Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 5/8 kr. 24
  • Asɔfo Mu “Ɔbarima Ne Ɔbea Nna Ho Asɛnnennen”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɔfo Mu “Ɔbarima Ne Ɔbea Nna Ho Asɛnnennen”
  • Nyan!—1991
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmofra a Asɔfo To Wɔn Mmonnaa Kasa
    Nyan!—1993
  • Asɛm No Mu Nhumu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Onyankopɔn Bu Kristoman Som Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Dɛn Nti na Asɔre no Nkɛntɛnso Rebrɛ Ase?
    Nyan!—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 5/8 kr. 24

Asɔfo Mu “Ɔbarima Ne Ɔbea Nna Ho Asɛnnennen”

JASON Berry, ɔkyerɛwfo a ofi Louisiana a onyaa Katolek Nsɛm ho Amanneɛbɔ Fekuw no hɔ abasobɔde wɔ nea ɔkyerɛw faa mmofra a wɔto wɔn mmonnaa ho wɔ National Catholic Reporter mu no kae sɛ: “Ɔbarima ne ɔbea nna ho asɛnnennen resɛe Katolek Asɔre no.” Ɛdefa mmofra a asɔfo ne wɔn da ho no, Berry kɔɔ so kae wɔ The Washington Post no mu sɛ:

“Efi 1985 no, asɔfo anaasɛ asɔremma pii ato mmofra mmonnaa wɔ Amerika ne Canada nyinaa. Enti ama asɔre no amantam a ɛwɔ U.S. no mu pii abɔ meyɛe a ɛtete saa no ho ka yiye, na ɛho insurance sika asa. Nsakrae ahorow yi ada adi wɔ bere a wɔrebɔ amanneɛ sɛ, bɛyɛ sɛ U.S. asɔfo ɔha biara mu nkyem 10 kosi 20 yɛ mmarima a wɔne mmarima da yi mu.”

Rhode Island Providence Sunday Journal ka sɛ: “Wɔn a Katolek asɔfo ato wɔn mmonnaa abɔ amantam 29 mu asɔfo mpanyimfo ka . . . na Asɔre no abɔ atemmu ne asennii ahorow mu ka dɔla ɔpepem 60.” Wɔ Louisiana no, ɔsɔfo bi kae sɛ wato mmarimaa 35 mmonnaa na wɔde no too afiase mfe 20, ɛwom sɛ Journal no ka sɛ, ɛda adi pefee sɛ “anyɛ yiye koraa no, wato mmofra 75 mmonnaa bɛboro mfe 10.” Ɔsɔfo bi a ɔwɔ Rhode Island nso gye toom sɛ wato mmarimaa 26 mmonnaa.

Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Covenant House, beae a mmofra akobɔfo guan kɔtɛw wɔ New York City no ma ɛdaa adi sɛ ɔsɔfo a ɔhwɛ hɔ no ne mmerante ne mmarimaa pii adeda. Roman Katolek ɔsɔfo panyin a ɔwɔ Atlanta no gyaee asɔfodi, bere a ɛbɛdaa adi sɛ ɔne ɛna bi a onni ɔhokafo atwe mpena mfe abien no.

U.S. Katolek asɔfo mpanyimfo bagua bi nsa kaa mmofra a asɔfo ne wɔn da ho mansotwe ho “asɛnnennen” ho amanneɛbɔ. Journal no ka “amanneɛbɔ a ekura nkratafã 100 no a eka sɛnea wɔbɛtew ka a Asɔre no bɛbɔ wɔ asennibea ahorow no so aba dɔla ɔpepepem 1 [dɔla ɔpepem 1,000] a ɛyɛ nsɛm 30 a saa bere no wɔredi no ho asɛm pefee.” Katolekfo awofo a wɔn mma na wɔyɛɛ wɔn saa no na wɔbɔɔ sobo no. Adwenem yare ho oduruyɛfo a ɔhwɛ mmofra a wɔyɛ wɔn saa no yare ka sɛ opira a ɛde ba no bɛtra hɔ bere tenten, emu pii wɔ hɔ a ennyae da.

Onyankopɔn Asɛm ka “aniwu akɔnnɔ” a mmarima maa wɔn mfɛfo mmarima “ho akɔnnɔ dɛwee wɔn mu, na mmarima ne mmarima yɛɛ adapaade” a ɛte saa no ho asɛm, na ɛde ka ho sɛ “Nyankopɔn ahyɛde” ne sɛ “owu na ɛsɛ wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi.”​—Romafo 1:26, 27, 32; hwɛ 1 Korintofo 6:9, 10 nso.

Akyinnye biara nni ho sɛ, asɛnnennen no pii fi ahyɛde a ennyina kyerɛwsɛm so a ɛne asɔfo a wɔma wodi sigya a wɔmma wɔn nware no. Nanso, Bible, Onyankopɔn Asɛm no ka pefee sɛ wɔn a wɔyɛ Kristofo ɔsom adwuma no betumi aware. Katolek Douay Version no ka sɛ: “Nea ɛsɛ ɔsɔfo panyin ne sɛ . . . ɔyɛ ɔyere biako kunu.” (1 Timoteo 3:2) Ɛka nso sɛ sɛ “wosiw aware kwan” no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ “ebinom bɛtwe wɔn ho afi gyidi no ho akotie ahonhommɔne, ne mmonsam nkyerɛkyerɛ.”​—1 Timoteo 4:1-3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena