Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
◼ Wɔ Mateo 10:21 no, so na Yesu rebɔ yɛn kɔkɔ sɛ anuanom pii a wɔwɔ asafo no mu no bɛsɔre ahyɛ wɔn honhom fam anuanom?
Dabi, na ɛnyɛ ɛno na Yesu reka ho asɛm wɔ ne kɔkɔbɔ no mu, nea ɛkenkan sɛ: “Na onua beyi onua ama owu, na agya ayi ɔba ama, na mma asɔre atia awofo, na wɔama wɔakum wɔn.”—Mateo 10:21.
Nsɛm a atwa ho ahyia no kyerɛ sɛ Yesu kaa eyi kyerɛɛ asomafo 12 no bere a ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔyɛ asɛnka ɔsatu wɔ Israel no. Asɛm a ɔkae no mu fa kɛse no ara fa asomafo no ho titiriw. Sɛ nhwɛso no, ɔkae sɛ wɔama wɔn tumi sɛ wɔnsa yare anwonwa kwan so, wontu ahonhommɔne, na wonnyan awufo mpo. (Mateo 10:1, 8; 11:1) Abakɔsɛm kyerɛ sɛ ɛnyɛ Kristofo nyinaa na wonyaa tumi a wɔde yɛ saa anwonwade yi, na esi so dua sɛ na Yesu reka akyerɛ atiefo kuw biako pɔtee bi—n’asomafo.
Nanso, nea Yesu kae no mu bi kɔ akyiri sen asɛnka ɔsatu a asomafo no bɛyɛ no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ ho yiye nnipa ho; . . .me nti wɔde mo bɛkɔ amradofo ne ahene anim na adi adanse akyerɛ wɔne amanaman.” (Mateo 10:17. 18) Ɛda adi sɛ 12 no hyiaa ɔsɔretia wɔ ɔsatu no mu, nanso adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ‘wɔde wɔn kɔɔ amradofo ne ahene anim.’a Akyiri yi mfe no mu no, asomafo no kɔɔ sodifo, te sɛ Ahene Herode Agrippa I ne II, Sergio Paulo, Galio, ne Ɔhempɔn Nero mpo anim. (Asomafo no Nnwuma 12:1, 2; 13:6, 7;18:12; 25:8-12, 21; 26:1-3) Enti, Yesu nsɛm no nyaa mmamu bi akyiri yi.
Yesu afotu no de kɔkɔbɔ yi toaa so sɛɛ “Onua beyi onua ama owu.” Ne nsɛm a ɛwɔ nkyekyem 21 no nkyerɛ sɛ ɛyɛ honhom fam anuanom te sɛ nea na ɛnkyerɛ honhom fam agyanom anaasɛ mma no: “Agya [beyi] ɔba ama, na mma asɔre atia awofo, na wɔama wɔakum wɔn.” Na Yesu kyerɛ sɛ asomafo no betumi ahwɛ ɔtan anaasɛ ɔsɔretia kwan afi abusuafo mpo hɔ.
Na asomafo no behia boasetɔ wɔ saa asɛnka ɔsatu no mu. Yesu toaa so sɛ: “Na me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo; na nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.”—Mateo 10:22.
Nsɛm a Yesu kae saa bere no mu bi kyerɛ biribi ma yɛn sɛ Yehowa Adansefo nnɛ. Nea yesi so dua wɔ asɛnka no mu no ne Ahenni no. Yɛyɛ yɛn som adwuma no a yennye hwee, na yɛhwehwɛ nkurɔfo a wɔn ani gye nkrasɛm no ho, anaasɛ wɔfata. Ahwɛyiye ho hia. Asɔretiafo abu so. Ɛtɔ da bi a, abusuafo, afipamfo anaasɛ mfɛfo adwumayɛfo betumi ama yɛahyia ɔhaw a emu yɛ den, ne titiriw no komapafo a wɔafi ase di nokware Kristosom akyi no. Yesu san de ɔsɔretia a ɛte sɛɛ no ho kɔkɔbɔ mae bere a ɔreka ne ba ho “sɛnkyerɛnne” ho asɛm no. (Mateo 24:3, 9, 10; Luka 21:16, 17) Ɔsan kae sɛ ehia sɛ yegyina kodu awiei na wɔagye yɛn.’ Yiw, ehia sɛ yegyina kosi yɛn mprempren nkwa nna awiei anaa kosi sɛ nneɛma nhyehyɛe yi bɛba awiei, na yɛatumi ahyɛn wiase foforo no mu.—Mateo 24:13.
[Ase hɔ asɛm]
a Nkyerɛase afoforo kyerɛ eyi ase sɛ “abosonsomfo” (The Jerusalem Bible), “Amanaman Mufo” (New International Version ne nkyerɛase a Moffatt ne Lamsa yɛe), ne “abosonsomfo” (The New English Bible).