ mmerantewaa baanu a na aka kakra na wɔadi mfe aduonu biako no. Na wɔba yɛn dan ketewa no mu anwummere biara ma yɛyɛ Bible adesua a na yɛde Government nhoma no na ɛyɛ no. Ankyɛ biara wɔn baanu nyinaa bɛkaa yɛn ho wɔ akwampae adwuma no mu.

Wɔtotoo Yɛn Ano sɛ Yɛyɛ Fasistfo

Saa bere yi mu no na ɔhaw reba. Na Spania Ɔmanko no rebefi ase, ɔko a awiei koraa no nnipa ɔpehaha wuwui wom no. Me ne Antonio kohyiaa nsɛnnennen wɔ akuraa biako a ɛbɛn Zaragoza ase. Ɔbea bi a ogyee yɛn nhomawa no bi susuwii sɛ ɛyɛ Katolekfo nsɛm a wɔde sɛe adwene na ɔtotoo yɛn ano sɛ yɛyɛ Fasistfo. Wɔkyeree yɛn de yɛn kɔɔ polisifo atrae. Polisifo panyin bi bisae sɛ, “Dɛn na moreyɛ wɔ akuraa yi ase ha? Nnipa a wɔwɔ ha no yɛ komunistfo na wɔmpɛ Fasistfo nsɛm a ɛsɛe adwene!”

Bere a yɛde yɛn adwuma no ho nkyerɛkyerɛmu mae akyi no, ne koma tɔɔ ne yam. Ofii ayamye mu maa yɛn aduan dii awia no na otuu yɛn fo sɛ yemfi akuraa no ase nkɔ komm bere a wɔadeda awia no. Nanso bere a yefii hɔ no, na nnipa dɔm bi retwɛn yɛn. Wogyee yɛn nhoma nyinaa. Na ɛyɛ tebea a ani yɛ nyane. Nanso yɛde aseda ma sɛ polisifo panyin no beduu hɔ na ɔne nnipa dɔm no kasae anifere kwan so. Ɔmaa wɔn koma tɔɔ wɔn yam bere a ɔkae sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Zaragoza ma yɛakohu aban mpanyimfo no. Ogyinaa yɛn ananmu ne kurow no sohwɛfo bi kasae wɔ hɔ na wogyaee yɛn.

Bere a ɔmanko no fii ase July 1936 no, Antonio ampene sɛ ɔne Franco asraafo bɛbom ako enti wokum no. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ me ne John anigye sɛ yɛbɛma no akwaaba wɔ owusɔre no mu na yɛahu ne serew bɔkɔɔ no bio!

Wɔfrɛɛ Yɛn Komunistfo wɔ Ireland

Bere a aka bere tiaa ma ɔmanko no afi ase no, me ne John san kɔɔ England sɛ yɛrekodi yɛn afe afe akwamma no. Afei ɔko no amma yɛantumi ansan ankɔ Spain bio, enti yɛde adapɛn pii yɛɛ akwampae adwuma wɔ Kent a ɛbɛn yɛn fi wɔ Broadstairs no. Afei wɔkaa faako a yɛbɛkɔ akɔyɛ adwuma no kyerɛɛ yɛn​—Ireland. Asafo ti no titrani Joseph F. Rutherford yɛɛ nhyehyɛe maa yɛn sɛ yɛnkɔ hɔ nkɔkyekyɛ kratawa titiriw bi a wɔato din sɛ You Have Been Warned. Na asafo biara nni Ireland kesee fam na Adansefo kakraa a wɔatew wɔn hɔ tete mmeaemmeae na wɔwɔ hɔ.

Wɔ saa bere yi mu no Katolekfo asɔfo ma wɔtotoo yɛn ano sɛ yɛyɛ komunistfo​—nea ɛne yɛn ano a wɔtotoe wɔ Spain bɔ abira no! Bere bi Katolekfo kuw a na wɔn bo afuw bɔ wuraa ofi a na yɛte mu no mu, wɔsesaw yɛn nhoma nnaka pii na wɔhyewee. Nsɛm a ɛte saa pii too yɛn ansa na yɛresan aba England wɔ 1937 ahohuru bere mu.

Wiase Ko II ne Gilead a Yɛkɔe

Bere a Wiase Ko II pae gui wɔ September 1939 mu no, na John resom wɔ Bordeaux, France, na na meyɛ asafo somfo wɔ Derby, England. Woyii akwampaefo bi a na John ka wɔn ho a na wɔabɛka me ho no fii asraafo a na wɔbɛyɛ ɔhyɛ so no mu nanso wɔanyi afoforo te sɛ me amfi mu. Enti medaa afiase mpɛn pii wɔ ɔko no mu. Na boasetɔ ho hia na ama yɛatumi agyina tebea horow ano wɔ saa ɔko bere mu afiase no mu, nanso na yenim sɛ yɛn nuanom a wɔwɔ Europa no rehu amane kɛse sen saa.

Wɔ ɔko no akyi no, Ɔwɛn Aban Asafo no titrani foforo no, Nathan H. Knorr bɛsraa England na ɔyɛɛ nhyehyɛe maa akwampaefo binom sɛ wɔnkɔ Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu no wɔ New York kusuu fam nkogye ntetee sɛ asɛmpatrɛwfo. Enti me ne John de po so hyɛn Liberty a wɔyɛe wɔ ɔko bere mu no twaa Atlantic Po no wɔ May 1946 mu.

Na Gilead adesuafo a wɔto so awotwe no ne wɔn a wodi kan a wofi aman ahorow mu ankasa. Hwɛ osuahu a ɛyɛ anigye sɛ yɛne akwampaefo a wɔwɔ osuahu pii suaa ade na yɛne wɔn bɔe wɔ asram anum adesua no mu! Awiei koraa no yewiee sukuu no na yehuu faako a yɛbɛkɔ. Wɔde me kɔɔ Southern Rhodesia a mprempren wɔfrɛ no sɛ Zimbabwe, na wɔde John kɔɔ Portugal ne Spain.

Asɛmpatrɛw Adwuma wɔ Afrika

Miduu Cape Town, South Africa wɔ November 1947 mu. Po so hyɛn foforo na ɛde me mfɛfo Gilead sukuufo Ian Fergusson ne Harry Arnott bae. Ankyɛ biara Onua Knorr bɛsraa yɛn na yɛkɔɔ nhyiam wɔ Johannesburg. Afei yɛkɔɔ kusuu fam wɔ faako a yɛbɛyɛ adwuma no​—Ian kɔɔ Nyasaland (mprempren Malawi), Harry kɔɔ Northern Rhodesia (mprempren Zambia) na mekɔɔ Southern Rhodesia (Zimbabwe). Wɔ bere a ɛsɛ mu no, Asafo ti no hyehyɛɛ baa dwumadibea na wɔpaw me sɛ ɛso hwɛfo. Na yɛwɔ asafo ahorow 117 ne adawurubɔfo bɛyɛ 3,500 wɔ ɔman no mu.

Ankyɛ biara asɛmpatrɛwfo afoforo baanan bae. Na wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ wɔn adwuma no wɔ faako a dɔte dan wɔ, agyata bobom anadwo, awɔ wɔ mpa ase, na anibuei nni hɔ. Mmom no, bere a wohuu nnua a apae nhwiren a esisi Bulawayo lɔre akwan ho, nnɛ bere yi mu nneɛma ne nkurɔfo a wɔayɛ krado sɛ wobetie Ahenni asɛm no, wɔtoo ne din sɛ akwampaefo paradise.

Nsakrae Abien a M’ankasa Meyɛe

Bere a wɔbɔɔ me asu wɔ 1930 mu no, na wɔn a wobenya daa nkwa wɔ asase so ho ntease kakraa bi na yɛwɔ. Enti me ne John nyinaa dii abodoo no na yɛnom nsa no bi wɔ Nkaedi ase sɛnea obiara yɛe saa bere no. Bere a wohuu “nnipakuw kɛse” a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm ti 7 sɛ “nguan” a wɔyɛ asase so kuw no wɔ 1935 mu mpo no, yɛansakra yɛn adwene. (Adiyisɛm 7:9; Yohane 10:16) Afei wɔ 1952 mu no, The Watchtower tintim nsonsonoe a ɛwɔ asase so anidaso ne ɔsoro de ntam no ho nkyerɛkyerɛmu wɔ ne kratafa 63. Yebehuu sɛ yenni ɔsoro asetra ho anidaso na mmom asetra wɔ paradise asase so anidaso.​—Yesaia 11:6-9; Mateo 5:5; Adiyisɛm 21:3, 4.

Dɛn ne nsakrae foforo a meyɛe no? Na m’ani regye Myrtle Taylor a na ɔne yɛn ayɛ adwuma mfe abiɛsa no ho kɛse. Bere a ɛbɛdaa adi kɛse sɛ ɔno nso te nka saa ara wɔ me ho na yɛn baanu nyinaa ani gye asɛmpatrɛw adwuma ho kɛse no, yɛyɛɛ aware nhyehyɛe na yɛwaree wɔ July 1955 mu. Myrtle ada ne ho adi sɛ ɔyɛ ɔyere boafo kɛse.

Ɔsom Adwuma wɔ South Africa

Onua Knorr bɛsraa Southern Rhodesia wɔ 1959 mu na wɔsan maa me ne Myrtle kɔɔ South Africa. Bere tiaa bi akyi no yefii akwantu ase wɔ me ɔmansin adwuma no mu. Na ɛyɛ yiyedi bere. Nanso na merebɔ akwakoraa na na Myrtle akwahosan ayɛ yɛn dadwen. Bere bi akyi no na yentumi nyɛ ɔmansin adwuma no bio enti yɛkyekyee asɛmpatrɛwfo fi wɔ Cape Town na yɛde mfe bi somee wɔ hɔ. Akyiri yi wɔma yɛkɔɔ Durban wɔ Natal.

Wɔde yɛn kɔɔ Chatsworth mmom, baabi a Indiafo pii te. Na eyi yɛ amannɔne adwuma mu adwuma​—adwumaden ankasa ma yɛn asɛmpatrɛwfo a yɛn mfe akɔ anim no. Bere a yeduu hɔ February wɔ 1978 mu no, na asafo a Adansefo 96 wom na ɛwɔ hɔ, ɛkame ayɛ sɛ na wɔn nyinaa yɛ Indiafo. Na ɛsɛ sɛ yesua Hindufo adwene a wɔwɔ wɔ nyamesom ho no ho ade na yɛte wɔn amanne horow ase. Ɔkwan a ɔsomafo Paulo faa so dii adanse wɔ Atene no yɛɛ nhwɛso a ɛboaa yɛn.​—Asomafo no Nnwuma 17:16-34.

Asɛmpatrɛw Adwuma mu Nhyira Horow

Mprempren madi mfe 78 na mede mfe 57 ayɛ asɛmpatrɛw adwuma. Hwɛ nkuranhyɛ ara a ɛyɛ sɛ mahu nkɔanim a ɛyɛ nwonwa wɔ aman a masom wɔ hɔ no mu. France anya Ahenni adawurubɔfo 100,000, Spain wɔ bɛboro 70,000 na South Africa adawurubɔfo dodow fi 15,000 bere a yeduu hɔ no abedu bɛboro 43,000.

Mmerante ne mmabaa, so mo nsɛm tebea horow ma mo kwan sɛ mode mo ho bɛhyɛ bere nyinaa som adwuma no mu? Sɛ saa a, metumi ama moanya awerɛhyem sɛ ɛyɛ adwuma a eye sen biara. Ɛnyɛ sɛ ɛyɛ ɔhaw ne sɔhwɛ ahorow a mmerante ne mmabaa hyia no ho ahobammɔ nko na mmom ebetumi asiesie wo nipasu ma ɛne Yehowa trenee nnyinasosɛm ahorow ahyia. Hwɛ mfaso ne hokwan a ɛyɛ sɛ mmofra ne mpanyin nyinaa bɛsom Yehowa mprempren!

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Nsrahwɛfo bi ba Myrtle Cooke atrae mukaase

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena