So Wokae?
So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a ɛba nnansa yi no akenkan ho? Wiɛ, hwɛ sɛ wubetumi abua nsemmisa a edidi yi so a:
◻ Esiane sɛ wɔde abɔfo asoɔdenfo no agu Tartaro nti, dɛn na eyi akyerɛ ama wɔn? (2 Petro 2:4)
They no longer occupy a place in Jehovah’s holy organization and are now cut off from divine illumination. However, they still operate under Satan’s direction and continue to maintain close contact with humans, endeavoring to control men, women, and even children. (Revelation 12:12, 17)—4/15, page 14.
◻ Dɛn nti na ɛho hia sɛ ‘yekyi bɔne’ wɔ Yehowa ani so? (Dwom 97:10)
Wɔn a wokyi bɔne no renhwehwɛ akwan a wɔbɛfa so de wɔn ho ahyem. Ɔkwan foforo so no, wɔn a wonkyi bɔne no betumi atwe wɔn ho afi ho honam fam bere a wɔn adwenem no, wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ nneɛma bɔne no.—4/15, kratafa 14.
◻ Yesu talente ho bɛ no mu no, adesua a ɛka koma bɛn na wɔda no adi ma wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristo akyidifo nyinaa? (Mateo 25:14-30)
Ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma de ma wɔn soro Owura no nneɛma dɔɔso denam asɛnka adwuma no mu kyɛfa kɛse a wobenya so. Ɛno nkutoo na wobetumi anya awerɛhyem sɛ Yesu bɛkamfo wɔn na wɔatua wɔn ka. Enti wɔkwati sum a ɛwɔ akyirikyiri no mu a wɔbɛto wɔn akyene ne ɔsɛe a ɛbɛba awiei no.—5/1, kratafa 15.
◻ Dɛn na na Yesu kyerɛ bere a ɔka kyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu” no? (Mateo 6:13)
Ɛnsɛ sɛ wɔte saa nsɛm yi ase sɛ ɛkyerɛ sɛ Yehowa sɔ yɛn hwɛ ma yɛyɛ bɔne. Mmom no, nea ɛte ne sɛ yebetumi abisa sɛ ɔmmma yennnyae mu bere a wɔsɔ yɛn hwɛ anaasɛ wɔhyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ asoɔden ntia no no. Yebetumi asrɛ yɛn Agya no sɛ ɔnkyerɛ yɛn anammɔn kwan sɛnea ɛbɛyɛ a sɔhwɛ bi a emu yɛ den dodo sɛ yɛbɛsoa remmu mfa yɛn so. (1 Korintofo 10:13)—5/15, kratafa 12.
◻ So ɛyɛ papa sɛ Kristoni bi bɛma wɔde mogya mu ade bi te sɛ immune globulin ne albumin awɔ no paane?
Esiane sɛ Kristofo redi Onyankopɔn mmara so nti, wonnye mogya mu nneɛma atitiriw no a wɔde bɛma wɔn—plasma, mogya mu nkwa mmoawa kɔkɔɔ, mogya mu nkwa mmoawa fitafitaa, anaasɛ mogya mu nkwa mmoawa ntrantraa no. Nanso, Yehowa Adansefo binom fi ahonim mu ate nka sɛ wobetumi agye plasma protein mu nneɛma nketenkete no mu bi a wɔde wɔ wɔn paane no. Nea ɛyɛ anigye no, protein ahorow yi mu bi ankasa tumi fa ɔpemfo mogya ntini mu kɔ ɔyafunu mu aba no mogya nhyehyɛe a atew ne ho no mu.—6/1, nkratafa 14, 15.
◻ Atirimpɔw bɛn na asuafo no anan ase a Yesu hohorowee wɔ Twam a ɛfata a edi akyi no ase no dii ho dwuma?
Na Yesu rekyerɛ n’asuafo no ahobrɛase ho ade. Ɛnsɛ sɛ obiara hwehwɛ sɛ odi kan da, susuw sɛ ne ho hia. Mmom no, ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa di Yesu nhwɛso akyi na wonya ɔpɛ sɛ wɔbɛsom wɔn ho wɔn ho a nyiyim nnim, ɛmfa ho sɛ adwuma no nnye anaasɛ ɛba fam dɛn ara no. (Yohane 13:12-17)—WT 6/15, kratafa 9.
◻ Ntease bɛn mu na Yudafo a na wɔwɔ Beroia no ‘hwehwɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye’ no? (Asomafo no Nnwuma 17:11)
Ɛnyɛ sɛ na Beroiafo no nnye Paulo ne nkrasɛm a ɔde brɛɛ wɔn no nni, na mmom wɔyɛɛ nhwehwɛmu de hui sɛ Yesu ne Mesia no. Sɛ́ wɔn mu pii bɛyɛɛ gyidifo no kyerɛ sɛ na wɔwɔ adwempa. (Asomafo no nnwuma 17:12)—6/15. kratafa 9.
◻ Na dɛn ne ‘Yehowa akodi nhoma’ no? (Numeri 21:14)
Na eyi yɛ Onyankopɔn akodi ma ne nkurɔfo no ho abakɔsɛm a wotumi de ho to so. Ɛbɛyɛ sɛ efii ase fii Abraham nkonim a odii ntuafo dɔm a wofi Bɔhyɛ Asase no so sɛnea wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Genesis ti 14 no so. Nhoma no awiei koraa bɛyɛ “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ da kɛse mu ko” wɔ Harmagedon no. (Adiyisɛm 16:14, 16)—7/1, nkratafa 20, 22.
◻ Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm Bible no boa yɛn ma yegyina ɛyaw ano?
Bible no ka nea enti a Yehowa ama ɛyaw ho kwan no kyerɛ yɛn, na ɛma yɛn awerɛhyem nso sɛ ɛyaw bɛba awiei nnansa yi ara. (Romafo 5:12; Adiyisɛm 21:1-5)—7/15, nkratafa 4 ne 5.
◻ Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkurɔfo betumi ‘ahwɛ Yehowa anuonyam no sɛ [wɔhwɛ] ahwehwɛ mu’? (2 Korintofo 3:18)
Onyankopɔn anuonyam hyerɛn denam “Kristo a ɔyɛ Onyankopɔn suban no anuonyam asɛmpa” no so. Yehowa Adansefo da saa anuonyam yi adi denam Yehowa anuonyam ne Ahenni a ɛnam ne Ba no so no anuonyam a wɔka ho asɛm no so. (2 Korintofo 4:4-6)—7/15. nkratafa 15, 16.
◻ Bere bɛn na ɛsɛ sɛ wɔbɔ obi asu?
Sɛ obi nam Kristo Yesu so hyira ne ho so koraa ma Yehowa a ɛnkaa no hwee, na ɛnyɛ nea ɔhwehwɛ biribi ansa sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde a, asu na ɛsɛ sɛ wɔbɔ no.—8/1, kratafa 14.