Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 1/15 kr. 24-30
  • Wɔn A Wɔpɛ Ahofadi A Onyankopɔn De Ma A Wɔne Wɔn Hyiam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔn A Wɔpɛ Ahofadi A Onyankopɔn De Ma A Wɔne Wɔn Hyiam
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fida Awia
  • Memeneda Anɔpa
  • Memeneda Awia
  • Kwasida Anɔpa
  • Kwasida Awia
  • Yɛma Mo Akwaaba Ba “Wɔn A Wɔpɛ Ahofadi” Ɔmantam Nhyiam Horow Ase!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nnye Onyankopɔn Ahofadi A Ɔde Ma No Kwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Som Yehowa, Onyankopɔn a Ɔma Ahofadi No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Nnipa A Wɔde Wɔn Ho Nanso Wobebu Akontaa Akyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 1/15 kr. 24-30

Wɔn A Wɔpɛ Ahofadi A Onyankopɔn De Ma A Wɔne Wɔn Hyiam

YEHOWA ADANSEFO da nsow wɔ akwan horow pii so. Wɔn nkutoo na wɔka “kasa kronn” no. (Sefania 3:9, New World Translation) Wɔn nkutoo na wɔyɛ biako, na wɔwɔ ɔdɔ agyiraehyɛde a ɛma wɔda nsow a Yesu Kristo kaa ho asɛm no. (Yohane 13:35) Na wɔn nkutoo na wɔwɔ ahofadi a Yesu kae sɛ nokware no de bɛba no, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Yohane 8:32 no: “Mubehu nokware no, na nokware no ayɛ mo adehye.”

Saa nsɛm a Onyankopɔn Ba Yesu Kristo ka kyerɛɛ n’asuafo no abam. Yehowa Adansefo a wɔkɔɔ “Wɔn a Wɔpɛ Ahofadi” Ɔmantam Nhyiam Horow no nyinaa ahu eyi yiye sen bere biara a atwam. Nhyiam no dwumadi ama wɔahu wɔn ahofadi afã horow, sɛnea ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma, wɔn ahofadi no ho asɛde, ne nhyira a wɔanya sɛ nnipa a wɔde wɔn ho.

Wofii saa nhyiam horow a ɛyɛ ne bere mu de, na mfaso wɔ so yi ase wɔ Asase no Kusuu Fam wɔ June 7, 1991 mu, wɔ Los Angeles, California, U.S.A. Wɔde nnwonto ne dwom ne mpaebɔ buee dwumadi no ano anɔpa 10:20. Na ɔkasa a wɔde buee ano no yɛ asɛm a etu mpɔn yiye a egyina Yakobo 1:25 so. Sɛnea Jerusalem Bible no kyerɛ no, nkyekyem yi kenkan sɛ: “Onipa a ogyen n’ani hwɛ ahofadi mmara a ɛyɛ pɛ no na ɔde yɛ ne su​—ɛnyɛ sɛ otie na ne werɛ afi, na mmom ɔde di dwuma nnamyɛ mu no​—ani begye wɔ biribiara a ɔyɛ mu.” Te sɛ nea yɛhwɛ ahwehwɛ mu na yɛahu yɛn nipadua no fã a ehia sɛ yesiesie no, saa ara na ehia sɛ yɛkɔ so hwɛ Onyankopɔn ahofadi mmara a ɛyɛ pɛ no mu, na yɛahu faako a ehia sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ yɛn nipasu mu. Na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hwɛ saa ahwehwɛ no mu.

Nea edii hɔ ne oguamtrani ɔkasa a ɛne sɛ “Mema Mo a Mopɛ Ahofadi Nyinaa no Akwaaba.” Yehowa Adansefo pɛ ahofadi, na wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho. Ɔkasafo no faa mmaranimfo a wɔkyerɛe sɛ sɛ mmara nni hɔ a wɔrentumi nnya ahofadi no asɛm kae. Yiw, Kristofo nne wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ nea wɔpɛ, na mmom wɔde wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ Yehowa apɛde. Wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ahofadi di dwuma kosi ase na ɛnyɛ sɛ wɔde bedi dwuma ɔkwan a ɛnteɛ so. Efi 1919 titiriw no, Yehowa Adansefo renya ahofadi kɛse. Ɔkasafo no kaa ahofadi a wɔasi so dua wɔ nhyiam nsɛmti ne Kristofo nhoma ahorow mu ho asɛm. Na nhyiamfo no nyinaa bɛte ahofadi a Onyankopɔn de ma ne sɛnea wɔde bedi dwuma no ho nsɛm pii.

Wobisabisaa wɔn a wɔpɛ ahofadi a wodii ahurusi sɛ wɔaba nhyiam no nsɛm a ɛyɛ ne bere mu de wɔ ɛno akyi. Nhyiam a ɛte sɛɛ no yɛ anigye mmere, te sɛ nea anigye kɛse daa adi wɔ tete Israel afe afe afahyɛ abiɛsa no mu no. Nnipa dodow bi a wobisabisaa wɔn nsɛm no daa no adi sɛ nhyiam yɛ honhom mu denhyɛ mmere a ɛyɛ anigye.

Ɛno akyi no wɔmaa ɔkasa titiriw no a ɛne “Ahofadi a Onyankopɔn De Ma Yɛn no Atirimpɔw ne ne Dwumadi.” Nhyiamfo no sua fii ɔkasa yi mu sɛ Yehowa nkutoo na ɔwɔ ahofadi koraa, efisɛ ɔne Otumfo Pumpuni na ɔyɛ ade nyinaa so tumfo. Nanso, ne din ne n’abɔde mfaso nti, ɛtɔ mmere bi a ɔnam abufuw mu nyaa a ɔyɛ ne ahosodi a ɔda no adi so tew n’ahofadi no so. N’abɔde a wɔwɔ nyansa nyinaa wɔ ahofadi anohyeto wom, efisɛ wɔhyɛ Yehowa ase, na n’abɔde ne abrabɔ ho mmara to nea wɔyɛ no ano hye. Yehowa ama wɔn ahofadi na ama wɔn ani agye, nanso sɛnea wobetumi ahyɛ no anuonyam titiriw nti na wayɛ saa. Esiane sɛ Yehowa Adansefo de wɔn ahofadi di dwuma ɔkwan pa so nti, wɔn abrabɔ pa ne wɔn nnamyɛ wɔ wɔn som adwuma no mu ama wɔanya din wɔ wiase nyinaa.

Fida Awia

“Wunni Adagyew​—Wɔ Nnwuma Funu Mu Anaasɛ wɔ Yehowa Adwuma Mu?” ne ɔkasa a wɔde buee Fida awia dwumadi no ano asɛmti a ɛkanyan adwene. Ɛnyɛ ɔhonam nnwuma nko na ɛka nnwuma funu ho, na mmom afoforo a awu, mfaso nni so na ɛnsow aba wɔ honhom fam​—te sɛ sika nya ho nhyehyɛe ahorow. Wɔ eyi mu no, nokwaredi a yɛde bɛpɛɛpɛɛ yɛn ho mu no bɛma yɛahu sɛ ebia yɛde Ahenni no di kan wɔ yɛn asetra mu anaa.

Nea na edi atirimpɔw koro no ara ho dwuma ne ɔkasa a na ɛdi hɔ a ɛne “Yɛn Ahyɛde a Yebedi so sɛ Onyankopɔn Asomfo.” Ɔkasafo no kyerɛe sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo ma ɔsom adwuma no bi kɛkɛ a wɔyɛ anaa nnɔnhwerew dodow a wobedu ho no dɔɔ wɔn so. Ɛsɛ sɛ wonya ɔpɛ sɛ wobetu mpɔn wɔ wɔn Kristofo ɔsom adwuma no afã horow nyinaa mu. Wɔnam ɔyɛkyerɛ ne nsɛm a wobisabisaa afoforo so de nsɛntitiriw yi hyɛɛ wɔn adwenem yiye. Wotuu wɔn nyinaa fo sɛ wɔnyɛ wɔn ɔsom adwuma no nkosi ase sɛnea wobetumi.

Wɔ ɔkasa a ɛne “Nnipa a Wɔde Wɔn Ho Nanso Wobebu Akontaa” no mu no, ɔkasafo no sii so dua sɛ ɛwom sɛ Yehowa nkurɔfo ani gye ahofadi a nokware no ama wɔanya no ho de, nanso ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ ɛne akontaabu na ɛnam. Ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ahofadi no yi Yehowa ayɛ mmom, na ɛnyɛ sɛ wɔde bɛyɛ anoyi de abu ɔbra bɔne. Sɛ Kristofo no, wobebu akontaa akyerɛ “atumfo a wɔkorɔn no,” na ɛsɛ sɛ wɔboa asafo mu mpanyimfo no nso. (Romafo 13:1, NW) Wobebu akontaa nso wɔ wɔn ntadehyɛ, wɔn ahosiesie ne wɔn abrabɔ ho. Ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn werɛ fi da sɛ “yɛn nyinaa bebubu yɛn ho akontaa mmiako mmiako akyerɛ Onyankopɔn.”​—Romafo 14:12; 1 Petro 2:16.

Afei ɔkasa a ɛfa sɛnea ehia sɛ Kristofo nyinaa nya “Akokoduru Bere a Wiase Yi Awiei Bɛn No” ho no dii hɔ. Ɛwom sɛ adesamma suro nea ebia daakye de bɛba no de, nanso ɛsɛ sɛ Kristofo nya akokoduru de yɛ wɔn som adwuma no. Yehowa mu ahotoso na ɛma yenya akokoduru, efisɛ bere dodow a Kristoni suro sɛ ɔbɛyɛ nea ɛnsɔ Yehowa ani no, ɔrensuro abɔde kɛse. Kyerɛw nsɛm a ɛma awerɛkyekye a obi besua agu ne tirim no betumi ahyɛ no den ma wanya akokoduru. Sɛ Onyankopɔn nkoa bɛyɛ den wɔ honhom mu na wɔanya akokoduru a, ehia nso sɛ wɔde hokwan nyinaa a ɛbɛma wɔne wɔn mfɛfo gyidifo abɔ no di dwuma yiye. Ɛsɛ sɛ obiara nso kae nea mpaebɔ yɛ wɔ akokoduru a obenya no mu nso. Sɛ Kristofo kɔ so nya akokoduru a, wɔbɛkɔ so ne Yehowa Nyankopɔn anya abusuabɔ pa.

Drama a afotu wom a ɛne Wɔade Wɔn Ho Ama Nokware Som Nkɔso na ɛde da a edi kan dwumadi no baa awiei. Ɛkyerɛɛ sɛnea nnɛ bere yi mu abusua bi suaa biribi fii Esra ne ne dɔm 7,000 a wɔde nneɛma bɔɔ afɔre ma wɔsan kɔɔ Yerusalem no hɔ. Ɛmaa nhyiamfo biara hwehwɛɛ nneɛma a ehia no titiriw no mu, na ohuu sɛnea obetumi ama ɔsom mu hokwan ahorow a ɔwɔ no anya nkɔanim. Mpanyimfo ne mmofra nyinaa suaa biribi fii saa drama yi mu.

Memeneda Anɔpa

Wɔ nnwonto, dwom, mpaebɔ ne da biara Bible mu asɛm no ho susuw akyi no, wɔde Memeneda anɔpa dwumadi a ɛyɛ ɔkasa a ekura afã horow bi a asɛmti no ne “Ahofadi ne Asɛyɛde wɔ Abusua Kɔntɔnkrɔn no Mu” no mae. Ɔfã a edi kan a ɛne “Sɛnea Agyanom Betumi Asuasua Yehowa” mu no, wɔde akwan horow a agyanom betumi afa so asuasua yɛn soro Agya no ho afotu mae. Timoteo Nhoma a Edi Kan 5:8 hwehwɛ sɛ wɔhwɛ wɔn mmusua wɔ honhom fam ne honam fam nyinaa. Wosuasua Yehowa denam akyerɛkyerɛfo pa a wɔbɛyɛ ama wɔn abusua ne nteɛso a ɔdɔ wom a wɔde bɛma sɛnea ehia no so. Wɔde nsɛm a wobisabisaa nnipa pii no yɛɛ nsɛntitiriw yi ho mfatoho.

“Ɔyere no Fam De a Ɛyɛ Mmoa” ne ɔkasa yi fã a edi hɔ a wɔmae. Wɔde si a wosii so dua sɛ ɔyere kura dibea a nidi wom wɔ Kristofo abusua mu, a ɛne mmoa a ɔde bɛma no na efii ase. Dɛn na eyi hwehwɛ sɛ ɔyɛ? Ɛne sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ɔkwan pa so, na ɔrenhyɛ ne kunu da sɛ ɔnyɛ biribi a ɔno ɔyere no nkutoo pɛ. Ehia sɛ odi ne kunu ne ne mma ho asɛyɛde a ɔwɔ no ho dwuma yiye, na obetumi anya akomatɔyam ankasa afi ne fie a ɔma hɔ tew no mu. Na sɛ Kristoni somfo no, ebia obenya hokwan pii de ayɛ asɛnka adwuma no bi. Nsɛm a wobisabisaa abusua bi no sii nyansa a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɛte sɛɛ mu no so dua.

Wɔkaa mmofra ho asɛm wɔ ɔfã a ɛne “Mmofra a Wotie na Wosua Ade” no mu. Awofo nam wɔn mma a wɔtete wɔn ma wotie asɛm na wosua ade no so hyɛ Yehowa anuonyam, na wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ ɔdɔ ma wɔn honhom fam nuanom ne wɔn ankasa mma. Sɛ awofo ne wɔn mma de bere pa yɛ ade bom a, abusuabɔ a emu yɛ den bɛtra wɔn ntam. Ɛsɛ sɛ awofo siesie wɔn ho sɛ wobebua wɔn mma nsemmisa, na wɔakanyan wɔn ma wɔanya nimdeɛ ho akɔnnɔ. Bio nso, nsɛm a wobisabisaa afoforo kyerɛɛ sɛnea wobetumi ayɛ saa.

Nea edii hɔ ne afotu pa a ɛne “De Wo Ho na Woasom Yehowa.” Wobɛyɛ no dɛn? Wonam wo ho a wobɛtwe afi wiase no asetra mu nnwuma, anigyede a egye mmere pii, ne honam fam ade dodowpɛ akyidi ho no so na ɛbɛyɛ saa. Yesu ne ɔsomafo Paulo yɛɛ nhwɛso pa denam wɔn ho a wɔde bɔɔ afɔre no so. Ehia sɛ Yehowa nkurɔfo kwati akɛsesɛm na wɔde wɔn adwene si Ahenni nneɛma so. Sɛ wobɛtɔ honam fam nneɛma a, nyansa wom kɛse sɛ wubesie sika mprempren na woatɔ akyiri yi sen sɛ wobɛtɔ mprempren na woatua akyiri yi. Ɛsɛ sɛ mmofra hwɛ wɔn ho so yiye wɔ ɔbarima ne ɔbea nna mu anigye ne wiase no asetra mu nnwuma ho adwenhunu a wobenya no ho. Ɔkwampaefo ɔhokwafo bi a wobisabisaa no nsɛm kyerɛɛ nhyira horow a obi nya bere a ɔde ne ho na ɔsom Yehowa no.

Wɔde ɔkasa a ɛne “Hyɛn Ahofadi Mu Denam Ahosohyira ne Asubɔ So” wiee Memeneda anɔpa dwumadi no. Wɔkaee asubɔhwehwɛfo no sɛ ɛwom sɛ Adam atuatew no de abɔde akɔ nkoasom mu de, nanso Ogyefo tumfo, Yesu Kristo, nam n’afɔrebɔ no so abue ɔkwan a ɛbɛma wɔanya ahofadi. Ɔkasafo no kyerɛɛ nea ahofadi a wobenya ayɛ Onyankopɔn apɛde no kyerɛ, na osii asɛyɛde ne nhyira horow a wɔn a wɔrebɔ asu no benya no so dua.

Memeneda Awia

Wɔde asemmisa a ɛma obi pɛpɛɛpɛ ne ho mu hwɛ a ɛne “Hena Mfaso na Wohwehwɛ?” na efii Memeneda awia dwumadi no ase. Wiase no da Ɔbonsam ahopɛ honhom no adi. Nanso, ɛsɛ sɛ Kristofo suasua Yesu Kristo ho a ɔde bɔɔ afɔre honhom no. Nhwɛso a ɔyɛe bɛn ara ni! Ogyaw ne soro anuonyam, na afei ɔde ne desani nkwa bɔɔ afɔre na ɛde mfaso abrɛ yɛn. Onii ko mfaso a yɛhwehwɛ ho asɛnnenen sɔre bere a akasakasa ba Kristofo ntam wɔ adwuma anaasɛ sikasɛm mu, bere a wontumi ne wɔn ho mmɔ ne nea ɛkeka ho. Nneɛma a ɛte sɛɛ no sɔ Kristofo dɔ hwɛ. Nanso, bere a obi hwehwɛ afoforo mfaso no, ɛda adi sɛ obenya ɔma mu nhyira kɛse, na ɔbɛsɔ Yehowa ani.

Afei asɛmti a ɛte saa ara a ɛne sɛ “Honhom mu Mmerɛwyɛ a Yebehu na Yɛadi So” dii hɔ. Ɔkasa yi sii sɛnea ehia sɛ yehu honhom mu mmerɛwyɛ ho sɛnkyerɛnne, na afei yɛayɛ ade prɛko de ako adi Satan ne ne mfiri horow so nkonim no so dua. Ɛsɛ sɛ Yehowa nkoa nya ɔdɔ a emu yɛ den ma Yehowa, na wokyi bɔne. Eyi hwehwɛ sɛ wohu Yehowa denam kokoam ne abusua Bible adesua a wɔbɛyɛ daa so. Ɛsɛ sɛ wɔkwati anigyede a ɛkamfo basabasayɛ ne ɔbarima ne ɔbea nna mu ɔbrasɛe biara kyerɛ no. (Efesofo 5:3-5) Daa mpaebɔ ne nhyiamkɔ nso hia titiriw na wɔadi honhom mu mmerɛwyɛ so.

Ebia nea wɔbɔɔ ho nkɔmmɔ kɛse sen ɔkasa foforo biara a wɔmae wɔ nhyiam no ase ne nea ekura asɛmti “So Aware na Ɛde Anigye Ba?” Mmofra pii susuw saa! Nanso ɔkasa no daa no adi pefee sɛ honhom abɔde anokwafo bebree wɔ hɔ a wɔwɔ anigye nanso wɔnwaree, te sɛ nea Kristofo a wɔahyira wɔn ho so pii wɔ anigye kɛse nanso wɔnwaree no. Afei nso, awarefo pii nni anigye, sɛnea awaregyae pii kyerɛ no. Ehia sɛ obi susuw nhyira pii a Kristofo a wɔahyira wɔn ho so nyinaa wɔ no ho, na ama wahu sɛ ɛwom sɛ aware betumi ayɛ nhyira de, nanso ɛnyɛ ɛno na ɛde anigye ba.

Wɔmaa ɔkasa a ekura afã horow bi a ɛne “Kristofo Ahofadi wɔ Yɛn Bere yi Mu” wɔ ɛno akyi. Ɔkasafo a odi kan no kaa “Bo a Yɛn Kristofo Ahofadi no Afã Horow no Som a Yebehu” ho asɛm. Eyi mu bi ne yɛn ho a yɛade afi atoro som nkyerɛkyerɛ te sɛ Baasakoro, onipa kra a enwu da, ne daa ayayadeyɛ ho. Afei nso, ahofadi a yɛanya afi bɔne nkoasom mu nso wɔ hɔ. Ɛwom sɛ Kristofo nyɛ pɛ de, nanso wɔade wɔn ho afi subammɔne te sɛ tawanom, kyakyatow, asabow, ne ɔbarima ne ɔbea nna mu ɔbrasɛe ho. Ahofadi a wɔanya afi abasamtu mu nso wɔ hɔ, efisɛ wɔwɔ Paradise ho anidaso a ɛyɛ anigye a ɛkanyan wɔn ma wɔka ho asɛm kyerɛ afoforo.

Ɔkasafo a odi hɔ bisaa asɛm a ɛne “So W’ankasa W’ani Gye Saa Ahofadi no Ho?” Sɛ wobɛkyerɛ biribi ho anigye no kyerɛ sɛ wode ahwɛyiye bekura mu na woahwɛ so. Sɛ Onyankopɔn akoa bi bɛyɛ saa a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ yiye na wɔansɔ no anhwɛ ma wanyɛ ade antra Kristofo ahofadi. Wiase no ahofadi yɛ nnaadaa, efisɛ ekowie bɔne ne ɔporɔw nkoasom mu.

Ɔkasafo a otwa to no kaa asɛmti “Wɔn a Wɔpɛ Ahofadi Gyina Pintinn” ho asɛm. Sɛ Kristofo bɛyɛ saa a, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho bata wɔn soro awofo, Yehowa Nyankopɔn ne n’ahyehyɛde a ɛte sɛ ɔyere no ho denneennen. Yehowa nkurɔfo rentumi mma awaefo nsɛm a ɛsɛe adwene no nnan wɔn mfi nokware no ho; ɛsɛ sɛ wɔpow wɔn a wɔbɛka ɔbrasɛe ho asɛm kyerɛ wɔn no. Sɛ Kristofo begyina pintinn wɔ Onyankopɔn ahofadi mu a, ɛsɛ sɛ ‘wɔtra ase honhom mu.’​—Galatifo 5:25.

Na da no kasa a etwa to no yɛ anigye ankasa. Na asɛmti no ne “Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn.” Na Yesu Kristo ne onipa a ɔsen biara no, efisɛ onyaa adesamma asetra so nkɛntɛnso kɛse sen asraafo, po so asraafo, mmarahyɛ bagua ne ahene nyinaa a wɔaka wɔn abom. Na ɔyɛ Onyankopɔn Ba a ɔtraa ɔsoro ansa na ɔreba asase so. Yesu suasua ne soro Agya no wɔ nea ɔkae na ɔkyerɛkyerɛe, ne sɛnea ɔtra ase no mu yiye araa ma otumi kae sɛ: “Nea wahu me no ahu Agya no.” (Yohane 14:9) Hwɛ sɛnea Yesu daa no adi yiye sɛ “Onyankopɔn ne dɔ”! (1 Yohane 4:8) Bere a ɔkasafo no aka Yesu su horow ho asɛm kɛse akyi no, ɔkae sɛ wɔatintim nsɛm a ɛba toatoaa so a ne ti ne sɛ “Yesu Asetra ne Ne Som Adwuma” wɔ Ɔwɛn-Aban mu fi April 1985 mu. Mprempren Asafo ti no reyi nhoma foforo a ɛne The Greatest Man Who Ever Lived no adi de adi abisade pii no ho dwuma. Ekura atiri 133 na wɔde nnuru ahorow na ayɛ mfonini. Wɔasa nsɛm a ɛba toatoaa so no mu, na wɔde ne nyinaa aba nhoma no nkratafa 448 no mu. Nokwarem no, nhyiam da yi baa awiei wɔ anigye kɛse mu.

Kwasida Anɔpa

Wɔmaa ɔkasa a ekura afã horow bi a ɛne “Som a Yɛbɛsom sɛ Nnipa Yifo” no anɔpa. Ɔkasa a ɛne “Mpataayi​—Ankasa ne Sɛnkyerɛnne Kwan so De” too nhyɛase maa ɔkasa ahorow a wɔmae wɔ ɛno akyi no. Ɔkasafo no kyerɛe sɛ bere a Yesu ama wɔayi mpataa anwonwa kwan so no, ɔtoo nsa frɛɛ apofofo no sɛ wɔmmɛyɛ nnipa yifo. Yesu de bere bi tetee n’asuafo no na ama wɔayɛ nnipa yifo, na efi Pentekoste 33 Y.B. no, wotumi boaa mmarima ne mmea bebree ma wɔbɛyɛɛ asuafo.

Ɔkasafo a odi hɔ no kaa asawu ho bɛ a ɛwɔ Mateo 13:47-50 no ho asɛm. Ɔdaa no adi sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no ne Kristoman nyinaa ka sɛnkyerɛnne kwan so asawu no ho, Kristoman ka ho efisɛ wɔkyerɛ nhoma ase, wotintim nhoma, wɔkyekyɛ Bible, ɛwom sɛ saa mmɔdenbɔ no ma woyii mpataa a wonnye bebree de. Efi 1919 titiriw no, wɔayɛ mpaapaemu adwuma bi, wɔatow mpataa a enye no agu, na wɔreboaboa nea eye no ano agu asafo ahorow a ɛte sɛ kɛntɛn a aboa ma wɔabɔ nokware Kristofo ho ban na wɔakora wɔn so ama ɔsoro adwuma mu.

Ɔkasa a ɛto so abiɛsa a ɛne “Nnipa a Wobeyi Wɔn wɔ Wiase Nyinaa Nsu no Mu” sii asɛyɛde a Kristofo a wɔahyira wɔn ho so nyinaa wɔ sɛ wobenya wiase nyinaa nnipa yi no mu kyɛfa so dua. Mprempren nnipa 4,000,000 ne akyi na wɔrenya adwuma yi mu kyɛfa wɔ nsase bɛboro 200 so, na nnansa yi mfe no mu no, wɔabɔ nnipa 230,000 ne akyi asu afe biara. Wɔhyɛɛ Yehowa nkurɔfo nyinaa sɛ wɔmma wɔn ho nkokwaw wɔ nnipa yi no mu, na wobisabisaa ‘nnipa yifo’ a wɔatumi ayɛ adwuma yi titiriw pii nsɛm.

Ɔkasa a edi hɔ a asɛmti no ne sɛ “Wɛn wɔ ‘Awiei Bere no Mu’” no mu no, ɔkasafo no bobɔɔ nneɛma ason a ɛbɛboa Onyankopɔn nkurɔfo ma wɔawɛn din: nneɛma a ɛtwetwe adwene a wɔbɛko atia, mpaebɔ, nhyehyɛe yi awiei ho kɔkɔbɔ a wɔde bɛma, wɔn ho a wɔde bɛbata Yehowa ahyehyɛde no ho, wɔn ankasa ho mu a wɔbɛpɛɛpɛe, nkɔmhyɛ ahorow a abam ho susuw ne tra a wɔbɛma atra wɔn adwenem sɛ wɔn nkwagye abɛn sen bere a wɔbɛyɛɛ gyidifo no.

Ɔkasa a ɛne “Henanom na Wobenya Nkwa wɔ ‘Ahohiahia Bere no Mu’?” na ɛde anɔpa dwumadi no baa awiei. Ɔkasafo no kyerɛɛ sɛnea Yoel nkɔmhyɛ no nyaa mmamu bi wɔ asomafo no mmere so, na ɛrenya mmamu foforo mprempren, na ebenya mmamu koraa nnansa yi ara no.

Kwasida Awia

Wɔde baguam ɔkasa a ɛne “Onyankopɔn Wiase Foforo a Ahofadi Wom a Yɛbɛkamfo” no na efii awia dwumadi no ase. Saa ɔkasa yi toaa nhyiam no asɛmti a ɛne ahofadi no so. Wɔdaa no adi sɛ Onyankopɔn Asɛm hyɛ wiase foforo bi a yebenya ahofadi afi atoro som, amammui, sikasɛm ne mmusua mu nyiyimfo nhyɛso ase ho nkɔm. Yebenya ahofadi afi bɔne ne owu mu nso. Nnipa bɛsan anya akwahosan a edi mu na ama wɔatumi atra ase daa wɔ anigye mu wɔ paradise asase so. Enti, trenee adɔfo wɔ biribiara a wobegyina so de nsɛm yi akamfo wiase foforo no Yɛfo sɛ: “Yehowa, yɛda wo ase sɛ afei de, yɛanya nokware ahofadi!”

Ɔmantam nhyiam horow no mu ade foforo bi​—dapɛn no mu Ɔwɛn-Aban adesua no ho ɔkasa​—dii baguam ɔkasa no akyi. Afei ɔkasa a ɛkanyan anigye ne afotu a ese “Mo a Mopɛ Ahofadi no, Monkɔ Mo Anim” no de nhyiam no baa awiei. Ɔkasafo no kaa nhyiam no asɛmti a ɛne ahofadi no mu nsɛntitiriw ho asɛm tiawa. Osii sɛnea ahofadi a Yehowa nkurɔfo wɔ nti, wɔwɔ anigye no so dua, na ɔbobɔɔ akwan a Kristofo nam so anya nkɔanim no din, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa biakoyɛ nkɔ wɔn anim na ama wɔanya nhyira pii. Ɔde nsɛm yi na ewiei: “Bere a yɛyɛ saa no, ɛmmra sɛ Yehowa bɛkɔ so ahyira yɛn nyinaa, na ama yɛatumi akɔ yɛn anim sɛ wɔn a wɔpɛ ahofadi.”

“Na wɔde abɔde no ahyɛ ade hunu ase, ɛnyɛ n’ankasa na ɛpɛ, na mmom ɛnam nea ɔde hyɛɛ ase no so, anidaso nti abɔde no ankasa na anya Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi.”​—Romafo 8:20, 21, NW.

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Abofra bi a ɔkɔɔ nhyiam na wɔ Prague, Czechoslovakia

[Mfonini wɔ kratafa 26]

1. Asubɔhwehwɛfo rekɔ baabi a wɔbɛbɔ asu wɔ Prague, Czechoslovakia

2. Wɔrebɔ no asu sɛ Yehowa Adansefo mu biako wɔ Tallinn, Estonia

3. Nhoma afoforo maa wɔn a wɔkɔɔ nhyiam no wɔ Usolye-Sibirskoye, Siberia no ani gyei

4. Ɔreyi “The New World Translation” no adi wɔ Czech ne Slovak kasa mu wɔ Prague nhyiam no ase

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena