Yɛma Mo Akwaaba Ba “Wɔn A Wɔpɛ Ahofadi” Ɔmantam Nhyiam Horow Ase!
AHOFADI! Hwɛ sɛnea saa asɛmfua no yɛ anigye fa! Obiara ani nnye ho sɛ ɔbɛkɔ nkoasom anaa nnommumfa mu. Nnansa yi mfe mu no, nsakrae pii a wɔayɛ no ama amammui mu ahofadi a ani da so no abɛn yiye sen mfe a atwam a wotumi kae.
Nanso, ɛmfa ho sɛnea amammui mu ahofadi yɛ akɔnnɔ fa no, ahofadi bi wɔ hɔ a ɛho hia na ɛyɛ akɔnnɔ sen ɛno. Ɛno ne ahofadi a Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no, kaa ho asɛm bere a ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Sɛ motra m’asɛm mu a, moyɛ m’asuafo ampa; na mubehu nokware no, na nokware no ama moade mo ho.” (Yohane 8:31, 32, New World Translation) Eyi yɛ ho a wɔde fi atoro ɔsom mu gyidi horow, onipa ho suro, akoa a wɔyɛ ma bɔne a ne yɛ ka obi hɔ, ne afoforo pii ho.
Saa ahofadi yi ne “Wɔn a Wɔpɛ Ahofadi” Ɔmantam Nhyiam horow a Yehowa Adansefo rebɛyɛ no wiase nyinaa fi 1991 ahohuru bere mu no asɛmti. Efi afe 1919, a woyii aban anohyeto ahorow fii wɔn a wodi anim wɔ wɔn mu no so no, Onyankopɔn nkurɔfo anya wɔn ɔsom kronn mu ahofadi a emu kɔ so trɛw.
Ɛfata yiye sɛ wɔde nsɛmti te sɛ “‘Amanaman a Wɔade Wɔn ho’ Teokrase Nhyiam” ne “Onyankopɔn Mma a Wɔade Wɔn ho Ɔmantam Nhyiam,” asi ahofadi so dua wɔ mfe a atwam no mu wɔ teokrase nhyiam horow ase. Wɔaka ahofadi ho asɛm fefeefe wɔ nhoma ahorow te sɛ “The Truth Shall Make You Free” ne Daa Nkwa Wɔ Onyankopɔn Mma Ahofadi Mu mu.
Ahofadi a efi Onyankopɔn nkyɛn a Yehowa nkoa wɔ no nyɛ nea ɛbɛma wɔn ho atɔ wɔn na wɔanya mu anigye ara kwa. Sɛnea yɛkenkan wɔ Galatifo 5:13, NW no: “Ahofadi nti na wɔfrɛɛ mo, anuanom; na mommfa ahofadi yi nnyɛ ɔkwan mmma ɔhonam, na mmom momfa ɔdɔ so nyɛ mo ho mo ho nkoa.” “Wɔn a Wɔpɛ Ahofadi” Ɔmantam Nhyiam no bɛboa yɛn ma yɛahu atirimpɔw a ɛwɔ yɛn ahofadi no akyi, ɛbɛma yɛatumi akura yɛn ahofadi a ɛsom bo no mu, na akyerɛ yɛn sɛnea yɛde bedi dwuma ɔkwan a eye sen biara so.
Wobefi nhyiam no ase Fida anɔpa 10:20, na wɔbɛbɔ nnwom a ebesiesie yɛn adwene ama honhom fam aduan a ebedi akyi aba no. Da a edi kan no mu asɛmti ne “Nokware a Ɛma Yɛde Yɛn ho no a Yebehu,” na egyina Yohane 8:32 so. Wɔbɛma oguamtrani no ɔkasa a ɔde ma akwaaba no ne ɔkasa titiriw “Yɛn Ahofadi a efi Onyankopɔn nkyɛn no Atirimpɔw ne Sɛnea Yɛde Bedi Dwuma” no anɔpa. Ɔkasa yi bɛda nsonsonoe a ɛwɔ Yehowa ahofadi a anohyeto nni mu, ne ahofadi a wɔato ano hye a Onyankopɔn de ma yɛn no ntam. Ɛbɛhyɛ yɛn nkuran nso na yɛde ahofadi a yɛwɔ no adi dwuma ɔkwan a eye sen biara a yebetumi so. Awia dwumadi no bɛka yɛn ahofadi ne yɛn ɔsom adwuma no afã horow ho nsɛm na drama a wɔato din Wɔama Wɔade Wɔn ho Ama Nokware Som Nkɔso, no de aba awiei.
Da a ɛto so abien no asɛmti ne “Yɛn Ahofadi a Efi Onyankopɔn Nkyɛn no a Yebegyina mu Pintinn,” na egyina Galatifo 5:1 so. Wɔbɛma kasa horow a ɛtoatoa so a ɛkyerɛ sɛnea abusua mufo betumi anya ahofadi a efi Onyankopɔn nkyɛn wɔ abusua kɔtɔnkrɔn no mu sɛ ankorankoro. Wɔn a wɔasiesie wɔn ho ama asubɔ no ani begye ɔkasa a ɛfa sɛnea wɔnam ahosohyira ne asubɔ so nya ahofadi no ho titiriw. Nea ɛka awia dwumadi no ho ne ɔkasa bi a ɛyɛ anigye a ɛne sɛ so aware na ɛde anigye ba anaa dabi no. Wɔbɛma kasa horow a ɛtoatoa so a ɛfa ahofadi afã horow ho, ne afei ɔkasa a wɔde wie a ɛtwe adwene si Onyankopɔn ɔnanmusifo Panyin a ɔnam no so de ahofadi ne daa nkwa ma no so.
Kwasida asɛmti ne “Yɛn Ahofadi a Yɛde Bedi Dwuma ma Ɛne Onyankopɔn Honhom Ahyia,” na egyina 2 Korintofo 3:17 so. Wɔbɛma kasa horow a ɛtoatoa so a ɛyɛ anigye yiye a ɛfa Yesu bɛ a ɛwɔ Mateo 13:47-50, a ɛda sɛnea Yehowa Adansefo yɛ nnipa yifo adi no ho. Awia baguam ɔkasa no asɛmti ne “Onyankopɔn Ahofadi Wiase Foforo no a Yɛbɛkamfo!” Nea ebedi ɛno akyi no yɛ ɔmantam nhyiam mu dwumadi foforo: Ɔwɛn-Aban adesua ma saa dapɛn no mu nsɛntitiriw. Na wɔde Kyerɛwnsɛm mu afotu sɛ yɛn nyinaa nkɔ so mfa yɛn ahofadi a efi Onyankopɔn nkyɛn no nni dwuma ɔkwan pa so wɔ yɛn abrabɔ ne yɛn asɛnka mu no na ɛde dwumadi no bɛba awiei.
Yɛde odwontofo Dawid nsɛm a edi so yi ka kyerɛ wɔn a wɔpɛ ahofadi nyinaa sɛ: “Monka nhwɛ na munhu sɛ Yehowa ye.” (Dwom 34:8) Bɔ mmɔden biara a wubetumi na woaba nhyiam yi bi. Fa yɛ wo botae sɛ wobɛba Fida anɔpa a wobue dwumadi no ano no akosi sɛ wɔbɛma ɔkasa a etwa to no Kwasida awia. Sɛ wobɛba no na honhom mu ɔkɔm de wo, na wunim wo honhom mu ahiade yiye a, w’ani begye ampa! (Mateo 5:3) Na mommma yemmmu yɛn ani nngu nnyinasosɛm yi so sɛ, “Nea ogu pii no betwa pii nso.” Eyi nso fa sɛnea yedi kan de mmɔdenbɔ siesie yɛn ho ma kɔ a yɛbɛkɔ, sɛnea yetie dwumadi no yiye bere a ɛrekɔ so no, ne sɛnea yɛde anigye yɛ adwuma biara a yebenya hokwan atu yɛn ho ama ayɛ wɔ yɛn “Wɔn a Wɔpɛ Ahofadi” Ɔmantam Nhyiam no ase no ho.—2 Korintofo 9:6, NW.