Sika A Wɔde Fɛm Mfɛfo Kristofo
NA PEDRO ne Carlos yɛ nnamfo paa.a Na wɔyɛ Kristofo, na na wɔn baanu nyinaa mmusua taa ne wɔn ho wɔn ho bɔ wɔ anigye mu. Enti bere a Carlos hia sika bi de ayɛ n’adwuma no, Pedro antwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛbɔ no bosea. Pedro kyerɛkyerɛ mu sɛ: Esiane sɛ na yɛyɛ nnamfo paa nti, na ɛnhaw me.”
Nanso, asram abien pɛ akyi no, Carlos adwuma no gui, na ogyaee sika no tua. Pedro ho dwiriw no bere a ɔtee sɛ Carlos de sika a ɔde fɛm no no mu pii atua ɛka afoforo na ɔde ayɛ akɛsesɛm no. Pedro koma antɔ ne yam wɔ sɛnea wodii asɛm no ho, wɔ afe biako nsrahwɛ ne nkrataakyerɛw akyi mpo. Abasamtu nti Pedro de Carlos kɔɔ asennibea, na ɔma wɔde—n’adamfo ne ne Kristoni nua—too afiase.b So na eyi ne ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ wɔfa so? Yebehu.
Boseabɔ ho akasakasa taa sɛe nnipa ntam adamfofa wɔ wiase nyinaa. Ɛtɔ mmere bi a, ebetumi de mpaapaemu aba mfɛfo Kristofo mpo ntam. Wɔ nsase pii so no, ɛyɛ den sɛ wobenya bosea afi sikakorabea, enti nnipa a wohia sika de ayɛ adwuma no taa kobisa bi fi wɔn nnamfo ne wɔn abusuafo nkyɛn. Nanso, Pedro ne Carlos osuahu a ɛyɛ awerɛhow no kyerɛ sɛ, sɛ ɔdefɛmfo no ne nea ɔde bosea no ma no amfa ahwɛyiye anni Bible nnyinasosɛm so a, ɔhaw a anibere wom betumi asɔre. Ɛnde, ɔkwan pa bɛn na ɛsɛ sɛ wɔfa so di bosea a obi yɔnko Kristoni bisa no ho dwuma?
Boseabɔ ho a Wobesusuw
Bible no nhyɛ boseabɔ a ɛho nhia ho nkuran. Ɔsomafo Paulo de afotu ma sɛ: “Monnne obiara ka gye sɛ ɔdɔ a mode dodɔ mo ho.” (Romafo 13:8) Enti ansa na wode wo ho bɛhyɛ ka mu no, susuw saa a wobɛyɛ no ho. (Fa toto Luka 14:28 ho.) So ɛho hia ankasa sɛ wokɔfɛm sika? So wode bɛyɛ adwuma na ama woahwɛ w’abusua? (1 Timoteo 5:8) Anaasɛ adifudepɛ bi wom—ebia pɛ a wopɛ sɛ wodi yiye kɛse ankasa?—1 Timoteo 6:9, 10.
Ade titiriw foforo ne sɛ ebia ɛka a wode wo ho bɛhyɛ mu no bɛma wode bere pii ayɛ adwuma, na ebia woabu w’ani agu nhyiam horow ne asɛnka so. Afei nso, so wubetumi ama obi foforo sika ahyew ankasa? Na sɛ adwuma no gu nso ɛ? Kae sɛ “Ɔbɔnefo fɛm na ontua.”—Dwom 37:21.
‘Nokware a Wɔka Kyerɛ’ Wɔn a Wɔfɛm Sika Fi Wɔn Nkyɛn
Bere a woasusuw nneɛma a ɛte sɛɛ ho awie no, ebia wobɛkɔ so ate nka sɛ bosea a wode bɛyɛ adwuma bi ho hia. Sɛ worentumi nnya bi mfi sikakorabea a, ɛnyɛ mfomso ankasa sɛ wubebisa bi afi wo yɔnko Kristoni hɔ, efisɛ yɛtaa kɔ yɛn nnamfo nkyɛn bere a ahia yɛn no, sɛnea Yesu kae wɔ Luka 11:5 no. Nanso ɛsɛ sɛ obi mia n’ani ‘ka nokware.’ (Efesofo 4:25) Fa nokwaredi kyerɛkyerɛ emu nokwasɛm no nyinaa mu—a asiane ahorow, a nea ɛte sɛ nea ɛrensi mpo ka ho. Na ɛnsɛ sɛ woma wo bo fuw, sɛ obi a obetumi ama wo bosea bisa wo nsɛm penpen pii na ama wagye adi sɛ wahu biribiara mu a.c
So ɛbɛyɛ nokware a woka sɛ wubegyina biribi so akɔfɛm sika na wode sika no ayɛ ade foforo. Dabida. Latin-Amerikani sikakorabeafo bi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sikakorabea betwa bosea a wɔde ama wo no mu, na sɛ woantua wo ka no ntɛm ara a, wobegye tumi afi asennibea de abegye w’agyapade afi wo nsam.” Sɛ wogyina adwene a ɛne sɛ bosea no bɛma adwuma no so mfaso ayɛ pii so bɔ wo bosea, na wode sika no yɛ biribi foforo a, ɛma awerɛhyem a nea ɔde bosea no mae no wɔ sɛ wubetumi atua sika no fi ne nsa. Ɛwom, sɛ wofɛm sika fi wo yɔnko Kristoni bi nkyɛn a, ebia worensuro sɛ ɔde wo bɛkɔ asennibea. Nanso, “ɔdefɛmfo yɛ nea ɔde fɛm akoa,” na ɛyɛ w’asɛyɛde sɛ wudi no nokware.—Mmebusɛm 22:7.
Mmara Pa a Wɔde Bedi Dwuma wɔ Adwuma Mu
Yesu se: “Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” (Mateo 7:12) Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛde ahyɛde yi di dwuma bere a yɛne yɛn yɔnko gyidini yɛ adwuma no! Sɛ nhwɛso no, wobɛyɛ w’ade dɛn, sɛ onua bi pow sɛ ɔremma wo bosea a wubisa no a? So wobɛte nka sɛ ɔnyɛ adamfo pa? Anaasɛ wobɛkyerɛ obu ama hokwan a ɔwɔ sɛ ɔpow nea wubisa no, na woahu sɛ ebia ohia ne sika no anaa obebu asiane a ɛwom no sɛ ɛyɛ aniberesɛm sen sɛnea wususuw no? Ebia obebisa tumi a wubetumi de sika no adi dwuma yiye no ho asɛm. Wɔ asɛm a ɛte sɛɛ mu no, pow a ɔpow sɛ ɔremma wo bosea no betumi ayɛ nea eye na ɔdɔ wom.—Mmebusɛm 27:6.
Sɛ w’adamfo bi pene so sɛ ɔbɛfɛm wo sika bi a, ɛsɛ sɛ mokyerɛw ho nhyehyɛe no, a sika dodow a woafɛm, dekode a wode bɛyɛ, agyapade ko a wode begyina w’akyi, ne sɛnea wubetua ne bere a wobetua ka ho. Wɔ nsɛm bi mu no, nyansa wom mpo sɛ mobɛma mmaranimfo ayɛ nhyehyɛe no anaasɛ wahwɛ ne yɛ so na mode akɔ aban mu. Sɛnea ɛte biara no, sɛ wode wo nsa hyɛ nhyehyɛe bi ase pɛ a, ‘ma w’asɛm nyɛ Yiw, Yiw, Dabi, Dabi!’ (Mateo 5:37) Mmu w’adamfo no papayɛ animtiaa denam di a worenni w’asɛyɛde ho dwuma anibere so te sɛ nea anka wobɛyɛ wɔ sikakorabea bi ho no.
Wɔn a Wɔde Sika Fɛm a Wɔyɛ Anifere
Sɛ obi ba wo nkyɛn sɛ ɔbɛfɛm sika nso ɛ? Pii begyina nsɛm tebea a ɛwom no so. Sɛ nhwɛso no, Kristoni onua bi betumi abɔ ka a mfomso no mfi no. Kristofo dɔ bɛkanyan wo ma ‘woama no nea ehia ɔhonam,’ sɛ wowɔ nea wode bɛyɛ saa a.—Yakobo 2:15, 16.
Hwɛ ɔdɔ a ɛrenkyerɛ sɛ wobɛpɛ onua bi amanehunu ho mfaso denam mfɛntom a wobegye wɔ sika no ho no so! Yesu hyɛe sɛ: “Monkɔ so nnɔ mo atamfo na monyɛ papa na momfa mfɛm a munnnye mfɛntom, a mo ani nni biribi so.”—Luka 6:35, New World Translation; fa toto Leviticus 25:35-38 ho.
Na sɛ wɔka kyerɛ wo kɛkɛ sɛ ma sika na wɔmfa nyɛ adwuma bi anaa di bosea bi ho agyinam nso ɛ? Mpɛn pii no, wobu nsɛm a ɛte sɛɛ no yiye sɛ sika a wɔde ma de ayɛ adwuma anya mfaso. Bible no hyɛ ahwɛyiye ho nkuran pefee, bere a ɛde afotu yi ma no: “Nyɛ wɔn a wodi agyinam no mu bi, wɔn a wodi akagyinam no.”—Mmebusɛm 22:26.
Esiane sɛ saa na asɛm no te nti, ɛsɛ sɛ wudi kan hu sɛ wubetumi de sika no ama ma wɔde ayɛ adwuma anaa. Sɛ adwuma no gu, na ɔdefɛmfo no antumi antua bosea no bere ano a, so ɛbɛma woabɔ ka? Sɛ wubetumi anya bosea no ama, na mubenya mfaso afi mu a, ɛnde wo nso wowɔ hokwan sɛ wunya bi denam wo sika a wɔde bɔɔ bosea no ho mfɛntom a ntease wom a wubegye no so. (Fa toto Luka 19:22, 23 ho.) Mmebusɛm 14:15 bɔ kɔkɔ sɛ: “Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.” Adwumawuranom bi a wɔyɛ anitefo amfa ahwɛyiye anni dwuma bere a wɔne wɔn mfɛfo Kristofo yɛ adwuma no. Mfɛntom kɛse a wobetua ho anigye adaadaa ebinom ma wɔde wɔn sika aboa nnwuma a nyansa nnim ma wɔahwere wɔn sika ne wɔne wɔn mfɛfo Kristofo ntam adamfofa
Anigyesɛm ne sɛ, sikakorabea adwumayɛfo taa susuw nneɛma abiɛsa ho bere a wɔresusuw sɛnea bosea a wɔde bɛma no betumi ayɛ asiane ho no: (1) onipa a ɔhwehwɛ bosea no suban, (2) tumi a obetumi atua (3) nea ɛkɔ so wɔ n’adwuma mu. So ɛrenyɛ ‘nyansa’ a woda no adi sɛ wubesusuw nneɛma ho saa ara, bere a woresusuw ho sɛ wode wo sika a adwumaden ama woanya bɛbɔ bosea no?—Mmebusɛm 3:21.
Sɛ nhwɛso no, din bɛn na onua a ɔhwehwɛ bosea no wɔ? So wonim no sɛ ɔnokwafo na wotumi de ho to no so anaasɛ ɔyɛ ade hagyahagya na ontumi nyɛ n’ade pɛpɛɛpɛ? (Fa toto 1 Timoteo 3:7 ho.) Sɛ ɔpɛ sɛ ɔtrɛw n’adwuma mu a, so watumi ahwɛ so yiye abedu mprempren yi? (Luka 16:10) Sɛ ontumi nyɛɛ saa a, mmoa pa a ɛbɛma watumi ahwɛ ne sika so no betumi aboa no kɛse sen sɛ wode sika bɛfɛm no a ebia ɔbɛyɛ no basaa.
Ade biako nso bɛyɛ tumi a onua no betumi atua. N’akatua yɛ ahe? Ɛka bɛn na ɔde? Ntease wom sɛ ɔbɛka nokware a ɛwom no akyerɛ wo. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so da Kristofo dɔ adi ara. Sɛ nhwɛso no, ebia wobɛpɛ sɛ wode onua no agyapade a obetumi atɔn si bosea no ho awowa. Mose Mmara no kasa tia nea obi nam so nya n’ano aduan anaa n’ahode titiriw a wobegye de asi bosea ho awowa. (Deuteronomium 24:6, 10-12) Enti, South America onua bi a ɔyɛ adwumawura se ɔde sika a ɛne onua bi agyapade a obetumi atɔn fã bo yɛ pɛ nkutoo na ɛbɛbɔ no bosea. Na ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mimmu n’adwuma ho nnwinade anaa ne fie sɛ agyapade a obetumi atɔn. Nokwarem no, merempɛ sɛ mitu me nua afi ne fie na ama me nsa aka me sika.”
Awiei koraa no, ɛsɛ sɛ wode adwempa susuw nnwuma nyinaa tebea wɔ faako a wote no ho. Yɛte “nna a edi akyiri” a nnipa yɛ “sikapɛfo . . . afatwafo” no mu. (2 Timoteo 3:1-4) Bere a ebia w’adamfo ne wo nua bedi nokware no, ebia n’adwuma mu ahokafo, n’adwumayɛfo, ne wɔn a ɔyɛ adwuma ma wɔn no renyɛ saa. Sɛ Kristoni no, ɔrentumi mma adanmude, na onni atoro—ade a ebia wɔn a wɔyɛ adwuma koro no ara bi bɛyɛ de anya mfaso. Nea ɛsɛ sɛ wususuw ho nso ne nneɛma a “ɛbere ne akwanhyia” sɛe no no. (Ɔsɛnkafo 9:11, NW) Aguade bi bo betumi aba fam mpofirim. Sika bo a ɛso tew ntɛmntɛm betumi ama adwuma bi agu, anaasɛ asɛe bo a bosea a wukogyei no som no. Korɔnbɔ, akwanhyia, basabasayɛ, ne opira nso yɛ adwuma mu nokwasɛm ahorow a ɛnyɛ adepa. Ɛsɛ sɛ wususuw eyinom nyinaa ho wɔ wo gyinaesi no mu.
Nkogudi
Ɛtɔ mmere bi a, wɔ ahwɛyiye nyinaa akyi no, Kristoni bi rentumi ntua bosea bi a okogyei no. Ɛsɛ sɛ Mmara Pa no kanyan no ma ɔne onii a ɔmaa no bosea no di nkitaho daa. Ebia obetumi atua sika no nkakrankakra wɔ bere ne bere mu. Nanso, ɛnsɛ sɛ Kristoni te nka sɛ sika a otua no nkakrankakra no kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ ɔde nneɛma bɔ afɔre ankasa na wadi n’asɛyɛde ahorow ho dwuma. (Dwom 15:4) Ɛyɛ Kristoni a ɔde sika fɛm afoforo no asɛyɛde sɛ oyi ɔdɔ adi kyerɛ. Sɛ ɔte nka sɛ wɔadi no amim a, obetumi de afotu a ɛwɔ Mateo 18:15-17 no adi dwuma.
Asennibea a ɔde asɛm no bɛkɔ sɛnea Pedro yɛe a wɔaka ho asɛm wɔ asɛm no mfiase no nyɛ papa. Ɔsomafo Paulo se: “So mo mu bi ne ne yɔnko nya asɛm a, osi ne bo de no kɔ asɛnnii wɔn a wɔnteɛ anim, na ɔmfa no nkɔ ahotefo anim? . . . So onyansafo biako po nni mo mu a obetumi abu onua ne onua ntam atɛn? Na onua de onua kɔ asɛnnii wɔn a wonnye nni anim mpo yi? Mfomso anya aba mo mu dedaw sɛ mowowɔ mo ho nsɛmnsɛm. Adɛn na momma wonni mo amim mmom? Adɛn na momma wonsisi mo mmom?”—1 Korintofo 6:1-7.
Ebia tebea bi bɛsɔre—te sɛ nea ɛfa adwumam ahokafo a wɔnyɛ gyidifo, wiasefo a wɔma no aguade, anaasɛ insurance ho nsɛm—a ɛte sɛ nea ɛsɛ sɛ wodi wɔ asennibea anaasɛ aban ahyehyɛde bi di ho dwuma. Nanso wɔ nsɛm no pii mu no, Kristoni bɛpɛ sɛ ɔbɔ ka bi mmom sen sɛ ɔbɛma aniwu a ne nua a ɔde no bɛkɔ asennibea bɛma aba no bɛka asafo no.
Wɔ nsɛm no pii mu no, wobetumi akwati nneɛma a enye a ɛte sɛɛ no. Ɔkwan bɛn so? Ansa na wode sika bɛfɛm onua bi anaasɛ wubegye bosea afi onua bi hɔ no, hu asiane ahorow a ebetumi afi mu aba no. Fa ahwɛyiye ne nyansa di dwuma. Nea ɛsen biara no, ‘yɛ w’ade nyinaa’ a nnwuma ho nsɛm nso ka ho wɔ “ɔdɔ mu.”—1 Korintofo 16:14.
[Ase hɔ asɛm]
a Yɛasesa din ahorow no.
b Wɔ nsase bi so no, wɔtaa de nnipa a wɔbɔ ka na wontumi ntua bosea a wokogyei no to afiase ara.
c Ebinom afɛm sika nketenkete afi wɔn a wɔde sika fɛm pii nkyɛn. Esiane sɛ wɔn mu biara anhu tebea no ho nokwasɛm nyinaa nti, ebia wosusuw sɛ ne tua renyɛ ɔdefɛmfo no den.