Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 3/1 kr. 25-28
  • Nea Ɛho Hia Sen Biara a Mede me Nkwa Yɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Ɛho Hia Sen Biara a Mede me Nkwa Yɛe
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mede Me Ho Hyɛ Akwampae Adwuma no Mu!
  • Ireland Bere a na Ɔko no Gyina mu No
  • Honhom Fam Aduan a Yɛn Nsa Ka
  • Ɔsɔretia Sodi
  • Yɛsan Kɔ England
  • Yɛyɛ Nea Yehowa Ka a, Yenya Nhyira Pii
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Kɔ So Gu Aba​—Yehowa Bɛma Anyin
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nhyira a Akwampae Adwuma No De Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Akwampaefo Boa Afoforo na Wonya Nhyira
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 3/1 kr. 25-28

Nea Ɛho Hia Sen Biara a Mede me Nkwa Yɛe

SƐNEA BOB ANDERSON KA KYERƐE

Bɛyɛ mfe du a atwam no, me nnamfo bi bisaa me sɛ: “Bob, dɛn na ama woakɔ so ayɛ ɔkwampaefo bere tenten saa?” Mede serew kae sɛ: “Wubetumi asusuw biribi a metumi ayɛ a ɛsen akwampae adwuma ho?”

NÁ MADI mfe 23 wɔ 1931 mu na mifii akwampae adwuma no ase. Seesei merekɔ mfe 87, na meda so ara yɛ ɔkwampaefo. Minim sɛ biribiara nni hɔ anka metumi de me nkwa ayɛ a ɛsen ɛno. Ma menkyerɛ nea enti a ɛte saa no.

Wɔ 1914 mu no, obi begyaw kratawa bi wɔ yɛn fie. Wɔn a wotintimii ne International Bible Students, sɛnea saa bere no na wɔfrɛ Yehowa Adansefo no. Bere a Ɔdansefo no san baa hɔ no, me maame bisabisaa no nsɛm a ɛfa hellgya ho kɔɔ akyiri. Ná wɔatete no wɔ Wesley Methodist asɔre no mu ma adi ne ti, nanso wantumi annye antom da sɛ saa daa ayayade ho nkyerɛkyerɛ yi fi Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ hɔ. Bere a ohuu asɛm no mu nokware ara pɛ na ɔkae sɛ: “M’ani agye sen bere biara wɔ m’asetra mu!”

Me maame gyaee Methodist Mmofra asɔre hɔ adekyerɛ no ntɛm ara, na ɔkɔkaa Bible Asuafo kuw ketewaa no ho. Ofii ase kaa asɛm wɔ yɛn kurow Birkenhead a ɛne Liverpool hyɛn gyinabea a ɛwɔ Mersey Asubɔnten no akyi no di nhwɛanim no mu, na anni da bi na ofii ase sɛ ɔde sakre bɛkɔ nkurow a ɛbɛmmɛn hɔ no pii mu daa. Odii adanse wɔ saa asasesin kɛse yi mu ne nkwa nna a aka nyinaa mu ma nkurɔfo behuu no paa, na na ɛyɛ nhwɛso pa ma ne mma. Owui wɔ 1971 mu, bere a na wanyin yiye adi mfe 97, na ɔyɛɛ Ɔdansefo nsiyɛfo kosii awiei.

Maame yii me ne me nuabea Kathleen fii Methodist Mmofra asɔre no mu de yɛn kaa ne ho kɔɔ Bible Asuafo no nhyiam horow. Akyiri yi, bere a me papa nso bɛkaa ho no, m’awofo yɛɛ nhyehyɛe maa yɛde The Harp of God nhoma no yɛɛ abusua Bible adesua daa. Saa bere no na adesua a ɛte saa no yɛ ade foforo, nanso fapem a yenyae wɔ Bible mu nokware atitiriw mu wɔ yɛn mmofraase yi sow aba pa, efisɛ bere bi akyi no, me ne me nuabea no nyinaa de yɛn ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu.

Maame kae sɛ “Photo-Drama of Creation” a yɛhwɛe wɔ yɛn mmofraberem wɔ Liverpool 1920 mu no ne yɛn honhom fam nsakrae bere, na ɛyɛ nokware. Ɛmfa ho sɛ na misua no, saa sini no mu nneɛma kaa m’adwene mu yiye. Nea mekae kɛse ne ɔfã a ɛfa Yesu asetra ho no, ɛnkanka bere a na wɔde no rekɔ akokum no no. Ade a osuahu no nyinaa boaa me maa mede m’adwene sii so ne adwuma a ɛho hia sen biara wɔ asetra mu no—asɛnka!

Wɔ 1920 mfe no mfiase no, mifii ase ne me maame kyekyɛɛ nkratawa Kwasida awia biara. Wɔka kyerɛɛ yɛn mfiase no sɛ yennyaw no afie no mu; akyiri yi, wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmfa nhyɛ ofiwuranom nsam na afei yɛnsan nkɔ wɔn a wɔn ani gyee ho hɔ. Bere nyinaa mibu eyi sɛ ɛyɛ tete nnyinaso ma sankɔhwɛ ne Bible adesua dwumadi a yɛyɛ, a ɛnnɛ ɛsow aba kɛse no.

Mede Me Ho Hyɛ Akwampae Adwuma no Mu!

Wɔbɔɔ me ne Kathleen asu 1927 mu. Ná meyɛ adufra ho nhwehwɛmufo wɔ Liverpool na metee tirimbɔ a wɔde gyee edin Yehowa Adansefo no toom wɔ 1931 mu. Ná Asafo ti no bere nyinaa asomfo (mprempren wɔfrɛ wɔn akwampaefo) no ayɛ adwuma wɔ Liverpool mpɔtam a aguadi kɔ so wɔ hɔ kɛse mpɛn pii ma mahu, na m’ani gyee wɔn nhwɛso no ho kɛse. Hwɛ sɛnea me ho peree me sɛ mɛtwe me ho afi wiasefo fekubɔ ho na mede me nkwa ayɛ Yehowa adwuma!

Wɔ saa afe no ara ahohuru bere mu no, m’adamfo Gerry Garrard ka kyerɛɛ me sɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a ɔto so abien, Joseph F. Rutherford ama no dwumadi sɛ ɔnkɔka asɛm no wɔ India ma wagye atom. Ansa na ɔretra po so hyɛn mu akɔ no, ɔbɛsraa me, na ɔkaa bere nyinaa som adwuma hokwan no ho asɛm kyerɛɛ me. Bere a ɔne me redi nkra no, ɔtoaa so hyɛɛ me nkuran kae sɛ, “Bob, migye di sɛ ɛnkyɛ wobɛyɛ ɔkwampaefo.” Na saa na ɛbae. Mifii ase saa afe no mu wɔ October mu. Hwɛ m’ani gye a egyei ne ahofadi ara a minyae bere a mede sakre faa nkuraase akwan so kɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn a wɔtete akyirikyiri no! Saa bere no na minim sɛ mereyɛ adwuma a ɛho hia sen nea anka metumi ayɛ biara.

Beae a edi kan a wɔmaa me kɔyɛɛ akwampae adwuma wɔ hɔ ne South Wales, na ɛhɔ na mekɔkaa Cyril Stentiford ho. Akyiri yi Cyril waree Kathleen, na wɔboom yɛɛ akwampae adwuma no mfe pii. Bere kɔɔ so no, wɔn babea Ruth nso de ne ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu. Eduu 1937 no, na mewɔ Fleetwood, Lancashire—Eric Cooke yɔnko dwumayeni. Ɛde besi saa bere no na akwampaefo yɛ adwuma wɔ Britania nkuraa a na ɛnyɛ asafo biara asasesin no nkutoo ase. Nanso Albert D. Schroeder a na ɔhwɛ Asafo ti no baa dwumadibea a ɛwɔ London no adwuma so no yɛɛ n’adwene sɛ ɔde yɛn bɛkɔ Bradford kurow mu wɔ Yorkshire. Ɛno ne bere a edi kan a wɔmaa Britania akwampaefo kɔboaa asafo pɔtee bi.

Eric kɔɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu wɔ 1946 mu, na wɔde no kɔɔ Southern Rhodesia, a mprempren wɔfrɛ hɔ Zimbabwe, na ɔne ne yere da so ara de nokwaredi resom sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Durban, South Africa.

Minyaa dwumadi foforo wɔ 1938 mu, na saa bere yi de mekɔyɛɛ dantaban somfo (a mprempren wɔfrɛ no ɔmansin sohwɛfo) wɔ Lancashire kusuu fam atɔe ne Lake Mantam a ɛhɔ yɛ fɛ no mu. Ɛhɔ na mihuu Olive Duckett, na bere a yɛwaree no, ntɛm ara na ɔbɛkaa me ho ma yɛyɛɛ ɔmansin adwuma no.

Ireland Bere a na Ɔko no Gyina mu No

Britania de too gua sɛ wɔne Germany rebedi ako wɔ September 1939 mu akyi pɛɛ na wɔsesaa me dwumadi kɔɔ Ireland. Ná wɔafi ase refa nnipa wɔ Britania ma wɔakɔ ako, nanso na ɛnte saa wɔ Republic of Ireland kesee fam, a bere a ɔko no kɔɔ so nyinaa no, ɛkɔɔ so yɛɛ ɔman a annyina ɔfã biara akyi no. Ná ɛsɛ sɛ Republic of Ireland ne Northern Ireland bɛyɛ ɔmansin biako. Nanso na anohyeto ahorow wɔ hɔ, na na ɛho hia sɛ obi gye akwantu ho nkrataa ansa na watumi afi Britania akɔ Ireland baabiara. Atumfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ metumi akɔ, na mmom mempene so sɛ ɛba sɛ wɔrefa wɔn a me ne wɔn bɔ tipɛn no ma wɔakɔ ako a, mɛsan aba England ntɛm ara. Mede m’ano penee so, nanso ɛyɛɛ me nwonwa sɛ bere a me nsa kaa me nkrataa no, na ahyɛde biara mmata ho!

Saa bere no na Adansefo a wɔwɔ Ireland nyinaa yɛ 100 ne kakra. Bere a yeduu Dublin November 1939 mu no, Jack Corr a na ɔde mfe pii ayɛ akwampae adwuma no behyiaa yɛn kwan. Ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ akwampaefo baanu nso wɔ kurow bi a ɛbɛn hɔ mu, na anigyefo bi wɔ Dublin, na wɔka wɔn nyinaa bom a wɔbɛyɛ 20. Jack nyaa dan bi wɔ Dublin a ɛhɔ na yɛbɛyɛ nhyiam a obiara penee so sɛ ɔbɛba ase Kwasida biara no. Saa nhyehyɛe yi kɔɔ so kosii sɛ asafo no yɛɛ den wɔ 1940 mu.

Ná Northern Ireland ne Germany reko efisɛ ɛka United Kingdom ho, enti bere a yɛkɔɔ kusuu fam koduu Belfast no, na nkrataa a wɔde kogye aduan a wɔrekyekyɛ ne akanea a wodunnum no anadwo ho asɛm haw yɛn. Ɛwom sɛ na ɛho hia sɛ Nasifo wimhyɛn tu fa wim boro kilomita 1,600 ansa na atwa kwan aba Belfast asan akɔ baabi a efi wɔ Europa no de, nanso etumi de atopae sɛee kurow no. Bere a ɛbaa hɔ nea edi kan no, ɛsɛee yɛn Ahenni Asa no fã bi ne baabi a yɛte bere a yɛkɔsraa anuanom bi a wɔwɔ kurow no fã foforo no, enti yenyaa yɛn ti didii mu wɔ anwonwakwan so. Saa anadwo no ara, Adansefo abusua bi guan kɔɔ guankɔbea bi. Woduu hɔ no na ɛhɔ ayɛ ma, enti wɔsan kɔɔ wɔn fie. Ɔtopae bi tɔɔ guankɔbea hɔ pɛɛ, na ekunkum ɛhɔ nnipa nyinaa, nanso yɛn nuanom nyaa wɔn ti didii mu a wɔn ho na etwitwae na ɛworɔworɔw nketenkete. Wɔ saa mfe a na emu yɛ den no mu no, yɛn nua biara nni hɔ a opiraa kɛse, na yɛdaa Yehowa ase wɔ ho.

Honhom Fam Aduan a Yɛn Nsa Ka

Bere a ɔko no kɔɔ so no, anohyeto ahorow no mu yɛɛ den, na awiei koraa no na wɔhwehwɛ amenade mu ansa na wɔde ama ne wuranom. Eyi nti wɔamma Ɔwɛn-Aban no amma ɔman no mu. Ɛwom sɛ na yenhu nea yɛnyɛ de, nanso na Yehowa nsa nyɛ tiaa. Da koro anɔpa me nsa kaa krataa fii me “nua” bi a ɔwɔ Canada a na ɔrekyerɛw aka abusuasɛm bi akyerɛ me hɔ. Ná minnim onii ko a ɔyɛ, nanso wɔ akyiri nsɛm bi mu no, ɔkae sɛ ɔde “Bible mu asɛm a ɛyɛ anigye bi” rehyem ma makenkan. Ná ɛyɛ Ɔwɛn-Aban, nanso esiane sɛ na hwee nni akyi nti, nea ɔhwehwɛ amenade mu no anyi amfi mu.

Ntɛm ara na me ne me yere ne ɛhɔ Adansefo te sɛ Maggie Cooper a ɔyɛɛ “Photo-Drama” no ho adwuma bi no bɛboae, fii ase de afiri tintim nsɛm no guu nkrataa foforo so. Ankyɛ na yɛkyekyɛɛ yɛn mu de emu 120 kɔmemae wɔ ɔman no mu nyinaa, bere a nnamfo afoforo pii de Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma a hwee nni akyi fii Canada, Australia, ne United States baa daa no. Wɔn nsiyɛ ne ayamye nti, biako mpo ampa yɛn ti so da wɔ ɔko bere no nyinaa mu.

Yetumi yeyɛɛ nhyiam akɛse nso. Ná 1941 ɔmantam nhyiam a woyii Children nhoma no adi wɔ ase no da nsow. Ɛkame ayɛ sɛ nea ɔhwehwɛ amenade mu no ansɔre antia nhoma a na osusuw sɛ ɛfa mmofra ho no, enti yɛn nsa tumi kaa yɛn de wɔ ɔman no mu a yɛannya amane biara! Bere foforo nso yetintim Peace—Can It Last? nhomawa no wɔ ɔman no ara mu esiane sɛ na wontumi nkra bi mfi London nti. Anohyeto ahorow a wɔde too yɛn so no nyinaa akyi no, yenyaa honhom mu nneɛma pii.

Ɔsɔretia Sodi

Ɔsɔfo bi a na ɔte mpanyimfo atrae bi a Yehowa Adansefo no biako na ɔhwɛ so mu wɔ Belfast de Riches nhoma no biako kɔmaa ne yere wɔ England. Ná ɔbea no mpɛ nokware no, na ɔrekyerɛw ho mmuae no, ɔdaa no adi pefee. Ɔkae nso sɛ yɛyɛ “ahyehyɛde a wonni ɔman ho dɔ.” Nea ɔhwehwɛ amenade mu no huu eyi, na ɔde asɛm no kɔtoo Nsɛmmɔnedi ho Nhwehwɛmu Dwumadibea no anim. Ne saa nti, wɔfrɛɛ me sɛ memmra polisifo atrae hɔ mmɛkyerɛkyerɛ mu, na wɔka kyerɛɛ me sɛ memfa Riches nhoma no biako mmra. Nea ɛyɛ anigye no, bere a awiei koraa no wɔsan de nhoma no maa me no, mehyɛɛ no nsow sɛ afã a na wɔasensan ase no nyinaa fa Roma Katolek Asɔre no ho. Metee nka sɛ na eyi ho hia, efisɛ na minim sɛ polisifo no rehwɛ yiye wɔ IRA (Ireland Asraafo Kuw bi) no dwumadi ho.

Wobisabisaa me nsɛm kɔɔ akyiri faa ɔfã biara a yenni wɔ akodi mu ho, efisɛ na ɛyɛ den sɛ polisifo no bɛte yɛn gyinabea no ase. Nanso atumfoɔ no anyɛ yɛn biribiara da. Akyiri yi, bere a mekɔsrɛɛ hokwan a yɛde bɛyɛ ɔmansin nhyiam no, polisifo no kae sɛ sɛnea ɛte biara no wɔbɛma polisifo amanneɛbɔfo baanu aba hɔ. Mekae sɛ, “Yɛn ani begye ho sɛ wɔbɛba!” Enti wɔbɛtraa ase tiee awia nhyiam no, na wɔkyerɛkyerɛw nsɛm ntiantiaa. Dwumadi no baa awiei no, wobisae sɛ, “Dɛn nti na wɔde yɛn baa ha? Yɛn ani gye biribiara a ɛrekɔ so no ho!” Ɛda a edi hɔ no wɔsan bae, na wɔde anigye gyee Peace—Can It Last? nhomawa a yɛde maa wɔn kwa no. Nhyiam no fã a aka no kɔɔ awiei a asɛm biara ansi.

Ɔko no baa awiei maa akwantu mu anohyeto ahorow mu gowee ara pɛ na Pryce Hughes a ofi London Betel no baa Belfast. Ná Harold King a akyiri yi wɔde no kɔɔ China sɛ ɔsɛmpatrɛwfo no ka ne ho. Bere a na yɛne London baa dwumadibea no ntam atetew mfe asia no, yɛn nyinaa nyaa nkuranhyɛ kɛse fii ɔkasa ahorow a anuanom yi mae no mu. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔmaa Harold Duerden, ɔkwampaefo nokwafo foforo, fii England bae sɛ ɔmmɛhyɛ Ahenni adwuma no mu den wɔ Belfast.

Yɛsan Kɔ England

Ná yɛabenya anuanom a wɔwɔ Ireland no ho dɔ kɛse, na na ɛyɛ den sɛ yɛbɛsan akɔ England. Nanso wɔmaa me ne me yere san kɔɔ Manchester, na akyiri yi yɛkɔɔ Newton-le-Willows, Lancashire kurow foforo a na mmoa ho hia kɛse no mu. Yɛwoo yɛn babea Lois 1953 mu, na yenyaa abotɔyam sɛ yehui sɛ wafi akwampae adwuma no ase bere a na wadi mfe 16. Bere a ɔwaree ɔkwampaefo David Parkinson no, wɔtoaa wɔn bere nyinaa som adwuma no so wɔ Northern Ireland, na mpɛn pii no, wɔkɔɔ mmeae a na me ne Olive akɔ no ara. Seesei wɔne wɔn mma asan aba England, na yɛn nyinaa resom wɔ asafo biako mu.

Nsakrae horow a ɛbaa yɛn tebea mu no nyinaa akyi no, mannyae akwampae adwuma no da—Olive ampɛ da sɛ ɛbɛba saa, na saa ara na na ɛte wɔ me fam. Mate nka bere nyinaa sɛ me yere ka ho bi na matumi akɔ so ayɛ akwampae adwuma no, efisɛ ɛnyɛ ne mmoa a ɔdɔ wom a ɔde ma me daa no a, anka mintumi nkɔ so nyɛ bere nyinaa som adwuma no da. Ampa, seesei ɛnkyɛ koraa na yɛn baanu nyinaa abrɛ, nanso adansedi da so ara yɛ anigyede, ɛnkanka bere a yɛbom ne yɛn afipamfo yɛ Bible adesua ahorow no. Wɔ mfe a abɛsen kɔ mu no, yɛanya hokwan aboa ankorankoro bɛyɛ ɔha ma wɔabɛyɛ Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so abɔ asu. Hwɛ anigye ara ɛno ayɛ! Na migye di sɛ ɛde besi saa bere yi, dodow yi ayɛ mmɔho pii, bere a mmusua a wɔanya mma nana ne nanankanso nso abɛyɛ Adansefo no.

Me ne Olive taa ka hokwan bebree a yɛanya wɔ mfe a atwam mu no ho asɛm. Hwɛ anigye mfe ara a ɛyɛ, ne sɛnea abɛsen kɔ ntɛmntɛm! Minim sɛ biribi foforo biara nni hɔ a anka metumi de me nkwa ayɛ sen sɛ mede mfe yi nyinaa bɛsom me Nyankopɔn, Yehowa, sɛ ɔkwampaefo. Saa bere yi, sɛ mede anisɔ bu kɔmpɔ hwɛ bere a atwam no, anaa mede ahopere hwɛ daakye kwan a, mihu sɛ Yeremia nsɛm no kyerɛ pii: “Ɛyɛ [Yehowa] adɔeyɛ nti na yenwiee ɔsa ɛ, na ne mmɔborohunu to ntwae ɛ: Ɛyɛ foforo daa anɔpa . . . ɛno nti m’ani da no so ara.”—Kwadwom 3:22-24.

[Kratafa 26 mfonini]

Bob ne Olive Anderson

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena