Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 6/15 kr. 3-5
  • Ɔko A Etia Ɔyare Ne Owu​—So Wɔredi Nkonim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔko A Etia Ɔyare Ne Owu​—So Wɔredi Nkonim?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nyarewa “Afoforo”
  • Wonnya Nyaa Ano Aduru Ɛ
  • Ɔyaredɔm Wɔ Afeha a Ɛto so 20 Yi Mu
    Nyan!—1997
  • Nyarewa—So Ɛto Betwa Da Bi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nnɛyi Aduruyɛ—Mfaso Pa Bɛn na Ebetumi De Ama?
    Nyan!—2001
  • Mfe Pii a Nnipa de Ahwehwɛ Akwahosan Pa
    Nyan!—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 6/15 kr. 3-5

Ɔko A Etia Ɔyare Ne Owu​—So Wɔredi Nkonim?

ƆYARE nni hɔ bio, owu nni hɔ bio! Nnipa pii bebu eyi sɛ biribi a wɔde adwene bu sɛ ɛbɛba kɛkɛ. Anyɛ yiye koraa no, oduruyɛfo ne mmoawa a wɔde nyarewa ba ho ɔbenfo Wade W. Oliver kyerɛwee sɛ: “Efi abakɔsɛm a wɔakyerɛw ato hɔ a edi kan pɛɛ so no, ɔyare akyerɛ adesamma daakye kwan yiye . . . Ɔyaredɔm aka onipa ntɛmntɛm ma ɛyɛ hu . . . Ɔyare haw no daa.”

So biribi wɔ hɔ a yebegyina so agye adi sɛ nsakrae kɛse bi abɛn? So aka kakraa bi ma aduruyɛ mu nyansahu ayi nyarewa nyinaa ne ebia owu ankasa mpo afi hɔ?

Akyinnye biara nni ho sɛ nnuruyɛfo ne nhwehwɛmufo bɔ mmɔden yiye wɔ nyarewa a wɔko tia mu. Obi a onim nea ɛrekɔ so bɛn na ɔremfa aseda mma wɔ kɔlera a wotumi sa, a wotumi yɛɛ saa wɔ ɛrekɔ afeha 19 awiei, anaa mpete a ɛyɛ hu no ano aduru a wɔde sesa no ho? Edward Jenner na ɔde nantwi mpete a ɛntaa nkum nnipa no kuru nsu yɛɛ saa aduru a wɔde sesa no wɔ 1796 mu. Wɔ 1806 mu no, United States ɔmampanyin Thomas Jefferson daa nkate a nnipa afoforo pii nyae no adi bere a ɔkyerɛw Jenner no: “Adwene a ɛma akomatɔyam a wubenya ne sɛ adesamma werɛ remfi da sɛ watra nkwa mu; aman a ɛbɛba daakye no nam abakɔsɛm nkutoo so na wobehu sɛ na ɔyare bɔne a ɛne mpete wɔ hɔ.”

Afei nso, ɛsɛ sɛ wɔde nkamfo ne aseda ma wɔ nyarewa te sɛ menewam yare ne mmofra mmubui a aduruyɛ mu nhwehwɛmu ama wɔatumi anya ano aduru no ho. Nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ no mu kakraa bi na wɔmfa nkamfo mma wɔ nkɔso a wɔanya nnansa yi wɔ komayare ne akisikuru a wɔsa mu no ho. Nanso komayare ne akisikuru da so ara kunkum nkurɔfo. Wontumi nnu wɔn botae a ɛne sɛ wobeyi nyarewa nyinaa afi hɔ no ho.

Nyarewa “Afoforo”

Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ wɔahu nyarewa “afoforo” te sɛ ahrawa mu yare, bɔre bi a ɛba mogya mu ne ɔyare a ekunkum nnipa a wɔato din sɛ AIDS a wɔka ho asɛm pii no mfiase wɔ nnɛ bere a wɔahu CAT afiri a wɔde hwɛ nipadua no mu de hu mu nyarewa ne oprehyɛn a wɔyɛ nipadua no akwaa ahorow foforo wom mfiase yi mu.

Yegye tom sɛ nnipa pii gye sɛnea nyarewa yi yɛ foforo fa no ho kyim. U.S. News & World Report no mu asɛm bi ka sɛ wɔ nsɛm no bi mu no, nyarewa dedaw no na wɔahu sɛnea ɛte no yiye kɛkɛ, na wɔma no din foforo. Sɛ nhwɛso no, wodii kan huu ahrawa mu yare no wɔ 1976 mu, nanso na kan no wosusuwii sɛ ɛyɛ emuyare a ɔyare mmoawa na wɔde ba. Saa ara nso na kan no wosusuwii sɛ bɔre bi a ɛba mogya mu no yɛ atiridii.

Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ nyarewa bi yɛ foforo. Akyinnye biara nni ho sɛ eyinom mu nea wonim sen biara ne AIDS. Wodii kan huu ɔyare a ebubu nnipa na ekunkum wɔn yi wɔ 1981 mu, na wɔtoo ne din wɔ saa afe no ara mu. Ɔyare “foforo” a wonnim no kɛse ne Brazil atiridii. Wohui wɔ Brazil wɔ 1984 mu, na ekum nnipa a ɛyɛ wɔn no mu ɔha biara mu nkyem 50.

Wonnya Nyaa Ano Aduru Ɛ

Enti, onipa mmɔdenbɔ a ɛsen biara nyinaa akyi no, wonnya nyaa nnipa nyarewa ano aduru koraa ɛ. Ɛwom sɛ sɛ wɔkyekyem a, mfe a nnipa di no akɔ anim bɛyɛ mfe 25 fi afe 1900. Nanso nsakrae yi fi akwan a wɔfa so wɔ aduruyɛ mu a ama asiane a ɛma wowu wɔ mmofraberem so atew no titiriw. Onipa nkwa nna da so ara bɛn Bible “mfe aduonu ahorow abiɛsa ne du” no ho.​—Dwom 90:10, King James Version.

Enti bere a Anna Williams wui wɔ December 1987 mu a wadi mfe 114 no, ɛhyetae. Sɛnkyerɛwfo bi reka Awuraa Williams wu no ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Nyansahufo susuw sɛ mfe 115 kosi 120 ne mfe a ɛsen biara a onipa betumi anya. Nanso, dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛba saa? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ onipa nipadua wu bere a adi mfe 70, 80, anaa 115 mpo?”

Wɔ 1960 mfe no mu no, aduruyɛ mu nyansahufo hui sɛ ɛte sɛ nea onipa nkwa mmoawa mu tumi paapae bɛyɛ mpɛn 50 pɛ. Sɛ edu saa dodow no a, ɛte sɛ nea biribiara nni hɔ a wobetumi ayɛ de ama nkwa mmoawa no atra nkwa mu. Eyi ma ɛne nyansahu nkyerɛkyerɛ a atwam a ɛkyerɛ sɛ nnipa nkwa mmoawa betumi atra ase daa, sɛ wɔma enya tebea pa a, no bɔ abira.

Fa ɛno ka sɛnea wɔahu sɛ onipa na ɔma amane a nnipa hu no mu pii ba no ho. Sɛnea nhwehwɛmufo bi dwen nsɛm ho kae no: “Ayaresa nkutoo nguu nyarewa ase ɛ. Asetra ne abrabɔ mu nneyɛe ka ho na nyarewa ba.”

Wiase Akwahosan Ahyehyɛde no se: “Yɛn ankasa na yɛapira yɛn ho, sɛ anka yebesiw nneɛma a ɛde nyarewa ba ano mmom no, yegye di sɛ nyansahu, nnuruyɛfo, ne ayaresabea ahorow benya ano aduru. Nokwarem no, yentumi nkwati aduruyɛ mu nneɛma a egye nkwa no, nanso momma yenhu pefee sɛ ɛmfa hwee nka yɛn ‘akwahosan’ ho​—esiw yɛn wu kwan. . . . Sigaretnomfo ne ɔsanomfo akɔnnɔ a ɛsɛe n’ankasa ne tumi a adwuma a wonnya nyɛ nya wɔ adwene ne nipadua no so​—‘nyarewa afoforo’ no bi nen. Dɛn nti na yɛma ‘lɔre akwanhyia bebree’ a ekunkum nnipa na ɛsɛe yɛn sika no ho kwan?”

Nyarewa, amanehunu ne owu da so ara ba yɛn so. Nanso, yɛwɔ nea yebegyina so de ahotoso ahwɛ bere bi a ɔyare ne owu nni hɔ bio kwan. Nea ɛsen biara no, yɛwɔ biribiara a yebegyina so agye adi sɛ saa bere no abɛn.

[Adaka wɔ kratafa 4]

‘MISRAIM NYAREWA’ NO

Wɔaka sɛnea ko a nnipa ako atia nyarewa fi teteete tɔnn no ayɛ kwa no ho asɛm mpo wɔ Bible no mu. Sɛ nhwɛso no, Mose kaa ‘Misraim nyarewa bɔne nyinaa’ ho anwonwasɛm bi.​—Deuteronomium 7:15

Ɛda adi sɛ na gyapim, konkoruwa, mpete, ne aniyare ka eyinom ho. Nyarewa a ɛtete sɛ yi bi anyɛ Mose nkurɔfo esiane ahotew a ɛkɔ anim nneyɛe a Mmara apam no de too wɔn so no titiriw nti.

Nanso, Misrifo afunu a wɔahyɛ no aduru ho nhwehwɛmu ama wɔahu ‘Misraim nyarewa’ afoforo pii. Nea ɛka nyarewa yi ho ne ɔkwaha, akyi dompe a ɛhon, ɛse ne abogye yare, mfunkyire, ne sesaborɔ. Wiasefo aduruyɛ nhoma bi a wɔfrɛ no Ebers Papyrus, ka nyarewa te sɛ ahonhon, yafunu ne atiridiinini asikyire yare, kwata, ani, ne asotiw ho asɛm.

Tete Misrifo nnuruyɛfo yɛɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛsa nyarewa yi, na ebinom aben yiye wɔ ayaresa a wonim no mu. Helani abakɔsɛm kyerɛwfo Herodotus kyerɛwee sɛ: “Na nnuruyɛfo abu so wɔ Ɔman no [Misraim] mu; obiako sa aniyare nkutoo; ɔfoforo sa eti, ɛse, yafunu, anaa yafunu mu nyarewa.” Nanso, na Misraim “nnuru” no pii yɛ ɔsom mu nnadaa ankasa, na ɛnyɛ nyansahu de.

Nnɛyi nnuruyɛfo adi nkonim kɛse wɔ nyarewa a wɔsa mu. Nanso, aduruyɛ ho nhwehwɛmufo Jessie Dobson ka asɛm a ɛkanyan adwene yi: “Afei, dɛn na yebetumi asua afi tete nyarewa ho adesua mu? Nea nnipa dodow no ara kae wɔ nhwehwɛmu bi mu ne sɛ adanse no kyerɛ sɛ nsonsonoe ahe biara nni tete nyarewa ne nnɛyi de no mu. . . Ɛda adi sɛ biribi kakraa bi na ahokokwaw ne mmɔdenbɔ a wɔde atɔ wɔn bo ase ayɛ nhwehwɛmu no ayɛ wɔ ɔyare a wobegu ase no mu.”​—Disease in Ancient Man.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena