Yehowa Nhyira Ama Mayɛ Ɔdefo
Sɛnea Elsie Meynberg ka kyerɛe
‘YEHOWA nhyira na ɛyɛ ɔdefo, na ɔbrɛ adwuma mfa bi nka ho.’ (Mmebusɛm 10:22) M’ankasa mahu nokware a Bible mu abebusɛm yi yɛ no. Ma menka ɔkwan a mefaa so hui no ho asɛm nkyerɛ wo.
Bere a na madi mfe asia pɛ no, mitiee nkɔmmɔ a me maame ne Bible ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔbɛsraa yɛn no bɔe no, na mihuu sɛnea nea me maame resua no maa n’ani gyei kɛse no. Anadwo bi a wim ayɛ nwini wɔ awɔw bere mu no, misian kɔɔ ase hɔ sɛ merekɔpɛ nsu anom, na mekɔtoo me maame sɛ ɔrekenkan ade wɔ fononoo no ano. Sɛ anka ɔbɛteɛteɛ me sɛnea mehwɛɛ kwan no, ɔde ne nsa too me kɔn mu na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ Onyankopɔn din ne Yehowa. Ɔhyew a ɔde kaa saa no ma mihui sɛ na nea wasua no ho hia no yiye.
Bere a ɔne Bible kyerɛkyerɛfo no abɔ nkɔmmɔ kakraa bi aka ho akyi no, me maame nantew kɔɔ yɛn afipamfo nkyɛn sɛ ɔkɔka asɛmpa a wasua no ho asɛm akyerɛ wɔn. Nanso, wɔannye no fɛw so bere nyinaa. Na yɛte bɛn Beatty, Saskatchewan, Canada, na yɛn afipamfo no mu pii yɛ yɛn abusuafo, Lutheranfo anaa Evangelistfo a wɔpɛ wɔn asɔre yiye. Nanso, me maame toaa so ara kɔɔ wɔn nkyɛn.
Mehwɛ mfɛnsere a afɔw mu hu me maame sɛ ɔrebɔ mmɔden ama apɔnkɔ no apue afi apɔnkɔdan no mu, a minim sɛ onnim sɛnea ɔbɛsa wɔn yiye. Mmere afoforo no, ɔkɔ nhyiam ahorow no anaa asɛnka, ɛmfa ho sɛ na me papa kasa ho. Na ɔne me maame nyɛ adwene wɔ ne som foforo no ho, nanso, na wasi ne bo. Bere biara a ɔbɛkɔ aba no, na wanya anigye bi wɔ ne mu a obiara tumi hu. Na ɛyɛ a, ɔka sɛ ‘Yehowa nhyira na ɛyɛ ɔdefo.’ Na metaa susuw nea saa a ɔkae no kyerɛ ho. Ɛwom sɛ na mfe asia pɛ na madi de, nanso na me nso mepɛ sɛ mesom Yehowa.
Da koro bi na me ne me papa wɔ ɔdan atifi, a ɔresiesie nkankyee a wɔde akuru ɔdan no. Na me maame ne me nuabea Eileen ne kuw bi akɔtra kar bi mu a wɔrekɔyɛ “dawurubɔ ɔsatu” adwuma bi. Na wɔrekokyin kurow no mu a wokurakura nkrataa a ɛde Bible mu ɔkasa bi ho dawurubɔ rema.
Me papa bisaa me sɛ: “Worenyɛ nkwaseade sɛɛ da, anaa meboa?” Nanso, ɛwom sɛ na meyɛ abeawa a mani gye nneɛma foro ho de, nanso na mepɛ mmom sɛ anka mɛkɔ saa dawurubɔ ɔsatu no sen ɔdan no atifi hɔ a na mewɔ no. Nanso, na wose meyɛ tiaa dodo sɛ mekura nkrataa no bi.
Bara a Wɔbaraa Yɛn no ho Asɛnnennen ho Dwumadi
Awiei no, minyaa hokwan a edi kan sɛ menya Ahenni asɛmpaka adwuma no mu kyɛfa wɔ November, afe 1940 mu. Anigye bɛn ara na minyae sɛɛ! Esiane sɛ na wɔabara Yehowa Adansefo asɛmpaka adwuma no wɔ Canada saa bere no nti, yefii adi ɔdasum na yekogyaw nhomawa End of Nazism no wɔ ofie biara pon ano.
Bere a midii mfe akron no, na masi me bo sɛ mehyira me ho so ama Yehowa na wɔabɔ me asu. Esiane ɔtaa no nti, wɔankyerɛ yɛn faako a wɔbɛyɛ nhyiam no, na mmom wɔde yɛn kɔɔ kwae mu baabi a na Adansefo kuw kɛse bi “redidi na wogye wɔn ani wɔ petee mu.” Ɛhɔ na wɔbɔɔ nnipa bebree asu wɔ ɔtare bi a ɛbɛn hɔ na emu nsu yɛ wiridudu mu, a me ne me nuabea panyin Eleanor ka ho.
Saa nna no mu no, na wokyia frankaa na wɔtow ɔman nnwom ansa na wɔafi sukuu ase. Ɛmfa ho sɛ na yɛn mfɛfo sukuufo no hwɛ yɛn sɛ wɔn a wɔayɛ bɔne bi no, yefi obu mu powee sɛ yebenya eyi yɛ mu kyɛfa, esiane Bible no nkyerɛkyerɛ a ɛfa abosonsom ho no nti. (Daniel, ti 3) Na me busuani Elaine Young, a na ɔno nso yɛ Ɔdansefo no, nantew akwansin anan de ba sukuu, nanso, wɔpam no da biara esiane sɛ onkyia frankaa nti. Ɛno akyi no, ɔsan nantew kɔ fie bio. Ɔyɛɛ eyi afe a wɔde kɔ sukuu no fã mu nyinaa, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔrenyɛ ne ho kyerɛwtohɔ sɛ ɔmma sukuu na ama watumi awie n’adesua no.
Miwiee sukuu no, mekɔyɛɛ adwuma wɔ sikakorabea bi. Nanso, mihyiaa sɔhwɛ bere a wɔpow sɛ wɔbɛma me kwan ma makɔ Yehowa Adansefo amanaman ntam nhyiam a wɔyɛɛ no New York wɔ 1950 mu no. Na masie sika kakraa, na misii gyinae sɛ megyae adwuma na mafi bere nyinaa ɔsom adwuma no ase. Enti, me ne Elaine tu kɔtraa kurow a wɔfrɛ no Regina no mu. Ebinom dii me ho fɛw sɛ “Fefɛw bere bedu no, na waba fie bio resrɛsrɛ ade.” Nanso, mitumi hwɛɛ me ho denam me bere fã a mede dii abaawa no so. Yehowa nhyira a ɛsom bo no aboa me ma matra ne bere nyinaa som adwuma no mu fi saa bere no de abesi nnɛ.
Yɛn Botae ho a Yedui
Wɔ afe 1955 mu no, me ne Elaine ani gyei kɛse sɛ wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔ Gilead sukuu a ɛto so 26 no bi, ne afei dwumadi a yɛn nsa kae akyiri yi sɛ yɛnkɔ Bolivia, Amerika Kesee Fam no ho. Saa bere no na Adansefo bɛyɛ 160 pɛ na wɔwɔ ɔman no mu nyinaa. Akyiri yi no, yɛde yɛn ani kyerɛɛ Tarija a yɛrekɔka asɛmpatrɛwfo afoforo baanu a wɔwɔ hɔ no ho wɔ yɛn asasesin a edi kan a yɛbɛyɛ mu adwuma no mu.
Na Tarija yɛ kurow fɛfɛ. Na ɛyɛ anigye yiye sɛ wubehu mmea a wɔhyɛ hɔnom ntade no sɛ wɔsoso nnesoa wɔ wɔn ti so. Ɛhɔfo no ho yɛ anigye, na wɔnka nkyerɛ yɛn sɛ wɔn ani nnye asɛm no ho da. Ɛda adi sɛ na wɔte nka sɛ ɛkyerɛ ɔpɔw mmom sɛ wɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ yɛnsan mmra bere foforo a wɔn ankasa nim sɛ wɔrentra fie. Egyee bere kakraa ansa na eyi gyaee yɛn haw.
Da koro bi a yɛne ɔbarima bi rekasa wɔ ne pon ano no, kar bi begyinaa hɔ na ɔsɔfo bi a n’ani abere yiye huru fii mu. Ɔteɛteɛɛ ɔbarima no sɛ: “Sɛ wannyae nkɔmmɔ a wo ne saa mmabaa yi bɔ no a, wɔbɛpam wo afi asɔre no mu!” Afei ɔdan n’ani kyerɛɛ yɛn hunahunaa yɛn sɛ: “Munni hokwan sɛ mobɛka asɛm wɔ ha. Sɛ moannyae a, mɛyɛ nea ɛkyɛn saa.” Ebedu saa bere yi, na afipamfo no pii apuepue rebɛhwɛ nea ɛrekɔ so no. Enti, yɛkɔɔ so yɛɛ yɛn adwuma, na yɛde nhoma ne Bible pii memaa wɔn a wogyinagyina hɔ rehwɛ a na wɔpɛ sɛ wohu asɛm ko a asi no.
Bere a yɛatra saa obon fɛfɛ a nkate, bobe ne nnuaba afoforo tumi yɛ yiye wɔ hɔ no mfe abien no, yɛn ani annye ho mfiase no bere a wɔsesaa beae a yɛyɛ adwuma, de yɛn kɔɔ Potosi, kurow bi a nkommena ne awɔw wɔ hɔ, a baabi a ɛwɔ no sorokɔ bɛyɛ anammɔn 13,000 no. Na Canada awɔw bere mu mframa a ɛyɛ nwini no mu tra akokwaw yɛn, nanso na nea ɛma Potosi yɛ soronko ne sɛ na wonni nea ɛbɛma wɔn ho ayɛ wɔn hyew wɔ wɔn afie mu. Nanso, na Kristofo asafo mu fekubɔ a emu yɛ hyew wɔ Potosi, bere a Tarija de, na asafo biara nni hɔ.
Asasesin Foforo mu Adwumayɛ Asefi
Afei, wɔde me ne Elaine kɔɔ Villamontes sɛ yenkofi asɛnka adwuma no ase wɔ hɔ. Na lɔre a yɛkɔtraa mu no akɔfa asikre a wɔde afa sum ase aba ɔman no mu, enti sɛnea ɛbɛyɛ na polisifo ankyere no wɔ beae a wotua tow no, ofirikafo no tui anadwo. Hwɛ sɛnea ɛyɛɛ yɛn yaw sɛ yɛamfa kanea, efisɛ mpofirim no, biribi kekaa ne ho wɔ ntama a egu yɛn nkyɛn no ase. Na ɛyɛ ofirikafo no boafo no.
Yegyinae bɛyɛ anɔpa nnɔnnum. Yepue fii lɔre no mu wusiw a ama yɛn bo fono yɛn no mu a tutuw aguare yɛn. Na dɔte adwiriw abegu kwan no mu ma asiw. Awiei no, bere a wɔde nnɔnhwerew anan ayɛ adwumaden no, lɔre wura no maa ne boafo no de afiri no faa kwan ketewaa bi a ɛbɛdaa hɔ no so. Bere a lɔre no de nkakrankakra retwa akɔ koko no akyi a ne tyre a emu biara bɔ ho abien no mu biako sensɛn obon donkudonku a ɛwɔ ɔkwan no nkyɛn hɔ so retwa ne ho no, na lɔre wura no mpɛ sɛ ɔhwɛ mpo. Me ne Elaine nantew de twae. Bere a yɛsan sii Villamontes kwan so a yɛte lɔre no mu no, na bepɔw no ho kwan a ɛyɛ kɔntɔnkye no akontɔnkontɔn araa ma edu mmere bi a, ɛma ofirikafo no gyina, san n’akyi na afei waman afa nkyɛn. Awiei koraa no, bɛyɛ nnɔnhwerew 35 a ɔbrɛ wom akyi no, yekodui.
Afei na ɛyɛ osuahu foforo ma me ne Elaine sɛ yɛn nkutoo bɛtra. Nea na ɛyɛ ade foforo ma yɛn nso ne mmoawaa a wɔwɔ hɔ no. Amanku a wɔn akyi denneennen bɛhwɛ yɛn so bere a wɔabɛpem kanea a ɛwɔ yɛn atifi no. Mmoawa nketenkete kaa yɛn yayaayaw, na ɛmaa atape a ɛkeka na nsu fi mu ba beguu yɛn ho. Anadwo a edi kan wɔ yɛn fie foforo no mu no, mifii adi sɛ merekɔ tiafi a ɛwɔ afikyiri no so. Nanso mesɔɔ me kanea no, ntɛfrɛw pii a wɔwɔ fam hɔ no fii ase yɛɛ manyamanya. Aketew guanguanee na mpɔtrɔ akɛse a wɔkotokotow ɔdan no twɔtwɔw so hwɛɛ me dinn. Misii gyinae sɛ metumi atwɛn akosi anɔpa.
Akyiri yi no, bere a yɛwɔ asubɔnten no nkyɛn no, ɛyɛɛ yɛn sɛ yɛntra duasin bi a yehuu wɔ hɔ no so nnye yɛn ahome. Nanso, yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛkɔ akɔyɛ sankɔhwɛ wɔ baabi a ɛbɛn hɔ ansa. Yɛsan bae no, na duasin no nni hɔ. Wɔn a wɔretwam wɔ hɔ a wɔn ho adwiriw wɔn no ka kyerɛɛ yɛn sɛ na ɔwɔ kɛse bi da hɔ. Ɛyɛ me anigye sɛ yɛannyɛ sɛ yɛkɔtra saa “duasin” no so!
Nea yɛn ani gyee ho sen biara wɔ Villamontes ne nkurɔfo a yɛkɔsrasra wɔn anwummere no. Yɛtaa kɔto wɔn sɛ wɔtete adiwo wɔ nkongua a wɔde dua ntini anwene so, a wɔrenom nsa bi a wɔde fan ayɛ a wɔfrɛ no maté. Na yɛtaa de dɔnhwerew biako a anigye wom kyerɛkyerɛ Ahenni bɔhyɛ ahorow no mu wɔ mmeae a ɛtete sɛɛ. Nanso mmere a emu yɛ den bae bere a Elaine waree akyi na wɔde me kɔɔ Vallegrande a ɔkwampaefo foforo ka me ho.
Te sɛ Atɔe Fam a Basabasa wɔ hɔ No
Na ɛho hia sɛ mitu ɔkwan a ɔbrɛ wom nnansa ansa na madu Vallegrande, na saa bere yi de, na me nkutoo na menam. Na dɔte kwan ketewaa a ɛda sare no so no te sɛ nea enni awiei. Awiei koraa no, mikodui bere a owia rekɔtɔ. Bɔs no kɔsɛee asomdwoe a ɛwɔ kurow bi a wɔtaa hu apɔnkɔ wɔ hɔ kyɛn kar no mu. Wɔn a wɔtete abrannaa a wɔde nnua asuso mu ase no hwɛɛ yɛn. Na mmarima a wotwitweri nnua no bi de akodiawuo ahyehyɛ wɔn ataa so. Ɛkame ayɛ sɛ obiara hyɛ atade tuntum. Mekae wɔ me tirim sɛ: “Ɛha te sɛ Atɔe Fam a basabasa wɔ hɔ no ara pɛ!”
Na saa na ɛte nso. Na wɔde atuo na esiesie akasakasa. Ɛwom sɛ na ɛyɛ kurow a nnipa bɛyɛ mpem du kɛkɛ na ɛwɔ mu de, nanso na nnipakum ne basabasayɛ abu so saa bere no. Na apoobɔfo bi a wɔakogye baabi a wotua tow wɔ kurow no kurotia afa no na wodi kurow no mufo so tumi. Na adwuma a apoobɔfo no yɛ de hwɛ wɔn ho ne sɛ wobegyina bɔs ahorow na wɔawia emufo no nneɛma. Na wowia akuafo a wɔde wɔn nnɔbae reba kurow no mu hɔ nso. Wɔde tuo gyina mmeawa so to wɔn mmonnaa wɔ wɔn awofo anim. Na ɛnanom mma wɔn mmabea kwan ma wɔn nkutoo nkɔtɔ ade wɔ beae a ɛbɛn wɔn mpo.
Yɛ sɛnea yɛn adwene yɛɛ yɛn bere a apoobɔfo no panyin hyɛn Ahenni Asa so hɔ da koro no ho mfonini hwɛ. Na wabow. Ɔmansin sohwɛfo a na ɔrema ɔkasa no anim sakrae. Apoobɔfo panyin no teɛɛm sɛ: “Mewɔ gyidi,” na ahoɔden a ɔde bɔɔ akongua no twɛre no maa ebubui. Afei ɔkɔbam ɔmansin sohwɛfo no. Nanso, mpofirim ara no, ne ho dwoe, na obi a ɔwɔ atiefo no mu a ɔne no kɔɔ sukuu no kosoo no mu de no fii hɔ kɔe.
Akyiri yi no, asraafo panyin bi twaa apoobɔfo panyin no mpoa sɛ ɔne no mmɛko. Asraafo panyin no maa wɔde ɔkraman bi funu sɛn hɔ wɔ adwabirim no mu na wɔkyerɛw bɔɔ ho sɛ: “Fi kurow yi mu, anyɛ saa a, ade koro no ara na ɛbɛba wo so.” Opoobɔfo no fii hɔ kɔe, na nsɛm tebea wɔ Vallegrande yɛɛ yiye. Ɛtɔ mmere bi a, na yɛtra apɔnkɔ so nnɔnhwerew 12 kɔka asɛm wɔ nkuraa a ɛbemmɛn hɔ no ase. Sukuu mu ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔwɔ nkuraa no biako ase gyee yɛn fɛw so na akyiri yi no, ɔbɛyɛɛ Yehowa Adansefo mu biako. Bere bi mekɔsrɛɛ obi afurum sɛ mede rekɔ akuraase hɔ, nanso, bere biara a obedu ne kan wuranom no bi fie no, owura mu, na afei na ɛsɛ sɛ wɔsan di yɛn anim de yɛn si kwan no so bio.
Mahyia Nsɛnnennen—Nanso Me Da So Ara yɛ Ɔdefo
Sɛnea ɛte wɔ asɛmpatrɛwfo afoforo pii fam no, mabehu sɛ nsɛnnennen no mu nea ɛyɛ kɛse kyɛn biara no nyɛ ɔhyew anaasɛ mmoawaa no, awɔw no anaa korɔn a baabi korɔn, anaa nyarewa ne ohia mpo. Mmom no, ebetumi ayɛ nipasu a enhyia mu nsɛnnennen. ‘Dɛn nti na nsɛnnennen a ɛtete sɛ sɔre wɔ Yehowa ahyehyɛde mu?’ Misusuw eyinom ho na m’adwenem fii ase yɛɛ me naa sɛ Yehowa nhyira ama mayɛ ɔdefo anaa. Afei mekaee kyerɛwsɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 10:22 a ɛfa Yehowa nhyira ho no. Nkyekyem no fa a ɛto so abien no ka sɛ, ‘Na ɔmfa ɔyaw bi nnka ho.’ Enti ɛnsɛ sɛ yɛde nsɛnnennen a ɛsɔre no hyɛ Yehowa. Mibehui sɛ ɛyɛ nea Adam de maa yɛn no fã bi, na ɛka nneɛma a Paulo ka ho asɛm wɔ Romafo 8:22 sɛ: “Abɔde nyinaa penepene na ɛko awo bedu nnɛ” no ho.
Na me ne Walter Meynberg a na ɔwɔ Canada Betel no di krataa kyerɛw, na bere a mekɔɔ akwamma wɔ Canada wɔ 1966 mu no, yɛwaree na wɔde yɛn kɔɔ La Paz, a ɛyɛ Bolivia kuropɔn titiriw no. Nhyira bɛn ara na ɛyɛ sɛ, sɛ mihu sɛ asafo a ɛwɔ ha no adɔɔso fi biako a na ɛwɔ hɔ bere a mebaa Bolivia no akodu 24 wɔ kurow no afanan nyinaa. Saa ara na ɛte wɔ ɔman no mu nkurow ahorow pii mu. Nokwarem no, kuw a wɔn dodow bɛyɛ adawurubɔfo 160 a na wɔreka asɛmpa no wɔ Bolivia bere a edi kan a mekɔɔ hɔ wɔ 1955 mu no abɛyɛ 7,000!
Me maame nhwɛso a ɔde akokoduru yɛe bere tenten a atwam ni no ama bɛboro nnipa du a wofi m’abusua mu wɔ bere nyinaa ɔsom adwuma mu. Ɛyɛ me anigye sɛ mɛka sɛ m’agya bɛyɛɛ ɔdansefo a wahyira ne ho so, na wɔn a minyaa hokwan ne wɔn suaa Bible no mu bɛboro 30 abɔ asu. So eyinom nyɛ ahonya anaa? Yiw, migye midi sɛ ɛte saa. Nokwarem no, ‘Ɛyɛ Yehowa nhyira na ama mayɛ ɔdefo.’