Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 10/15 kr. 3-4
  • Masada​—Dɛn Nti Na Ɛbae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Masada​—Dɛn Nti Na Ɛbae?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Masada Mmarima a Wɔde Asekantia Di Ako
  • Masada​—So Na Ɛyɛ Adanse A Ɛkyerɛ Sɛ Mesia No Aba?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Josephus Beresosɛm a Ɛyɛ Anigye No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Sɛ Onyankopɔn Keka Ne Ho a So Wobegye Wo Nkwa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Anidaso Pa Ma Ɔkra No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 10/15 kr. 3-4

Masada​—Dɛn Nti Na Ɛbae?

“ME MFƐFO akokodurufo, bere tenten ni a yɛasi yɛn bo sɛ yɛrensom Romafo anaa obi foforo biara gye Onyankopɔn nkutoo . . . Mommra, bere a yɛn nsa da hɔ a yebetumi de aso nkrante mu yi . . . Momma yenwuwu ansa na yɛayɛ nkoa wɔ yɛn atamfo ase, na yɛne yɛn yerenom ne yɛn mma mmom mfi asetra yi mu sɛ nnipa a wɔde wɔn ho!”

Wɔbɔ amanneɛ sɛ Eleazar a na ɔyɛ Yair ba (anaa Ben Ya’ir) no, na ɔde afotu a wɔde maa wɔ anibere mu yi maa Masada ahobammɔfo no. Afeha a edi kan no mu abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus na ɔkyerɛw too hɔ wɔ ne nhoma The Jewish War no mu. Dɛn nti na Yudani kannifo no hyɛɛ ne mfɛfo sɛ wonkunkum afoforo ne wɔn ho yi, a na ɛbɔ Onyankopɔn mmara abira no? (Exodus 20:13) Nea ehia koraa no, ɔkwan bɛn so na nsɛm tebea horow no ho nimdeɛ betumi aboa wo ma woatra nnɛyi wiase a basabasayɛ wom yi mu?

Masada Mmarima a Wɔde Asekantia Di Ako

Ansa na Yudafo no retew atua wɔ 66 Y.B. mu no, na Romafo asraafo kuw bi te Masada a na ɛyɛ bepɔw so aban dennen bi a ɛbɛn Po a Awu no ho. Ɛwom sɛ na Masada wɔ baabi a atew ne ho de, nanso Herode Ɔkɛseɛ no ma wosii awɔw bere mu ahemfie fɛfɛ bi wɔ hɔ. Ɔma wɔyɛɛ nsu nhyehyɛe bi a na ɛma wonya nsuɔhyew guare mpo. Nanso, nea na ɛyɛ aniberesɛm kɛse no, bere a na Romafo no te aban dennen no mu no, na wɔde akode pii asie hɔ. Bere a Romafo a na wɔafa Palestina di so no ho nkate mu yɛ den no, na asiane wɔ hɔ sɛ Yudafo ɔman anidanfo nsa bɛka akode no. Ná kuw a ɛte sɛɛ no mu bi ne Sicarii a ɛkyerɛ ‘mmarima a wɔde asekantia di ako’ a wɔbɔɔ wɔn din wɔ Bible no mu sɛ na wɔn ho wɔ basabasayɛ bi mu no.​—Asomafo no Nnwuma 21:38.

Wɔ 66 Y.B. mu no, mmarima a wɔde asekantia di ako no gyee Masada. Wɔde akode afoforo a wɔn nsa aka no kɔɔ Yerusalem kɔboaa Roma nniso no so atuatew no. Romafo asraafo a wɔwɔ Masada ne Yerusalem nyinaa a Yudafo ɔman anidanfo kunkum wɔn no de Roma Ahemman no abufuw baa wɔn manfo so. Ansa na 66 Y.B. reba awiei no, Romafo Asraafo dɔm a Ɛto so Dumien a na ɛhyɛ Cestius Gallus ase no tu kɔɔ Yudea na wokotwaa Yerusalem ho hyiae. Romafo no tuaa kurow no fii afã nyinaa na wɔkɔɔ akyiri kodui sɛ wotutuu afasu no nhyɛase a ɛwɔ kusuu fam no ase. Mpofirim ara no Gallus san de ne dɔm no fii Yudea kɔe a na wonnim dekode pɔtee nti a ɔyɛɛ saa. Josephus a ɔde n’ani hui no kyerɛwee sɛ: “Sɛ ɔtoaa nkahyem no so kyɛe kakraa bi a, anka ɔbɛfa Kurow no prɛko pɛ.”

Nanso na Romafo no nwiei ɛ. Mfe anan akyi no, Roma ɔsahene Tito de asraafo dɔm anan tu kɔɔ Yerusalem so.a Saa bere yi de, wɔsɛee kurow no nyinaa, na wɔsan de Yudea baa Roma nniso dennen no ase. Ɛkaa Masada nkutoo.

Esiane sɛ na Romafo no asi wɔn bo sɛ wobebubu ɔsɔretia ade a etwa to yi nti, wɔtoo abo afasu kɛse ne abo afasu nsraban awotwe twaa aban dennen no ho hyiae.

Awiei koraa no, wɔyɛɛ dɔte atrapoe a na edu atifi hɔ​—koko a nnipa yɛe a na ne ntrɛwmu yɛ anammɔn 645 na ne sorokɔ yɛ anammɔn 180! Wɔtoo aban wɔ so na wɔde adeto ade a ebedwiriw Masada afasu no agu sii so. Bere a na Romafo asraafo no bɛbɔ ahyɛn mu na wɔafa Yudafo aban dennen a edi akyiri no nkutoo na na aka!

Ɛnnɛ Romafo nsraban, afasu a etwaa ho hyiae de ka hyɛɛ mu no, ne koko kɛse a wohu no yiye no yɛ adanse a ɛnkasa a ɛkyerɛ sɛnea Yudafo atuatew no baa awiei. Wowiee fam tutu fefeefe a wɔyɛe wɔ Masada no wɔ 1965 mu. The New Encyclopœdia Britannica (1987) no reka nneɛma a wohui no ho asɛm no, ɛkyerɛ sɛ: “Wohui sɛ Romani-Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus a ɛde besi saa bere yi na ɔno nkutoo ne Masada abakɔsɛm fibea a ɛkɔ akyiri no nkyerɛkyerɛmu ahorow no yɛ nokware turodoo.”

Nanso bere a na Romafo no reyɛ abɔ ahyɛn ɔfasu no mu no, mmarima a wɔde asekantia di ako no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ Yair ba Eleazar ahokum kasa no ho? Josephus kyerɛwee sɛ: “Wɔn nyinaa kunkum wɔn mmusua; . . . afei bere a wɔbɔɔ ntonto yii wɔn mu mmarima du a wobekunkum wɔn a wɔaka no, wɔn mu biara daa ne yere ne ne mma nkyɛn, na bere a wɔde wɔn nsa abebare wɔn no, wogyaw wɔn menewam too hɔ maa wɔn a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma a ɛyɛ yaw no.* Eyinom nso kunkum wɔn nyinaa a wɔammu wɔn ani, afei wɔn nso wɔfaa ɔkwan a ɛte saa ara so maa wɔn ho, . . . nanso aberewa bi ne ɔfoforo . . . guanee . . . Ná wɔn a wowuwui no dodow si ahankron ne aduosia, a mmea ne mmofra ka ho.”

Dɛn nti na Yudafo no atuatew no baa awiei awerɛhow mu saa? So na ɛne Nasareni Yesu asetra ne ne wu no wɔ biribi yɛ?

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔ Masada no, fam tutufo huu sika pa ɔhaha pii a na Hebri nkyerɛwee a wɔde hyɛɛ atuatew no ho fa, te sɛ “Sion ahofadi Nti” ne “Yerusalem Kronkron” no wɔ so. Ɔbenfo Yigael Yadin kyerɛkyerɛ mu wɔ ne nhoma Masada no mu sɛ: “Shekel horow a yehui no gyina hɔ ma atuatew mfe no nyinaa fi afe a edi kan no so kosi afe a ɛto so anum a ɛne afe a etwa to a wotwaa shekel no so, na ɛne afe 70 Y.B. a wɔsɛee Yerusalem Asɔrefi no hyia.”

Wɔ beae bi a ɛbɛn Masada apon biako ano no, wohuu ɛfɛre ahorow a wɔakyerɛkyerɛw Hebri mmran ntiantia bi wɔ ebiara so. Nhomanimfo pii kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ eyinom ne ntonto a Josephus kaa ho asɛm no. Wɔakyerɛw biako so sɛ “Ben Ya’ir” a ɛkyerɛ “Yairo ba.” Louis Feldman kyerɛw wɔ Josephus and Modern Scholarship mu sɛ: “Ntonto ahorow a Yadin hui a na wɔakyerɛw edin Ben Jair agu biako so no yɛ Josephus asɛm no so duasi a akyinnye nni ho.”

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Yudafo sika a wotwaa no 67 Y.B. mu a ɛbɔ wɔne Romafo ɔko no “Afe 2” din

[Mfonini Fibea]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena