Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 8/1 kr. 4-7
  • Bible Mmere So Mmofra Asomfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Mmere So Mmofra Asomfo
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mose ne Afoforo a Wodii Nokware wɔ Wɔn Mmofrabere Mu
  • Dawid, Yosia, ne Yeremia
  • Daniel, Yesu, ne Timoteo
  • Daakye Bɛn na Wopɛ?
  • Mmofra A Wɔwɔ Anigye Wɔ Yehowa Ɔsom Adwuma Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Yehowa Akwan A Yebesua Ahu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Wunim Yehowa Yiye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Odiyifo A Ɔsomee Wɔ “Awiei Nna No Mu”
    Onyankopɔn Asɛm A Ɔnam Yeremia so De Ama Yɛn
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 8/1 kr. 4-7

Bible Mmere So Mmofra Asomfo

BIBLE no ka mmofra pa pii a wɔfaa ɔsom a na wɔde ma Onyankopɔn no aniberesɛm, na saa a wɔyɛe no ma wonyaa nhyira bebree ho asɛm. Sɛ̀ ebia yɛyɛ mmofra anaasɛ yɛanyin no, saa Bible mu nhwɛso fɛfɛ yi betumi ahyɛ yɛn nkuran kɛse.

Na Yosef adi mfe 17 pɛ na wɔtɔn no kɔɔ nkoasom mu wɔ Misraim. Ɛhɔ na Yosef daa ne mudi mu kura adi wɔ beae a na ɔne n’abusuafo ntam kwan aware, na wɔn a wonim no mu biara nhu no no. Bere a Potifar yere bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa Yosef ma ɔne no ada no, ɔkae sɛ: “Ɛdɛn na menyɛ amumɔyɛ kɛse yi, na menyɛ bɔne mintia Onyankopɔn?” Wɔ otumfoɔ Farao, Yosef bere so ɔhene a na ɔwɔ tumi kyɛn biara anim mpo no, ɔde hokwan a ebuee no dii dwuma de ayeyi maa Onyankopɔn wɔ Farao adaeso a ɔkyerɛɛ ase no ho. Onyaa nhyira pii. Onyankopɔn de no dii dwuma de gyee Misrifo ne n’abusuafo fii owu a ɔkɔm de bae mu, na ɔde n’agya Yakob ne ne fifo nyinaa kɔɔ Misraim.​—Genesis 37:2; 39:7-9; 41:15, 16, 32.

Mose ne Afoforo a Wodii Nokware wɔ Wɔn Mmofrabere Mu

Farao babea faa Mose sɛ ɔno ankasa ba, nanso Mose ne na ne n’agya tumi kyerɛkyerɛɛ no nokware Nyankopɔn no ho ade. Bible no ka sɛ Mose nyinii no, ‘wampɛ sɛ wɔfrɛ no Farao babea ba, na ɔpawee sɛ ɔne Nyankopɔn man behu amane mmom kyɛn sɛ ɔbɛte bɔne mu dɛw nna tiaa bi.’ Onyankopɔn de Mose dii dwuma ma okoyii ne man fii Misraim, okogyee Mmara no wɔ Sinai, na ɔkyerɛw Bible no fã titiriw bi. So worebɔ mmɔden sɛ wubesi wo bo asom Onyankopɔn sɛnea Mose yɛe no, a mfe dodow a woadi mfa ho anaa?​—Hebrifo 11:23-29; Exodus 2:1-10.

Kyerɛwnsɛm no ka “mmofra” a wɔne ɔman no nkae no yɛɛ aso bere a wɔkenkan Onyankopɔn Mmara no kyerɛɛ Israel no ho asɛm kyerɛ yɛn. (Deuteronomium 31:10-13) Wɔ Nehemia bere so no, “obiara a obetumi atie ate ase no” gyinaa hɔ “fi anɔpa kosii owigyinae” tiee Mmara no. (Nehemia 8:1-8) Sɛ na mmofra no nte biribiara ase mpo a, na wobetumi ahu sɛ ɛsɛ sɛ wɔdɔ Yehowa Nyankopɔn, wɔsom no, na wɔyɛ osetie ma no. Ɛmfa ho sɛ mfe dodow ahe na woadi no, so woayɛ aso atie Onyankopɔn Asɛm a wosusuw ho wɔ nhyiam nketewaa ne akɛse ase no anaa? So woahu sɛnea osetie a wobɛyɛ ama no no hia, sɛnea saa Israelfo mmofra no hui no anaa?

Dawid, Yosia, ne Yeremia

Onyankopɔn paw Dawid a na ɔyɛ anuanom mmarima baawɔtwe mu akumaa koraa no maa dwumadi titiriw bi, na ɔkaa ne ho asɛm sɛ: “Mahu Dawid, Yisai ba, ɔbarima a me koma pɛ no, ɔno na ɔbɛyɛ nea mepɛ nyinaa.” Onyankopɔn paw no sɛ “oguanhwɛfo” maa ne man, na Dawid som saa kwan yi so, bere a ɔde mfe bebree daa ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa no adi no. Ɔkyerɛw Nnwom no mu bɛboro 70, na Yesu Kristo bɛyɛɛ n’aseni. Sɛ́ ebia woyɛ abofra anaasɛ ɔpanyin no, so wowɔ Onyankopɔn akwan ho anisɔ, na so woyɛ nea ɔpɛ, sɛnea Dawid yɛe no anaa?​—Asomafo no Nnwuma 13:22; Dwom 78:70, 71; 1 Samuel 16:10, 11; Luka 3:23, 31.

Yosia bedii hene bere a na wadi mfe awotwe pɛ. Odii bɛyɛ mfe 15, “a ɔda so yɛ abofra no, ofii ase hwehwɛɛ n’Agya Dawid Nyankopɔn.” Ansa na Yosia redi mfe 20 no, ofii ase ko tiaa atoro som. Akyiri yi no, ɔma wosiesiee asɔrefi no na ɔsan de ɔsom kronn sii hɔ wɔ ɔman no mu. Yɛkenkan sɛ: “Ne nna nyinaa mu no, wɔamfi [Yehowa], wɔn agyanom Nyankopɔn no, akyidi ho.” Yɛn nyinaa ntumi nyɛ ɔhene te sɛ Yosia, nanso yebetumi asom Onyankopɔn na yɛagyina pintinn atia atoro som, ɛmfa ho mfe dodow a yɛadi.​—2 Beresosɛm 34:3, 8, 33.

Ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn no ka kyerɛɛ Yeremia sɛ: “Minnya mennwenee wo ɔyafunu mu no, na minim wo, na wunnya mfii adi mfii awotwaa mu no, na metew wo ho; misii wo odiyifo memaa amanaman.” Yeremia kae sɛ onnyin nnuu nea obetumi ayɛ odiyifo: “Ao, [Yehowa] Nyankopɔn, hwɛ, minnim kasa, na meyɛ abofra.” Yehowa buae sɛ: “Nka sɛ: Meyɛ abofra; na mmom, baabiara a mɛsoma wo no, kɔ, na asɛm biara a mɛka wo no, ka.” Yeremia de bɛboro mfirihyia 40 yɛɛ saa pɛpɛɛpɛ, na bere a ɔpɛe sɛ ogyae mpo no, wantumi annyae. Onyankopɔn asɛm yɛe “sɛ ogya a ɛredɛw a wɔato mu [ne] nnompe mu.” Na kasa ara na ɛsɛ sɛ ɔkasa! Ɛmfa ho mfe dodow a woadi no, so worebɔ mmɔden sɛ wubenya gyidi a na Yeremia wɔ no bi, na woakɔ w’anim wɔ Onyankopɔn som mu sɛnea ɔyɛe no anaa?​—Yeremia 1:4-8; 20:9.

Daniel, Yesu, ne Timoteo

So wontee Daniel ho asɛm anaa? Ebetumi aba sɛ na onnii mfe 20 bere a wɔfaa ɔne “mmofra” afoforo nnommum de wɔn kɔɔ otumfoɔ Nebukadnesar, Babilon hene, no ahemfie. Ɛmfa ho sɛ na Daniel yɛ abofra no, na wasi ne bo sɛ ɔbɛyɛ osetie ama Onyankopɔn. Daniel ne n’ahokafo no powee sɛ wɔde nnuan a ɛbɛma wɔato Onyankopɔn Mmara anaasɛ wɔde abosonsom amanne ahorow agu ho fi begu wɔn ho fi. Bɛboro mfirihyia 80 no, Daniel anhinhim, na ɔkɔɔ so gyinaa ne mudi mu araa ma ɔpowee sɛ obegyae mpae a ɔbɔ Onyankopɔn no, ɛwom sɛ na eyi bɛma wɔatow no akyene ama agyata de. So wubu ɔsom a wode ma Onyankopɔn ne mpaebɔ aniberesɛm saa ara? Ɛsɛ sɛ woyɛ saa.​—Daniel 1:3, 4, 8; 6:10, 16, 22.

Bere a na Yesu adi mfe 12 no, wokohuu no Yerusalem asɔrefi sɛ ɔte akyerɛkyerɛfo ntam “retie wɔn na obisabisa wɔn nsɛm. Na wɔn a wotiee [abofra Yesu] nyinaa, ne nyansa ne ne mmuae yɛɛ wɔn nwonwa.” So anka w’ani begye Kyerɛwnsɛm mu nneɛma ho nkɔmmɔ a mpanyimfo a na wɔwɔ asɔrefi hɔ no bɔe ho, te sɛ nea Yesu yɛe no? So anka wo ntease ne wo mmuae bɛma afoforo ho adwiriw wɔn anaa? Ɛnnɛ, Adansefo mmofra pii a wosua ade, tie asɛm yiye, na wɔde wɔn ho hyɛ Kristofo nhyiam horow mu no wɔ Kyerɛwnsɛm no ho nimdeɛ bi a ɛma mpanyimfo ho dwiriw wɔn.​—Luka 2:42, 46, 47.

So wote sɛ Timoteo a wɔkyerɛkyerɛɛ no “nkyerɛwee kronkron” no bere a ɔyɛ abofra no? Bere a na Timoteo ye aberante no, na “anuanom” a wɔwɔ anyɛ yiye koraa no, asafo abien mu no “bɔ no din pa.” Ɔsomafo Paulo pawee sɛ ɔne Timoteo betu kwan, ɛnyɛ sɛ n’adesoa soafo ara kɛkɛ, na mmom na ɔrekɔboa Paulo ma wakyerɛkyerɛ afoforo. So wɔbɛpaw wo de hokwan ahorow a ɛte sɛɛ ahyɛ wo nsa? So “wɔbɔ wo din pa” wɔ wo nnwuma ho, ɛnyɛ w’asafo mu nko, na mmom asafo afoforo mu nso anaa?​—2 Timoteo 3:15; Asomafo no Nnwuma 16:1-4.

Daakye Bɛn na Wopɛ?

So ebetumi ayɛ yiye sɛ nnɛyi mmofra bedi nokware te sɛ Yosef, Mose, Dawid, ne afoforo anaa? Yiw, ebetumi ayɛ yiye. Ɛyɛ nokware sɛ nea mmofra pii pɛ ara ne sɛ wobegye wɔn ani. Nanso, afoforo de wɔn mmofrabere redi dwuma nyansam, na wosua Onyankopɔn ne n’apɛde ma wɔn no ho ade. Eyinom ma Bible nkɔmhyɛ bi ba mu sɛ: “Wo man beyi wɔn yam koraa aba, wo koda no, . . . wo mmerante asafo ba ma wo sɛ obosu fi adekyee yam.”​—Dwom 110:3.

Mmofra pa a wɔte sɛɛ yi reda nyansa a ɛboro wɔn mfe so adi, efisɛ Onyankopɔn betumi aboa wɔn ma wɔadi yiye wɔ wɔn mprempren asetra mu, na wama wɔn daakye a eye anigye wɔ wiase foforo a ɛreba no mu nso. (1 Timoteo 4:8) Nanso, ɔkwan bɛn so na nnɛyi abofra betumi anya gyidi te sɛ mmofra a wɔabobɔ wɔn din wɔ Bible no mu no de no? Sɛ wopɛ sɛ wuhu a, yɛto nsa frɛ wo sɛ kenkan asɛm a ese “Mmofra a Wɔwɔ Anigye wɔ Yehowa Ɔsom Adwuma Mu,” a efi ase wɔ kratafa 10 wɔ nsɛmma nhoma yi mu no.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Misraim ahonyade no antumi annaadaa abofra Mose

Na Yehowa koma pɛ abofra Dawid

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Ɛwom sɛ na Yeremia te nka sɛ “ɔyɛ abofra” de, nanso ɔde akokoduru kaa nkrasɛm bi a wɔmpɛ ho asɛm

Bere a na Yesu adi mfe 12 no, Onyankopɔn Asɛm ho ntease a ɔwɔ no maa ne mpanyimfo ho dwiriw wɔn

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Mmofra mpo yɛɛ aso tiei, bere a wɔkenkan Onyankopɔn Mmara no wɔ Israel no. So wo nso woyɛ saa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena