Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 9/1 kr. 29
  • Mmoa Ma Wɔn a “Sukɔm De Wɔn” Wɔ Russia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmoa Ma Wɔn a “Sukɔm De Wɔn” Wɔ Russia
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnwuma Pa a Ɛhyɛ Yehowa Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • ‘Nkokoaa Anom’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Yesu Nguan Tie Ne Nne
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • ‘Anigye Ne Onipa a Ohu Nyansa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 9/1 kr. 29

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Mmoa Ma Wɔn a “Sukɔm De Wɔn” Wɔ Russia

YESU kae sɛ: “Nhyira ne wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, na wɔn na wɔbɛma wɔamee.” (Mateo 5:6) Osuahu a edi hɔ yi kyerɛkyerɛ sɛnea Yehowa Adansefo reboa akum nnipa pii honhom fam sukɔm wɔ Russia, baabi a wɔbaraa nyamesom mu ahofadi bɛboro mfe 70 no.

▪ Na ɔbea bi a ne din de Valentina wɔ Bible mu nsɛmmisa bi a anibere wom a onnyaa ho mmuae mfe pii. Sɛ nhwɛso no, osusuw ho sɛ: ‘Hena na Yesu bɔɔ no mpae no?’ Ɔdwenee ho sɛ ɛbɛyɛ sɛ Yesu bɔɔ obi a ɔkorɔn sen no mpae, na osusuw Onii no din ho.

Ɔkɔɔ Russia Ortodɔks Asɔre no mu. Nanso, wannya ne nsɛmmisa no ho mmuae wɔ saa som no mu. Bere a ne bo antɔ ne yam no, ɔkɔɔ Protestant asɔre bi mu, na ɛhɔ nso wannya mmuae a emu da hɔ. Bere a Valentina nhu baabi foforo a ɔnkɔ bio no, ofii ase kenkan Bible no de bɔɔ mmɔden sɛ ɔno ankasa bɛhwehwɛ mmuae no—nanso ankosi hwee. Ɔbɔɔ mpae hwehwɛɛ mmoa.

Bere bi akyi no, Yehowa Adansefo kɔbɔɔ ne pon mu. Wofii Bible mu kyerɛɛ no sɛ Onyankopɔn din ne Yehowa. Awiei koraa no, ohuu onii a Yesu bɔɔ no mpae no! Ofii ase ne Adansefo no suaa Bible daa. Mpɛn pii na ɔde anadwo mũ nyinaa kenkan nhoma horow a Ɔwɛn Aban Asafo no ayɛ, na ɔkenkan Bible mu nsɛm no. Ankyɛ na Valentina kae sɛ wahu nokware no. Asram abiɛsa mu no na wafi ase reyɛ asɛnka adwuma, na ɛno akyi asram abien no, wɔbɔɔ no asu. Onyaa ne nhwehwɛmu a ɔde mpaebɔ yɛe no so akatua.

▪ Ɔdansefo bi foroo bɔs sɛ ɔrekɔka asɛm wɔ beae bi a atew ne ho. Wɔ kwan so no, ɔkaa Bible mu bɔhyɛ ahorow ho asɛm kyerɛɛ ababaa bi, nanso ababaa no ankyerɛ ho anigye. Asram abien akyi no, Ɔdansefo no san kɔɔ saa beae no ara ne mprenu so kɔmaa baguam ɔkasa. Wɔ ɔkasa no akyi no, ɔkɔɔ obi a obetiee bi nkyɛn kobisaa no sɛ: “So obi aka Bible mu asɛmpa no ho asɛm akyerɛ wo dedaw?” Ɔbarima no buae sɛ, “Yiw, ɛyɛ wo.” Ɔdansefo no susuwii sɛ ɔredi agoru. Nanso aberante no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ asram abien a atwam no ɔtee nkɔmmɔ a Ɔdansefo no ne ababaa no bɔe wɔ bɔs no mu wɔ kwan so no. “Na mepɛ sɛ mihu pii, nanso wufii bɔs no mu sii, na misusuwii sɛ merenhu Yehowa Adansefo bio. Afei mihyiaa ɔbarima bi a ɔne Adansefo no resua Bible wɔ m’adwumam. Na ɛno nti na maba yi!”

Ɔbarima no ne ne yere fii ase suaa Bible no. Bere tiaa bi akyi no, otumi hui sɛ na n’adwuma ne Bible nnyinasosɛm nhyia. Esiane sɛ na ɔpɛ sɛ okura ahonim pa mu wɔ Onyankopɔn anim nti, ɔsesaa n’adwuma. Seesei ɔde hokwan biara a obenya ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm. Ne yere nso renya nkɔso wɔ ne Bible sua no mu.

Yehowa Adansefo a wɔwɔ Russia asasesin kɛse no mu no ani gye sɛ wobenya kyɛfa wɔ ka a wɔka kyerɛ nnipa komapafo nyinaa sɛ: “Bra! Na nea osukɔm de no mmra, na nea ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa” no mu.—Adiyisɛm 22:17.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena