Ɔsom—Dɛn Nti Na Wonni Ho Anigye?
“NEA onni ɔsom biara mu no te sɛ ofi a mfɛnsere nni ho.” Saa na Japanni bi kaa sɛnea ɔsom ho nimdeɛ ho hia fa kyerɛɛ ne ba barima Mitsuo. Nanso Mitsuo ammu n’agya nsɛm no aniberesɛm. Sɛnea ɛte wɔ mmeae afoforo no, ɛte sɛ nea nnipa a wɔn dodow rekɔ anim te nka saa ara wɔ Japan. Ɛdɔɔso ma wɔn sɛ wɔbɛyɛ ‘afi a mfɛnsere nni ho’ a wonni ɔsom hann a wɔbɛma ahyerɛn wɔ wɔn asetra mu ho anigye papa biara.
Enti, bere a Japan yɛɛ Ɔmanfo Suban ho Nhwehwɛmu bi no, ɔmanfo no ɔha biara mu nkyem 69 kae sɛ wommu wɔn ho sɛ wɔpɛ nyamesom. Na wɔn a wonnyinii no dodow sen saa mpo. Saa ara nso na wɔ Budhafo ɔman Thailand a wɔpɛ nyamesom yiye mu no, wɔn a wɔte nkuropɔn mu no ɔha biara mu nkyem 75 nkɔ Budhafo asɔredan ahorow mu bio. Wɔ Enyiresi Aburokyiri no, ɛkame ayɛ sɛ wɔatoto Anglican asɔredan nkyem awɔtwe mu biako mu wɔ mfe 30 a atwam no mu efisɛ obiara nkɔ mu asɔre bio.
Wɔda so ara hu nyamesom ho nneɛma yiye wɔ Japan. Nanso te sɛ taforobɔtɔ a ɛsom bo no, wɔde di dwuma mmere titiriw bi mu nkutoo—te sɛ ayeforohyia ne ayiyɛ bere mu. Ɛhɔnom amanne ne mmusua apɛgyade a nyamesom ma ɛkɔ so tra hɔ nti na wobu no kɛse, na ɛnyɛ honhom mu nimdeɛ a ɛma wonya. Pii bu ɔsom sɛ ade a ɛma wɔn a wɔyɛ mmerɛw na wɔahaw no nya abotɔyam ara kwa; wonhu mfaso papa biara a wotumi nya fi mu. Ebinom ka sɛ: ‘Sɛ wowɔ ho bere na wote nka sɛ ɛho hia a, nyamesom ye, nanso ɛsɛ sɛ wunya wo ankasa ho mu ahotoso na woanya nea wode bɛhwɛ wo ho na woatua wo ka horow.’
Dɛn na ɛde anibiannaso yi aba? Wobetumi de nkyerɛkyerɛmu pii ama. Nea edi kan ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia wɔ asetra mu. Nyamesom mu ntetee kakraa bi na mmofra pii anya, anaasɛ wonnyaa bi koraa ɛ. Ɛnyɛ nwonwa sɛ pii a wɔte nnipa a wobu honam fam nneɛma akyidi sɛ ɛho hia mu no nyin bɛyɛ mpanyimfo a wodi honam fam nneɛma akyi.
Wɔ aman bi mu no, TV so asɛnkafo ne nyamesom akannifo afoforo adifudepɛfo a wɔn bra asɛe na wonim wɔn yiye no, animguase nneyɛe no nso adan nkurɔfo afi ɔsom ho, sɛnea nyamesom ho a ɛde hyɛ amammuisɛm ne akodi mu nso ayɛ no ara. Eyi ho nhwɛso ne nea ɛbaa Shintosom so wɔ Japan no. Encyclopœdia of the Japanese Religions no kae sɛ: “Bere a ɔko no [Wiase Nyinaa Ko II] baa awiei nkogudi mu wɔ 1945 mu no, Shintofo asɔredan ahorow no hyiaa asɛnnennen bi.” Shintosom a ɛhyɛɛ ɔko no ho nkuran na ɛhyɛɛ nkonimdi ho bɔ no dii nnipa no huammɔ. Nyansapɛ a ɛkyerɛ sɛ onyame anaa Budha biara nni hɔ no trɛw ntɛmntɛm.
Nanso, so ɛsɛ sɛ pɛsɛmenkominya, nneɛma ho a wonnwen nkɔ akyiri—ɛha ne mprempren yi ara ho adwene no nkutoo dɔɔso ma yɛn ampa? Nnipa pii wɔ adwene a ɛpɛ sɛ ehu nneɛma mu. Wɔpɛ sɛ wohu nea wofi, nea wɔrekɔ, nea nti a wɔte ase, ne sɛnea ɛsɛ sɛ wɔtra ase. Anidaso na ɛwowaw wɔn. Asetra ho nsemmisa a yebepia ato nkyɛn, anaa adwene a ɛne sɛ “nneɛma yi nyɛ nea wotumi hu mu” a yɛde bɛka ahyɛ no remma yɛn akomatɔyam. Bertrand Russell a onnye nni sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ no mpo kaa “ɛyaw bi a ɛyɛ nwonwa—biribi a ɛkyɛn nea ɛwɔ wiase no mu akyi kwan a wɔhwehwɛ” ho asɛm. Ampa, ɔsom betumi ama saa ade hwehwɛ no aba awiei. Nanso ɔkwan bɛn so? Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wobu ɔsom bi aniberesɛm.