Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 11/15 kr. 24-27
  • So Ɛsɛ sɛ Mebɔ Me Nua Hɔ Bosea?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛsɛ sɛ Mebɔ Me Nua Hɔ Bosea?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Susuw Nea Ebefi mu Aba no Ho
  • Kyerɛkyerɛ Nea Enti a Wuhia Bosea no Mu
  • Monyɛ Ho Nkrataa
  • Hwɛ Yiye Wɔ Bosea a Wode Ma Ho
  • Hwɛ Sɛnea Woyɛ W’ade Yiye
  • Sika A Wɔde Fɛm Mfɛfo Kristofo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Boseabɔ Ne Kristofo Dɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nnamfo Ntam Boseabɔ
    Nyan!—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 11/15 kr. 24-27

So Ɛsɛ sɛ Mebɔ Me Nua Hɔ Bosea?

SIMON kaakyire yare ma enti ohia aduru denneennen. Nanso ahia Simon buruburoo ma enti onni sika a ɔde bɛtɔ. Dɛn na obetumi ayɛ? Michael a ɔyɛ ne yɔnko Kristoni no wɔ sika sen no. Ebia Michael bɛbɔ no bosea. Nanso, na Simon nim pefee sɛ ontumi ntua bosea no.a

Bere a Simon de kɔtoo Michael anim no na onhu nea ɔnyɛ. Onim sɛ Simon hia sika no ampa, nanso osuro sɛ anhwɛ a na wantumi antua efisɛ ɔbrɛ ansa na watumi ama n’abusua aduan mpo. Dɛn na ɛsɛ sɛ Michael yɛ?

Wɔ aman pii mu no, nkurɔfo asetrade tumi fi wɔn nsa bere tiaa mu, na wonnya sika anaa insurance a wɔde bɛhwɛ wɔn ho yare. Wontumi nnya bosea mfi sikakorabea na nea wotumi nya no nso ho mfɛntom sõ dodo. Sɛ asɛm kɛse bi to obi a, ebia adwene a obenya ara ne sɛ ɔbɛkɔ akɔbɔ bosea. Nanso, ansa na wobɛkɔ akɔbɔ bosea no, nsɛm bi a ehia wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wususuw ho.

Susuw Nea Ebefi mu Aba no Ho

Kyerɛwnsɛm no de akwankyerɛ ma ɔdefɛmfo ne nea ɔde fɛm no nyinaa. Ɛdenam afotu yi a yebetie so no, yebetumi akwati akasakasa ne ɛyawdi pii.

Sɛ nhwɛso no, Bible no kae yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yebu bosea a yɛbɛkɔ akɔbɔ no adewa. Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo a na wɔwɔ Roma no fo sɛ: “Monnne obiara ka gye sɛ ɔdɔ a mode dodɔ mo ho; na nea ɔdɔ ne yɔnko no awie mmara no so di.” (Romafo 13:8) Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, anka ɔdɔ nkutoo ne ɛka a ɛsɛ sɛ Kristoni de afoforo. Enti, nea edi kan no, yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘So mihia bosea yi ankasa?’

Sɛ mmuae no yɛ yiw a, ɛnde nyansa wom sɛ yesusuw nea ɛka a yɛbɛde no bɛkyerɛ ama yɛn no ho. Yesu Kristo kyerɛe sɛ sɛ obi resi gyinae a ehia a, ɛsɛ sɛ ɔde ahwɛyiye susuw nneɛma ho na ɔyɛ nhyehyɛe pa. Obisaa n’asuafo no sɛ: “Mo mu hena na ɔpɛ sɛ ɔto abantenten, na ɔrentra ase mmu ho akontaa ansa sɛ ɔwɔ nea ɔde betumi awie?” (Luka 14:28) Nnyinasosɛm yi fata bere a yɛpɛ sɛ yɛbɔ bosea wɔ onua bi hɔ no. Boseabɔ a yebesusuw ho no kyerɛ sɛ yebesusuw ɔkwan a yɛbɛfa so atua ne bere a yɛbɛyɛ saa ho.

Nea ɔde bosea no ma no wɔ hokwan sɛ ohu ɔkwan a wɔbɛfa so atua ne bere a wɔbɛyɛ saa. Ɛdenam nsɛm a yebesusuw ho yiye so no, yebetumi de mmuae a ɛfata ama. So yɛasusuw sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi atua bosea no wɔ bere a ɛsɛ mu no ho? Nokwarem no, ebetumi ayɛ mmerɛw sɛ yɛbɛka akyerɛ yɛn nua no sɛ: “Metua wo ka nnansa yi ara. Wubetumi anya me mu ahotoso.” Nanso, so yɛrentumi nni nsɛm a ɛtete sɛɛ ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata yiye so? Ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo fi mfiase sɛ yebetua bosea no efisɛ ɛno ne nea Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ. Dwom 37:21 ka sɛ: “Ɔbɔnefo fɛm, na ontua.”

Ɛdenam sɛnea yebetua bosea no ne bere a yɛbɛyɛ saa a yesusuw ho so no, ɛma yɛkae aniberesɛm a ɛwɔ bɔ a yɛrehyɛ no mu. Eyi mma yɛnne nkurɔfo ka basabasa. Mfaso wɔ ka a yɛbɛkwati so. Mmebusɛm 22:7 bɔ kɔkɔ sɛ: “Ɔdefɛmfo yɛ nea ɔde fɛm akoa.” Bere a nea ɔde fɛm ne ɔdefɛmfo no nyinaa yɛ honhom fam anuanom mpo no, boseabɔ betumi aka wɔn abusuabɔ wɔ ɔkwan bi so. Boseabɔ mu akasakasa asɛe asafo ahorow bi asomdwoe mpo.

Kyerɛkyerɛ Nea Enti a Wuhia Bosea no Mu

Nea ɔrebɔ yɛn bosea no wɔ hokwan sɛ ohu ade pɔtee a yɛde sika no rekɔyɛ. Wɔ bosea yi akyi no, so yɛsan bobɔ afoforo hɔ bosea? Sɛ ɛte saa a, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ mu yiye efisɛ ɛno ne tua a yebetumi atua bosea no wɔ abusuabɔ.

Ehia titiriw sɛ yɛma wohu nsonsonoe a ɛda bosea a yɛrebɔ de ayɛ adwuma bi ne nea yɛrepɛ de akodi asɛnhia bi ho dwuma ntam. Kyerɛwnsɛm no nka no baabiara sɛ ɛsɛ sɛ onua bi ma obi bosea ma ɔde di gua, nanso ebia ɛrenyɛ no den sɛ ɔbɛboa onua bi bere a tebea bi a ɛnyɛ ne mfomso nti onnya sika ntɔ ahiade nketenkete te sɛ aduan, ntade, anaa nnuru a ehia no. Nsɛm yi a yɛde nokwaredi bɛkyerɛkyerɛ mu pefee no betumi asiw ntawntawdi ano.—Efesofo 4:25.

Monyɛ Ho Nkrataa

Nhyehyɛe no ho nkrataa a yɛbɛyɛ ho hia na ama yɛakwati akasakasa a ɛbɛba daakye. Sɛ yɛanyɛ krataa anto so a, ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ yɛn were befi nsɛm pɔtee bi. Ehia sɛ yɛkyerɛw sika dodow a wogyei ne bere a wobetua. Ɛfata sɛ nea ogye bosea no ne nea ɔde ma no nyinaa de wɔn nsa hyɛ nhyehyɛe no ase na wɔn mu biara nya krataa no biako. Bible no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ sikasɛm ho kyerɛwtohɔ. Bere tiaa bi ansa na Babilonfo resɛe Yerusalem no, Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɔntɔ asase mfi ne busuani bi hɔ. Sɛnea wodii ho dwuma a yɛbɛhwehwɛ mu no so betumi aba yɛn mfaso.

Yeremia kae sɛ: “Na metɔɔ afuw no m’agya ne nua ba Hanamel a ɔwɔ Anatot no nkyɛn, na mekarii dwetɛ no, dwetɛ nnwetɛbona dunson memaa no. Na mekyerɛw mehyɛɛ nhoma mu, na mesɔw ano, na mefrɛɛ adansefo, na mede nsenia mekarii dwetɛ no. Na mede ɔtɔ nhoma a wɔasɔw ano no, nea wɔadi ano na wɔahyehyɛ no, ne nea ano da hɔ no, na mede ɔtɔ nhoma no memaa Maaseia ba Neria ba Baruk, m’agya ne nua [ba] Hanamel ne adansefo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ ɔtɔ nhoma no ase no ne Yudafo a wɔtete awɛmfo abangua mu hɔ no nyinaa anim.” (Yeremia 32:9-12) Ɛwom sɛ nhwɛso a yɛaka ho asɛm no fa adetɔ ho na ɛnyɛ boseabɔ ho de, nanso ɛkyerɛ hia a ehia sɛ yedi sikasɛm ho dwuma wɔ ɔkwan a emu da hɔ so.—Hwɛ Engerisi Ɔwɛn-Aban, May 1, 1973, nkratafa 287-8.

Sɛ nsɛnnennen sɔre a, ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔde Yesu afotu a wɔakyerɛw wɔ Mateo 18:15-17 no besiesie. Nanso ɔpanyin biako a watumi ayɛ mmoa wɔ saa nsɛm yi mu no ka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ wɔ nsɛm yi mu biara mu no na wonni nhyehyɛe no ho nkrataa biara. Enti, na afanu no nyinaa nni sɛnea wobetua bosea no ho ntease pa biara. Mahu sɛ nsɛm a ɛtete saa a wɔbɛyɛ ho nkrataa no kyerɛ ɔdɔ, ɛnyɛ adwemmɔne.”

Bere a yɛanya ayɛ nhyehyɛe no, ɛsɛ sɛ ɔkwan biara so no yɛbɔ mmɔden sɛ yebedi nea yɛaka no so. Yesu tuu fo sɛ: “Momma mo asɛm nyɛ yiw, yiw, dabi, dabi! Na nea ɛboro eyi so no fi bɔne mu.” (Mateo 5:37, yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no) Sɛ asiane bi amma yɛantumi antua bosea no bere a yɛahyɛ no mu a, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ tebea no mu ntɛm kyerɛ nea ɔbɔɔ yɛn bosea no. Ebia ɔbɛma kwan ma yɛde bere tenten atua sika no nkakrankakra.

Nanso, asiane a ebetumi ato yɛn no nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yedi yɛn asɛyɛde horow ho dwuma. Obi a osuro Yehowa no bɔ mmɔden biara sɛ obedi n’asɛm so. (Dwom 15:4) Ɛwom sɛ ebetumi aba sɛ nneɛma renkɔ yiye sɛnea yɛhwɛɛ kwan no de, nanso ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yɛde nneɛma bi bɛbɔ afɔre na ama yɛatumi atua yɛn aka horow no esiane sɛ ɛno ne yɛn Kristofo asɛyɛde nti.

Hwɛ Yiye Wɔ Bosea a Wode Ma Ho

Nokwarem no, ɛnyɛ nea ɔhwehwɛ bosea no nkutoo na ɛsɛ sɛ osusuw nneɛma ho yiye. Ɛsɛ sɛ onua a wɔhwehwɛ ne hɔ bosea no nso susuw nea ebefi mu aba no ho. Ɛyɛ nea nyansa wom sɛ ansa na yɛde sika bɛma obi no, ɛsɛ sɛ yegye bere susuw nneɛma ho yiye. Bible no de ahwɛyiye a yɛbɛyɛ ho kɔkɔbɔ ma sɛ: “Nyɛ wɔn a wodi agyinam no mu bi, wɔn a wodi akagyinam no.”—Mmebusɛm 22:26.

Ansa na wode bosea bɛma onua bi no, susuw nea ebetumi afi mu aba bere a wantumi antua no ho. So ɛno betumi ama w’ankasa wo ho akyere wo saa bere no wɔ sika fam? Ɛwom sɛ ebia na onua no wɔ adwempa de, nanso nsɛm tebea betumi asesa anaasɛ ebia na wammu nneɛma ho akontaa yiye. Yakobo 4:14 kae yɛn nyinaa sɛ: “Munnim nea ɛbɛba ɔkyena. Na mo nkwa ne dɛn? Efisɛ moyɛ huruhurow a eyi ne ho kakra, na afei ɛyera”—Fa toto Ɔsɛnkafo 9:11 ho.

Ne titiriw no, ɛdefa bosea a wɔbɔ yɛ adwuma ho no, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ yesusuw sɛnea afoforo bu nea ɔrehwehwɛ bosea no ho. So wobu no sɛ obi a wotumi nya ne mu ahotoso anaasɛ obi a onnim sika so hwɛ? So ɔyɛ obi a ɔtaa gyigye sika wɔ asafo no mufo hɔ? Nyansa wom sɛ yɛkae saa nsɛm yi: “Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ ne nantew mu yiye.”—Mmebusɛm 14:15.

Ɛtɔ mmere bi a, ebetumi aba sɛ nea ɔrehwehwɛ bosea no nso rennya so mfaso. Ebetumi ayɛ adesoa ama no, na ama no ahwere anigye a ɔwɔ no. So yɛpɛ sɛ yɛde onua yi yɛ yɛn “akoa”? Sɛ onua no antumi antua bosea no a, so ɛno betumi anya yɛn abusuabɔ so nkɛntɛnso, na ama yɛne ne ntam ayɛ basaa anaasɛ ɛde fɛre mpo abɛto yɛn ntam?

Sɛ ɛyɛ nokware paa sɛ ohia sika no a, so yebetumi de akyɛ no sen sɛ yɛde bɛbɔ no bosea ɛmfa ho sɛ ebia nea yɛde bɛma no nnɔɔso mpo no? Kyerɛwnsɛm no hyɛ yɛn nkuran sɛ yenhu yɛn nua mmɔbɔ bere a ahia no no. Odwontofo no kae sɛ: “Ɔtreneeni hu mmɔbɔ, na ɔma.” (Dwom 37:21) Ɛsɛ sɛ ɔdɔ ka yɛn ma yɛyɛ nea yebetumi de boa anuanom a wodi hia no.—Yakobo 2:15, 16.

Hwɛ Sɛnea Woyɛ W’ade Yiye

Esiane sɛ boseabɔ yɛ ade a etumi de ntawntawdi ba nti, ɛsɛ sɛ yebu no sɛ ade a etwa to koraa a yebetumi abisa sen sɛ yɛbɛma ayɛ biribi a yɛn ani gye ho. Sɛnea yɛadi kan aka no, ɛsɛ sɛ nea ɔrepɛ bosea no ka nokware kyerɛ nea ɔde bosea no rema no, na wɔyɛ sɛnea obetua bosea no ne bere a ɔde betua no ho nkrataa. Na bere a obi ho akyere no ankasa no, ebia nea eye paa a yebetumi ayɛ aboa no ne sɛ yɛbɛkyɛ no ade.

Michael ammɔ Simon bosea a obisae no. Mmom no, Michael kyɛɛ no sika a na ennu nea obisae no. Simon ani sɔɔ mmoa a ɛte sɛɛ a ɛmaa otumi tɔɔ aduro maa ne ba no. Na Michael ani gyee sɛ otumi daa onuadɔ adi wɔ ɔkwampa a ɛte saa so. (Mmebusɛm 14:21; Asomafo no Nnwuma 20:35) Michael ne Simon nyinaa rehwɛ Ahenni no kwan, bere a Kristo ‘begye ohiani a osu frɛ no’ na obiara renka sɛ, ‘Meyare’ no. (Dwom 72:12; Yesaia 33:24) Ansa na ɛbɛba saa no, momma yɛnhwɛ sɛnea yɛyɛ yɛn ade yiye bere biara a yɛbɛpɛ sɛ yɛbɔ onua bi hɔ bosea no.

[Ase hɔ asɛm]

a Wɔasesa din horow a ɛwɔ ha no.

[Kratafa 25 mfonini]

Boseabɔ ho nhyehyɛe a wɔbɛyɛ ho nkrataa no kyerɛ ɔdɔ, ɛnyɛ adwemmɔne

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena