Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Bible Mu Nokware Di Atetesɛm So Nkonim
NYAMESOM atetesɛm betumi ayɛ nea agye ntini yiye. Nnipa ɔpepem pii te nka sɛ enye sɛ obi bɛyɛ nsakrae wɔ ne som mu. Ɛda adi sɛ Saulo a akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔsomafo Paulo no tee nka saa ara, efisɛ ɔkae sɛ: “Mebɔɔ m’agyanom atetesɛm ho mmɔden bebree mema ɛtraa so.” Nanso wɔkyerɛɛ no nokware no, ogyaee Yudasom bɛyɛɛ Kristoni. (Galatifo 1:13-16) Nnipa pii abehu nnɛ sɛ Bible mu nokware fibea korɔn sen atetesɛm. Hyɛ sɛnea Bible mu nokware dii nkonim wɔ Italy no nsow.
Ɔbea biako kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Me ne me nuabea nyinii wɔ abusua kɛse bi a wokura Katolekfo atetesɛm a akyɛ mu no mu, na na yɛyɛ Katolekfo amapa. Bere kɔɔ so no, mewaree. Afei me kunu wui, na me ne me mma nkutoo traa ase mfe pii sɛ okunafo. Ná me nuababea kyerɛ ɔkyerɛsuasɛm, na ɔkɔɔ so bisaa ɔsɔfo no Bible mu nsɛm, nanso wannya mmuae papa biara.
“Bere bi a mekɔɔ me kurom no, me ne Yehowa Adansefo hyiaa nea edi kan, na mepenee so sɛ me ne wɔn besua Bible no. Me kan mfɛfo Katolekfo nyinaa fii ase dii me ho fɛw sɛ meresua Bible no nti. Nanso m’abam ammu. Ná afei manya m’ankasa Bible nea edi kan, na na obiara rentumi nnye mfi me nsam. Me nuabea nso gyinaa Yehowa afa na annu mfe abien na wɔbɔɔ yɛn nyinaa asu.
“Bere a mifii asɔre no mu nea edi kan no, misui, efisɛ na misuro sɛ megyaw atetesɛm a agye ntini wɔ me mu mfe 76 ni. Nanso mprempren de, m’ani gye sɛ mɛnantew Yehowa akwan so na mayɛ nea metumi biara de aboa afoforo ma wɔafi honhom mu sum mu!”—Fa toto 1 Petro 2:9 ho.
Tiyifo Siesie Nsusuwii a Ɛmfata
Ná tiyifo bi a ɔwɔ Japan ani gye ho sɛ ɔbɛka adaemone ne UFO (nneɛma bi a ɛnenam ahum mu a wonhu dekode a ɛyɛ) ho asɛm bere a oyi nkurɔfo ti no. Nanso, ofii ase suaa Bible no, obehuu sɛnea asiane wɔ saa adeyɛ yi mu. Enti ɔtoo nsa frɛɛ wɔn a oyi wɔn ti no sɛ wɔmmɛka ne ho wɔ ne Bible adesua no mu mmom. Odii mmofra a oyi wɔn no adanse a ɛfa adebɔ ho. Ɔkraa Bible ne nhoma Wubetumi atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So no pii dapɛn biara fii Ɔdansefo a na ɔne no resua ade no nkyɛn, sɛnea ɛbɛyɛ na ɔde amema wɔn a oyi wɔn ti no.
Afe a edi kan wɔ n’adesua no mu no, ɔde Bible ne Tra Ase Daa nhoma no mu biara bɛboro 30 mae, ɛwom sɛ na ɔmmɛyɛɛ Ɔdansefo de. Esiane ne bɔnnɔ so adansedi no nti, nnipa bɛboro 25 fii ase suaa Bible no. Ɛtɔ mmere bi mpo a, na nnipa du na wonya ne kuw Bible adesua no mu kyɛfa. Mprempren wɔn a odii wɔn adanse bere a ɔreyi wɔn ti no mu baason asakra wɔn nsusuwii a ɛmfata no ma wɔabɔ wɔn asu sɛ Yehowa Adansefo!