Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 8/15 kr. 4-7
  • So Ɛsɛ Sɛ Nkrabea Di W’asetra So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛsɛ Sɛ Nkrabea Di W’asetra So?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Nkrabea Gyidi Kyerɛ ne Onyankopɔn Su Horow
  • Nkrabea Gyidi no ne Nokwasɛm Ahorow
  • Nneɛma a Edi Awu a Efi Nkrabea Gyidi no mu Ba
  • So Nkrabea Mu Gyidi Di W’asetra So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • So Bible no Kyerɛkyerɛ Nkrabea Mu Gyidi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nkrabea—So Ɛno Na Ɛkyerɛ Sɛnea Wo Daakye Bɛyɛ?
    Nyan!—1985
  • Ɛyɛ Nkrabea Anaa Ɛbɛbɔɔ mu Kwa?
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 8/15 kr. 4-7

So Ɛsɛ Sɛ Nkrabea Di W’asetra So?

WƆN a yɛabobɔ wɔn din wɔ ha no mu no, Yesu Kristo nkutoo na na onnye nkrabea nkyerɛkyerɛ no nni. Adwene bɛn na na okura?

Afeha a edi kan Yesu asetra mu nsɛm kyerɛwtohɔ (Bible mu nhoma a ɛne Mateo, Marko, Luka, ne Yohane) no da ne gyidi a ɛne sɛ ankorankoro betumi anya wɔn daakye so tumi, a nea ɛkyerɛ ara ne nea ɛbɛba wɔn so no adi.

Sɛ nhwɛso no, Yesu kae sɛ Onyankopɔn ‘de nnepa bɛma wɔn a wobisa no’ ne sɛ nea “obegyina akodu awiei no, ɔno na wɔbegye no.” Ɔkwan a ɛte saa ara so no, bere a Yerusalemfo buu wɔn ani guu kɔkɔbɔ a na anka ebetumi agye wɔn nkwa no so no, Yesu amfa wɔn nneyɛe no anhyɛ nkrabea. Mmom no, ɔkae sɛ: “Moampɛ!”​—Mateo 7:7-11; 23:37, 38; 24:13.

Yebetumi ahu Yesu adwene nso denam nea ɔkae wɔ asiane bi a ekum nnipa a esii Yerusalem no so, bere a ɔkaa eyi no: “Anaasɛ dunwɔtwe a Siloa abantenten no bu hwee wɔn so na ekum wɔn no, mususuw sɛ wɔyɛ mmaratofo sen nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa? Mise mo sɛ: Ɛnte saa.” (Luka 13:4, 5) Hyɛ no nsow sɛ Yesu anka sɛ na nnipa dunwɔtwe no wu fi nkrabea, na saa ara nso na wanka sɛ wɔyɛ abɔnefo sen afoforo nti na wowuwui. Mmom no, nea ɛnte sɛ ne bere so Farisifo a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛka nkrabea gyidi ne sɛnea onipa biara tumi paw nea ɔpɛ mu gyidi abom no, Yesu kyerɛkyerɛe sɛ onipa betumi anya n’ankasa daakye so nkɛntɛnso.

Yesu asomafo no kyerɛkyerɛe saa ara sɛ nkwagye yɛ ade a wɔpaw a obiara betumi anya bi. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Wufi wo mmofraase nim nkyerɛwee kronkron no a ebetumi ama woahu nyansa . . . akɔ nkwagye mu.” Na ɔsomafo Petro kae sɛ: “Mompɛ asɛm no nufusu kronkron, sɛ nkokoaa a wɔawo wɔn mprempren, na moanyin ma akɔ nkwagye mu.” (2 Timoteo 3:15; 1 Petro 2:2; hwɛ Asomafo no Nnwuma 10:34, 35; 17:26, 27 nso.) Encyclopaedia of Religion and Ethics a Hastings yɛe no kyerɛ sɛ na afeha a ɛto so abien ne abiɛsa mu akyerɛwfo te sɛ Justin, Origen, ne Irenaeus ‘nnim nea Onyankopɔn ahyehyɛ ato hɔ a wontumi nyɛ ho hwee ho asɛm biara; wɔkyerɛkyerɛe sɛ obiara tumi paw nea ɔpɛ.’

Nanso sɛ na nnipa pii, a Yudafo a na Yesu ne tete Kristofo traa wɔn ntam no gye nkrabea nkyerɛkyerɛ horow di a, dɛn nti na wɔannye anni sɛ wɔahyehyɛ onipa nkrabea? Ade biako ne sɛ nsɛnnennen pii wɔ nsusuwii no ho. Sɛ yɛbɛbɔ abien din a: Nkrabea gyidi no ne Yehowa Nyankopɔn su horow nhyia; nokwasɛm ahorow a atim bɔ gu. Bio nso, ebetumi de wo mprempren ne daakye asetra ato asiane mu. Sɛ wohwɛ kɔ akyiri a wubehu sɛnea eyi te saa no.

Nea Nkrabea Gyidi Kyerɛ ne Onyankopɔn Su Horow

Afeha a ɛto so abiɛsa A.Y.B. mu tɔnn no, nyansapɛfo Zeno a ofi Citium kyerɛkyerɛɛ n’asuafo wɔ Atene sɛ “wonnye nea Nkrabea ahyɛ no ntom sɛ nea eye sen biara ɔkwan a ahintaw bi so.” Nanso, da bi, bere a Zeno hui sɛ n’akoa awia ade no, Zeno hyiaa nea n’ankasa nyansapɛ kyerɛ no ho asɛnnennen. Ɔkwan bɛn so? Bere a ɔhwee owifo no akyi no, akoa no kae sɛ: “Na sɛ wɔahyɛ ato hɔ sɛ ɛsɛ sɛ miwia ade.”

Na ntease wɔ nea Zeno akoa no kae no mu. Sɛ wugye di sɛ wɔadi kan akyerɛ nea onipa biara asetra kwan bɛyɛ dedaw a, ɛnde sɛ wununu obi sɛ wawia ade a, ɛte sɛ nea wununu akutu aba sɛ abɛyɛ akutu dua. Anyɛ yiye koraa no, onipa ne aba no nyinaa nyin sɛnea nhyehyɛe bi a wɔayɛ ato hɔ kyerɛ. Nanso, dɛn na nsusuwii a ɛte saa no kyerɛ pɔtee?

Wiɛ, sɛ nsɛmmɔnedifo di wɔn nkrabea akyi kɛkɛ de a, ɛnde na onii a ɔhyehyɛɛ nea wɔbɛyɛ no na wɔn nneyɛe ho asodi da no so. Ɛno bɛyɛ hena? Sɛnea nkrabeafo kyerɛ no, ɛyɛ Onyankopɔn ankasa. Sɛ wɔde nsusuwii yi kɔ anim kɛse a, ɛnde ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ne nsɛmmɔnedi, basabasayɛ, ne nhyɛso a onipa ayɛ pɛn nyinaa Farebae a Odi Kan.

Asɛm bi a epuei wɔ Nederlands Theologisch Tijdschrift (Dutch Nyamekyerɛ Nsɛmma Nhoma) mu no kyerɛ sɛ nkrabea gyidi a ɛte saa no “yɛ Onyankopɔn ho mfonini bi a anyɛ yiye koraa no wɔ Kristofo fam no, ɛmfata.” Dɛn ntia? Efisɛ ɛne sɛnea Bible akyerɛwfo a honhom kaa wɔn no ka Onyankopɔn ho asɛm no bɔ abira. Sɛ nhwɛso no, hyɛ Nnwom no mu nsɛm a yɛafa aka yi nsow: “Wonyɛ Onyankopɔn a wopɛ adebɔne; ɔbɔne ne wo rentra.” “Ɔbɔnefo ne nea ɔpɛ amim de, ne kra tan no.” “[Onyankopɔn Mesia Ɔhene a wayi no no] begye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu.” (Dwom 5:4; 11:5; 72:14) Ɛda adi pefee sɛ nea nkrabea gyidi no kyerɛ no ne Onyankopɔn su horow bɔ abira koraa.

Nkrabea Gyidi no ne Nokwasɛm Ahorow

Na asiane ahorow a ɛnyɛ onipa na ɔde ba no nsɔ ɛ? So ɛnyɛ nea wɔahyɛ sɛ ɛbɛba na enti wɔrentumi nyɛ ho hwee anaa?

Dɛn na nokwasɛm ahorow da no adi? Hyɛ nea nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ nea ɛde asiane ahorow a ɛnyɛ onipa na ɔde ba no ba ho no ma wohui, sɛnea Dutchfo atesɛm krataa NRC Handelsblad bɔɔ ho amanneɛ no nsow: “Ɛde besi nnɛ no, na wobu nsasewosow, nsuyiri, mmepɔw a edwiriw gu, ne ahum . . . bere nyinaa sɛ ɛyɛ abɔde mu anwonwasɛm. Nanso, sɛ wohwɛ no yiye a wuhu sɛ abɔde a onipa sɛe no kɛse no aka sɛnea nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no tumi bɔ wɔn ho ban wɔ asiane ahorow mu wɔ ɔkwan a anibere wom so. Nea afi mu aba ne sɛ asiane ahorow a ɛnyɛ onipa na ɔde ba kunkum nnipa pii sen bere biara atwam.”​—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.

Nsuyiri a ɛbaa Bangladesh a yɛkaa ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu no yɛ nhwɛso. Mprempren nyansahufo se “kwae kɛse a wɔasɛe no wɔ Nepal, India Kusuu Fam, ne Bangladesh no yɛ ade titiriw wɔ nsuyiri a ahaw Bangladesh wɔ nnansa yi mfe mu no mu.” (Voice nsɛmma nhoma) Amanneɛbɔ foforo se kwae a ɛsɛe no ama sɛnea nsuyiri ba Bangladesh no akɔ anim fi nsuyiri biako wɔ mfe 50 biara mu akodu biako mfe 4 biara mu. Nneɛma a onipa sɛe no saa ara wɔ wiase mmeae afoforo no de amanehunu a ɛtete saa ara aba​—ɔpɛ, kwaem gya, ne mmepɔw a edwiriw gu. Yiw, onipa dwumadi​—ɛnyɛ nkrabea bi a ɛyɛ ahintasɛm​—na ɛtaa de asiane a ɛnyɛ onipa na ɔde ba no ba anaasɛ ɛma ɛyɛ kɛse.

Esiane sɛ ɛno te saa nti, ɛsɛ sɛ onipa dwumadi yɛ nea ɛbɔ no abira: sɛ ɛbɛtew asiane so. So saa na ɛte? Yiw. Susuw nokwasɛm ahorow yi ho: UNICEF (United Nations Children’s Fund) bɔ amanneɛ sɛ mfe pii mu no mmofra a wɔwɔ Bangladesh nkuraase ɔhaha pii ani furae. So nkrabea a wontumi nsakra no na ɛde eyi bae? Dabida. Bere a UNICEF adwumayɛfo tumi maa ɛnanom a wɔwɔ hɔ tee ase sɛ wɔmmma wɔn mmusua ɔmo nkutoo bio na mmom wɔmma wɔn nnuaba ne nnuadewa nso no, ani yare no fii ase kɔɔ fam. Ebesi nnɛ no, aduan mu nsakrae yi ama mmofra a wɔwɔ Bangladesh no ɔhaha pii akwati anifurae.

Ɔkwan a ɛte saa ara so no, sɛ wɔkyekyem a, wɔn a wogyae sigaretnom no tra ase mfe abiɛsa kosi anan sen wɔn a wɔnom sigaret no. Wɔn a wɔtra kar mu a wɔbɔ seat belt no ntaa nwuwu wɔ akwanhyia mu sɛ wɔn a wɔmmɔ no. Ɛda adi sɛ w’ankasa nneyɛe​—ɛnyɛ nkrabea​—nya w’asetra so tumi.

Nneɛma a Edi Awu a Efi Nkrabea Gyidi no mu Ba

Sɛnea yɛaka no, nkrabea gyidi no betumi atew wo nkwa so nso. Ɔkwan bɛn so? Nhoma The Encyclopedia of Religion reka “nkrabea gyidi a ɛyɛ hu kɛse nhwɛso horow” ho asɛm no, ɛka sɛ: “Efi Wiase Ko II mu no, yenim Japanfo ahokum ɔtopae ntua ahorow ne nkurɔfo a wokunkum wɔn ho wɔ SS (Schutzstaffel) atrae wɔ Hitler nniso bere mu esiane nkrabea (Schicksal) gyidi a na wɔkyerɛ sɛ ɛkorɔn koraa sen bo a adesamma ankorankoro nkwa som no nti.” Na nnansa yi ara no, nhoma koro no ara kyerɛ sɛ “ɛkame ayɛ sɛ ahokum ntua a nyamesom na ɛkanyan wɔ mmeae a wonyaa adwene sɛ ɛde Nkramosom reto asiane mu no . . . bɛyɛɛ ade a ɛkame ayɛ sɛ epue atesɛm nkrataa mu daa wɔ Apuei a Ɛbɛn no.” Amanneɛbɔ ahorow a ɛtete saa se asraafo mmerantewaa kɔɔ ɔko a na wogye di sɛ “sɛ wɔnkyerɛwee sɛ obi bewu a, hwee renyɛ no.”

Nanso, Nkramofo akyerɛkyerɛfo a wobu wɔn mpo kasa tia adeyɛ a ahwɛyiye nnim saa no. Sɛ nhwɛso no, kramoni sodifo bi kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ obi a ɔda ogya mu de n’asɛm ma Onyankopɔn; nanso ɛho nhia sɛ obi a onnya ntɔɔ ogya mu no tow ne ho kyene mu.” Nea ɛyɛ awerɛhow no, asraafo pii anyɛ wɔn ade amma ɛne kramoni sodifo no afotu no anhyia. Bɛyɛ mfe awotwe akodi mu no, wobu akontaa sɛ Iranfo 400,000 na wowuwui​—ɔko mu atɔfo a ɛdɔɔso sen nea United States hweree wɔ Wiase Ko II no mu! Emu da hɔ pefee sɛ nkrabea gyidi no betumi atew wo nkwa so. Ebetumi de wo daakye asetra mpo ato asiane mu. Ɔkwan bɛn so?

Esiane sɛ obi a ogye nkrabea di no gye di sɛ wontumi nkwati nea ɛbɛba daakye na wɔahyɛ ato hɔ te sɛ mmere a atwam no nti, ebetumi ama wanya su bi a ɛde asiane ba. Su bɛn? Encyclopedia of Theology bua sɛ: “Onii no . . . te nka wɔ asetra mu nneɛma ahorow mu ade bi a ontumi nyɛ ho hwee, ɛho nhia, na ɛte sɛ nea ontumi nguan mfi mu ho. Eyi de nneɛma ho anigye a onni a ɔde gyidi hunu kyerɛkyerɛ mu sɛ biribiara gyina nkrabea a ɛkyere adwene nanso edi ade nyinaa so no so.”

Dɛn nti na nneɛma ho anigye a wonni no yɛ nea asiane wom kɛse no? Mpɛn pii no ɛde nkogudi su a ɛma obi te nka sɛ ɔnsɛ hwee na ɛba. Eyi betumi asiw obi a ogye nkrabea di no kwan sɛ obedi kan ayɛ biribi anaasɛ mpo ɔbɛyɛ Onyankopɔn nsato a ɛyɛ nwonwa yi ho ade: “Huu, mo a osukɔm de mo nyinaa, mommra nsu ho. . . . Monyɛ aso ɛ, na mommra me nkyɛn, muntie, na mo kra nnya nkwa.” (Yesaia 55:1-3) Sɛ nkrabea mu gyidi nti na obi ‘mma’ ‘mmmetie’ a, ɛbɛma hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ ‘obenya nkwa’ daa wɔ Paradise a wɔasan de asi hɔ wɔ asase so a ɛreba no abɔ no. Adehwere kɛse bɛn ara ara ni!

Enti ɛhe na wugyina? Sɛ wunyinii wɔ beae a nkrabea gyidi horow ne nea nkurɔfo susuw ho titiriw a, ebia na woagye gyidi no atom a woammisa ho asɛm. Nanso, nsɛm a ɛbɔ no abira a yɛasusuw ho wɔ asɛm yi mu no aboa wo ma woahu sɛ ɔkwan kɛse so no, w’ankasa nneyɛe horow na ɛkyerɛ wo mprempren ne wo daakye asetra kwan.

Sɛnea woahu no, nsusuwho, nokwasɛm ahorow ne nea ɛsen ne nyinaa no, Kyerɛw Kronkron no kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wugyaw wo ho mu ma nkogudi bɔne su. Mmom no, sɛnea Yesu hyɛe no: “Mummia . . . mo ho sɛ mobɛhyɛn ɔpon teateaa no mu.” (Luka 13:24, The Emphatic Diaglott, sɛnea emu nsɛm a ɛwɔ kasa horow mu no te) Dɛn na na ɔkyerɛ? Bible asekyerɛfo bi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Asɛmfua [mummia] no fi Helafo agodi mu. Wɔn mmirikatu no mu no. . . . wɔyeree wɔn ho, anaa womiaa wɔn ho, anaasɛ wɔde wɔn ahoɔden nyinaa bɔɔ mmɔden sɛ wobedi nkonim.” Sɛ́ anka wubegyaw wo ho mu ama nkogudi wɔ asetra mu mmom no, na Yesu rehyɛ wo sɛ yere wo ho sɛ nkonimdi nkutoo na wubenya!

Enti, wosow wo ho fi nneɛma ho anigye a wunni a nkrabea de ba nyinaa ho. Fa wo ho hyɛ nkwa mmirikatu no mu sɛnea Onyankopɔn Asɛm hyɛ no, na mma nkrabea gyidi ntwentwɛn wo ase. (Hwɛ 1 Korintofo 9:24-27.) Ka wo ho ntɛmntɛm denam nsato a efi honhom mu yi a wode ahoɔhare begye so no so: “Fa nkwa, na wo ne w’asefo nnya nkwa.” Ɔkwan bɛn so na wubetumi apaw nea ɛte saa? “Dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn na tie ne nne na bata ne ho.” Saa a wobɛyɛ no bɛma woadi nkonim, efisɛ Yehowa bɛyɛ “wo nkwa ne wo nna dodow.”​—Deuteronomium 30:19, 20.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Mose ankyerɛkyerɛ nkrabea na mmom ɔhyɛe sɛ: ‘Fa nkwa na woanya nkwa.’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena