Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
◻ “ƆTAA kɛse” a ɛbaa tete Kristofo asafo no so maa Kristo asuafo no bebree bɔ hwetee. (Asomafo no Nnwuma 8:1) Nanso, saa ɔtaa yi danee nhyira mmom efisɛ wɔn a wɔbɔ hwetee no “kyinkyin kɔkaa asɛmpa no.” (Asomafo no Nnwuma 8:4) Filipo kɔɔ so kaa asɛm no, na “nkurɔfo akuwakuw no . . . de koma koro yɛɛ aso maa nsɛm a ɔkae no.” (Asomafo no Nnwuma 8:6) Sɛnea ɔtaa danee nhyira wɔ afeha a edi kan no mu no, saara nso na ɛyɛe wɔ Thailand kusuu fam akuraa bi ase.
Yehowa Adansefo ɔkwampaefo titiriw bi fii ase kaa asɛm wɔ akuraa yi ase, nanso mfiase no, na akuraase hɔfo no ntie. Nanso, bere a ɔne ɔsɔfo a ɔwɔ hɔ no kasae no, nkurɔfo no betwaa wɔn ho hyiae tiei. Ebinom behui sɛ Ɔdansefo no nim Bible no yiye kyɛn wɔn sɔfo no, enti wofii ase ne ɔkwampaefo no suaa Bible no, ɛwom mpo sɛ afoforo haw wɔn de. Wokunkum dabodabo a wɔwɔ no bi, hunahunaa ɔkwampaefo no sɛ wobekum no, na wɔhyew ɔbarima bi a ɔkyerɛɛ asɛm no ho anigye no fie. Ɔbarima no kae sɛ: “Wobetumi ahyew me fie, nanso wontumi nhyew me koma.” Wɔn a wɔne Ɔdansefo no sua ade no tra baesekre so twa kwan tenten ansa na wɔakɔ nhyiam ahorow a wɔyɛ no Ahenni Asa so no. Wɔbɔɔ wɔn mu baanan asu, na afoforo baasia nso da so ara ne wɔn kɔ nhyiam ahorow no.
Nokwaredi ho Akatua
◻ Anuanom a wɔwɔ Zambia no anya din pa wɔ nokwaredi ho, na eyi de nhyira pii abrɛ wɔn, na aboa afoforo nso ma wɔatumi ahu nokware no. Ɔpanyin bi a ɔyɛ daa ɔkwampaefo te bɔs mu retu kwan no, ɔtee sɛ Ɔdansefo bi ne afoforo rebɔ owusɔre ho nkɔmmɔ. Obi a ɔte bɔs no mu bisaa no sɛ: “Dɛn nti na mo Adansefo no ka sɛ mo som no nkutoo na ɛyɛ nokware?” Onuabarima no de ne ho hyɛɛ nkɔmmɔ no mu na ɔka kyerɛɛ nea ɔne wɔn te bɔs no mu no sɛ esiane sɛ wɔkyerɛkyerɛ nokware a efi Bible no mu nti, Yehowa betua n’Adansefo no ka.
Ɔdasum, wɔ akwantu a ɛware yi mu no, bɔs no koduu baabi a asraafo asiw kwan no. Na osu retɔ denneennen. Ɔsraani bi hyɛn bɔs no mu na obisae sɛ Yehowa Adansefo bi wɔ bɔs no mu anaa. Na baasa na wɔwom. Afei ɔkae sɛ: “Eye, Adansefo no nkɔ so ntra ase, na mo a moaka no mfa mo bag ahorow no mpue.” Wɔn a wɔaka no nyinaa pue kɔɔ osu no mu, na bere a wɔhwehwɛɛ wɔn nneɛma mu wiei no, wɔsan baa bɔs no mu a wɔn bag ne wɔn ntade afɔw.
Wɔsan baa bɔs no mu no, ɔsraani no kae sɛ: “Nea enti a memaa Adansefo no traa bɔs no mu no ne sɛ wɔyɛ nnipa a wodi nokware. Yɛanya osuahu pii na yɛahu sɛ wɔn nkutoo na wodi nokware: yebisa wɔn nea ɛwɔ wɔn bag mu a, wɔka nokware.” Bere a bɔs no sii kwan so bio no, onuabarima no bisae sɛ: “Nokware som no ne nea ɛwɔ he?” Obiako maa mmuae sɛ: “Nea osu nfɔwee no no.”
Yiw, nokwaredi boa ma wohu nokware som, na akatua wom ampa!