Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Ammaneɛ
‘Anigye Ne Onipa a Ohu Nyansa’
SAA abebusɛm yi abam wɔ Korea, a mpremprem Yehowa Adansefo a wɔwɔ anigye bɛboro 71,000 na wɔwɔ hɔ no. (Mmebusɛm 3:13) Na susuw ho hwɛ, asomfo yi mu ɔha biara mu nkyem 42 wɔ bere nyinaa ɔsom adwuma no mu! Osuahu ahorow a edidi so yi bɛkyerɛ sɛ wɔn a wɔhwehwɛ nokware nyansa wɔ anigye pii.
Ná ɔbea bi a ɔwɔ Pusan akɔ Kristoman asɔre bi mfe 16. Ohuu nneyɛe pii a ennyina Kyerɛwnsɛm so araa ma ofii ase susuwii sɛ ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn biara nni hɔ. Nanso, wantumi annye wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ no ho akyinnye, enti ɔde nokwaredi bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛnea ɛbɛyɛ na sɛ nokware som bi wɔ hɔ a obehu. Saa bere no Yehowa Adansefo ho asɛm baa ne tirim, no ɔkaee sɛ n’asɔre buu wɔn animtiaa na ɛbɔɔ asɔremma no kɔkɔ wɔ wɔn ho, efisɛ na Adansefo no nnye Baasakoro, hellgya, ne Kristoman nkyerɛkyerɛ afoforo nni. So ebia ɛno ne nokware som no anaa? Ɛdenam afipamfo bi mmoa so no, ohuu baabi a Ahenni Asa no wɔ. Ɔkɔɔ adesua da a edi hɔ no ara.
Sɛnea adesua no kɔɔ so wɔanowɔano no yɛɛ no nwonwa. Ná nkate a emu yɛ den mu a wofi teɛteɛm, anaa nkate mu a wofi to dwom biara nni hɔ sɛnea na ɛte wɔ n’asɔre mu no. Wɔde no kyiaa Ɔdansefo bi a na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔne no besua Bible no, ma esiane nsɛm pii a obisae nti, adesua a edi kan no dii nnɔhwerew pii. Bere a ɛto so abien a wɔyɛɛ adesua no, ɔkae sɛ obegyae n’asɔre no abɛyɛ Ɔdansefo. Ɔka kyerɛɛ onuawa no sɛ ɛho renhia bio sɛ ɔne no besua ade, efisɛ obetumi aba adesua no ara. Nanso, wɔkyerɛɛ no mfaso a ɛwɔ so sɛ obi bɛyɛ n’ankasa ne Bible adesua aka adesua a ɔbɛkɔ no ho. Otiee afotu no, de nsi toaa n’adesua no so, na akyiri yi, wɔbɔɔ no asu.
Mprempren n’ani agye yiye sɛ wahu nokware Nyankopɔn, Yehowa, nyansa no, ma n’ani da so sɛ ɔbɛtra ase daa wɔ Onyankopɔn wiase Foforo no mu.
Kan Ɔsahene Bi Hu Nokware No
Wɔbɔɔ asraafo sahene bi yere asu 1962. Mfiase no ne kunu sɔre tiaa no, nanso akyiri yi ogyae, na anuanom pii ne no yɛɛ adesua wɔ bere ne bere mu mfe 28, bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma n’ani agye nokware no ho. Ɔkɔɔ adesua ne ɔmantan nhyiam ahorow bi, nanso na ɔyɛ obi a ɔmfa nokware no aniberesɛm. Ɔne ne yere kɔɔ Japan 1990, na wɔkɔɔ ɔmantan nhyiam bi. Saa bere no, otiee ɔkasa ahorow no yiye—biribi a na ɔnyɛɛ bi da. Ɔkasa ahorow a wɔmaa no akokoduru so de paa atoro som ho ntama no maa ne ho dwiriw no, nanso ɛda adi sɛ eyi buee n’ani maa ohuu Kristoman nyaatwomyɛ no. Sɛnea na Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ Japan no yɛ wɔn ade wɔanowɔano na wɔn ani gye te sɛ nea na wahu wɔ Korea no yɛɛ no anigye. Ɔsan kɔɔ Korea no, ɔde anibere fii Bible adesua ase, na awiei koraa no, wɔbɔɔ no asu.
Enti wɔ n’asubɔ akyi no dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ? Ogyae ne dibea sɛ ahɔhodan bi a agye din titrani, na ɔkɔkaa ne yere ho wɔ bere nyinaa akwampae som adwuma no mu. Ɔte nka sɛ daa ɔkwampaefo a ɔbɛyɛ no yɛ nea eye sen biara a ɔde besi mfe 28 a ɔsɛee no bere a na ɔretwentwɛn ne nan ase no ananmu.
Mprempren ohu sɛ abebusɛm a ese “[anigye] ne onipa a ohu nyansa” no yɛ nokware wɔ ɔno nso ho!