Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 8/15 kr. 18-23
  • Sow “Papayɛ Ahorow Nyinaa”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sow “Papayɛ Ahorow Nyinaa”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Kɔ So Yɛ Papa”
  • Dwen Afoforo Ho
  • “Monyɛ Timmɔbɔ”
  • Ayamye ne Ahɔhoyɛ Su
  • Nokware a Yɛbɛka
  • Suasua Papayɛ
  • Monkɔ So Nna Papayɛ Adi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • “Hwɛ Sɛnea Ne Papayɛ Dɔɔso Fa!”
    Bɛn Yehowa
  • Yehowa Papayɛ A Ɛdɔɔso Noh
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Papayɛ—Wobɛyɛ Dɛn Asua?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 8/15 kr. 18-23

Sow “Papayɛ Ahorow Nyinaa”

“Hann aba wɔ papayɛ ahorow nyinaa.”​—EFESOFO 5:9, New World Translation.

1, 2. Akuw abien bɛn na ɛwɔ hɔ fi tete, na nsonsonoe bɛn na ɛwɔ tebea a wɔwom nnɛ no mu?

EDEN atuatew no akyi, bɛyɛ mfe mpem asia a atwam ni, ne afei nso Noa nna no mu Nsuyiri no akyi no, adesamma mu kyekyɛ yɛɛ akuw anaasɛ ahyehyɛde abien, biako mufo yɛ wɔn a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsom Yehowa, na foforo no mufo dii Satan akyi. So saa ahyehyɛde yi da so ara wɔ hɔ? Nokwarem no, ɛwɔ hɔ! Odiyifo Yesaia kaa saa akuw abien yi ho asɛm na ɔhyɛɛ tebea a wɔwom wɔ yɛn bere yi mu ho nkɔm sɛ: “Hwɛ, esum bɛkata asase so, na sum kabii akata aman so; na [Yehowa] bepue wo so, na n’anuonyam abɛda adi wo so.”​—Yesaia 60:1, 2.

2 Yiw, nsonsonoe a ɛda ahyehyɛde abien yi ntam no kɛse te sɛ nsonsonoe a ɛda sum ne hann ntam. Na te sɛ nea hann bi hyerɛn bɛtwetwe obi a wayera wɔ sum mu no, saa ara na hann a efi Yehowa hɔ a ɛhyerɛn wɔ wiase a aduru sum yi mu no atwetwe nnipa komapafo Ɔpepem pii aba Onyankopɔn ahyehyɛde no mu. Sɛnea Yesaia kɔɔ so kae no: “Amanaman [nguan foforo] bɛnantew aba wo hann no ho, na ahene [Ahenni adedifo a wɔasra wɔn] aba hyerɛn a apue wo so no ho.”​—Yesaia 60:3.

3. Akwan bɛn so na Kristofo da Yehowa anuonyam adi?

3 Yehowa nkurɔfo da Yehowa anuonyam adi wɔ ɔkwan bɛn so? Ade biako ne sɛ wɔka Onyankopɔn soro Ahenni a ɔde asi hɔ no ho asɛmpa kyerɛ. (Marko 13:10) Nanso nea ɛsen saa no, wosuasua Yehowa a ɔne papayɛ ho nhwɛso titiriw no, ma enti wɔnam wɔn abrabɔ so twetwe ahobrɛasefo ba hann no ho. (Efesofo 5:1) Paulo se: “Na kan no anka moyɛ sum, na afei de, moyɛ hann, Awurade mu; monnantew sɛ hann mma.” Ɔtoaa so sɛ: “Hann aba wɔ papayɛ ahorow nyinaa ne trenee ne nokware. Na monkɔ so nsɔ nea ɛsɔ Awurade ani yiye no nhwɛ.” (Efesofo 5:8-11, NW) Na dɛn na Paulo kyerɛ bere a ɔkae sɛ “papayɛ ahorow nyinaa” no?

4. Dɛn ne papayɛ, na wohu no dɛn wɔ Kristoni ho?

4 Sɛnea yɛn asɛm a edi kan no daa no adi no, papayɛ yɛ su anaa tebea a ɛyɛ papa kyɛn so, abrabɔ pa. Yesu kae sɛ Yehowa nkutoo na ɔyɛ papa korakora. (Marko 10:18) Nanso, Kristoni betumi asuasua Yehowa denam papayɛ a ɛyɛ honhom aba no a obenya no so. (Galatifo 5:22) Vine’s Expository Dictionary of Old and New Testament Words reka a·ga·thosʹ, Hela asɛmfua ma “papa,” ho asɛm no, ese, “[Ɛ]ka ade a su a ekurae anaa sɛnea wɔayɛ no no yɛ papa, na nea ɛde ba no so wɔ mfaso ho asɛm.” Enti Kristoni a osua papayɛ no bɛyɛ onipa papa na wayɛ papa. (Fa toto Deuteronomium 12:28 ho.) Ɔbɛkwati nneɛma a ɛne papayɛ bɔ abira, “esum nnwuma a ɛnsow aba.” Akwan horow a Kristoni betumi afa so ada papayɛ adi wɔ n’abrabɔ mu no ne ‘papayɛ ahorow’ a Paulo kaa ho asɛm no. Eyinom mu bi ne dɛn?

“Kɔ So Yɛ Papa”

5. Papayɛ biako ne dɛn, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristoni suasua?

5 Paulo kaa eyi mu biako ho asɛm wɔ ne nhoma a ɔde kɔmaa Romafo no mu. Ɔreka ahobrɛase ma “atumfo a wɔkorɔn” ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Wompɛ sɛ wusuro tumi no anaa? Ɛnde kɔ so yɛ papa, na woanya wɔn hɔ ayeyi.” “Papa” a ɔka ho asɛm no yɛ wiase atumfo mmara ne nhyehyɛe ahorow so di. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristoni brɛ ne ho ase hyɛ eyinom ase? Nea ɛbɛyɛ na wakwati ɔne atumfo no ntam ntawntawdi a ɛho nhia a ebetumi ama wanya asotwe ne​—nea ehia titiriw no​—nea ɛbɛyɛ na wakura ahonim a ɛho tew mu wɔ Onyankopɔn anim. (Romafo 13:1-7, NW) Bere a Kristoni kɔ so yɛ osetie ma Yehowa titiriw no, ‘odi ɔhene ni,’ na ɔntew atua ntia atumfo a Yehowa Nyankopɔn ama kwan sɛ wɔntra hɔ no. (1 Petro 2:13-17) Saa kwan yi so no, Kristofo yɛ afipamfo pa, ɔmamma pa, ne nhwɛso pa.

Dwen Afoforo Ho

6. (a) Dɛn ne papayɛ fã foforo? (b) Henanom na wɔka wɔn ho asɛm wɔ Bible no mu sɛ ɛfata sɛ yedwen wɔn ho?

6 Yehowa papayɛ da adi wɔ ‘osu a efi soro ne bere a aduan ba’ a ɔde ma asase sotefo nyinaa no mu. Eyi de “aduan ne anigye” ba, na ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn a odwen afoforo ho ampa. (Asomafo no Nnwuma 14:17) Yebetumi asuasua no wɔ eyi yɛ mu denam afoforo a yebedwen wɔn ho wɔ nneɛma nketewa ne akɛse mu. Henanom ho titiriw na yebedwen saa? Paulo twe adwene si mpanyimfo no titiriw so, “wɔn a wɔyɛ mo mu adwuma [dennen] na wodi mo so mpanyin Awurade mu na wɔkasa kyerɛ mo” no. Ɔhyɛ Kristofo nkuran sɛ ‘wommu wɔn papaapa ɔdɔ mu, wɔn adwuma nti.’ (1 Tesalonikafo 5:12, 13) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Ɛdenam biako a yɛne wɔn bɛyɛ akosi ase no so​—sɛ nhwɛso no, denam adwuma a ɛho hia sɛ wɔyɛ wɔ Ahenni Asa so a yɛbɛyɛ bi no so. Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu bere nyinaa kɔ mpanyimfo no nkyɛn kogye mmoa a yehia no de, nanso ɛnsɛ sɛ yebisa nneɛma pii wɔ ɔkwan a ntease nnim so. Mmom no, yebetumi abɔ mmɔden ama saa nguanhwɛfo a wɔyɛ adwuma dennen, a wɔn mu pii wɔ abusua mu asɛyɛde ahorow ka wɔn asafo mu nnwuma ho no adwuma ayɛ mmerɛw wɔ akwan biara a yebetumi so.

7. Akwan bɛn so na yebetumi adwen nkwakoraa ne mmerewa ho?

7 Ɛfata sɛ yesusuw nkwakoraa ne mmerewa nso ho. Mose Mmara no mu mmara pɔtee bi ni: “Sɔre atifi dwen anim, na di akwakoraa anim ni, na suro wo Nyankopɔn: Mene [Yehowa].” (Leviticus 19:32] Yɛbɛyɛ dɛn atumi adwen wɔn ho? Ebia mmofra bɛpɛ sɛ wotu wɔn ho ma kodi gua de boa wɔn anaa wɔyɛ nnwuma afoforo. Mpanyimfo betumi ahwɛ sɛ ebia nkwakoraa ne mmerewa bi hia mmoa na ama wɔaba nhyiam horow anaa. Wɔ nhyiam ase no, mmofra a wɔn ho yɛ den bɛkwati nkwakoraa ne mmerewa a wɔnam brɛoo a wobesunsum wɔn de ahopere abɔ mmɔden sɛ wobetwa wɔn ho akɔ no, na sɛ obi a ne mfe akɔ anim ho nyɛ hare pii wɔ tra a ɔbɛtra ase anaasɛ aduan a ɔtɔ mu a, ɛsɛ sɛ wonya boasetɔ.

8. Ɔkwan bɛn so na yebetumi adwen kuw foforo a wɔsɛ a wɔde adwene si wɔn so titiriw wɔ Bible no mu ho?

8 Odwontofo no ka kuw foforo a ehia sɛ yedwen wɔn ho ho asɛm: “[Anigye] ne nea odwen ɔbrɛfo ho.” (Dwom 41:1) Ebia ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ yebedwen nnipa atitiriw anaa adefo ho, na abrɛfo ne ahiafo nso ɛ? Bible kyerɛwfo Yakobo kyerɛe sɛ eyinom a yebesusuw wɔn ho saa ara no nso yɛ yɛn trenee ne yɛn Kristofo dɔ ho sɔhwɛ. Ɛmmra sɛ yebedi sɔhwɛ yi mu nkonim denam nnipa nyinaa ho a yebedwen, a sɛnea wɔn nsɛm tebea horow te mfa ho no so.​—Filipifo 2:3, 4; Yakobo 2:2-4, 8, 9.

“Monyɛ Timmɔbɔ”

9, 10. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ mmɔborohunufo, na ɔkwan bɛn so na yebetumi ada saa papayɛ yi adi?

9 Yehu papayɛ foforo bi wɔ Yesu mmebu no binom mu. Wɔ biako mu no, Yesu kaa Samariani bi a ɔbɛtoo ɔbarima bi a wɔatwa no dwow, wɔahwe no pasaa, na wɔagyaw no ato kwan no so ho asɛm. Na Lewini ne ɔsɔfo bi abetwam afa ɔbarima a wapira no no ho, na wɔammoa no. Nanso Samariani no gyinae na ɔboaa no, yɛɛ pii sen nea ebia wɔbɛhwɛ kwan wɔ ɔkwan a ntease wom so. Wɔtaa frɛ asɛm no sɛ Samariani a ohuu mmɔbɔ no. Papayɛ bɛn na Samariani no daa no adi? Mmɔborohunu. Bere a Yesu bisaa n’atiefo sɛ wɔnkyerɛɛ onii ko a ɔdaa ne ho adi sɛ ɔyɛ onipa a wapira no yɔnko no, wɔmaa mmuae a ɛteɛ no: “Nea ohuu no mmɔbɔ no.”​—Luka 10:37.

10 Kristofo mmɔborohunufo suasua Yehowa a Mose kaa ne ho asɛm kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “[Yehowa] wo Nyankopɔn yɛ Onyankopɔn mmɔborohunufo, ɔrempa wo na ɔrensɛe wo, na ne werɛ remfi w’agyanom apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wɔn no.” (Deuteronomium 4:31) Yesu kyerɛɛ sɛnea ɛsɛ sɛ Onyankopɔn mmɔborohunu nya yɛn so tumi: “Monyɛ timmɔbɔ sɛnea mo agya no nso yɛ timmɔbɔ no.” (Luka 6:36) Yebetumi ada mmɔborohunu adi dɛn? Sɛnea Yesu abebu no kyerɛe no, ɔkwan biako a yɛbɛfa so ayɛ saa ne sɛ yɛbɛyɛ krado sɛ yɛbɛboa yɛn yɔnko, sɛ asiane anaa ɔhaw wom mpo a. Onipa pa remmu n’ani ngu ne nua amanehunu so, sɛ obetumi ayɛ ho biribi a.​—Yakobo 2:15, 16.

11, 12. Sɛnea Yesu abebu a ɛfa nkoa no ho no kyerɛ no, dɛn na ɛka mmɔborohunu ho, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ada eyi adi nnɛ?

11 Yesu abebu foforo nso kyerɛe sɛ krado a yɛbɛyɛ sɛ yɛde afoforo mfomso befiri wɔn no ka mmɔborohunu a papayɛ wom no ho. Ɔkaa akoa bi a na ɔde ne wura ka talente mpem du ho asɛm. Esiane sɛ na akoa no ntumi ntua nti, ɔsrɛe sɛ ne wura no nhu no mmɔbɔ, na ne wura no fi ayamye mu de ka kɛse a ɛyɛ denari 60,000,000 no kyɛɛ no. Nanso akoa no kɔe na okohuu akoa foforo a ɔde ɔno ka denari ɔha pɛ. Akoa a wɔde ne ka no akyɛ no no fi atirimɔden mu de nea ɔde no ka no kɔtoo afiase kosi sɛ obetumi atua ka no. Ɛda adi sɛ akoa otirimɔdenfo no nyɛ onipa papa, na bere a ne wura tee nea asi no, ɔtwee n’aso.​—Mateo 18:23-35.

12 Yɛwɔ tebea a ɛte sɛ nea na akoa a wɔde ne ka kyɛɛ no no wom no mu. Yehowa nam Yesu afɔrebɔ so de bɔne ka kɛse bi akyɛ yɛn. Ɛnde, akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ krado sɛ yɛde befiri afoforo. Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yɛde befiri ‘akosi mpɛn aduosɔn ason,’ kyerɛ sɛ enni ano. (Mateo 5:7; 6:12, 14, 15; 18:21, 22) Enti, Kristoni mmɔborohunufo rennya afoforo ho menasepɔw. Ɔremfa ne yɔnko Kristofo ho asɛm nhyɛ ne mu anaasɛ ɔrempow sɛ ɔne no bɛkasa esiane sɛ ne bo afuw no nti. Mmɔborohunu a wonni a ɛte sɛɛ no nkyerɛ Kristofo papayɛ.

Ayamye ne Ahɔhoyɛ Su

13. Dɛn bio na ɛka papayɛ ho?

13 Yɛda papayɛ adi denam ayamye ne ahɔhoyɛ su nso so. Bere bi aberante bi baa Yesu nkyɛn sɛ obegye afotu. Ɔkae sɛ: “Kyerɛkyerɛfo, adepa bɛn na menyɛ na manya daa nkwa?” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ ɛsɛ sɛ odi Onyankopɔn mmara nsɛm so daa. Yiw, Yehowa mmara nsɛm so di yɛ papayɛ fã bi. Aberante no susuwii sɛ ɔreyɛ nea obetumi nyinaa dedaw. Ɛda adi sɛ na ɛte sɛ nea ɔyɛ onipa pa ma ne yɔnkonom dedaw, nanso ɔtee nka sɛ aka no biribi. Enti Yesu kae sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ woyɛ pɛ a, kɔ na kɔtɔn nea wowɔ, na fa ma ahiafo, na woanya ademude ɔsoro, na bra bedi m’akyi.” (Mateo 19:16-22) Aberante no de awerɛhow kɔe. Na ɔwɔ ahonyade bebree. Sɛ otiee Yesu afotu no a, anka ɔdaa no adi sɛ ɔnyɛ honam fam ade dodowpɛfo. Na anka ɔbɛyɛ adepa a ɛne nokware ayamye a pɛsɛmenkominya nnim.

14. Afotu pa bɛn na Yehowa ne Yesu nyinaa de mae wɔ ayamye ho?

14 Yehowa hyɛɛ Israelfo no nkuran sɛ wɔnyɛ ayamyefo. Sɛ nhwɛso no: “Yi wo yam ma [wo yɔnko a ahia no] no, na mma ɛnnyɛ wo koma ahi sɛ wobɛma no; na saa ade yi nti [Yehowa] behyira wo, wo nnwuma nyinaa ne nea wode wo nsa bɛka nyinaa mu.” (Deuteronomim 15:10; Mmebusɛm 11:25) Yesu Kristo ankasa hyɛɛ ayamye ho nkuran: “Momma, na wɔama mo; susukora pa a wɔamia so na wɔawosow na abu so na wɔde begu mo ntama mu.” (Luka 6:38) Bio nso, na Yesu ankasa nso yɛ ɔyamyefo kɛse. Da bi oyii bere sii hɔ sɛ ɔde home kakra. Nnipadɔm huu faako a ɔwɔ na wɔbaa ne nkyɛn. Yesu fii ayamye mu maa ne werɛ fii ahomegye no na ɔboaa wɔn. Akyiri yi ɔdaa ahɔhoyɛ su titiriw adi denam aduan a ɔde maa saa nnipadɔm no so.​—Marko 6:30-44.

15. Ɔkwan bɛn so na afeha a edi kan Kristofo no yɛɛ nhwɛso pa wɔ ayamye a woyi adi kyerɛ mu?

15 Esiane sɛ wodi Yehowa ne Yesu afotu so nti, Yesu asuafo pii daa ayamye ne ahɔhoyɛ su adi yiye. Kristofo asafo no nna a edi kan no mu no, nnipa a na wɔrebedi Pentekoste wɔ 33 Y.B. mu no mu pii tee asomafo no asɛnka no na wɔbɛyɛɛ gyidifo. Esiane sɛ wɔtraa hɔ wɔ afahyɛ no akyi na ama wɔasua pii nti, wɔn nneɛma sae. Enti, ɛhɔnom gyidifo tɔnn wɔn agyapade na wɔde sika no mae sɛ ntoboa ma wɔde tɔɔ aduan maa wɔn nuanom, sɛnea ɛbɛyɛ na eyinom ase atumi atim yiye wɔ gyidi no mu. Ayamye bɛn ara ni!​—Asomafo no Nnwuma 4:32-35; hwɛ Asomafo no Nnwuma 16:15; Romafo 15:26 nso.

16. Bobɔ akwan a yebetumi afa so nnɛ ada ahɔhoyɛ su ne ayamye adi no bi din.

16 Ɛnnɛ, wohu ayamye a ɛte sɛ Kristo de no bi bere a Kristofo de wɔn bere ne sika ma asafo ahorow a wɔwom no ne wiase nyinaa asɛnka adwuma no. Wohu eyi ho adanse bere a wɔboa wɔn nuanom a asiane a ɛnyɛ onipa na ɔde ba ne ɔko ma wohu amane no. Ɛda adi bere a wɔhwɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ ne daa nsrahwɛ mu. Anaa sɛ Kristofo mmusua afoforo fi ayamye mu to nsa frɛ “nyisaa” sɛ wɔne wɔn mmenya ahomegye ne abusua Bible adesua mu kyɛfa a, eyi nso yɛ ahɔhoyɛ su, Kristofo papayɛ a wɔda no adi.​—Dwom 68:5.

Nokware a Yɛbɛka

17. Dɛn nti na nokwaredi yɛ asɛnnennen nnɛ?

17 Bere a Paulo reka hann aba ho asɛm no, ɔde papayɛ bataa trenee ne nokware ho, na ɛteɛ sɛ yɛbɛka sɛ nokwaredi yɛ papayɛ foforo bi. Nnipa pa nni atoro. Nanso, nokware a wɔbɛka no yɛ asɛnnennen titiriw nnɛ bere a atorodi abu so kɛse no. Nnipa pii di atoro bere a wɔhyehyɛ wɔn towtua ho nkrataa no. Adwumayɛfo di atoro wɔ adwuma a wɔyɛ ho. Sukuufo wiawia wɔ adesua ne sɔhwɛ mu. Adwumawuranom di atoro bere a wɔreyɛ adwuma ho nhyehyɛe. Mmofra di atoro de kwati asotwe. Nsekudifo di atoro de sɛe afoforo din.

18. Yehowa bu atorofo dɛn?

18 Yehowa kyi atorodi. ‘Nneɛma ason’ a okyi no mu bi ne “atoro tɛkrɛma” ne “ɔdansekurumfo a ohuw atosɛm.” (Mmebusɛm 6:16-19) Wɔde “atorofo nyinaa” ka ahufo, awudifo, ne nguaman a wɔrenkɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no ho. (Adiyisɛm 21:8) Afei nso, abebusɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Nea ɔnantew ne teeyɛ mu no suro [Yehowa], na nea ɔkyea n’akwan no tew No ahi.” (Mmebusɛm 14:2) Ɔtorofo kyea n’akwan. Enti, ɔtorofo de adanse ma sɛ obu Yehowa animtiaa. Nsusuwii bɔne bɛn ara ni! Momma yɛnka nokware bere nyinaa, sɛ ɛma wɔde nteɛso ma yɛn anaa yɛhwere sika mpo a. (Mmebusɛm 16:6; Efesofo 4:25) Wɔn a wɔka nokware no suasua Yehowa, “nokware Nyankopɔn” no.​—Dwom 31:5.

Suasua Papayɛ

19. Dɛn na ɛtɔ da bi a, wohu wɔ wiase no mu, a ɛhyɛ Ɔbɔadeɛ no anuonyam?

19 Papayɛ a ɛsɛ sɛ Kristoni suasua no kakraa bi ni. Ɛyɛ nokware sɛ wiasefo da papayɛ adi kosi baabi. Sɛ nhwɛso no, ebinom wɔ ahɔhoyɛ su, afoforo nso wɔ mmɔborohunu. Nokwarem no, nea ɛmaa Samariani a ohuu mmɔbɔ no abebusɛm no yɛ ade titiriw saa no ne sɛ, Yesu kaa obi a ɔnyɛ Yudani a oyii mmɔborohunu adi kyerɛe bere a Yudafo asafo no mu mpanyimfo anyɛ saa no ho asɛm. Nokwarem no, ɛyɛ nkamfo ma onipa Bɔfo sɛ su horow a ɛte sɛɛ da so ara wɔ nnipa bi mu fi awo mu, wɔ mfe mpem asia sintɔ nyinaa akyi.

20, 21. (a) Dɛn nti na Kristofo papayɛ nte sɛ papayɛ biara a ebia yebehu wɔ wiasefo mu no? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristoni betumi asuasua papayɛ, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde nsiyɛ suasua?

20 Nanso, Kristofo fam no, papayɛ kɔ akyiri sen su a ebia wɔwɔ anaa wonni. Ɛyɛ su a ɛsɛ sɛ wosuasua n’afa horow nyinaa, efisɛ ɛsɛ sɛ woyɛ nnipa a wosuasua Onyankopɔn. Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ yebetumi asua papayɛ. Odwontofo no bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “Kyerɛkyerɛ me papayɛ.” Ɔkwan bɛn so? Ɔtoaa so sɛ: “Efisɛ magye wo mmara nsɛm adi.” Ɔde kaa ho sɛ: “Wuye, na woyɛ yiye. Kyerɛkyerɛ me w’ahyɛde horow.”​—Dwom 119:66, 68, NW.

21 Yiw, sɛ yesua Yehowa mmara nsɛm na yedi so a, yebesuasua papayɛ. Kae bere nyinaa sɛ papayɛ yɛ honhom no aba. Sɛ yɛhwehwɛ Yehowa honhom denam mpaebɔ, fekubɔ, ne Bible adesua so a, ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛboa yɛn ma yɛanya saa su yi. Afei nso, papayɛ wɔ tumi. Ebetumi adi bɔne so nim mpo. (Romafo 12:21) Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛyɛ obiara papa, ne titiriw yɛn Kristofo nuanom. (Galatifo 6:10) Sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛyɛ wɔn a wonya “anuonyam ne nidi ne asomdwoe” a wɔde ahyɛ “wɔn a wɔyɛ papa nyinaa” bɔ no mufo.​—Romafo 2:6-11.

Wubetumi Abua?

◻ Yɛbɛyɛ dɛn atumi akɔ so ayɛ papa wɔ atumfo a wɔkorɔn no anim?

◻ Henanom nso na ɛfata sɛ yedwen wɔn ho?

◻ Akwan bɛn so na mmɔborohunu da adi?

◻ Ayamye ne ahɔhoyɛ su nneyɛe bɛn na ɛhyɛ Kristofo nsow nnɛ?

◻ Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua papayɛ?

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Afoforo ho a yedwen yɛ papayɛ fã bi

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Sɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no, Yesu fi ayamye mu de ne ho mae

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena