Biakoyɛ Bɛba Denam Kristo So
Efesofo Nhoma no mu Nsɛntitiriw
AFE 52 Y.B. mfiase pɛɛ no, ɔsomafo Paulo kaa asɛm wɔ Efeso. Na Asia Kumaa aguadi kurow a ahonyade wom yi nso yɛ atoro som fibea. Nanso, Kristosom ase timii wɔ Efeso bere a Paulo san baa hɔ wɔ bɛyɛ 52/53 Y.B. mu awɔw bere mu no. Ɔmaa ɔkasa da biara wɔ sukuu hyiadan bi mu, na odii adanse wɔ afie afie wɔ bɛyɛ mfe abiɛsa a ɔde traa hɔ no mu.—Asomafo no Nnwuma 19:8-10; 20:20, 21, 31.
Bere a Paulo da afiase wɔ Roma wɔ bɛyɛ 60-61 Y.B. mu no, ɔkyerɛw Efesofo Kristofo no. Na Yesu Kristo a wɔne no bɛyɛ biako na wɔafa no so ayɛ biako nso no ne nhoma no asɛmti. Nokwarem no, ekura nsɛm 13 a etwe adwene si ‘Kristo mu biakoyɛ’ so sen nhoma foforo biara a Paulo kyerɛwee. Te sɛ Efesofo no, yebetumi anya Paulo nsɛm a ɛfa Kristo dwumadi, ɔbrasɛe a ɛsɛ sɛ yɛkwati ne ahonhommɔne dɔm a yɛbɛko atia wɔn ho no mu mfaso.
Biakoyɛ Ne Onyankopɔn Atirimpɔw
Nea edi kan no, Paulo kyerɛkyerɛɛ sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so bɛma biakoyɛ aba no mu. (1:1-23) Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛka ɔsoro ne asase so nneɛma nyinaa abom bio denam “afisiesie,” (ɔkwan a wɔfa so hwɛ nneɛma so) so. Ɛdenam Kristo so no, Onyankopɔn ne wɔn a wɔapaw wɔn ama ɔsoro asetra ne afoforo a wɔbɛtra asase so no bɛka abom ayɛ biako. Ɛnnɛ, Onyankopɔn aka wɔn a wɔasra wɔn no ne “nnipakuw kɛse” no abom biako, na ‘asase so nneɛma nyinaa anoboaboa’ no bɛkɔ so akosi sɛ wɔn a wɔwɔ nkae adamoa mu no bɛte Yesu nne na wɔafi adi. (Adiyisɛm 7:9; Yohane 5:28, 29) Ɛsɛ sɛ yɛde aseda ma wɔ eyi ho, te sɛ nea Paulo bɔɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ na Efesofo no akyerɛ nsiesiei a Onyankopɔn ayɛ ama wɔn no ho anisɔ mpo no.
Afei, ɔtwe adwene si Amanaman mu Kristofo a bere bi no na wɔawu wɔ bɔne mu no so. (2:1-3:21) Wɔnam Kristo so guu Mmara no, na wɔtoo nhyɛase a ɛbɛma Yudafo ne Amanaman Mufo ayɛ biako na wɔayɛ Onyankopɔn asɔrefi a ne honhom bɛtra mu. Na ɔsomfo a Paulo yɛ no ne sɛ ɔbɛma wɔahu ahintasɛm kronkron a ɛne sɛ Amanaman Mufo betumi ne Kristo a wɔnam no so de ɔkasa mu ahofadi akɔ Onyankopɔn nkyɛn no ayɛ biako. Paulo san bɔɔ mpae maa Efesofo no, na saa bere yi de obisae sɛ Yehowa mma wɔn ase ntim denam gyidi ne ɔdɔ so.
Nneɛma a Ɛma Biakoyɛ Nya Nkɔso
Paulo kyerɛe sɛ Onyankopɔn de nneɛma a ɛde biakoyɛ ba ama. (4:1-16) Nea ɛka eyi ho ne honhom nipadua biako a ɛne asafo no. Saa nipadua yi yɛ adwuma biakoyɛ mu wɔ Kristo tiyɛ ase. Na ɔde nnipa mu akyɛde ma na aboa yɛn nyinaa ma yɛayɛ biako wɔ gyidi mu.
Yehowa ma yetumi da Kristofo su horow a ɛde biakoyɛ ba nso adi. (4:17-6:9) Esiane sɛ Kristofo ahyɛ ‘nipasu foforo’ nti, ɛsɛ sɛ wɔkwati amumɔyɛsɛm te sɛ kasafi. Wɔnantew nyansam, wɔkyerɛ obu ma Kristo, na wɔda ahobrɛase a ɛfata adi.
Afei nso, Onyankopɔn ma Kristofo tumi ko tia ahonhommɔne dɔm a wɔhwehwɛ sɛ wɔsɛe yɛn biakoyɛ no. (6:10-24) Honhom mu akode a efi Onyankopɔn hɔ de saa ahobammɔ no ma. Enti, momma yɛmfa nni dwuma na yɛmmɔ mpae anibere so, na yɛmmɔ yɛn mfɛfo gyidifo din wɔ yɛn nkotɔsrɛ mu.
Afotu pa bɛn ara na Paulo de maa Efesofo no sɛɛ yi! Ɛmmra sɛ yebetie denam ɔbrasɛe a yɛbɛkwati ne ahonhommɔne dɔm a yɛbɛko atia wɔn no so! Na momma yɛnkyerɛ biakoyɛ a yenya mu anigye denam Yesu Kristo so no ho anisɔ kɛse.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 24]
Bɛmma Ɛredɛw: “Gyidi kyɛm” a yɛde bedum satan “bɛmma a ɛredɛw no anaasɛ ɛremma empira yɛn no ka honhom mu akode no ho. (Efesofo 6:16) Na mmɛmma bi a Romafo de di dwuma no yɛ demmire a tokuru da mu a wɔde kankyee bi ahyɛ baabi a wɔde ngo a wɔfrɛ no naphtha a ɛdɛw agu no. Wɔde agyan hodwohodwo na ɛtow na amma ogya no annum, na nsu a wɔde gu so no ma ogyaframa no ano yɛ den mmom. Nanso kyɛm akɛse bɔɔ asraafo ho ban fii mmɛma a ɛte sɛɛ ho, te sɛ nea Yehowa mu gyidi ma ne nkoa tumi ‘dum ɔbɔne no bɛmma a ɛredɛw no nyinaa’ no. Yiw, gyidi boa yɛn ma yɛko tia nneɛma te sɛ ahonhommɔne ntua ne sɔhwɛ ahorow a ɛbɛma yɛayɛ bɔne no nso, honam fam adedowpɛ akyi, ne ehu ne adwenem naayɛ a yɛbɛma ho kwan.