Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 4/15 kr. 18-19
  • Tirimbɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Tirimbɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔabɔ Babilon Kɛse No Sobo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • ‘Nsɛmpa’ a Ɛwɔ Adiyisɛm No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Ogye Wɔ Yesu Kristo Ahoyi Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Adiyisɛm ne Wo
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 4/15 kr. 18-19

Tirimbɔ

Akyinnye biara nni ho sɛ nnipa dodow a wɔkɔɔ “Ɔsoro Atɛntrenee” nhyiam horow no bɛboro afe a etwaam no de so, bere a nnipa 6,443,597 hyiaam wɔ mmeae horow 1,098 wɔ wiase nyinaa, na wɔbɔɔ nnipa 98,822 asu no. Wɔde nhoma Revelation​—Its Grand Climax At Hand! a ekura nkratafa 320 a mfonini ahorow a ɛyɛ fɛ a wɔde nnuru ayɛ wom na ɛwɔ kasa bɛboro 20 mu no a woyii adi no na ewie etifi hɔ ɔkasa “‘Aguaman a ɔwɔ Dimmɔne No” a wɔmae wɔ “Ɔsoro Atɛntrenee” nhyiam horow no nyinaa ase no. Ɔkasafo no ka kyerɛɛ n’atiefo sɛ: “Momfa nhoma foforo yi nni dwuma yiye mo ankasa ne asafo adesua ahorow mu. Momfa nni dwuma nso mfa nka nkyerɛ wiase no sɛ wɔbɛsɛe Babilon Kɛse, sɛ amanaman no rehyia Harmagedon afei, ne sɛ awiei koraa no bedu wɔ Yehowa Ahenni tumidi a eye nwonwa a Kristo ne n’ayeforo di so no mu. Mo ani begye sɛ mobɛte na moahu nneɛma yi, ‘efisɛ bere a wɔahyɛ no abɛn!’”​—Adiyisɛm 1:3.

Yɛn a yɛte “Awurade da no” mu fi 1914 ne saa ɔsoro atemmu bere yi mu no di ahurusi wɔ hokwan kɛse a ɛsen biara a ɛne ɔsom a yɛsom Amansan Hene Yehowa wɔ N’ahene mu Hene, Yesu Kristo ase no mu. (Adiyisɛm 1:10) Sɛ́ YEHOWA ADANSEFO no, yɛde adanse ma sɛ:

(1) YEKYI ahohorabɔ a Babilon Kɛse, ne titiriw no Kristoman, de aba nokware ɔteasefo ne Nyankopɔn koro, Yehowa, no din so no. Wɔ yɛn fam no, yefi koma nyinaa mu GYE nsɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 4:11 (NW) no NO TOM sɛ: “Yehowa, yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi.”

(2) YEKYI Kristoman ho a ɔde bata Babilon nkyerɛkyerɛ ahorow, titiriw no baasa-koro nyame, ɔdesani kra a enwu da, daa ayayade wɔ hell, ahodwiragya a emu yɛ hyew ne ahonisom​—te sɛ Maria honi ne mmeamudua ho no. Nea ɛne Adiyisɛm 22:18, 19 hyia no, YƐBATA Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw ne nea ɛwom nyinaa ho PINTINN.

(3) YEKYI nyansapɛ ne nneyɛe ahorow te sɛ adannandi nkyerɛkyerɛ, mogya a wɔde ma, yafunu a wotu gu, atorodi, adifudepɛ ne nsisi a etia Onyankopɔn a abu so wɔ Kristoman mu no. Wɔ yɛn som ne yɛn asetra mu no, YEBEDI yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ a wɔka n’akwan ho asɛm wɔ Adiyisɛm 15:3 sɛ ‘ɛteɛ na ɛyɛ nokware’ no Ni.

(4) YEKYI tie a Kristoman antie Yesu nkrasɛm a ɔde kɔmaa asafo ahorow ason a ɛwɔ Adiyisɛm atiri 2 ne 3, wɔ nsɛm te sɛ ɔsom mu mpaapaemu, abosonsom, aguamammɔ, Yesebel nkɛntɛnso, boturobodwo, ne wɛn a wɔnnwɛn ho no. Yɛn de, YEBETIE NA YƐADI nea “honhom no ka kyerɛ asafo no” SO.

(5) YEKYI ɔbrasɛe ne biribiara a wɔma ho kwan a ɛwɔ Kristoman ne n’asɔfo mu no, na yegye Yehowa atemmu a emu da hɔ pefee a wɔaka ho asɛm wɔ Adiyisɛm 21:8 sɛ wɔbɛsɛe wɔn a wɔda so te nneɛma fĩ a wɔyɛ no mu​—nguaman, atorofo, ne wɔn a wɔtete saa​—no korakora no tom. YEFI YƐN KOMA NYINAA MU GYINA Bible gyinapɛn ahorow a ɛfa ɔbarima ne ɔbea nna, aware ne abusua asetra ho no AKYI.

(6) YEKYI honhom mu aguaman a Babilon Kɛse asɔfo no abɔ mfehaha pii denam wiase sodifo a wɔne wɔn yɛ biako sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya tumi, ahode, ne nnipa mpapahwekwa a wɔhyɛ wɔn so no. YƐABƆ YƐN TIRIM sɛ yɛbɛboa nnipa komapafo ma wɔagye nsa a ɔbɔfo no to frɛ wɔn wɔ Adiyisɛm 18:4 sɛ: “Me man, mumfi no mu” no so.

(7) YEKYI mogya ho afodi kɛse a efi nnipa bɛboro ɔpepem 100 nkwa a wɔde bɔɔ afɔre wɔ ɔko mu wɔ afeha yi nkutoo mu a dodow no ara fi aguaman a aguaman kɛse no ne amammui tumi horow no abɔ no. YEDI AHURUSI sɛ bere a wɔahyɛ no abɛn sɛ Onyankopɔn de asotwe atemmu bɛba Babilon Kɛse no so, sɛnea wɔaka no pefee wɔ Adiyisɛm 18:21-24 no.

Sɛ́ Yehowa Adansefo no, YEBU NO SƐ ƐYƐ ANIGYE NE HOKWAN a yɛanya sɛ yɛbɛbɔ no dawuru akyerɛ wiase no sɛ ‘wiase ahenni bɛyɛɛ yɛn Awurade [Yehowa] ne ne Kristo no de’ wɔ 1914 mu. (Adiyisɛm 11:15) YƐABƆ YƐN TIRIM sɛ yɛde akokoduru bɛkɔ yɛn anim wɔ Yehowa atemmu ahorow a ɛbɛba Babilon Kɛse no so a yɛda no adi wɔ kɔkɔbɔ a yɛde ma wɔ Onyankopɔn Harmagedon ko a abɛn no mu no mu. YƐASI YƐN BO sɛ yɛde nne kɛse bɛka anigye asɛmpa no akyerɛ “aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa” sɛ “ɔsoro foforo ne asase foforo” a ɛde nhyira bɛbrɛ adesamma asoɔmmerɛwfo no abɛn. (Adiyisɛm 14:6; 21:1) YEDI AHURUSI sɛ esiane dawurubɔ yi nti, mprempren nnipakuw kɛse a wɔboro ɔpepem abiɛsa a wofi aman nyinaa mu ne yɛn ayɛ biako wɔ asase so nyinaa. Yɛn nyinaa ne ɔbɔfo a watu nam ɔsoro mfinimfini no paem ka sɛ: “Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu dɔn adu. Na monkoto nea ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne asuti no.”

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

1. Dɛn mu na Yehowa Adansefo di ahurusi mprempren?

2. Wɔ Tirimbɔ no mu nsɛntitiriw ason no mu biara ho no, kyerɛ (a) nea Yehowa Adansefo kyi ne (b) nea Adansefo no gye tom a wosi so dua.

3. (a) Anigye ne hokwan bɛn na Yehowa baguafo wɔ? (b) Yehowa Adansefo abɔ wɔn tirim dɛn? (d) Dɛn nso no yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ? (e) Ahurusidi ne mpaemuka bɛn na Yehowa Adansefo nya mu kyɛfa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena