Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w90 12/15 kr. 21
  • Asɛm No Mu Nhumu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛm No Mu Nhumu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔabara Wɔn Sɛ Wɔnnware
  • Dɛn Nti na Nsɛmmɔnedi Pii Kɔ so Saa?
  • “Dawid Kurow no” Wɔ He?
  • Asɔfo Mu “Ɔbarima Ne Ɔbea Nna Ho Asɛnnennen”
    Nyan!—1991
  • “Din Foforo”
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
  • Mmofra a Asɔfo To Wɔn Mmonnaa Kasa
    Nyan!—1993
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
w90 12/15 kr. 21

Asɛm No Mu Nhumu

Wɔabara Wɔn Sɛ Wɔnnware

Aguaman a asɔfo bɔ a Lutheranfo sɔfo panyin bi kaa ho asɛm sɛ “ɔhaw a ahintaw wɔ awo ntoatoaso pii mu” no ‘ada adi’ afei. Nanso, Los Angeles Times bɔ amanneɛ sɛ nea ɛdaa adi kaa ho ne “nsɛm a wɔaka no baguam a ɛyɛ fɛre ne nsɛm a wɔadi wɔ asennibea a ɛho ka so a ama asɔre ahorow pii abɔ ka no.” Times ka sɛ insurance adwumayɛfo ka sɛ mmonnaa a asɔfo to ho nsɛm bɛyɛ 2,000 wɔ asennibea a wonnii ɛ.

Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow nso sɛ wɔn a wɔn din asɛe kɛse wɔ eyi yɛ mu ne Roman Katolekfo asɔfo. A. W. Richard Sipe, adwene ne nkate ho oduruyɛfo ne kan Benedictine ɔkokorani abisabisa asɔfo 1,000 ne mmarima ne mmea afoforo 500, a wɔn mu pii kyerɛ sɛ wɔne asɔfo ada no nsɛm. Time nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ obu akontaa sɛ Roman Katolekfo asɔfo 53,000 a wɔwɔ United States no mu bɛyɛ fã rebu wɔn sigyadi ntam no so. Sɛnea Sipe kyerɛ no, asɔfo nyinaa mu bɛyɛ ɔha biara mu nkyem 28 da so ara ne mmea twe mpena, bere a wɔn mu ɔha biara mu nkyem 10 kosi 13 ne mmarima da, na ɔha biara mu nkyem 6 hwehwɛ mmofra ne wɔn da, ne titiriw no mmarimaa. Sika a mmara ma wotua wɔ nsɛm bɛboro 100 ho a ɛfa asɔfo ahohwibra ho wɔ mfe asia a atwam no mu no ama Katolekfo mpanyimfo atua dɔla ɔpepem 100 kosi ɔpepem 300.

Nnipa pii te nka sɛ wɔbɛma ɔhaw yi mu pii agyae, sɛ wɔma asɔfo kwan ma wɔware a. Ebia ebinom ho bedwiriw wɔn sɛ wobehu sɛ Bible no nsiw Onyankopɔn Kristofo asomfo kwan sɛ wɔnnnware wɔ baabiara. Nanso, Katolek Asɔre no abara asɔfo sɛ wɔnnnware fi afeha a ɛto so 12 no mu. Nea ɛyɛ anigye no, bere a Paulo reka nokware som mu ɔwae kɛse a ɛbɛba wɔ asomafo no wu akyi ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ “ebinom bɛfam nnaadaa ahonhom ne ahonhommɔne kyerɛkyerɛ ho atwe wɔn ho afi gyidi no ho, atoro akyerɛkyerɛfo nkontompo nti. . . . Wosiw aware kwan.”​—1 Timoteo 4:1-3.

Dɛn Nti na Nsɛmmɔnedi Pii Kɔ so Saa?

Canadafo ho dwiriw wɔn na ehu kaa wɔn bere a wɔtee sɛ Marc Lepine a wadi mfe 25 akunkum nnipa pii wɔ Montreal Sukuupɔn mu no. Okum mfiridwuma ho sukuufo mmea 14, opiraa afoforo 13 a mmarima 4 ka ho ansa na ɔde otuo no kum ne ho. Ɛyɛ ɔman no abakɔsɛm mu okunkɛse a ɛsen biara no mu biako. Ɔman no soafo panyin kaa nnipa a okunkum wɔn a nyansa biara nnim no ho asɛm sɛ “adesamma amanehunu kɛse.”

Sɛnea The Toronto Star kyerɛ no, “wɔahu awudifo a wokunkum nnipa pii wɔ bere koro mu bɛboro 100 fi bere a wɔkoo Wiase Nyinaa Ko II, na emu pii sisii wɔ mfe aduonu a atwam no mu.” Nanso, sɛnea wɔn a Lepine kunkum wɔn no mu biako papa de awerɛhow bisae no: “Dɛn nti na nsɛmmɔnedi pii kɔ so wɔ wiase saa? Dɛn nti na nnipa de nneɛma a ɛte sɛɛ yɛ wɔn ho wɔn ho?”

Nkyerɛkyerɛmu a Bible de ma wɔ nsɛmmɔnedi a ɛredɔɔso wɔ yɛn bere yi mu ho no mu da hɔ pefee. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Te sɛ mframa a yɛhome no, honhom bɔne bi a efi Satan, “ɔbɔne” no hɔ di nnipa pii nsusuwii, nkate horow, ne wɔn nneyɛe ankasa so tumi. Ɔnam n’atuatew honhom, pɛsɛmenkominya, ne ahantan so ‘daadaa amanaman nyinaa.’ (Adiyisɛm 12:9) Nanso, Onyankopɔn nokware asomfo nya awerɛkyekye fi nim a wonim sɛ “wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa” no mu.​—1 Yohane 2:17.

“Dawid Kurow no” Wɔ He?

Sɛ anka wokɔ Yerusalem, na wubisa obi sɛ ɔnkyerɛ wo kwan nkɔ Bepɔw Sion so a, ɛda adi yiye sɛ ɔde wo bɛkɔ bepɔw bi so wɔ Kurow Dedaw no kesee fam. The Church of Dormition a ɛyɛ kurukuruwa a n’atifi feafeaa no na esi bepɔw yi a ɛne Tyropoeon Bon no bɔ hye wɔ apuei fam ne Hinom Bon no wɔ atɔe fam no so.

Nanso, Ɔwɛn Aban Asafo no asase mfonini ne nhoma mu mfonini kyerɛ sɛ Sion Bepɔw wɔ bepɔw ketewaa bi a ɛwɔ nea nnɛ wɔfrɛ no Bepɔw Sion no apuei fam. Tyropoeon Bon no na ɛtew bepɔw ketewa yi fi atɔe fam de no ho, na ɛne Kidron Bon no bɔ hye wɔ apuei fam.

Mmeae abien yi mu nea ɛwɔ he na na kan Sion Bepɔw no wɔ? Biblical Archaeology Review (May/June 1990) gye tom sɛ “apuei fam bepɔw no ne kan Sion Bepɔw no, . . . nea Ɔhene Dawid gye fii Yebusifo no nsam no.” N’asehwe akyi no, wɔbɛfrɛɛ Yebusifo abankɛse yi sɛ “Dawid Kurow,” ne afei nso “Sion.” (2 Samuel 5:7) The Biblical Archaeology ka sɛ “wɔn a wotutu fam de hwehwɛ tetefo nneɛma ahu pefee sɛ koko teateaa yi” a wɔtaa frɛ no sɛ apuei fam bepɔw no ne Bible mu Sion Bepɔw a Dawid kyekyee nniso ne ɔsom mu ahenkurow maa Israel man no.​—2 Samuel 6:11,12, 17.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena